Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g00 4/8 kr. 18-19
  • Ɔkwan a Wubetumi Afa So Agyae Tawanom

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔkwan a Wubetumi Afa So Agyae Tawanom
  • Nyan!—2000
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yɛ W’adwene Yiye sɛ Wubegyae Nom
  • Paw Da a Wubegyae Nom
  • Gyina Gyae a Woagyae Nom Ho Haw Ano
  • Di Wo Ho So sɛ Obi a Wagyae Sigaretnom
  • Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wugyae Sigaretnom?
    Nyan!—2000
  • Wubetumi Adi Nkonim!
    Nyan!—2010
  • “Wubetumi Agyae—Yegyaee!”
    Nyan!—1998
  • Hu Nea Wobɛfa Mu Ne Nea Wobɛyɛ
    Nyan!—2010
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2000
g00 4/8 kr. 18-19

Ɔkwan a Wubetumi Afa So Agyae Tawanom

TESƐ nea wusua sakre ka no, ɛyɛ den sɛ wubetumi agyae tawanom bere a edi kan a wobɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ saa no. Enti sɛ woasi wo bo sɛ wubegyae nom a, siesie wo ho sɛ wobɛbɔ ho mmɔden mpɛn pii kosi sɛ wubedi nkonim. Mmu nom a wosan kɔnom no sɛ woadi nkogu. Fa no sɛ ɛyɛ biribi a wusua, huammɔdi kakra wɔ dwumadi bi a ɛbɛyɛ yiye mu. Nyansahyɛ ahorow a aboa afoforo bi ni. Ɛbɛboa wo nso.

Yɛ W’adwene Yiye sɛ Wubegyae Nom

■ Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ wugye di sɛ mmɔden a wobɛbɔ sɛ wubegyae nom no fata. Kyerɛw nea enti a wopɛ sɛ wugyae nom ne ɛso mfaso horow nyinaa to hɔ. Eyi a wobɛsan akenkan bere a woagyae nom no bɛhyɛ wo tirimbɔ no mu den. Ɔpɛ a wowɔ sɛ wobɛsɔ Onyankopɔn ani ne ade a ɛsen biara a ɛbɛkanyan wo ma woagyae nom. Bible no ka sɛ ɛsɛ sɛ yɛdɔ Onyankopɔn fi yɛn adwene, yɛn koma, yɛn kra, ne yɛn ahoɔden nyinaa mu. Sɛ tawanom aka yɛn hɔ a, yentumi nyɛ eyi.—Marko 12:30.

■ Hwehwɛ wo sigaretnom no mu na hu bere ne nea enti a wonom. Sɛ wokyerɛw bere ne beae a wonom sigaret biara da bi gu krataa so a, ɛbɛboa wo. Eyi bɛboa wo ma woadi kan ahu tebea horow a ebetumi asɔ wo ahwɛ ma woanom bere a woagyae nom.

Paw Da a Wubegyae Nom

■ Paw da a wubegyae nom na hyɛ no nsow wɔ wo kalenda so. Ɛyɛ papa sɛ wobɛpaw da a wunhyia adwennwen ntraso. Sɛ saa da no du a, gyae nom koraa—prɛko pɛ.

■ Yiyi ade a wonom gu mu, mankyese, ne ade foforo a wɔde sɔ fi hɔ ansa na da a wode begyae no adu. Si wo ntade a tawa wusiw bɔn mu no nyinaa.

■ Ma yɔnko adwumayɛfo nnamfo ne w’abusuafo mmoa wo na ahyɛ wo nkuran wɔ mmɔden a wobɔ sɛ wobegyae nom no mu. Nsuro sɛ wobɛka akyerɛ afoforo sɛ wɔnnnom sigaret wɔ w’anim.

■ Yɛ dwumadi ahorow ho nhyehyɛe ma da a wubegyae no. Wubetumi akɔ beae a wɔmma kwan mma wɔnnom sigaret wɔ hɔ, te sɛ tete nneɛma akorae anaa agodibea. Wubetumi nso ateɛteɛ wapɔw mu, akɔ asuguare, aka sakre anaa woatwa kwan tenten bi.

Gyina Gyae a Woagyae Nom Ho Haw Ano

Sɛ woyɛ obi a wonom sigaret pii a, ɛda adi sɛ wubehyia gyae a wugyae nom no ho haw ahorow, na efi ase wɔ nnɔnhwerew bi ntam bere a wanom nea etwa to no awie no. Emu bi ne abufuw, ntɔkwapɛ, dadwen, adwenemhaw, kɔdaanna, basaayɛ, adidi pii, ne wo kɔn a ɛdɔ sigaret. Ebia wo duruyɛfo bɛma wo nnuru a ɛbɛboa ma abrɛ saa haw yi ase. Afei nso, nneɛma foforo wɔ hɔ a wubetumi ayɛ ma aboa wo ma woagyae nom.

■ Wɔ adapɛn kakra a edi kan a ɛyɛ den no mu no, di nnuan a srade nni mu pii, na nom nsu pii. Ebinom awe atosode mono te sɛ carrots ma aboa wɔn. Sɛ woteɛteɛ w’apɔw mu a, ɛbɛboa ma wo so atew na ama ahopopo no agyae .

■ Kwati mmeae ne tebea horow a ɛbɛma woakɔnom sigaret.

■ Kõ tia nsusuwii bɔne a ɛbɛsɔ wo ahwɛ ma woanom. Adwene a wotaa nya bere a ne nom a wugyae ma wuhyia ɔhaw no bi ne: ‘Merenom nnɛ nkutoo na ama me ho atɔ me.’ ‘Sigaretnom nkutoo ne bɔne a meyɛ!’ ‘Tawa nyɛ ade bɔne pii saa; ebinom a wɔnom no pii mpo atra ase adi boro mfe 90.’ ‘Biribi na ebekum me.’ ‘Sɛ mannya tawa a, m’ani nnye wɔ asetram.’

■ Sɛ woreyɛ akɔnom a, twɛn. Sɛ wotwɛn simma du pɛ a, ɛho akɔnnɔ a emu yɛ den no begyae. Ɛtɔ da bi a adwene a ɛne sɛ worennom sigaret bio no bɛyɛ te sɛ nea ɛboro wo so. Sɛ wote nka saa a, fa w’adwene si so sɛ woregyae nnɛ nkutoo.

■ Sɛ wopɛ sɛ wosom Onyankopɔn a, bɔ mpae hwehwɛ mmoa. Yɛn Bɔfo a ɔwɔ ɔdɔ no betumi de “mmoa” ama wɔn a wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wɔn asetra ne n’apɛde ahyia no wɔ “ɛbere a ɛsɛ mu.” (Hebrifo 4:16) Nanso nhwɛ anwonwade bi kwan. Ɛsɛ sɛ woyɛ ade ma ɛne wo mpaebɔ hyia.

Di Wo Ho So sɛ Obi a Wagyae Sigaretnom

■ Asram abiɛsa a edi kan no na ɛyɛ den paa, nanso ɛno kyi mpo no, sɛ ɛbɛyɛ yiye a kwati wɔn a wɔnom sigaret ne tebea a ɛbɛma woakɔnom.

■ Sɛ woagyae sigaretnom afe biako anaa nea ɛboro saa mpo a, nnaadaa wo ho nsusuw sɛ wubetumi anom no bere ne bere mu.

■ Ko tia sɔhwɛ a ɛne sɛ merenom “sigaret biako pɛ” no. Biako pɛ no betumi ama woanom foforo, na ɛrenkyɛ wobɛma mmɔden a wobɔ de gyaee nom no nyinaa ayɛ ɔkwa. Nanso sɛ w’abam bu na wokɔnom biako a, ntease nnim sɛ wobɛnom foforo. Sɛ wosan kɔnom a, nnom bio.

Nnipa ɔpepem pii a wɔnom sigaret no atumi agyae nom. Sɛ wusi wo bo na wumia w’ani a, wo nso wubetumi agyae nom!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena