Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g81 5/8 kr. 12-14
  • Nnipa Retu Mmirika!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nnipa Retu Mmirika!
  • Nyan!—1981
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsenhunu a Wɔka
  • Ammirikatufo Mpem Bebree a Wotu Mmirika Twa Akwansin Ahorow Pii!
  • Tetefo a Wotu Mmirika Kɔ Akyirikyiri
  • Sɛ Biribiara Nkanyan Me Sɛ Menteɛteɛ M’apɔw Mu a, Menyɛ Dɛn?
    Mmabun Bisa Sɛ
  • So Ammirikatu Ne Nea Wo Koma Pɛ?
    Nyan!—1981
  • Wompɛ Sɛ Wutu Mmirika?
    Nyan!—1981
  • Mmoa Ma Wɔn a Wɔn Nan Yɛ Wɔn Yaw
    Nyan!—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1981
g81 5/8 kr. 12-14

Nnipa Retu Mmirika!

Akontaabu kyerɛ sɛ ammirikatu a ano nyɛ den pii ne nea nnipa a wɔwɔ Russia no mu nkyem abiɛsa mu biako yɛ da biara da. Nnansa yi akontaabu kyerɛ sɛ nnipa ɔpepem aduonu anum a wɔwɔ U.S. Amerika no retu mmirika. Saa ammirikatu yi nyaa nkurɔfo so nkɛntɛnso kan wɔ 1960 mfe no mu. Mfaso horow bɛn na ɛwɔ mu?

“AKISI a wɔma wotu mmirika bere biara no nkwa nna kyɛn wɔn a wɔma wɔtra faako no de so ɔha mu nkyem 25. Wɔka kyerɛ yɛn sɛ nneɛma horow a wɔasɔ ahwɛ di eyi ho adanse sɛ saa na ɛte. Wonnya nhuu eyi wɔ onipa fam ɛ, nanso wotumi hu sɛ apɔw-mu-ateɛteɛ boa ma obi tra ase kyɛ.

Wɔn a wɔhwehwɛ nyarewa ahorow a ekum nnipa no mu biako kae sɛ wagyina awufo a wɔapaapae wɔn mu no so ahu sɛ nnipa a wowui no mu baanu de yɛ mpofirim dodo na eyinom fa onihawfo koma, tawanomfo ohurututu ne ɔsabofo berɛbo ho. Amerika adwumayɛbea a ɛhwɛ Onyin so no kae sɛ: “Nipadua a wɔmfa nyɛ adwuma no dan nipadua no tamfo. Yenim nnɛ sɛ ɔkwan a obi fa so tra ase, ɛnyɛ bere tenten a ɔde tra ase, ne nea ɛde nipadua mu ɔhaw horow brɛ no a ɛma no nyin ntɛm no.” Saa nso na ɔyaresafo bi kae sɛ: “Ɛnyɛ yɛn nyinaa na yɛbrɛ. Yɛdɔ nkannare.”

Obiara gye apɔw-mu-ateɛteɛ bi tom de, nanso pii nnye fifiri a wobefi nni. Nea obi mmrɛ wɔ ho pii, simma 30 apɔw-mu-ateɛteɛ a omfi fifiri dapɛn biara, ɔsanomfo aduan​—ɛnnɛ eyi ne nea nkurɔfo yɛ a mfaso nni so. American Medical Association boayifo a wɔhwɛ apɔw-mu-ateɛteɛ ne akwahosan so no kasa tiaa mmɔden a wɔmmɔ wɔ apɔw-mu-ateɛteɛ mu no: “Wɔmmfa mfaso horow a ahintaw no mma. Wɔn sintɔ titiriw ne sɛ wɔn mu pii nyɛ biribiara na wɔde ama koma no ne ohurututu no anya ahoɔden, eyinom ho hia na ɛsɛ sɛ wɔhyɛ wɔn den ɛnnɛ.” Apɔw-mu-ateɛteɛ a wɔyɛ no bere nyinaa wɔ bere tenten mu no na boayifo no kae sɛ ɛho hia.

Ammirikatu ma wo mu duru so tew​—ɛhyɛ wo koma den. Ɛnyɛ sɛ ɛhyew srade a ɛwɔ wo mu no nko na mmom ɛbrɛ ɔkɔm a ɛde wo no ase. Obi a asikire nnɔɔso wɔ ne mogya mu no ma ɔkɔm de no, nanso apɔw-mu-ateɛteɛ ma srade kɔ mogya no mu na eyi ma ahoɔden nso ba mogya no mu, enti asikire a ɛwɔ wo mogya no mu no mma fam pii biara. Nea ɛyɛ anigye ne sɛ, adesua bi a wɔyɛe wɔ prako ho si eyi so dua. Wɔmaa aduanan-anum tuu mmirika denneennen, bere a akuw foforo nso nenam hɔ kwa a wɔnyɛ hwee. Wɔde aduan sii kuw abien no nyinaa anim. Mprako a wɔantu mmirika a wɔte faako no dii aduan no pii kyɛn wɔn a wɔde wɔn tuu mmirika no, wɔ sɔhwɛ no wɔde wɔn tuu mmirika no, wɔ sɔhwɛ no awiei no, wɔn a wɔde wɔn tuu mmirika no so tew bɛyɛ sɛ, nkaribo 20 kyɛn wɔn a wɔte faako no.

Ɛyɛ nea wogye di sɛ wɔn a wɔyɛ adwuma den no hia ɛnam. Nipadua mu ahoɔden ho hia ma apɔw-mu-ateɛteɛ a ɛkɔ anim, na eyi mfa nam a wobedi no pii nso mma. Mexico Tarahumara Indianfo a wonim wɔn yiye no tu mmirika kɔ bɛyɛ akwansin 150 de gye wɔn ani wɔ mmepɔw so, a wɔyɛ saa a wonni nam, nufusu anaasɛ nkesua. Aduan titiriw a wodi ne adua, nnuaba mu nsu ne aburow. Ɛnyɛ sɛ wɔwɔ aboɔden pii saa ara kwa na mmom wotumi nyin kyɛ. Nnuan a wɔde nnuaba ne nhaban ahorow ayɛ de nea nipadua no hia ma.

Nea ɛyɛ anigye ne sɛ, sukuupɔn mu ɔbenfo bi hui sɛ sika a nnipa a wɔyare esiane sɛ wɔte faako yɛ adwuma no nti gyee yɛ Amerika sika dollar 400, wɔ bere a wɔn a wɔteɛteɛ wɔn apɔw mu no gyee Amerika sika dollar 200 pɛ bere a wɔkyekyem. Adwumayɛbea bi a wɔmma nkurɔfo sika bere a wɔagyae adwumayɛ no tew wɔn a wɔteɛteɛ wɔn apɔw mu bɛyɛ simma 20 pɛ mpɛn abiɛsa dapɛn biara no a ɛma wɔn koma ne wɔn ohurututu yɛ adwuma denneennen no sika a anka wobetua ama adwumayɛbea no so ɔha mu nkyem 20.

Nsenhunu a Wɔka

Dr. T. J. Bassler, oduruyɛfo a ɔwɔ ammirikatu ho nimdeɛ kae sɛ: “Ɛnyɛ nea ebetumi ayɛ yiye sɛ komayare betumi akɔ so wɔ obi a obetumi anantew bɛyɛ akwansin 26 mu.” Ɔkɔɔ so kae sɛ: “De bɛkɔ akosi sɛ wobehu sɛ komayare akum obi a otu mmirika no, ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ wobetu eyi ho fo na wɔde asiw saa ɔyare yi ano.”

New England Journal of Medicine no de adanse a ɛkyerɛ sɛ ɔyare bi kum ammirikatufo no mu biako bae, na wɔn a wɔawuwu a wɔpaapae wɔn mu no mu binom wɔ hɔ a wohui sɛ komayare na ekum wɔn. Sɛnea wɔn a wotu mmirika tenten nso ayɛ wɔn a komayare akum wɔn. Akyinnye biara nni mfaso a ɛwɔ apɔw-mu-ateɛteɛ mu no ho, nanso ɛsɛ sɛ obiara di ho dwuma sɛnea ne nipadua te.

