Wompɛ Sɛ Wutu Mmirika?
Ɛyɛ den dodo? Afono wo? Anigye nnim? Ɛsɛe bere dodo? Faako a wubetu mmirika horow nni hɔ? Ɛnde hwehwɛ nea wɔfa so nya mframa pa a ɛde akwahosan ba no bi
DƐN NA AEROBICS? Wɔn a wɔatu wɔn ho ama mmirikatu no remmisa nea eyinom yɛ, nanso ebinom bɛyɛ saa. Encyclopedia Britannica ka kyerɛ yɛn sɛ: ‘“AEROBICS, nhyehyɛe a wɔde teɛteɛ apɔw mu nya nipadua mu ahoɔden denam mframa pa a nipadua no twe kɔ ne mu no so. Aerobic apɔw-mu-ateɛteɛ yi mu binom ne nantew, ammirikatu, asuguare, baesekre so tra, na eyinom kanyan koma ne ohurututu no ma wɔyɛ adwuma wɔ bere tenten bi mu ma ɛde nsakrae a ɛho wɔ mfaso ba nipadua no mu. Wɔayɛ nhyehyɛe bi a wɔahyehyɛ a wɔde kyerɛ ahoɔden a wɔsɛe no wɔ saa apɔw-mu-ateɛteɛ yi mu.”—1976 de, po I, Micropaedia no kratafa 113.
Aerobic chart no kyerɛ nkɔso a ɛba wɔ ankoro biara mmɔdenbɔ mu, na wɔayɛ ama wɔn a wɔadi mfe horow ama apɔw-mu-ateɛteɛ yi ahorow. Sɛnea wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ atifi hɔ no ɛyɛ apɔw-mu-ateɛteɛ a “ɛba wɔ bere tenten bi a ebetumi de nsakrae a ɛho wɔ mfaso aba wɔ nipadua mu.” Ɛsɛ sɛ wɔyɛ ma koma no bɔ ntɛmntɛm sɛnea ɛfata, a ennyina, bere tenten bi mu a egyina mfe a onii ko adi so, anaasɛ ɛnte saa a nsakrae a mfaso wɔ so no remma. Nea saa nsakrae yi yɛ yɛ nea wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ nsɛm a wɔakyerɛw wɔ kratafa abien a edi eyi so no mu.
Ntɛm bɛn na ɛsɛ sɛ koma no bɔ na ama apɔw-mu-ateɛteɛ no ayɛ aerobic de no bi? Nea wɔhyɛɛ ho nyansa a obi betumi ayɛ ni: Kyerɛw 220 to hɔ. Yi mfe a woadi fi mu. Nea wubenya no gyina hɔ ma mpɛn dodow a wo koma no bɔ simma biako. Fa nea wubenya no bɔ ho .7 anaa fa yɛ .7 ahorow na wubenya sɛnea ɛsɛ sɛ wo koma no bɔ simma biako bere a wode wo ho ahyɛ aerobic ntetee no mu.
Afei nea ɛfa nea enti a wompɛ ammirikatu ho. So ɛyɛ den dodo! Ɛnde bɔ NANTEW ho mmɔden. Eyi betumi ayɛ aerobic apɔw-mu-ateɛteɛ no mu nea ɛnyɛ den na asiane nso nnim ama nnipa a wɔdɔɔso. Wubetumi adi akyi wo nkwa nna nyinaa de akɔ wo mpanyin mfe mu. Ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ wɔn a wɔresusuw ammirikatu ho mpo de nantew befi ase, na afei de wɔde nantew ne ammirikatu nkakrankakra atoa so, na awiei no wɔatu mmirika. Nanso kae sɛ, sɛ nantew betumi ayɛ aerobic de no bi a, ɛnde na ɛsesɛ woyɛ no kamkam. Sɛ wo nantew brɛoo gye w’ani, anaasɛ wo nantew ara kwa no mma koma no mmɔ denneennen sɛnea ɛfata.
Wɔ sɔhwɛ bi a wɔyɛe mu no, wohui sɛ mmarima a wɔadi efi mfirihyia 40 kosi 57 a wɔde ahoɔhare nantew kamkam simma 40, nna anan wɔ dapɛn no ne mmarima a wɔn nso wɔadi saa mfe no ara a wotu mmirika simma 30 nnansa wɔ dapɛn mu no mmɔdenbɔ yɛ pɛpɛɛpɛ. Nantew gye bere pii, nanso nea efi mu ba no ye saa ara na eye ma nnipa pii.
Ebia wunni faako a wubetu mmirika afa, na egye wo bere dodo anaa? Bɔ AHAMA A WƆBƆ ho mmɔden. Wubetumi ayɛ no wɔ dan mu anaasɛ wɔ adiwo. Wim nsakrae mfa ho. Ennye bere pii na mfaso wɔ so. Dr. Kaare Rodahl a ofi Institute of Work Physiology a ɛwɔ Oslo, Norway no kae sɛ: “Wɔ nea ɛma akwahosan pa wɔ bere tiaa bi mu no, biribiara nni hɔ a ɛsen hama a wɔbɔ.” Wɔ Arizona State University no wɔde asuafo 92 a wonni ahoɔden no mu fa hyɛɛ simma 30 ammirikatu da biara da nhyehyɛe mu, ɛnna wɔde ɛfa a aka no nso hyɛɛ simma 10 da biara da ahama bɔ nhyehyɛe mu. Sɔhwɛ ahorow a wɔyɛe akyiri yi no kyerɛe sɛ akuw abien no nyinaa mmɔdenbɔ yɛ pɛ wɔ sɛnea koma no bɔ no mu.
Ammirikatu afono wo dodo? Ɛnde bɔ BAESEKRE SO TRA ho mmɔden. Nanso hwɛ yiye na kar ahorow ammɔ wo ankyene, na woamfa ankɔpem obi a ɔnam ne baabi nso. Hwehwɛ akwan a mfiri horow nni so, nanso nnyina wɔ ɔkwan so na woakohua nhwiren. Bɔ mmɔden tra baesekre no so kɔ tee sɛnea ɛbɛyɛ na wo koma atumi ayɛ adwuma wɔ ɔkwan a ɛho bɛba mfaso ama wo no so.
So wo ani nnye eyi nso ho? Bɔ ASUGUARE ho mmɔden. Ɛma wo ho dwo nsu no mu. Nsu no gye w’ani. Wo nam nhyehyɛe bi a woayɛ ato hɔ so sen fa nsu no mu yɔɔ bere a woto wo nsa benkum ne nifa. Ɛyɛ apɔw-mu-ateɛteɛ a anigye wom a nipadua no mu akwaa ahorow ne ntini no nyinaa di dwuma, na sɛ wokɔ so yɛ bere nyinaa a ɛma koma no ne ohurututu no yɛ adwuma yiye na ɛde mfaso horow ba.
Nneɛma horow nso wɔ hɔ a obi betumi ayɛ. Tennis ayɛ nea nkurɔfo taa bɔ nnɛ. Mo nam baanu bɔ a eye kyɛn sɛ baanu wɔ afa na baanu nso wɔ ɔfa foforo efisɛ ɛma mo home dodo. Basketball nso ye, sɛ wɔantwitwa mu mpɛn pii de a. Apɔw-mu-ateɛteɛ biara a wobɛpaw no, sɛ wubetumi anya aerobic mfaso afi mu de a ɛnde na ɛsɛ sɛ wokɔ so yɛ bere nyinaa, nea ɛbɛma woafi fifiri na woagu ahome wom. Ɛsɛ sɛ ɛma koma no ne ohurututu no yɛ adwuma denneennen, na ɛkɔ so saa wɔ bere tenten bi mu.
Nanso ɛsɛ sɛ woyɛ eyi a wo yaresafo nim ho bi na ɔhwɛ sɛnea wo nipadua no nso te. Afei yɛsrɛ wo sɛ hwɛ kratafa a edi hɔ no na woahu mfaso horow a ɛwɔ aerobic apɔw-mu-teɛteɛ no mu binom mu.