Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g97 11/8 kr. 28-29
  • Mmoa Ma Wɔn a Wɔn Nan Yɛ Wɔn Yaw

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmoa Ma Wɔn a Wɔn Nan Yɛ Wɔn Yaw
  • Nyan!—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Fata a Ɛfata Obi, Nea Aba So, ne Nan
  • Adetɔ Ho Nyansahyɛ Ahorow
  • So Wo Mpaboa Ma Wo Ho Dwo Wo Ankasa?
    Nyan!—2003
  • Nnipa Retu Mmirika!
    Nyan!—1981
Nyan!—1997
g97 11/8 kr. 28-29

Mmoa Ma Wɔn a Wɔn Nan Yɛ Wɔn Yaw

“AA, ME nan rekum me!” Ɛda adi sɛ, ɛno yɛ asɛm a wɔka ma ɛtra so. Nanso, wɔn a wɔn nan yɛ wɔn yaw wɔ United States no dɔɔso araa ma ɛnan ho nnuruyɛfo mpempem pii nya adwuma yɛ.

Bere a Oduruyɛfo Michael Coughlin, ɛnan ho oprehyɛn yɛfo, de bɛboro mfe 14 yɛɛ nan ho oprehyɛn bɛboro 2,000 mu nhwehwɛmu akyi no, ohuu biribi a ɛyɛ ahodwiriw. Ɔka sɛ: “Anwonwasɛm ne sɛ, mihui sɛ ɛkame ayɛ sɛ mmea nkutoo na yɛyɛɛ wɔn saa oprehyɛn yi.” Dɛn nti na mmea titiriw na wɔn nan taa yɛ wɔn yaw?

Fata a Ɛfata Obi, Nea Aba So, ne Nan

Mmea 356 bi a wɔyɛɛ wɔn mu nhwehwɛmu no daa no adi sɛ ɛkame ayɛ sɛ sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, na mmea 10 biara mu 9 hyɛ mpaboa a esua kyɛn wɔn nan koraa! Sɛnea wɔyɛ mmea mpaboa no ka ho bi na ɔhaw no ba. Ɛnan ho oprehyɛn yɛfo Francesca Thompson kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Mpaboayɛfo mfa dua a wɔyɛ mpaboa fa ho a ebetumi ama mpaboa to ayɛ ketewa na anim ayɛ kɛse nni dwuma bio.”a

Enti, sɛ mmea pii resusuw mpaboa ahwɛ a, wohu sɛ sɛ anim no ne wɔn yɛ pɛ a, na ɛto no sõ kyɛn wɔn; nanso sɛ ɛto no ne wɔn yɛ pɛ a, na anim no kye wɔn. Afoforo pɛ mpaboa a ɛto ne wɔn yɛ pɛ na anim no kye wɔn, anyɛ saa na sɛ wotu wɔn nan a wɔbɛwatiriw.

Ɛnan a wubemia so ahyɛ mpaboa a ano yɛ feaa mu no nye koraa. Nanso mpaboayɛfo ma mpaboa no to kɔ soro sɛntimita kakra nso. Ɛwom sɛ wobu no sɛ biribi a aba so de, nanso mpaboa a ɛto woware no mia nan no kɛse, na epia nan no kɔhyɛ mpaboa a ano feaa a ebia na emu kyere dedaw no mu. Oduruyɛfo David Garrett a ɔyɛ ɛnan ho duruyɛfo no ka sɛ: “Mpaboa a ɛto woware biara nni hɔ a eye ma akwahosan.” Ebinom ka sɛ mpaboa a ɛto woware ma nea ɔhyɛ no nan, nannweaa, anantu, n’akotodwe, ne n’akyi yɛ no yaw awiei koraa. Ebetumi ama ne nan mu ntini nso apuapua, ade a ebetumi ama mmirikatufo apira kɛse.

Ɔbea no nan a ɛyɛ no yaw no ntumi mma ɛnyɛ ketewa. Nokwarem no, mfe bi akyi no, nantabɔn no anim na ɛbɛtrɛw—bere a onipa no ayɛ ɔpanyin mpo no. Nanso nantin no nte saa. Oduruyɛfo Thompson ka sɛ: “Dompe biako pɛ na ɛwɔ nantin mu, na sɛ obi nya mfe 84 mpo a, ɛkɔ so yɛ ketewa te sɛ nea na ɛte bere a na wadi mfe 14 no.” Eyi ma ɛyɛ den kɛse ma ɔbea bi sɛ obenya mpaboa a ɛne ne nan yɛ pɛ koraa.

Adetɔ Ho Nyansahyɛ Ahorow

Bere a ɛfene a ɛne sɛ mpaboa bi fata obi anaasɛ aba so rehaw mmea no, ɔkwan bɛn so na wobetumi asiw nan a ɛyɛ wɔn yaw no ano? Mmuae no fi ase wɔ mmeae a wɔtɔn mpaboa no. Abenfo bi kamfo nea edidi so yi kyerɛ:

● Tɔ mpaboa bere a onwini redwo a wo nan ayɛ kɛse kakra no.

● Hyɛ mpaboa abien no nyinaa hwɛ—ɛnyɛ biako pɛ.

