Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g81 9/8 kr. 13-14
  • Wubetumi Agyae!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wubetumi Agyae!
  • Nyan!—1981
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nimdeɛ ne Gyinaesi
  • Mmoa a Ɛho Hia
  • Ɔkwan A Wɔfa So Gyae Sigaretnom
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
  • So Ɛsɛ Sɛ Wɔbara Sigaretnom?
    Nyan!—1981
  • Sigaret​—Onyankopɔn Bu no Sɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • “Wubetumi Agyae—Yegyaee!”
    Nyan!—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1981
g81 9/8 kr. 13-14

Part 4

Wubetumi Agyae!

“ƐNE ade a ɛyɛ mmerɛw sen biara a mayɛ pɛn.” Saa na Mark Twain, ɔkyerɛwfo a wagye din no kaa sɛnea ogyaee sigaretnom ho asɛm. Ɔde kaa ho sɛ: “Ɛsɛ sɛ mihu, mayɛ saa mpɛn apem.”

Yiw, ɛnyɛ gyae a wogyae no ne asɛm a emu yɛ den no, na mmom sɛ wɔremfi ase bio no. Ɔpepem pii a wɔnom sigaret no gyae​—ebia da koro anaasɛ nnawɔtwe mpo anaasɛ asram bebree​—nanso ɛno akyi no, wofi ase bio. Nipadua no a nicotine anya so tumi no so nkonim a wubedi no ntaa nyɛ nea ɛyɛ den mmoroso​—ɛyɛ sigaret foforo a wobɛnom ho akɔnnɔ a emu yɛ den a wobɛko atia no.

Nanso sɛ wopɛ ampa a, wubetumi agyae tawanom. Dɛn na ɛkyerɛ saa? Nnipakuw bi wɔ hɔ a wɔn nyinaa nnom sigaret, na wɔne Yehowa Adansefo. Nanso te sɛ nnipa nyinaa no, na wɔnte saa bere nyinaa.

Wɔ aman bebree so no, nnipa a wɔanyinyin no nkyem abiɛsa mu biako anaa nea ɛboro saa nom sigaret anaasɛ tawa. Ɛno kyerɛ sɛ na anka Adansefo bɛboro 2,000,000 no mu nkyem abiɛsa mu biako nom sigaret anaasɛ tawa. ɔkwan bɛn na nnipa ɔpehaha yi faa so gyaee sigaretnom bere a wɔbɛyɛɛ Adansefo no?

Nimdeɛ ne Gyinaesi

Ɛte sɛ nea Dr. Charles F. Tate kyerɛkyerɛɛ mu wɔ American Medical News mu no, sɛ: “Ɛsɛ sɛ wosi gyinae no wɔ komam tɔnn. Bere a wɔasi gyinae yi no, na ɔko no fã a ɛyɛ den no aba awiei.” Anaasɛ, ɛsɛ sɛ ɛyɛ wo pɛ ankasa sɛ wubegyae. Dɛn na ebetumi de tirimbɔ yi ama?

Nimdeɛ betumi. Nanso nimdeɛ bɛn? Wiɛ, wɔ bebree fam no, ɛyɛ nimdeɛ a wobenya sɛ sigaret tumi kum obi anaasɛ edi obi awu. Dr. Tate kae sɛ: “Ayarefo pii ba bɛhwɛ nea efi mfonini a wotwaa wɔn wɔ ahwehwɛ mu anaasɛ x-ray mu bae no.” “Mede x-ray a ɛda yare bi adi kyerɛ wɔn. Wobisa sɛ ebia ɛyɛkokoram anaasɛ akisikuru. Misi so dua saa kyerɛ wɔn, na ɛba saa a wɔmpɛ sɛ wohu sigaret foforo bio da.”

Nanso bere a wɔba bɛyɛ Yehowa Adansefo no, ɛnyɛ nimdeɛ ara kwa a wonya sɛ sigaretnom betumi akum obi no na ɛma nnipa no gyae. Mmom no, ɛyɛ Yehowa Nyankopɔn ho nimdeɛ​—sɛ, sɛnea Bible no ka no, “ɔno na ɔyɛɛ yɛn” no. (Dw. 100:3) Esiane sɛ wonim sɛ nipadua a wobegu ho fĩ nsɔ Onii a ɔbɔɔ wɔn no ani nti, Adansefo no twe wɔn ho fi sigaret anaasɛ tawanom ho.​—2 Kor. 7:1.

Afei nso nea ehia titiriw wɔ gyinae a wɔasi pintinn sɛ wɔrennom sigaret anaasɛ tawa no ne nim a wonim sɛ epira afoforo no. Ɛnyɛ sɛ mmofra sua suban a edi awu yi fi mpanyimfo hɔ nko, na mmom wusiw no ankasa betumi ama afoforo awu ntɛm. Eyinom ho nimdeɛ mma nokware Kristoni nnom sigaret. Enti, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛyɛ osetie ama Onyankopɔn mmara a ese: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho” no, wɔn a na wɔnom sigaret ne tawa a wɔbɛyɛ Yehowa Adansefo nyinaa gyae nom.​—Mat. 22:39.

Eyi nkyerɛ sɛ gyae a wogyae no yɛ mmerɛw bere nyinaa ma wɔn a wɔba bɛyɛ Adansefo no. Ɛyɛ ɔhaw ankasa ma ebinom​—ade a ɛyɛ den sen biara wɔ asetra mu a wɔayɛ pɛn. Nanso bere a wonyaa mmoa no, wɔagyae. Na saa nso na wubetumi agyae.

Mmoa a Ɛho Hia

New Scientist ka sɛ: “Nnuru a wɔnom de gyae sigaretnom reyɛ ade a mfaso wɔ so te sɛ nnuru a nnipa a wɔayeyɛ akɛse nom ma wɔtwe no.” Nanso bere a wɔhwehwɛɛ nnuru ahorow a wɔde sa yare ne nhyehyɛe ahorow mu akyi no, nsɛmma nhoma yi kae sɛ: “Wɔ mmoa ankasa ankasa a ɛde ma wɔn a wɔnom sigaret no ho de, nnuru a wɔtɔn no gua so nnansa yi nyinaa de kakraa bi na ɛma.” Sɛ mfaso bi wɔ nnuru a wɔayeyɛ de reboa ma wɔagyae sigaret no so a, ɛyɛ kakraa bi.

Mfaso pɔtee a ɛwɔ nnuru anaa nhyehyɛe horow a wɔyɛ a wɔn a wɔpɛ sɛ wogyae sigaret so ne sɛ ɛbɛboa, biribi a ɛbɛma nkurɔfo anya anidaso, nhyehyɛe a ɛsɛ sɛ wonya mu gyidi. Nnipa bebree a wɔnom sigaret ntumi nnyae efisɛ wonnye nni sɛ wobetumi agyae ampa. Enti nea wohia ne mmoa a ɛbɛma wɔagye adi sɛ wobetumi adi so nkonim. Nnamfo a wobetumi ate wo ase som bo kɛse, titiriw wɔn a wɔagyae a wobetumi asi so dua sɛ wubetumi agyae no. Wɔn a na wɔnom sigaret anaasɛ tawa a wɔabɛyɛ Yehowa Adansefo nyaa mmoaa ɛte sɛɛ na ɛno na ɛma wogyaee.

Nanso nea ɛho hia titiriw ma obi agyae sigaret anaasɛ tawanom ne Onyankopɔn mmoa. Ɔsomafo Paulo kaa no nokwarem sɛ: “Mitumi ade nyinaa yɛ, nea ɔhyɛ me den no mu.” (Fil. 4:13) Obi a na ɔnom sigaret mfuamfua 60 anaasɛ 80 a ɛyɛ pakɛt abiɛsa anaa anan da koro​—ɔyere fiehwɛfo bi a ofi Brooklyn, New York​—kaa ɔkwan a ɔfaa so tumi kuraa gyinae a osii sɛ obegyae sigaretnom mu no ho asɛm sɛ:

“Me nsa wosowee. Ɛkame ayɛ sɛ na misu daa. Meyaree; ná me kɔn a ɛdɔ no ano yɛ den. Nanso na masi me gyinae, na ɛdenam Yehowa mmoa so no, mikuraa mu. Afei de mahu sɛ nnipa a wontumi nnyae no mpɛ sɛ wogyae ankasa. Wɔda so ara dɔ sigaretnom sen sɛnea wɔdɔ Yehowa.”

Ɔkwan a wɔfa so gyae ni​—ɛyɛ ɔpɛ ankasa a wowɔ sɛ wobɛsɔ Onyankopɔn ani. Sigaretnom betumi de anigye abrɛ obi, sɛnea marijuana anaasɛ wii, aguamammɔ ne nneyɛe bɔne afoforo tumi de ba no. Enti sɛnea obi a na ɔnom sigaret a ɛyɛɛ den maa no ansa na ɔregyae kae no, ose: “Awiei koraa no, migye toom wɔ mpae a mebɔɔ Yehowa no mu sɛ m’ani gye sigaretnom ho, nanso mepɛ sɛ migyae na mesɔ n’ani. . . . Akyiri yi, migyaee nom.”

Wo nso wubetumi agyae. Sɛ wo pɛ ne sɛ wobɛsɔ Onyankopɔn ani a, kyerɛw wɔn a wotintim Nyan! no; na wɔn ani begye sɛ wɔbɛma ɔsomfo a ɔfata aba wo fie de Kyerɛwsɛm mu nkuranhyɛ a aboa bebree ma wɔagyae sigaretnom abrɛ wo a wonnye wo hwee.

[Kratafa 13 mfoni]

Nnipa ɔpepem pii agyae sigaretnom

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena