So Mose Mmara No Suasuaa Hammurabi Ahyɛde No?
HAMMURABI ahyɛde no gyina tete mmara bi so, ɛyɛ gyinaesi ahorow a wɔaboaboa ano a wɔakyerɛw wɔ abo pon so. Akyiri yi wɔkyerɛw eyi guu abo pon afoforo so de kosiee Babilon nyame Marduk asɔrefi. Ɛno akyi no nkonimdifo Susa yii eyinom fii hɔ kɔe na akyiri yi no wokohui wɔ afe 1902 mu.
Mose mmara no fa bi sɛ Hammurabi Ahyɛde no, na esiane eyi nti nhomanimfo bi taa ka sɛ Hebrifo nyaa wɔn mmara no fii Hammurabi hɔ na ɛnyɛ nea efi Yehowa hɔ. Nnɛ bere mu nhomanimfo mpene eyi so. Nanso, nhoma “Documents from Old Testament Times” no ka sɛ: “Biribiara nni hɔ a wobegyina so aka sɛ Hebrifo no kɔfɛm ade fii Babilonfo no hɔ. Efisɛ wɔ faako a nsonsonee wɔ mmara horow abien ntam wɔ akyerɛw mpo mu no, su a ɛwɔ akyiri no sonoe.”
Nsonsonee a ɛwɔ mu no mu binom ni:
[Chart on page 3]
Hammurabi Ahyɛde Mose Mmara
Wokum obi a owia asɔredan mu ade anaasɛ ɔman no agyapade, anaasɛ wogye nneɛma a wawia. (Ɔfa 6)
Wɔtwe owifo no aso denam nea wɔawia n’ade no a wɔma ɔde bi si n’ananmu no. so. (Ex. 22:1-9)
Wokum obi a ɔboa ma woguan anaasɛ ɔde akoa bi sie. (Ɔfa 15, 16)
“Mfa akoa a wafi ne wura nkyɛn abɛdɔm wo nhyɛ ne wura nsa.” (Deut. 23:15)
Sɛ ɔdan a wɔansi no yiye kum ofiewura no ba a, ɛnde ɛsɛ sɛ wokum ɔdansifo no ba si ananmu. (Ɔfa 230) “Nnkum agyanom mmpae mma so, na wonnkum mma mmpae agyanom so.” (Deut. 24:16)
Wɔpam obi a ɔne ne ba nya nna mu kyɛfa ara kwa: “Sɛ seignior [ɔbapɔmma] ne ne babea nya nna mu kyɛfa a ɛsɛ sɛ wɔpam no fi kurow no mu.” (Ɔfa 154)
Wonkum nea ɔne ne ba da. (Lev. 18:6, 29)
Atemmu mu Animhwɛ: Wɔtwe nnipa a wɔkorɔn a wodi wɔn awu no ho aso denneennen. Na wɔde asotwe a ano nyɛ den ma wɔn a wodi nnipa a wɔba fam no awu. (Ɔfa 196-205)
“Nhwɛ ɔbrɛfo anim na ɛnyɛ nea ɛbɛsɔ otumfoɔ ani; trenee mu na bu wo yɔnko atɛn.” (Lev. 19:15)