● Hwɛ hu sɛ mpaboa no to ne wo yɛ pɛ, na ano tenten ne ne kɛse fata.

● Hwɛ hu sɛ ebia wɔde kapɛt a emu yɛ duru asɛ sotɔɔ hɔ a sɛ mpaboa no kye wo mpo a, ɛbɛma woate nka sɛ ɛne wo yɛ pɛ amonom hɔ ara anaa.

● Nhyɛ mpaboa a wɔde aboa nhoma a ɛyɛ den anaa rɔba ayɛ. Nea ɛnte sɛ aboa nhoma a ɛyɛ mmerɛw no, saa nneɛma no ma wobrɛ bere a wo nantew no.

● Sɛ wotɔ mpaboa a ɛto woware a, hwɛ nhoma a ɛsɛ mu no hwɛ sɛ eye a ma wɔmfa foforo nsɛ mu mma wo. Hwɛ hu sɛ wobɛhyɛ mpaboa a ɛto woware bere tiaa, na hyɛ mpaboa a ɛto nwoware bere ne bere mu wɔ ɛda no mu.

Nea yɛabobɔ so wɔ atifi hɔ no da nkyɛn a, kae bere nyinaa sɛ ɛsɛ sɛ mpaboa biara ne wo yɛ pɛ bere a woatɔ no foforo no. Nea ɛne gyidi a nnipa pii kura bɔ abira no, bere biara nni hɔ a mpaboa a ɛkye wo ne wo bɛyɛ pɛ. Oduruyɛfo Coughlin bɔ kɔkɔ sɛ: “Mma ɔdetɔnfo no nnaadaa wo da sɛ mpaboa a ɛkye wo no ne wo bɛyɛ pɛ akyiri yi. Wo nan na ɛbɛyɛ wo yaw.”

Na sɛ mpaboa a ɛwɔ hɔ ara ne nea anim kye wo na akyiri no ne wo yɛ pɛ anaa nea anim no ne wo bɛyɛ pɛ na akyiri no worɔworɔ wo nso ɛ? Oduruyɛfo Annu Goel, ɛnan ho duruyɛfo, no ka sɛ ɛsɛ sɛ wo na wusi nea ɛyɛ mmerɛw sɛ wubesiesie ho gyinae. Ɔka sɛ: “Akwan abien na wɔfa so yɛ eyi. Nea edi kan no, wubetumi atɔ mpaboa a anim no trɛw, na wode nhoma asɛ mu ma ɛto ne wo ayɛ pɛ. . . . Ɔkwan a ɛto so abien ne sɛ wobɛtɔ mpaboa a ɛto ne wo yɛ pɛ, na woama wɔabue anim no. Nanso mpɛn pii no, mpaboa a wɔde aboa nhoma ayɛ nkutoo na wotumi yɛ no saa.”

Esiane sɛ wobu akontaa sɛ mmea pii nantew bɛyɛ kilomita 15 da biara nti, ɛbɛyɛ papa sɛ wɔhwɛ mpaboa a wɔhyɛ yiye. Sɛnea American Health nsɛmma nhoma ka no, “sɛ wususuw wo nan ho yiye—titiriw denam mpaboa a ɛne wo yɛ pɛ a wobɛhyɛ so—a, wubetumi akwati nan ho haw mu dodow no ara a ɛremma koraa.”

[Ase hɔ asɛm]

a “Dua a Wɔyɛ mpaboa fa ho” yɛ dua bi a wɔasen no sɛ nan a wɔde susuw mpaboa.

[Kratafa 28 adaka]

Nanyare Ahorow Anan a Obiara Nim

Dwoa. Dwoa yɛ pɔw bi a ɛhyɛ kokurobeti ase. Sɛ obi annya amfi awo mu a, ɛnde na mpaboa a ɛkye anaa ɛto woware na ɛma obi nya dwoa. Nsuɔhyew anaa asukyene a wɔde bɛtoto so no bɛma ɛyaw no agyae kakra, nanso ehia sɛ wɔyɛ oprehyɛn na wɔayi dwoa no afi hɔ koraa.

Nansoaa a ɛkoakoa. Ebetumi aba sɛ mpaboa a anim kye kɛse no na ɛma nansoaa koakoa. Oprehyɛn ho behia na wɔayi dɛmdi no.

Nansoaa ano a ɛyɛ mfeamfeaa. Ɛtɔ mmere bi a, nansoaa a ano yɛ mfeamfeaa, a twiw a etwiw ho ne biribi a emia no na ɛde ba no fi mpaboa a ɛkye a obi hyɛ. Abibiduru betumi ama yaw no agyae kakra, nanso mpɛn pii no, oprehyɛn ho hia na ama wɔasiesie nansoaa a adi dɛm a etwitwiw ho no.

Nansoaa a ɛho sisi kyekye. Were a awu na ayɛ den no mma nansoaa no nkɔ so nte yaw nka. Nsuɔhyew ne Aborɔfo nkyene mu a wode besisi no betumi ama were no ayɛ mmerɛw. Nanso mmɔ mmɔden sɛ wubetwitwa, efisɛ eyi betumi de yare foforo aba.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 28]

The Complete Encyclopedia of Illustration/J. G. Heck

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena