Arabia Yoma—Afrika Teaseɛnam A Wɔde Yɛ Biribiara
Efi Chad Nyan! kyerɛwfo hɔ
SƐ OBI hu yoma bere a edi kan, a ɔde n’ananteaa no nantew, ne hwene kyerɛ soro na n’akyi afũ no him kɔ benkum ne nifa a, ne ho dwiriw no yiye. Ebinom mpo susuw sɛ nneɛma a wɔde bɔɔ ade nkaase na wɔde yɛɛ yoma!
Dɛn nti na ɔyɛ afũ, ne kɔn yɛ tenten, n’anan yɛ nteanteaa, n’anansabon yɛ akɛse atɛtrɛtɛ saa, yɛnnka n’anisoatɛtɛ atenten a abobɔw no ho asɛm? Ebia Arabia yoma no ho nyɛ fɛ de, nanso wɔabu no sɛ ɔsom bo kɛse wɔ mfehaha no mu.
Ɔyɛ Aboa a Ne So Wɔ Mfaso Saa Bere no . . .
Wɔ Abraham bere so mpo no, na ɛte sɛ nea wɔde aboa a ɔyɛ afũ, anaasɛ Arabia yoma, (afũ koro) no adi dwuma yiye dedaw. Abraham ankasa nyaa pii bere a ɔte Misraim no. (Genesis 12:16) Nokwarem no, ebia ɔtraa yoma so na ɔde twaa ne kwan titiriw a ɔde fi Kaldeafo Ur kɔɔ Kanaan no.
Na Hiob wɔ yoma. Na nea ɔwɔ no dodow bɛyɛ 3,000, na ɛka ho bi na ɛma ɔyɛɛ adefo a wɔsen biara wɔ wiase no fa a na ɔwɔ no mu biako no. (Hiob 1:3) Enti nnipa apɛ yoma wɔ Misraim ne mmeae afoforo anyɛ yiye koraa no mfe 4,000.
Eduu afeha a ɛto so abien Y.B. no na wɔde bi akɔ Kusuu Fam Afrika mmeae a aka no. Eyi maa wɔn wuranom no fii atutra asetra kwan wɔ Sahara Anhweatam so no ase, biribi a sɛ wonni yoma a anka ɛrenyɛ yiye.
Awiei koraa no, nnipa a wodi atutra yi yɛɛ akwan guu anhweatam no so na wofii nkoatɔ ase. Wɔtɔɔ nkoa fii Sahara no kesee fam wɔ Afrika, na wɔde wɔn yɛɛ adwuma wɔ mmeae a nsu wɔ wɔ anhweatam no so a atew ne ho, a wontumi nnantew nguan mfi hɔ da no.
Yoma a wɔtoatoa so pii twee nkyene twaa anhweatam kɔɔ mmeae a ebi nni hɔ ma enti na ɛho hia kɛse no. Ɛwom sɛ dwuma a wɔde Arabia yoma dii wɔ nkoatɔ no mu no agyae, na ne dwumadi wɔ nkyene adwuma mu no akɔ fam kɛse de, nanso ne bere ntwaa mu koraa ɛ.
. . . ne Mprempren
Yoma a wɔtoatoa so da so ara yɛ ade a abu so wɔ Afrika Sahel-Sahara mantam no mu—ade a wɔde tu kwan a ɛnsakrae fi Abraham bere so. Mmusua a wodi atutra no de yoma da so di dwuma yiye, na ɛho hia ma wɔn asetra kwan no te sɛ nea na ɛte mfe mpempem pii a atwam no ara pɛ.
Esiane sɛ wodi atutra nti, ade a ehia kan ne nea wɔde betu kwan—nea wɔn ankasa bɛtra so, wɔde bɛfa nsu, nnuan, ne fie nneɛma a ehia biara. Wokyi yoma no nufusu nso na wɔkora wɔn ho nhwi no so yiye de yɛ ntama, kuntu, ne ntamadan. Wɔde ne were yɛ mmoa nhoma, na wodi ne nam.
