Wiase Nsɛm
Nyarewa Foforo ne Nea Ɛresan Ba Bio
Wiase Akwahosan Ahyehyɛde (WHO) bɔ kɔkɔ sɛ nyarewa a ɛretrɛw, a nea aba foforo koraa ka ho de nnipa ɔpepem pii nkwa reto asiane mu. Ɛho nhwɛso a ɛyɛ hu sen biara ne AIDS, yare bi a ɔyare mmoawa a na wonnim wɔn ho asɛm biara wɔ mfe du a atwam ni no na ɛde ba no. Yare foforo nso ne ahurututu mu yare bi a nnansa yi ara na wɔrehu wɔ United States kesee fam atɔe no. Kɔlera foforo koraa ayi ne ti wɔ Asia. Mogyatu ahorow abien ada adi wɔ Amerika Kesee Fam, na abien no nyinaa yɛ owuyare. Nsanyare ahorow a wonim no yiye a ɛbae wɔ 1993 mu ho nhwɛso ahorow bi ne kɔlera a ɛbae wɔ Latin Amerika, atiridii kɔkɔɔ a ɛbae wɔ Kenya, dengue atiridii a ɛbae wɔ Costa Rica, ne menasekuru a ɛbae wɔ Russia. WHO rehwehwɛ wiase nyinaa dwumadibea bi a ɛbɛyɛ nyarewa foforo anaa nea ɛresan aba mu nhwehwɛmu de asiw ano akyi kwan.
Wonni Calcium a Ɛdɔɔso
Sɛnea The New York Times kyerɛ no, animdefo boayikuw bi a United States Ɔman Akwahosan Suabea no pawee kae nnansa yi sɛ, “Amerikafo a wɔanyinyin mu fã nnya ahoɔdennuru bi a wɔfrɛ no calcium a ɛdɔɔso, na ɛno ka ho bi na ɔyare bɔne bi a ɛmma nnompe nsɔ na ebubu ma wɔbɔ ayaresa ho ka dɔla ɔpepepem 10 afe biara no.” Wɔbɔ amanneɛ sɛ, osteoporosis, a ɛyɛ dompe mu yare, ayɛ nnipa bɛboro ɔpepem 25 wɔ United States. Boayikuw no kyerɛkyerɛɛ mu wɔ wɔn amanneɛbɔ no mu sɛ sika a wɔkyerɛ sɛ wontua mma nkurɔfo na wɔmfa ntew ka a wɔbɔ wɔ calcium ho so mprempren no sua. Animdefo no kae sɛ nnuan a wonya calcium fi mu sen biara ne “nnuan a wonya fi nufusu mu ne nhabamma.” Nanso, wɔde kaa ho sɛ “ebia ɛho behia sɛ Amerikafo dodow no ara memene nnuru a ɛma wonya calcium anaasɛ wodi nkyɛnsee mu nnuan a calcium wom ka wɔn nnuan a wodi ho.”
Mmirikatu a Ɛhyɛ Sigaretnom ho Nkuran
Europa aman mu na wɔasi Kar Mmirikatu Akan a agye din no bere nyinaa. Nanso, afei de wɔn a wɔyɛ ho nhyehyɛe no pɛ sɛ wosi saa akan yi wɔ Asia aman te sɛ Japan ne China mu mmom. Dɛn ntia? Esiane tawa ho dawuru a wɔbɔ ho mmara a emu yɛ den a ɛwɔ Europa no nti. Nnwumakuw a ɛyɛ tawa ho adwuma na wɔbɔ mmirikatu no ho ka titiriw, enti wɔde tawa ho dawurubɔ nsɛm akɛse abobɔ kar ahorow a wɔde si akan no ho. Sɛnea Japan atesɛm krataa Asahi Evening News kyerɛ no, tawa adwumakuw bi “bɔ agodie akuw abien ho ka yen ɔpepepem pii afe biara.” Sɛ wɔresi kar mmirikatu ho akan wɔ Europa a, wɔhwehwɛ sɛ wɔpopa anaasɛ wɔkata dawurubɔ nsɛm a ɛwɔ kar ahorow no ho no so. Nnansa yi ɛkaa kakraa bi ma anka wɔretwa France Kar Mmirikatu Akansi no mu, esiane sigaret ho dawurubɔ a wɔabara nti. Seesei wobu Asia aman, baabi a mmarima a wɔanyinyin nyinaa mu ɔha biara mu 60 nom sigaret no sɛ mmeae a eye sɛ wɔbɔ sigaret ho dawuru wɔ kar ahorow a wɔde si mmirikatu akan ho.
Beer Abu So—Aduan Ho Yɛ Nã
Sɛnea Venezuela atesɛm krataa El Universal kyerɛ no, esiane aduan pa a Venezuela mmofra 726,000 a wɔadi mfe asia ne wɔn a wonnu saa nnya nni nti wɔyɛ ntiatia dodo ma wɔn mfe. Ɛno yɛ mmofra a wɔwɔ ɔman no mu a wɔadi mfe a ɛtete saa no mu ɔha biara mu 23.8, a ɛyɛ dodow a ɛyɛ nwonwa, na wɔreyɛ adu mmofra 4 biara mu 1. Bere a ebia wonni aduan pa a ɛdɔɔso a wɔde bɛma mmofra no, ɛte sɛ nea beer abu so wɔ ɔman no mu. El Universal bɔ amanneɛ sɛ wɔ Latin-Amerika aman mu no, Venezuela ne baabi a wɔnom beer sen biara. Wɔ 1991 mu no, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, Venezuelani biara nom Lita 75.
Netherlands Asɔremma so Retew
Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe nnansa yi kyerɛ sɛ Netherlands asɔremma so retew ntɛmso wɔ mfe 40 a atwam no mu. Ecumenical Press Service (EPS) bɔ amanneɛ sɛ, wɔ 1950 mu no, ná Netherlands mmarima 4 biara mu 3 yɛ asɔremma. Wɔ 1991 mu no, ná dodow nkyekyem no so atew ma ennu 4 biara mu 2, na nhwehwɛmufo ka sie sɛ ɛrenkyɛ ɛbɛka Netherlands mmarima 4 biara mu 1 pɛ a ɔyɛ asɔreba. EPS ka sɛ sɛnea atesɛm krataa a wɔkyerɛw no Netherlands kasa mu a wɔato din Trouw kyerɛ no, “wɔ aman 15 a wɔyɛɛ mu nhwehwɛmu mu no, kan East Germany nkutoo na nnipa dodow a wɔyɛ asɔremma ne wɔn a wogye Onyankopɔn di sua sen Netherlands de.” Nanso, ɛmfa ho sɛ asɔremma so retew no, nhwehwɛmu no kyerɛe nso sɛ Netherlands mmarima nyinaa mu ɔha biara mu 75 da so ara wɔ Onyankopɔn mu gyidi.
Anhweatam wɔ Europa
Amanaman Nkabom Asoɛe a Ɛhwɛ Nneɛma a Atwa Yɛn ho Ahyia ho Nsɛm So ka sɛ anhweatam a ɛretrɛw, asase pa a wɔyɛ so mfuw a ɛredan anhweatam, yɛ “wiase nyinaa nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho nsɛnnennen a anibere wom sen biara no mu biako.” Atesɛm krataa The European bɔ amanneɛ sɛ ɛwom sɛ Afrika na anhweatam retrɛw wɔ hɔ de, nanso mprempren aka Europa asase a wɔyɛ so mfuw ɔha biara mu nkyem 10. Spain ne ɔman a aka no kɛse sen biara. Nyansahufo susuw sɛ mmoa a wɔwe afifide tra so ne nsu a wɔsɛe no na ama ɔpɛ tumi ka asase no ma nsu hohoro asase ani, na ɛbɔ akuafo ka bɛyɛ dɔla ɔpepepem 1.5 afe biara. Asɛm a anibere wom a ɛde ba ne nnipa a wotu fi nkuraase ba nkurow akɛse mu ma nnipa kyere so wɔ hɔ na ɛde basabasayɛ ba no. Ewim nsɛm ho adenimfo ka osutɔ a ɛho bɛyɛ nã wɔ Europa kesee fam ho asɛm sie.
Wusiw a Ɛkɔ Aniwa no Mu
Australia Man no Aniwa ho Nhwehwɛmu Suabea no panyin, Ɔbenfo Robert Augusteyn, kyerɛ sɛ ɔwɔ adanse a akyinnye biara nni ho sɛ nnuru a ɛwɔ sigaret wusiw mu de ɛtɛ ba. Nhwehwɛmu bi da no adi sɛ hokwan a ɛwɔ hɔ sɛ ɛtɛ betumi asi wɔn a wɔnom sigaret aniwa so no yɛ wɔn a wɔnnom no de mmɔho abien anaa abiɛsa. Nnuru a ɛwɔ sigaret wusiw mu di kan kɔ nipadua no mu, na afei ɛkɔ aniwa no mu kɔsɛe “mfiri a ɛtwe nsu” a ɛtwe nkyene ne nsu a aboro so fi aniwa no mu no. Aniwa mu nkwammoaa a ɛhonhon na ɛpaapae no na ɛde ɛtɛ ba. Ɔbenfo Augusteyn kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Migye tom korakora. Akyinnye biara nni ho sɛ biribi wɔ sigaret wusiw no mu a ɛmma mfiri a ɛtwe nsu no nyɛ adwuma wɔ aniwa no mu.”
Nnipa a Wonnim Bible mu Nsɛm Redɔɔso
Wiase Nyinaa Asɔre Nkabom Bagua no Ecumenical Press Service bɔ amanneɛ sɛ: “Nnipa a wonnim Bible no mu nsɛm wɔ Atɔe Fam aman nyinaa mu redɔɔso ma ɛyɛ hu.” Bible kyekyɛ akuw bu akontaa sɛ, Atɔe Fam Kristofo mu ɔha biara mu 85 nkenkanee Bible mũ no nyinaa da, na nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ United States da no adi sɛ ɛhɔ asɔrekɔfo no mu ɔha biara mu 12 pɛ na wɔkenkan Bible no daa. Fergus Macdonald a ɔyɛ Ɔman Bible Kyekyɛ Kuw a ɛwɔ Scotland no kyerɛwfo panyin ka sɛ, ɛnnɛyi sukuupɔn mu adesuafo “nnim Bible mu nnipa te sɛ Abraham, Isak, ne Yakob, ɛne Yesu asomafo no din araa ma wontumi nte Europa nhoma atitiriw mu nsɛm ase.”
Bepɔw Everest so Asiesie Korakora
Sɛnea nsɛmma nhoma UNESCO Sources kyerɛ no, sɛ yeyi ware a Bepɔw Everest ware sen bepɔw biara no to nkyɛn a, seesei wonim no bio sɛ ɛne wiase nyinaa “sorɔnsorɔnbea a ɛsen biara a wɔde nneɛma dedaw gu.” Nnipa a wɔforo mmepɔw atotow mframatoa, ntamadan, nnaso, ne nnuan nkyɛnsee a emu duru bɛyɛ tɔn 20 agu Everest so wɔ mfe 40 a atwam no mu. Mprempren wɔfrɛ bepɔw no ase, baabi a ɔkwan a ɛkɔ Everest Base Camp da a tiafi nkrataa asinasin di ahim wɔ hɔ no sɛ “tiafi nkrataa kwan.” Nwura dodow a ɛwɔ bepɔw no atifi yɛ ahodwiriw. UNESCO Sources kyerɛw sɛ: “Saa mmeae yi ho mfonini ma wɔn a wɔyɛ Everest ho mfonini wɔ wɔn adwenem sɛ gyama ɛhɔ tew fann a nnipa ntumi nkɔsɛe hɔ no ho dwiriw wɔn.” Nea ɛbɛyɛ na wɔayi atantanne yi afi bepɔw yi so no, afe yi Nepal aban apene akwan a nnipa pii betu akɔsrasra hɔ “asiesie so korakora” bebree so.