Dr. Chris Barnard a ɔde afoforo koma hyɛ nnipa afoforo mu no bɔ ammirikatu nkakrankakra ho mmɔden. Nanso n’ani nnye dam a afoforo abɔ wɔ eyi ho no ho. Nea ɛhaw no titiriw ne ammirika a wotu no pii wɔ kuropɔn mu no. Ɔkae sɛ, “mpɛɛpɛɛmu bi a wɔyɛe wɔ Cape Town mfe bi a atwam no kyerɛ sɛ wohuu sumpii a ɛdɔɔso wɔ mmorɔnoma a wɔwɔ kuropɔn no mu no mu wɔ wɔn nnompe mu a ɛno boro mmorɔnoma a wɔwɔ kwae mu de so mpɛn ason.” Ɔde kaa ho sɛ: “Nea ayɛ ma wɔ abɔnten kwan akɛse so ne mframa bɔne a ɛyɛ wusiw a efi kar ahorow mu.”

Ammirikatufo Mpem Bebree a Wotu Mmirika Twa Akwansin Ahorow Pii!

Ammirikatufo ɔpepem bebree tu mmirika akwansin kakra mpɛn abien anaasɛ abiɛsa dapɛn biara, nanso mpem bebree no nso tra eyi kɔ bɛyɛ sɛ​—akwansin 26. Sɛ nhwɛso no, wɔ afe a etwaam no mu no, ammirikatufo 14,012 de wɔn ho hyɛɛ New York akwansin pii ammirikatu no mu. Ɛnyɛ wɔn nyinaa na wotumi wiei, nanso 12,622 wiei. Wɔn a wɔka saa ammirikatufo yi ho ne ahɔho pii a wofi aman 44 so. Nnipa a wɔbɛhwɛɛ wɔn wɔ abɔnten kwan so hyɛɛ wɔn nkuran no dodow bɛyɛ ɔpepem abien.

Alberto Salazar de nnɔnhwerew 2 ne simma 9 ne anibu 41 na edii nkonim. Nea ɔto so 74 a owiei ne Grete Waitz, ɔbea a odii kan wiei wɔ mu, a ɔno no otuu mmirika de twaa ahoɔden a mmea de tu mmirika a ɛsen wiase nyinaa de no ho​—n’ahoɔhare foforo no yɛ nnɔnhwerew 2 ne simma 25 ne anibu 41. Nea wanyin sen wɔn nyinaa no yɛ 77, na nea osua koraa wom no no yɛ obi a wadi mfirihyia 10. Ammirikatufo a wɔadi efi mfirihyia anum kosi 84 de wɔn ho ahyɛ ammirikatu a ɛte sɛɛ mu pɛn. Afei nso, mmubuafo a wɔtete nkongua mu a wɔtwe wɔn, ne anifuraefo, ne ebinom a wɔyɛ mpakye a wɔde nnade ahyehyɛ wɔn anan mu atu ammirika yi bi pɛn.

Tetefo a Wotu Mmirika Kɔ Akyirikyiri

Mfirihyia mpem abien ahanum ni a wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ Hela ɔsomafo Pheidippides tuu mmirika akwansin 22 fi Marathon akono kɔɔ Atene na ɔde asɛm a ɛfa nkonim a Helafo adi wɔ Persiafo so no kɔmae. Atetesɛm kyerɛ sɛ bere a ɔkaa asɛmpa no wiei pɛ na ɔhwee fam wui. N’ammirikatu na nnɛ wɔkae wɔ marathon ammirikatu no mu no.

Nanso Pheidippides nyɛ onii a odi kan a otuu saa mmirika tenten yi. Ɛkame ayɛ sɛ odiyifo Elia nso atu mmirika a ɛte saa mfirihyia 400 ansa na Hela ɔsomafo no retu ne mmirika no. Efi Bepɔw Karmel so, a ɛbɛn Mediterranea Po no ho kɔ Yesreel bɛyɛ akwansin 25. Elia tuu saa mmirika no wɔ Yehowa tumi mu: “Na Yehowa asɛm baa Elia so, na ɔkyekyeree n’asen tuu mmirika dii Ahab [a ɔte teaseɛnam mu] anim de koduu sɛ wɔrehyɛn Yesreel.”​—1 Ahe. 18:46.

Ammirikatu ye. Mfaso horow pii wɔ so. Nanso asiane horow wom. Nyansa wom sɛ obi de ahwɛyiye bedi dwuma na ɔde anidahɔ ayɛ. Na mfa eyi nyɛ ɔsom, sɛnea ebinom ayɛ no no. Nsɛm ahorow abiɛsa a wɔakyerɛw a edidiso no kyerɛkyerɛ mu pefee.

[PAGE13][Kratafa 13 adaka/mfoni]

AMMIRIKATU HO NHYEHYƐE ASEFI

Sɛ woadi boro mfirihyia 30 a, kɔ kohu wo oduruyɛfo; sɛ wo boro 40 a, ɛsɛ sɛ wotɔ wo bo ase wɔ nea wobɛyɛ biara mu.

Fi ase brɛoo, na ma ɛnkɔ anim nkakrankakra, ɛnyere wo ho pii. Mfa ahomaso ntu ntare nhyehyɛe bi a ɛyɛ den dodo ho. Yɛ nsakrae wom.

Nkyɛe sika so wɔ mpaboa ho. Tɔ mpaboa pa a ɛma wo nansoaa nya kwan wom, ɛsɛ sɛ wunya mpaboa a emu dwo bɔkɔɔ na wo nantin no nso hyɛ mu pɛpɛɛpɛ.

Twitwa wo abɔwerɛ fɛfɛɛfɛ. Anansoaa twe ba mpaboa no anim, na abɔwerɛ a ayɛ papee wɔ mpaboa mu no ma anansoaa no yɛ kuru.

Sɛ wutu mmirika wie a, afei gyina hɔ teɛteɛ wo apɔw mu.

Ɛnyere wo ho ntu mmirika denneennen na mmom tɔ wo bo ase, na kɔ brɛoo. Nnyina wo nantin so, na mmom wo nan mu no nyinaa na fa nantew.

Ɛnsɛ sɛ wo ammirikatu no yɛ nea wuntumi nhome wɔ mu, na mmom ɛsɛ sɛ wutumi kasa bere a wutu mmirika brɛoo kɔ. Mfiase no wubetumi anantew kakra na woatu mmirika kakra.

Ɛnsɛ sɛ wo mmirikatu no yɛ nea wuntumi nhome wɔ mu, na woyɛ saa bere ne bere mu sɛ ammirikatu no ware a. Nsu nyinaa a ɛbɛsa wɔ wo nipadua mu no yɛ hu. Sɛ wufi fifiri pii a, ebehia sɛ wode nkyene kakra ka wo aduan ho.

Mfiase no tu mmirika nkakrankakra da biara da. Wɔn a wɔtaa tu mmirika no mu pii yɛ saa nna abiɛsa wɔ dapɛn biara mu. Ɛho hia sɛ wo home yiye.

[Kratafa 13 adaka/mfoni]

AMMIRIKATU BETUMI AHAW W’AKWAHOSAN

Wobɛte ɛyaw nka wɔ wo ntini akɛse no mu, ne wo afa horow bere a woretu mmirika. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔrefi ammirikatu ase no hwɛ eyi kwan. Ɛyɛ ɔhaw kakra de nanso ɛnkyɛ na atwam.

Ɛnkyɛ na wo nan ho asoasoa, nanso ɛsɛ sɛ wohwɛ di ho dwuma.

Wo nnompe mu bɛyɛ wo yaw​—efi wo nan a wode sisi hɔ mpɛn pii bere biara no nti.

Wo nan ho bepirapira. Ebia wo nantin bɛyɛ wo yaw yiye na asoasoa​—ɛyɛ nnompe no bi a apuw aba.

Wo nan ase ankasa bɛyɛ wo yaw na ayɛ te sɛ nea ntini a ɛwɔ hɔ no atetew.

Ebia na eyi fi biribi a wɔhyɛ de bɔ kotodwe no ne nan no ho ban nti. Ɛtaa ma kotodwe no hono yɛ yaw.

Kɔkɔbɔ ho sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ woretra nea w’ahoɔden betumi: Ɛyaw nka a wobɛte wɔ wo koko mu bere a woreteɛteɛ wo apɔw mu, wo koma a ɛbɛbɔ ntɛmntɛm dodo bere a woagyae apɔw-mu-ateɛteɛ no. ne anisobiri a wonte ase. Gyae apɔw-mu-ateɛteɛ no na hu wo ɔyaresafo.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena