Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g81 9/8 kr. 19-20
  • Bere a Nnipa Hyia Mmoa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bere a Nnipa Hyia Mmoa
  • Nyan!—1981
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ƆDƆ MU A WOFI HWƐ WƆN HO MFASO
  • NSU A WƆKORA SO
  • NSA SAN KA SIKA KOTOKU KETEWA A WOHWIMII
  • MPRAKO A WOTU MMIRIKA
  • Arabia Yoma—Afrika Teaseɛnam A Wɔde Yɛ Biribiara
    Nyan!—1992
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
Nyan!—1981
g81 9/8 kr. 19-20

Bere a Nnipa Hyia Mmoa

Wɔde binom di dwuma wɔ ɔkwan a ɛfata so, wɔyɛ binom ayayade

ƆDƆ MU A WOFI HWƐ WƆN HO MFASO

So ɔdɔ mu a wofi hwɛ mmoa betumi abrɛ komayare a anka ebetumi aba no ase, ɛwom mpo sɛ ebegye nneɛma pii a ɛho behia wɔn de? Ɛda adi pefee sɛ ebetumi​—anyɛ yiye koraa no wɔ nnanko mu. Nnipa bi a wɔyɛ nhwehwɛmu a wɔwɔ Ohio State University kaa nnanko akuw abien bi a ɛsono nnuan a wɔde maa wɔn mu biara a wɔde wɔn yɛɛ nhwehwɛmu ahorow ho asɛm. Wofi ɔdɔ mu hwɛɛ kuw biako so, na kuw foforo no de wɔhwɛɛ wɔn so bi ne bi. Wɔ nnanko a wofi ɔdɔ mu hwɛɛ wɔn no ho no, nhwehwɛmufo bi kae sɛ: “Na mekɔsra wɔn mpɛn anan anaasɛ anum da biara kokyia wɔn kɛkɛ na me ne wɔn di agoru. Wɔn ani gyei.” Dɛn na efi mu bae? Dr. Fred Cornhill a ɔyɛ nnuruyɛ ho abenfo a wɔwɔ sukuupɔn no fa a yɛresua ayaresa mu panyin a ɔto so abien no kae sɛ: “Yehuu nneɛma a ɛmma mmoa nnyin nyɛ akɛse no mmɔho abien​—ɔfoforo bi mu de, mmɔho abiɛsa​—wɔ mmoa a wɔhwɛ wɔn bi ne bi no ntini a ɛde mogya kɔ wɔn koma mu no mu sen sɛnea yehui wɔ nnanko a wofi ɔdɔ mu hwɛɛ wɔn mu no.” Ɛte sɛ nea ade a wɔsɔ hwɛe no ne adesua afoforo a ɛkyerɛ sɛ adwennwen betumi de komayare aba no hyia, na ɛda adi sɛ nnanko a wofi ɔdɔ mu hwɛɛ wɔn yiye no annwennwen. Akyinnye biara nni ho sɛ sɛ ɛbaa nnipa so a, anka wɔbɛyɛ saa ara.

NSU A WƆKORA SO

Efi Bible mmere so tɔnn no, sare a wɔatumi atra so no agyina nkabom a onipa ne afurum anya so. Dɛn nti na mfurum tumi tra sare so saa?

Ade titiriw nti a wotumi tra hɔ ne nsu a wotumi kora so no. Sɛ wohwere nsu a ɛwɔ wo nipadua mu no ɔha mu nkyem 10 a, wubewu. Afurum betumi ahwere nsu a ɛte saa mmɔho abiɛsa anaasɛ ɔha mu nkyem aduosia a biribiara renyɛ no. Sɛ ahohuru de wo a; fifiri fi wo ntɛm, nanso ahohuru de mfurum nkakrankakra na wofi fifiri kakraa bi pɛ. W’asaabo tumi yi nsu fi wo mu pii sen sɛnea afurum asaabo yɛ. Nanso ɛnyɛ asɛm no nyinaa nen.

So woahyɛ sɛnea ahome a wugye no dan ohuruhurow ɛda a awɔw wom no nsow? Saa nsu a ayɛ huruhurow no kyerɛ sɛ bere biara a wobɛhome no nsu fi wo mu. Ɛnte saa wɔ afurum fam. Ne tumi a ɔwɔ a ɔde kora nsu so bere a ogu ahome no yɛ soronko. Ɔkwan bɛn na afurum fa so yɛ saa?

Sɛ wɔbobɔw krataasin bi na wuhuw mframa fa mu a, wunya biribi a ne nsɛso te sɛ afurum hwenem. Nanso wɔamfa krataa na ɛyɛɛ ade a ɛwɔ afurum hwenem no. Ɛyɛ biribi titiriw bi a ɛte sɛ ahorɔ a etumi nonom nsu.

Mframa a ɔretwe akɔ ne mu no gye nsu a ɛyɛ nwini fi ade a ɛwɔ ne hwenem no mu na ɛma saa ade no mu yɛ wosee. Sɛ afurum gu ahome a, ade a ɛwɔ ne hwenem no gye anaasɛ ɛnonom ohuruhurow a ɛyɛ hyew a efi ohurututu no mu reba no ansa na afi ne hwene no mu afi. Saa kwan yi so no, afurum kora nsu a anka ɔbɛhwere no mu ɔha mu nkyem 68 so.

NSA SAN KA SIKA KOTOKU KETEWA A WOHWIMII

Nnansa yi ná obi a osua mmoa ho ade wɔ Rogers University nam kwan so de osudanna bi rekɔto atɛkyɛ bi mu. Ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔde biribi a ɛbɛmawate ne nka bɛsã osudanna no; na ɛdenam eyi so no, na obetumi ahu faako a osudanna no wɔ wɔ baabiara a ɔkɔ. Nanso oduu baabi a kanea sɔ ma kar gyina no, ɔbarima bi de ne nsa wuraa ne kar no mu hwim ne sika kotoku ketewa bi. Na ade a ɔde betie faako a osudanna no kɔ no hyem. Enti, ɛno akyi bere tiaa bi no, ɔne wɔn a wosua mmoa ho ade so panyin no maa afiri ketewaa no fii ase dii dwuma. Ɛde wɔn kɔɔ apɔnkɔ dan bi a ɛwɔ ofi bi a obiara nte mu a ɛbɛn faako a wowiaa sika kotoku ketewa no akyi. Na ɛda bɔ a biribiara wom, gye sika a na ɛhyɛ mu no. Bere a nsa kaa sika kotoku ketewa no, ntɛm ara na wɔde ade a wɔde tie nnyigyei no too baabi a na ɛda kan no​—wɔde dii osudanna a ɔda atɛkyɛ mu no akyi.

MPRAKO A WOTU MMIRIKA

Mprako mpo de wɔn ho ahyɛ amirikatu a aba so nnansa yi no mu. Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔahu nneɛma ahorow a ammirikatu ne nnuan horow a srade wom kɛse de ba wɔn a wɔyare komayare so no, kuw bi a ɛwɔ Arizona Ɔman Sukuupɔn no mufo yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔde mprako bedi dwuma, esiane sɛ wɔkyerɛ sɛ mprako wɔ su ahorow bi a ɛte sɛ nnipa de, sɛ ebia nea ɛfa adwene mu nkate horow ho, nti. Na akwansin dodow a ɛsɛ sɛ mprako no kɔ da koro no yɛ akwansin abien. Nanso, ɛnyɛ mprako 18 a wɔresua wɔn ho ade no nyinaa. Wɔn mu asia didi na wɔda sɛnea mprako yɛ daa no. Nsia afoforo fii ase tuu mmirika bere a na wɔyɛ mprako mma no. Na asia a aka no fii ammirikatu ase bere a wɔn mu duru duu nkaribo 150. Ɛdefa mprako a wotu mmirika no ho no, Ross Consaul se: “Mfiase no de, wotumi tu mmirika no. Ɛno akyi no, ɛyɛ a na wɔn mu bebree hia nkuranhyɛ bi. Ɛtɔ bere bi a wɔnam abaa tenten bi a wɔde ka wɔn so yɛ eyi. Ntease foforo nti a wɔpaw mprako maa ammirikatu ho adesua yi ne sɛnea kuadwuma ho ɔbenfo George Seperich ka no: “Yebetumi agye atom yiye sɛ obiara remfa nnuan a srade wom mma mprako no bere a yegu yɛn adesua no so no.” Nneɛma horow a wɔadi kan ahu afi nhwehwɛmu no mu ne sɛ ɛda adi sɛ mprako a wotu mmirika no wɔ ahoɔden pii na wɔwɔ anigye a ɛdɔɔso.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena