Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g03 3/8 kr. 28-30
  • So Wo Mpaboa Ma Wo Ho Dwo Wo Ankasa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wo Mpaboa Ma Wo Ho Dwo Wo Ankasa?
  • Nyan!—2003
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Wubenya Nea Ɛne Wo Yɛ Pɛ
  • Ɔkwan Bɛn na Wɔfa so Susuw Wo Nan?
  • So Wubenya Mpaboa a Ɛne Wo Nan Yɛ Pɛ?
  • Na Mmea Mpaboa a Ɛto Atenten no Nso Ɛ?
  • Mmoa Ma Wɔn a Wɔn Nan Yɛ Wɔn Yaw
    Nyan!—1997
  • Sɛ Nkurɔfo Nnye Me Ntom a, Menyɛ Dɛn?
    Mmabun Bisa Sɛ
  • Nnipa Retu Mmirika!
    Nyan!—1981
Nyan!—2003
g03 3/8 kr. 28-30

So Wo Mpaboa Ma Wo Ho Dwo Wo Ankasa?

“Nea ɔhyɛ mpaboa no na onim faako a emia no.”—WOGYE DI SƐ ƐYƐ ROMAN NYANSASƐM NO BI.

BERE bɛn ne bere a etwa to a wotɔɔ mpaboa? Ɛne wo yɛɛ pɛ? Wohyɛ maa wo ho dwoo wo? Egyee bere ahe ansa na wusii gyinae sɛ wobɛtɔ? Mmoa bɛn na ɔdetɔnfo no de maa wo? So ne fɛ a ɛyɛ na ɛmaa wotɔe anaa hyɛ a wobɛhyɛ ama wo ho adwo wo? Seesei a woahyɛ no kakra no wote nka dɛn? So baabi mia wo?

Mpaboa tɔ nyɛ ade a ɛda fam. Na sɛ́ wubenya ɛnan ho mpaboa no yɛ ade a ɛkyere adwene yiye. Dɛn nti na ɛte saa?

Sɛnea Wubenya Nea Ɛne Wo Yɛ Pɛ

Nea edi kan no, wo nantabon mu nea ɛwɔ he na ɛsõ—nifa anaa benkum? Wususuw sɛ n’abien nyinaa yɛ pɛ? San susuw ho! Ade foforo a ɛsɛ sɛ wususuw ho ne sɛ nantabon susuw biara wɔ afã horow anan: sɛ nan no si faako a, ɛwɔ sɛnea wosusuw no, sɛ wugyina so a ɛwɔ sɛnea wosusuw no, sɛ woretutu so a ɛwɔ sɛnea wosusuw no, na sɛ ɔhyew wom anaa onwini adwo a ɛwɔ sɛnea wosusuw no. Nsonsonoe bɛn na ɛwom?

Ɛdefa nan a esi faako susuw ho no, Professional Shoe Fitting nhoma no ka sɛ: “Eyi yɛ mpaboa a wosusuw bere a nantabon no si faako (bere a ɔdetɔfo no te hɔ).” Asɛm “nan a wogyina so susuw” kyerɛ sɛ, wosusuw nan no bere a onipa no gyina ntenten. Saa gyinabea yi sesã nantabon no kɛse ne ne yɛbea. Nsɛm a wɔafa aka wɔ atifi hɔ no ka sɛ: “Nantabon a esi faako yɛ nnompe ne dompe gyirigyiriw a ahodwow a ‘emu yɛ den’ a emu bɛyɛ den prɛko pɛ bere a onipa no sɔre gyina ntenten no, na ɛbɛyɛ nantabon a ehia mpaboa a ɛsono sɛnea ne kɛse te.” Nanso akwan horow abien wɔ hɔ a wɔfa so susuw mpaboa.

Nan a wɔretutu susuw yɛ bere a nan no nsi faako—bere a wonantew, wutu mmirika, worehuruhuruw, anaa woreteɛteɛ w’apɔw mu wɔ akwan foforo so no. Eyi “ma nantabon no kɛse, yɛbea ne n’afa horow bɛyɛ nea egu ahorow.” Ɔfã a ɛto so anan wɔ mpaboa susuw ho ne nan a wim nsakrae, ɔhyew, huruhurow, ne fonwini, aka no ma ne kɛse asesa no. Eyi betumi ama nantabon no ayɛ kɛse ɔha mu 5. Ɛnyɛ nwonwa sɛ wuyi wo mpaboa gu hɔ wɔ da no awiei, titiriw sɛ wohyɛ mpaboa a ɛne wo nan nyɛ pɛ a, wo ho tɔ wo no! Na mpɛn pii no saa na ɛte.

Ɔkwan Bɛn na Wɔfa so Susuw Wo Nan?

