“Wubetumi Agyae—Yegyaee!”
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ JAPAN HƆ
Sɛnea kyerɛwtohɔ bi kyerɛ no, na nsrahwɛfo a wɔnom sigaret, a ɛte sɛ nea na “wɔsɔ gya wɔ wɔn yafunu mu,” wɔ Europa po so ahyɛn a ɛkɔɔ Japan wɔ 1500 mfe no awiei no mu. Ahodwiriw bɛdanee asɛmpɛ, enti eduu 1880 mfe no mu no, na sigaretnom abu so wɔ Japan. Hena na osusuwii sɛ wɔbɛkan saa Japanfo a wɔn ho dwiriw wɔn no asefo aka wɔn a wɔnom sigaret sen biara wɔ wiase nnɛ no ho?
“NÁ YƐPƐ sɛ yɛdan mpanyimfo na yɛyɛ nea mpanyimfo yɛ.”—Akio, Osamu, ne Yoko.
“Ná mepɛ sɛ me so tew.”—Tsuya.
“Asɛmpɛ na ɛmaa mede me ho hyɛɛ mu.”—Toshihiro.
“Yɛansusuw sɛ sigaret benya yɛn so nkɛntɛnso bɔne.”—Ryohei, Junichi, ne Yasuhiko.
“Ná mepɛ sɛ midi abofono ne fe a mefe anɔpa bere a na meyem me ba a ɔto so abien no so.”—Chieko.
“Ná menom de di abasamtu a mihyia wɔ adwumam nhyiam ase so.”—Tatsuhiko.
Eyinom ne mmuae a wɔde mae bere a wobisabisaa nnipakuw bi nea enti a wofii ase nom sigaret no. Nkyerɛkyerɛmu a ɛte saa no yɛ nea ntease wom, esiane nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ebinom frɛ Japan sigaretnomfo paradise nti. Nanso, anigyesɛm ne sɛ, nkurɔfo a yɛabobɔ wɔn din wɔ atifi hɔ no nyinaa agyae sigaretnom. Sɛ wususuw nsɛnnennen a tebea a wɔwom ma wohyia no ho a, na eyi yɛ mmɔdenbɔ ankasa. So woresusuw ɔkwan a wɔfaa so yɛɛ saa no ho? Momma yenni kan nsusuw sɛnea sigaretnom atrɛw nnɛ wɔ Japan no ho.
Sigaretnom Ho Nsɛm
Japan mmarima mpanyimfo ɔha biara mu 56 na wɔnom sigaret, bere a Amerika mmarima a wɔadi mfe 15 anaa nea ɛboro saa ɔha biara mu 28 pɛ na wɔnom no. Japanfo mmea ɔha biara mu 22 na wɔka Japanfo 34,000,000 a wɔnom sigaret no ho, na wɔn mu pii yɛ mmofra. Mpanyimfo nhwɛso ne aguade ho dawurubɔ ka ho kɛse na mmofra pii no ara renom sigaret. Sigaret ho dawuru a wɔbɔ wɔ TV ne radio so, a wɔbarae wɔ United States bɛboro mfe aduonu a atwam no, yɛ nea afei na wɔabara wɔ Japan.
Bio nso, ɛnyɛ den sɛ wobenya sigaret afi adetɔn mfiri a esisi Japan mmɔnten so mantwea pii no mu. Bere a sigaret no akodi nkurɔfo nsam no, kakraa bi na wotie nsɛm a tumi nnim a wɔkyerɛw gu adaka no ho no. Ebia asɛm no bɛkenkan tiawa sɛ: “Mommma yɛnnnom sigaret pii; ebetumi apira yɛn.” Na sɛ ani a mpɛn pii no wobu gu asiane kɛse a ɛwɔ sigaretnom mu so no da nkyɛn a, nhwɛso bɔne a nnipa atitiriw yɛ no nso hyɛ Japanfo nkuran ma wɔnom sigaret, na ɛdaadaa wɔn ma wɔte nka sɛ wɔwɔ ahobammɔ.
Ɛnyɛ nwonwa sɛ, wɔn a wɔkasa tia sigaretnom no kasa tia ade a Japan ntumi nyɛ mfa mma ne mamma nnyae sigaretnom no. Nanso akyerɛkyerɛfo refi ase ahu hia a ehia sɛ wɔbɔ nkurɔfo kɔkɔ sɛ sigaretnom de wɔn akwahosan ne wɔn nkwa to asiane mu no. Yiw, ɔhaw a sigaretnomfo a wɔwɔ baabiara hyia no bi ara na Japan sigaretnomfo hyia—abofono, ahome a ensi so, ɔwaw a emu yɛ den, yafunkeka, anomtow, ɔpakum a ɛtaa kyere wɔn, ne ebia bere bi akyi no, wu a wobewu ɔpatuwu esiane ahurututu mu kokoram, komayare, ne ɔhaw afoforo nti.
Wɔ April 1, 1985 no, wɔtɔn Japan tawa adwumakuw no maa ankorankoro, na ɛde mfe pii a aban no nkutoo nyaa so tumi no baa awiei. Nanso, ɛda so ara ne aban no wɔ abusuabɔ a emu yɛ den, na eyi siw nkɔanim biara a wonya sɛ wobesiw sigaretnom ano no kwan. Eyi nti na akuw a wɔkasa tia sigaretnom no bu Japan nnɛ sɛ sigaretnomfo fie no. Na ɛno nso nti na The Daily Yomiuri bɔɔ amanneɛ sɛ ɔman yi mu nnuruyɛfo redi abooboo wɔ nokwasɛm a ɛne sɛ Japan yɛ “ɔman a ɛhyɛ sigaretnom ho nkuran” ho no.
Nea ɛbɛyɛ na woahu sɛnea ebinom atumi agyae no, hwɛ adaka “Nea Ɛyɛe a Yegyaee” no.
Wobɛyɛ Dɛn Atumi Agyae?
Afotu a efi kan sigaretnomfo, te sɛ wɔn a yɛaka wɔn ho asɛm wɔ adaka no mu, hɔ ne sɛ: Fa yɛ wo botae ankasa sɛ wubegyae. Onyankopɔn ho dɔ ne ɔpɛ a wubenya sɛ wobɛyɛ nea ɛsɔ n’ani no yɛ ɔkwampa a ɛsen biara. Na wo yɔnko nipa a wobɛdɔ no nso yɛ ɔkwampa foforo. Fa botae bi si hɔ, na di akyi. Ma nkurɔfo nhu sɛ woregyae—ka kyerɛ wo nnamfo, na hwehwɛ w’abusuafo mmoa. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, gyae no mpofirim. Na yɛ nea wubetumi nyinaa sɛ worentra baabi a wɔnom sigaret.
Sɛ woresua Bible no a, wo ne Yehowa Adansefo fekubɔ mu nyɛ den. Bere a wo ne wɔn bɔ no, ɛrenkyɛ na woadi sigaret ho akɔnnɔ so. Ɔkwan foforo so no, sɛ woyɛ Yehowa Dansefo a wo ne sigaretnomfo bi resua Bible no a, nnyae n’akyi di. Boa no ma ɔnnɔ Yehowa nsen ne subammɔne no.
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 20, 21]
“Nea Ɛyɛe a Yegyaee”
Mieko: “Bere a mifii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible no, na migye di sɛ mintumi nnyae sigaretnom. Ná me botae a mede resua ade ne sɛ anyɛ yiye koraa no, mɛma me mma ahu nkwa kwan no. Nanso mihui ntɛm ara sɛ sɛ ɔwofo no, ɛsɛ sɛ meyɛ nhwɛso, enti mifii ase bɔɔ Yehowa Nyankopɔn mpae denneennen sɛ ɔmmoa me. Ná egye mmɔdenbɔ na mede adi nea merebɔ ho mpae no ho dwuma, na midii awerɛhow kakra. Nanso me werɛ remfi ahonim pa a minyae bere a awiei koraa medee me ho fii saa ade bɔne yi ho no.”
Masayuki: “Bere a na manom nnaka abiɛsa da koro mmere bi, na mabɔ mmɔden sɛ megyae nanso mintumi no, awiei koraa no mesɛee me sigaret a etwa to no, na mannom sigaret bio. M’abusuafo, me mfɛfo Adansefo, ne Yehowa Nyankopɔn boaa me maa migyaee. Ná obiara a ɔwɔ sikakorabea a meyɛ adwuma wɔ hɔ no nnye nni sɛ magyae. Mede nyansahyɛ mae sɛ, sɛ́ nidi a yɛde rema yɛn aguadifo no, ɛnsɛ sɛ sikakorabea hɔ adwumayɛfo no biara nom sigaret bere a wɔreyɛ adwuma no. Wɔde me nyansahyɛ no dii dwuma, ɛmfa ho sɛ na adwumayɛfo no ɔha biara mu 80 nom sigaret no. Saa adeyɛ yi atrɛw aka yɛn sikakorabea no nkorabata 260 no nyinaa seesei.”
Osamu: “Bere a misuaa nokware no fii Onyankopɔn Asɛm, Bible, mu no, na minim sɛ ɛsɛ sɛ migyae sigaretnom. Egyee me bɛyɛ afe biako. Bere a migyaee mpo no, na ɛsɛ sɛ midi sigaretnom ho akɔnnɔ so asram asia bio. Ná minim wɔ me komam sɛ mepɛ sɛ migyae.”
Toshihiro: “Yesu agyede afɔrebɔ no nyaa me so nkɛntɛnso araa ma metee nka sɛ anyɛ yiye koraa no, ɛsɛ sɛ mitumi de me sigaretnom no bɔ afɔre.”
Yasuhiko: “Gyinae a misii sɛ mɛyɛ osetie ama Yehowa Nyankopɔn na magyae sigaretnom no gyee me nkwa. Da bi, na pɛtro anwini agu ɔdan a meyɛ mu adwuma no mu. Sɛnea ɛte no, anka mɛsɔ sigaret ma ogya atɔ hɔ. Nanso esiane sɛ na magyae sigaretnom nna kakraa bi akyi nti na mewɔ ha nnɛ reka ho asɛm yi.”
Akio: “Bere a me bo fii ase fonoo me bere ne bere mu no, misusuwii sɛ sigaretnom na ɛrepira me. Nanso mannyae. Me yere a na wabɛyɛ Yehowa Dansefo no hɔ na minyaa sigaretnom mu asiane ho nokwasɛm a edi kan. Ntɛm ara na mifii ase suaa Bible no, na mihu fii Ɔwɛn-Aban Asafo no nhoma ahorow mu sɛ ɛnyɛ sɛ sigaretnomfo pira ne ho nko, na mmom n’abusuafo nso. Migyaee ntɛm ara!”
Ryohei: “Ná me yere na ɔtɔ me sigaret ma me—nnaka 20 bere biara. Nanso bere a ɔne Adansefo suaa Bible no akyi no, wampɛ sɛ ɔbɛtɔ biribi a onim sɛ ebepira me ama me. Enti m’ankasa mibuee me sigaret sotɔɔ. Ná menom nnaka abiɛsa ne fã da koro. Afei mifii ase ne Adansefo no suaa Bible. Ankyɛ na m’ani gyee ho sɛ mɛyɛ Bible mu nsɛm ho ɔkasafo pa. Enti migyaee sigaretnom sɛnea ɛbɛyɛ a mɛfata ama saa ntetee yi wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu.”
Junichi: “Ná me babea kumaa a ɔyɛ Ɔdansefo no dwen me nkwa ho. Ɔmaa mehyɛɛ bɔ sɛ megyae sigaretnom, na migyaee.”
Tsuya: “Bere a edi kan a mekɔɔ Ahenni Asa so no, mibisae sɛ wɔmma me ade a wɔde sigaret nsõ gu mu ne mankyese. Nea ɛyɛɛ me nwonwa no, wɔka kyerɛɛ me sɛ obiara nnom sigaret wɔ hɔ. Mihui sɛ ɛsɛ sɛ migyae sigaretnom. Awerɛhow a mikodii wɔ Ayaresabea nnaawɔtwe no maa mihui sɛ ɛnsɛ sɛ mihu sigaretnom ho amane bio.”
Yoko: “Misuaa nsɛm a ɛwɔ Yehowa Adansefo nsɛmma nhoma ahorow ne nhoma afoforo mu a ɛfa sɛnea Yesu poo nnuru a wɔde maa no bere a na wɔrebɛbɔ no asɛndua mu ho no. Mebɔɔ Yehowa Nyankopɔn mpae ka kyerɛɛ no sɛ mepɛ sɛ meyɛ ne yeyifo a ne ho tew. Ɛno akyi no, mannom sigaret bio. Sɛ na nkurɔfo a atwa me ho ahyia nom a, na mepɛ sɛ mebɛn wɔn twe wusiw no bi, nanso esiane sɛ na mempɛ sɛ mɛsan anom sigaret bio nti, mifi hɔ ntɛm ara.”
Saa kan sigaretnomfo yi nyinaa asi nketekrakye sɛ wɔnnom sigaret bio. So woyɛ sigaretnomfo a wopɛ sɛ wugyae saa su yi?
Mieko
Osamu
Yasuhiko
Akio ne ne yere, Sachiko
Junichi ne ne babea Meri
Yoko