Yoma a wɔde wɔn tu akwan no tumi twa bɛyɛ kilomita 40 da koro. Nanso asenhia bere mu no Yoma no bi tumi twa kilomita 160 da koro. Eyi ho ba mfaso titiriw wɔ bere a mmeae a nsu wɔ no ntam wowaree kilomita pii no.
Ɛnyɛ anhweatam no mmeae a ɛwɔ akyiri nonkutoo na wɔde wɔn yɛ adwuma. Wɔda so hu yoma bere nyinaa, na n’apinisi, ne ne kɔn ase nnyigyei yɛ nea wɔte daa wɔ gua pii so wɔ Sahel ha. Nnipa tra yoma so na wɔde wɔn twe nnosoa fi nkuraa ba gua so, nnosoa a mpɛn pii no emu duru yɛ kilogram 200 anaasɛ nea ɛboro saa.
Wɔhyɛ yoma a wɔbɛyɛn na wɔakum adi no ho nkuran sɛ nea wobetumi de asi nantwinam ananmu efisɛ anhweatam a ɛretrɛw no ma nantwi yɛn yɛ den. Wɔ N’Djamena a ɛyɛ Chad ahenkurow mu no, bɛyɛ yoma 1,300 na wokum dii wɔ 1990 mu, ne dodow bi a wonnim wɔ nkuraase. Atɔe Famfo a na wonnim no ho dwiriw wɔn bere a wohu sɛ “nantwinam” a ne bo nyɛ den a ɛwɔ gua so no yɛ yomanam ankasa no.
Wɔ saa kuropɔn koro yi ara mu no, wɔtaa hu aboa yi biako anaa pii a wɔnenam mmɔnten so a aduan nkotoku akɛse gu wɔn akyi a nea ɔkã no no nso ka ho. Ebia na ɔkãfo no de nnuan no kɔ nkurɔfo ahe anaasɛ ɔhwehwɛ atɔfo.
Wɔ nkuraa no bi a ɛwɔ ɔman no mmeae a nsu ho yɛnã yiye ase no, wɔde yoma na ɛsaw nsu fi mmura a emu dɔ yiye mu. Wɔde hama tenten sã bokiti anaasɛ mmoa nhoma kotoku kɛse bi de to abura no mu. Wɔde hama no nkae kyekyere dua bi wɔ abura no ano bɛyɛ sɛ mita biako de sã yoma. Abarimaa a ɔte yoma no so no hyɛ no ma ɔtwe, na bokiti a nsu a ɛho hia ɛwom no fi abura no mu.
Akwaa Ahorow a Ɛkae?
Yoma ho adesua kakra ma ɛda adi sɛ wɔyɛɛ n’akwaa horow no wɔ ɔkwan bi so a ebetumi ama watra beae a ɔhyew wɔ hɔ na osu ntaa ntɔ. Akwaa ahorow yi nyɛ nea ɛbae ara kwa. Ɛma yoma nya hokwan soronko ahorow wɔ wiase no beae a ɛhɔ yɛ den yi.
Dɛn nti na ne kɔn yɛ tenten saa? Eyi ma yoma nya hokwan a kɔntenten wɔ a ɛma otumi didi wɔ nnua so no bi. Te sɛ kɔntenten no, odi dua a ɛho wɔ nsɔe a ɛte sɛ nyedua a ɛwɔ Sahel ha pii no. Afe no mu mmere pii no, osu ntɔ, enti ɛtaa ba sɛ afifide pii nni fam; nnua no ntini atenten nti enwu na ɛma yoma no nya aduan.
Dɛn nti na n’anan yɛ atenten na ne n’ansabon yɛ soronko no? Nea ɛka soro a yoma nan atenten ma ɔkɔ na wɔatumi adidi ho no, ɛma ne ho yɛ hare nso. Sɛ wowɔ akyiri a, ɛte sɛ nea Arabia yoma no nantew bɔkɔɔ, nanso nnipa a wɔnam fam a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔne wɔn bɛnantew no hu sɛ yoma no nan a otu biara no mu ware.
Nansabon akɛse, nkuruwankuruwa no yɛ bɛtɛɛ, na ɛte sɛ nea sɛ yoma no tia fam a emu bae, na ɛma ɛyɛ mmerɛw ma no sɛ ɔbɛnantew anhwea so. Nantwi anaa ɔpɔnkɔ tɔte ketewaa denneennen wura anhwea no mu, nanso yoma de no nyɛ saa. Were pipirii bi kata nan no mu fi awo mu, enti ɛmma anhweatam no so anhwea a ɛyɛ hyew no nhyehye no.
Nanso yoma ntumi nnantew dontori mu; enti sɛ edu osutɔ bere a, na wɔayera afi Sahel kesee fam. Wɔn wuranom de wɔn kɔ anhweatam no so na woanwatiri ammu wɔn nan mu anaasɛ wɔampira wɔn ho wɔ ɔkwan foforo bi so.
Na afũ a wonim no yiye no ɛ? Ebinom se wɔde nsu sie wom, nanso ɛyɛ srade titiriw, enti ɛyɛ ade a wɔde aduan sie mu ankasa. Yoma a onnya aduan nni pii no afũ no fɔn, na ɛtɔ mmere bi a, ɛpompono mpo, nanso sɛ odidi yiye a, wɔ adapɛn kakraa akyi no afũ no san ba.
Nokwarem no, Bactrian, anaasɛ yoma a n’afũ yɛ abien a Asia mfinimfini anhweatam a awɔw wɔ hɔ no na eye ma no no tumi foro yoma a n’afũ yɛ biako no. Eyi kyerɛ sɛ abien no nyinaa yɛ “su” koro a ɛsonsono wɔn ara kwa.—Genesis 1:24; hwɛ December 8, 1988 Awake! kratafa 25 nso.
Na saa anisoatɛtɛ atenten a abobɔw no nso ɛ? Bere tenten ansa na nnɛyi ahosiesie ma wɔyɛɛ, atoro anisoatɛtɛ atenten no, na yoma wɔ bi ankasa, na ɛnyɛ nea ɛbɛma wɔn ho ayɛ fɛ ara kwa. Ɛbɔ aniwa no ho ban fi anhwea a mframa ma etu no ho na ɛma yoma no tumi kɔ so nantew fa mmeae a mmoa afoforo bɛkata wɔn ani na wɔagyina no. Hwene tenten a ɛte sɛ nea ɛbea hɔ no nso boa aniwa no denam anhwea a esiw no kwan bere a yoma no twe mframa kɔ ne mu no so, na ɛbrɛ nsu pii a ɔbɛsɛe no no ase denam nsu a ɛtwe bere a ɔhome no so.
Eyi, ne nneɛma afoforo na ama yoma agye din sɛ nea otumi tra ase nna pii a ɔnnom nsu no. Sɛ ɔhwere nsu bɛyɛ ne mu duru nkyem abiɛsa mu biako mpo a, ɔbɛtra ase a ɔmmrɛ. Nanso sɛ ɔrenom nsu a, siesie wo ho. Yoma tumi de simma du nom nsu lita 135 de si nsu a wahwere no ananmu. Enti adwuma kɛse na Rebeka gye too ne ho so bere a ɔde ne ho mae sɛ ɔbɛma yoma du nsu no!—Genesis 24:10, 19.
Enti, ebia ɛbɛyɛ wɔn a wonnim yoma no nwonwa de, nanso ɔnyɛ nea wɔyɛɛ no ara kwa anaa adebɔ akyi adeyɛ. Ɛnyɛ akwaa ahorow a mmoa afoforo ntumi mfa nni dwuma no na wɔka boom de yɛɛ no. Ɛwom Arabia yoma ho nhwi nyɛ fɛ te sɛ ɔpɔnkɔ anaasɛ ne ho nyɛ fɛ te sɛ koohãã de, nanso Afrika kusuu famfo wɔ ne ho anisɔ sɛ nhyira a efi Onyankopɔn hɔ, Ɔbɔadeɛ nyansafo ho adanse.—Adiyisɛm 4:11.
[Kratafa 25 mfonini]
Yoma kɔn tenten, n’akyi afũ, n’anansabon tɛtrɛɛ, ne anisoatɛtɛ atenten no kyerɛ sɛ wɔyɛɛ no maa anhweatam so asetra