Mfe pii ni, na Eric atɔ mpaboa a ne kɛse yɛ 10 anaa 11 a emu nsõ pii. Wɔ saa bere no mu no, na pɔw bi a asi ne nansoaa so ne bɔwerɛ bi a entumi mfuw mma soro wɔ ne nan benkum kokurobeti so no haw no. Nantabon ho oduruyɛfo a ɔhwɛ no no hyɛɛ ne nyansa sɛ ɔmma obi a ɔwɔ mpaboa susuw ho nimdeɛ nsusuw ne nan. Nea ɛyɛɛ Eric ahodwiriw no, na anka ɛsɛ sɛ mpaboa a ɛbɛma ne ho adwo no kɛse yɛ 12 ne fã, a ne trɛw yɛ A! “A” gyina hɔ ma nantabon a ɛyɛ teaa. Nanso so susuw a wobesusuw nantabon no wɔ afã abien, ntwemu ne ne tɛtrɛtɛ mu no nko ara na ehia na ama woanya nea wobɛhyɛ ma wo ho adwo wo? Ɔkwan bɛn na ɛsɛ sɛ wofa so susuw wo nan?

Adwinnade a agye din wɔ aman pii mu a wɔde susuw anan ne Brannock. (Hwɛ mfonini no.) Wotumi de susuw anan no wɔ akwan abiɛsa so: nantabon no tenten nyinaa, efi nantin besi nan pɔw so, ne nan pɔw no tɛtrɛtɛ. Nanso, nokwarem no, nantabon biara wɔ sɛnea ne yɛbea ne emu duru te. Ɛda adi sɛ eyi nti na yɛhyɛ mpaboa hwɛ ansa na yɛatɔ no. Ɛha na yebetumi atɔ afiri mu no. So woasusuw mpaboa bi a w’ani gyee ho paa, na akyiri yi wubehui sɛ emia wo kakra? Ɔdetɔnfo no kae sɛ: “Mpaboa no mu bɛbae.” Wotɔe na wufii ase nuu wo ho wɔ nna anaa adapɛn kakraa bi a wufii ase hyɛe no akyi. Afei eyi maa pɔw, bɔwerɛ a entumi mfuw mma soro, anaa dwoa fii ase!

So Wubenya Mpaboa a Ɛne Wo Nan Yɛ Pɛ?

So ebetumi ayɛ yiye sɛ wubenya mpaboa a ɛne wo nan yɛ pɛpɛɛpɛ? Professional Shoe Fitting nhoma no ma mmuae tee sɛ dabi. Dɛn ntia? “Esiane akwanside bebree a wontumi nni so nti. . . . Onipa biara nni hɔ a ne nan abien no nyinaa, ne kɛse, ne yɛbea anaa sɛnea esi fam no yɛ pɛ da.” Enti, sɛ mpaboa bi ne wo nantabon kɛse yɛ pɛ a, ɛne wo nantabon biako a aka no renyɛ pɛ. “Eyi nkyerɛ sɛ wuntumi nnya mpaboa a ɛne wo nan bɛyɛ pɛ da, na mmom ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyiye wɔ asɛm anaa adwene a ɛfa mpaboa a ɛne yɛn nan yɛ ‘pɛ’ no ho.”

Sɛ wopɛ sɛ wuhu beae a w’anan mia wo wɔ mpaboa mu a, hwɛ wo mpaboa dedaw no bi hwɛ. Hwɛ mpaboa no nsɛmmu no. Ɛhe na wuhu sɛ awe kɛse? Mpɛn pii no, ɛyɛ baabi a nantin no tia no, ne nantin no akyi. Dɛn na eyi kyerɛ? Ɛkyerɛ sɛ “mpaboa no afa horow bi ne nan no fa a ɛhyɛ no nhyia. Mpaboa no afã bi rewe tra so, bere a nan no nka afã foforo nso koraa.”

Mpaboa no kɔn mpo ho hia na ama emu adwo wo. So woahyɛ no nsow sɛ akwan a wɔfa so yɛ mpaboa kɔn no gu ahorow? Wɔ kwan a wɔfa so yɛ bal de no, wɔtwetwe mpaboa no anim afã abien no bom wɔ beae a ɛwɔ nansoaa no so pɛɛ. Nanso, sɛ wo nantabon no mu yɛ duru a, ɛnde na blucher nnwow no betumi ama wo ho adwo wo, efisɛ n’afa abien no nka nsi anim wɔ nansoaa no so. (Hwɛ mfonini no.) Dɛn nti na saa nkyerɛkyerɛmu yi ho hia? Nhoma koro no ara ka sɛ: “Nantin ho ɔhaw pii a yenya fi mpaboa mu no taa fi mpaboa no a yɛkyekyere mia mu dodo no, na epia yɛn nantin no fam mpaboa no akyi no.”

Na Mmea Mpaboa a Ɛto Atenten no Nso Ɛ?

Ɔpɛ a emu yɛ den a ɔbea wɔ ma mpaboa a ɛto ware no de ɔhaw ahorow ba nipadua no so. Mpaboa a ɛto ware no taa ma sɛnea onipa no gyina hɔ no sesa, na mpɛn pii no ɛma nipadua no tɔ kɔ anim, na ɛno nso hwehwɛ sɛ kotodwe no mu pono kɛse na ama nipadua no atumi agyina tee. Mpaboa a ɛto ware no nso ma anantu mu ntini no twetwe pua, na ɛma ntini no yiyi ne ho adi.