Pope To Nsa Frɛ sɛ Wɔnkɔka Asɛm
Afe yi mfiase no, Pope John Paul II ka kyerɛɛ Katolekfo kuw bi a ɛwɔ Italy sɛ ɛbere aso sɛ wɔde asɛmpa no kɔ nkurɔfo nkyɛn tẽẽ. Ɔkwan bɛn so na Katolekfo a wɔwɔ Australia gyee so? Asɛm bi puee wɔ Australia atesɛm krataa Illawarra Mercury mu a n’asɛmti ne: “Katolekfo Rentie Nsa a Pope Ato Afrɛ sɛ Wɔnkɔka Asɛm No.” Ɛkae sɛ, Katolekfo a wɔwɔ saa man no mu “ani nnye ho sɛ wɔbɛfa ɔkwan a Yehowa Adansefo nam so da wɔn gyidi adi no so.” Ɛhɔ Katolek sɔfo Sean Cullen kae sɛ ontumi nkyerɛ sɛ ebia nsa a pope to frɛe sɛ wɔnkɔka asɛm no fa Katolekfo nyinaa ho anaasɛ wɔn a wɔwɔ Italy no nkutoo. “Yɛbɛhyɛ nkurɔfo nkuran sɛ wɔmfa Asɛmpa no a wonim no nni dwuma wɔ wɔn ankasa asetra mu. Sɛ́ wɔde bɛkɔ afie afie mu no de, ɛyɛ asɛm foforo.” Kuropɔn no sohwɛ ho odwumayɛni bi maa mmuae a emu da hɔ pefee. Ɔkae sɛ: Asɛnka adwuma no “nni Katolekfo adwene mu.”
Wɔn a Wɔde Mframatoa Dɔ Asukɔ Asiane Ahorow
The New York Times bɔ amanneɛ sɛ, wɔ United States no “nnipa bɛyɛ 90 na wowuwu afe biara bere a wɔde mframatoa dɔ asukɔ no.” Aban mpanyimfo kasa tia nokwasɛm a ɛne sɛ, mmara biara nni hɔ a ɛkyerɛ mframatoa a wɔde dɔ asukɔ adwuma no kwan sɛnea dwumadi afoforo a asiane wom te sɛ agoru bi a wɔfrɛ no bungee ahuruhuruw ne ankorankoro wimhyɛn a wɔde kyinkyin wim wɔ bi no. Wɔ United States nkutoo no, asukɔdɔfo a wɔwɔ tumi krataa bɛyɛ ɔpepem abiɛsa kosi ɔpepem anum na wɔwɔ hɔ. Mframatoa a wɔde dɔ asukɔ nnwumayɛbea ma nnipa bɛyɛ 300,000 kosi 400,000 tumi krataa afe biara. Adwumayɛbea wura bi kyerɛkyerɛ mu sɛ ɔhaw no ne sɛ “asukɔdɔfo no nni akwankyerɛ ahorow akyi bere nyinaa.” Al Hornsby a ɔka Asukɔdɔ Adwuma Fekuw Akyerɛkyerɛfo ho no kyerɛ sɛ, asiane dodow a esisi wɔ asukɔdɔ mu no rekɔ fam ankasa. Times bɔ amanneɛ sɛ: “Ɔka sɛ wɔ 1970 mfe no mfinimfini mu hɔ no, na nnipa 12 na wowuwu wɔ asukɔdɔfo 100,000 biara mu, na seesei nnipa a wɔboro 2 kakra na wowuwu wɔ 100,000 biara mu.”
Akorɔmfo wɔ Nhomakorabea
Nhomakorabea Fekuw ne Rome Amammerɛ Suabea ho Tete Kyerɛwtohɔ Korabea yɛɛ nhwehwɛmu bi nnansa yi. Sɛnea nhwehwɛmufo ka no, nhomakorabea ahorow a ɛwɔ Italy no mu kakraa bi pɛ na ɛwɔ elɛtrɔnik mfiri a eye a etumi kyere akorɔmfo mprempren. Sɛnea Italy atesɛm krataa La Repubblica kyerɛ no, ama afe biara wɔsɛe nhoma bɛyɛ 100,000 a wontumi nsiesie bio anaasɛ wowia. Atesɛm krataa no ka sɛ sukuupɔn akyerɛkyerɛfo mpo wia nhoma ahorow a wɔntɔn wɔ guaso bio nanso ɛho hia ma wɔn adesua no bi.