Enti, mpɛn pii no, ɔfa a ehia paa wɔ ɔbea mpaboa ho ne ɛto, na ɛno so na sɛ́ ne ho bedwo no anaa ɛbɛkyere no no gyina. Professional Shoe Fitting ka sɛ nneɛma atitiriw abiɛsa nti na wɔyɛ mpaboa to ma ɛware: ‘(1) “gyinabea” te sɛ tenten kakra a ɛbɛma obi ayɛ aka ho, (2) ahoɔfɛ ntoaso—adwinni bi a wodi wɔ mpaboa no ho, ne (3) obi ho a ɛyɛ fɛ kɛse—te sɛ mmea anantu a mpaboa a ɛto ware ma ɛyɛ akɛse no.’

Ɛsɛ sɛ mmea yɛ ahwɛyiye titiriw wɔ sɛnea mpaboa to tenten te ho, efisɛ ɛno na ɛkyerɛ beae a nipadua no mu duru begyina. Sɛ beae a nipadua no mu duru gyina no wɔ ɛto no anim anaa n’akyi a, ebetumi de ɔhaw aba. Dɛn nti na ɛte saa? Efisɛ ebetumi ama ɛto no abu na ama wɔahwe ase kɛse.

Wɔ nea yɛasusuw ho kakra yi mu no, ɛda adi sɛ mpaboa a ɛne wo nan yɛ pɛ a wubenya no gye bere ne ebia ɛka kɛse, efisɛ egye bere pii na wɔde ayɛ mpaboa pa. Nanso wo mpaboa betumi ama woanya ahotɔ ankasa na ebetumi aka w’akwahosan mpo. Enti, mpere wo ho. Ma wonsusuw wo nan no yiye. Nya ntoboase. Mma nea aba so anaa ne fɛ nnaadaa wo.

[Adaka wɔ kratafa 29]

Nneɛma a Ɛsɛ sɛ Wususuw Ho Bere a Worepaw Mpaboa No

William A. Rossi ne Ross Tennant de nyansahyɛ a edi hɔ yi ma wɔ wɔn nhoma Professional Shoe Fitting no mu.

“Ɛnyɛ nantabon a wosusuw no atirimpɔw ne sɛ wɔde behu obi nan so mpaboa a ɛkɔ no pɛpɛɛpɛ, sɛnea obi adwene bɛyɛ no no.” Dɛn nti na ɛte saa? Efisɛ mpaboa kɛse betumi agyina nneɛma pii so, te sɛ ɛto tenten, ne yɛbea, ne nsusuwso, nneɛma a wɔde yɛe, ne adwumayɛkuw a ɛyɛe. Eyi te saa titiriw wɔ nnɛ a adwumayɛkuw pii reyɛ mpaboa wɔ aman pii mu a ɛsono emu biara ne ne gyinapɛn no.

Sɛ wosusuw wo nantabon a, twetwe sɔks a ɛhyɛ wo nansoaa no kɔ anim na wo nansoaa no ampono, na amma wɔanni mfomso wɔ ne susuw no mu.

Ɔkwan bɛn na ɛsɛ sɛ wɔfa so susuw wo nan—wote hɔ anaasɛ wugyina hɔ? “Ɛkyerɛ anihaw sɛ wobesusuw ɔdetɔfo nan bere a ɔte hɔ.” Ɛnan no susuw no renyɛ papa. Ɛno nti, sɔre gyina hɔ na wonsusuw wo nan. Ma wonsusuw wo nan abien no nyinaa. Mfa no sɛ wo nantabon benkum no ne kɛse no. Susuw n’abien nyinaa!

“Mpaboa susuw yɛ adwuma a egye ahokokwaw ne ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔbɛsom afoforo, na wɔn a wosusuw no yɛ nkurɔfo a adwumakuw a wɔn ho akokwaw yiye atete wɔn, na wɔyɛ adwuma wɔ sotɔɔ akɛse a wɔte adwuma no ase na wonim hia a nan a wosusuw no yiye ho hia ankasa mu.”

[Nsɛm a Wɔahyehyɛ wɔ kratafa 28]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Mpaboa afã horow

kɔn so

mpaboa nsɛmmu

ɛto ntoase

ɛto tenten

ntoase

nantabon so nkataho

nantin ntoase

nantin nkataho

nnwow nnaase

nansoaa nkataho

ɛto

kɔn nnaano

nantabon so nkataho

ase nnaano

ntiaso ntoase

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 29]

Brannock adwinnade no

[Mfonini wɔ kratafa 30]

Mpaboa yɛbea nyinaa gyina afã atitiriw ason yi so

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 30]

Kɔn nnaano ahorow

Blucher

Bal

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena