Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g96 3/8 kr. 29-30
  • Wiase Nsɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wiase Nsɛm
  • Nyan!—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Britania Asɔre Mu Korɔnbɔ
  • Yafunu Pii a Wotu Gu wɔ Canada
  • Mmofra a Wɔwɔ AIDS
  • Mmea Amumɔyɛfo Redɔɔso
  • Asɔfo ne Aware
  • “Awudifo a Wɔwɔ Boasetɔ”
  • Ɛtwene So a Wofi Kum Wɔn Ho
  • Nnipa a Wowuwu Wɔ Kar Akwanhyia Mu
  • Mmofra a Wɔnom Sigaret
  • Wɔn a Wɔn Mfe Akɔ Anim Sẽ a Wobedi no Ni
  • Wɔtɔn Asetra a Enni Awiei
  • Awosu Mu Ayaresa a Wɔkasa Tia
  • Nkwammoaa—Nwomakorabea a Ɛwɔ Nkwa!
    Nyan!—2015
  • Wiase Nsɛm
    Nyan!—1995
  • Wiase Nsɛm
    Nyan!—1993
  • Sɛnea DNA Tumi Kora Abɔde Ho Nsɛm So
    Nyan!—2013
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1996
g96 3/8 kr. 29-30

Wiase Nsɛm

Britania Asɔre Mu Korɔnbɔ

The Sunday Times a ɛwɔ London no bɔ amanneɛ sɛ, “wommu mmeae a wɔsom wɔ hɔ sɛ kronkronbea bio.” Wɔawia ade a wɔde kyɛnere sisi so, asɔfopɔn nkongua, ayowa akenkan pon, mfinimfini mmere no mu nsahyɛ kuruwa, ne tete asubɔkuruwa afi England asɔre horow no mu akɔtɔn sɛ nneɛma a wɔde siesie turo mu. Saa esum ase aguadi yi yɛ amanaman ntam adeyɛ, na wɔkɔ so wia tete nneɛma a wɔrehwehwɛ atɔ. Wohuu ahwehwɛ mfɛnsere a wɔahyɛ no kɔla biako a ayera wɔ Tokyo adidibea bi. Afe biara nneɛma a ɛyera wɔ asɔre ahorow no mu no si dɔla ɔpepem 7. Mprempren wɔahyehyɛ ɔwɛn mfiri a eye paa wɔ hɔ, na wɔafa awɛnfo sɛ wɔnwɛn asɔredan ahorow no.

Yafunu Pii a Wotu Gu wɔ Canada

Wɔ 1993 mu no, yafunu a wotu gui wɔ Canada a ne dodow si 104,403 no dɔɔso sen afe a etwaam no mu de no ɔha biara mu 2.3. Sɛnea The Toronto Star, kyerɛ no, “wotu mma 100 biara a wɔwo wɔn no mu 26.9 gu.” Dɛn nti na akɔ soro saa? Ɛwom sɛ ebinom ka sɛ nea enti a aba saa ne sɛ ayaresabea nketewa a wotu yafunu gu no redɔɔso de, nanso Canada Awo Ho Ahyehyɛde Fekuw no mpanyimfo kyerɛ sɛ “ade titiriw a enti wotu yafunu gu ne sikasɛm mu ahokyere.” Anna Desilets, kuw a wɔwɔ obu ma nkwa kwankyerɛfo panyin bi te nka sɛ “yɛ a ɛyɛ mmerɛw sɛ wobetu yafunu agu no ma nnipa no de di dwuma sɛ ade a wɔde siw awo ano, a amamfo bɔ ho ka.”

Mmofra a Wɔwɔ AIDS

El Universal a ɛwɔ Caracas bɔ amanneɛ sɛ, Venezuela mmofra a wɔanya AIDS no dodow renya nkɔanim ma ɛyɛ hu. Ɔbenfo bi kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Kan no mmofra baanu kosi baasia biara na na wɔbɔ amanneɛ afe biara sɛ wɔanya AIDS, nanso mprempren dapɛn biara yenya baanu kosi baasia.” Mmea a wɔanya ɔyare no bi a wɔde ɔyare aboawa no ma wɔn mma no dodow kɔ anim da biara da. Atesɛm krataa no de amanneɛbɔ no ba awiei sɛ: “Ɛho hia sɛ yɛkae sɛ akontaabu a akwahosan Ho Asoɛe de ma no yɛ nnipa bebree a ayɛ wɔn no mu ketewaa bi pɛ.”

Mmea Amumɔyɛfo Redɔɔso

Tom Gabor, nsɛmmɔnedi mu hwehwɛfo a ɔwɔ Ottawa Sukuupɔn mu no kyerɛ sɛ: “Mmea taa yɛ amumɔyɛde pii sen bere a atwam.” The Globe and Mail, atesɛm krataa no bɔ amanneɛ sɛ: “Ayɛ nea mmea anya nkɔanim wɔ amumɔyɛsɛm anim a wodi mu sen sɛ wobedi akyi. Eyinom nhyɛ ɔbarima bi a ne ho akokwaw nsɛmmɔnedi mu ase.” Amumɔyɛsɛm sobo a wɔbɔ mmea mpanyimfo no kɔɔ anim fi 6,370 wɔ 1983 mu beduu 14,706 wɔ 1993 mu. Nanso, mmarima na wɔda so ara di amumuyɛsɛm mu ɔfã kɛse no ara. Sɛnea Globe kyerɛ no, “wɔ 1993 mu no, mpanyimfo ɔha mu 88.6 ne mmofra ɔha biara mu 76.3 a wɔbɔɔ wɔn sobo wɔ amumɔyɛsɛm ho no yɛ mmarima.”

Asɔfo ne Aware

Australia atesɛm krataa The Sydney Morning Herald bɔɔ amanneɛ sɛ, Katolekfo mu atitiriw pii ka sɛ “sigyadi ho mmara a ɛyɛ katee no a wobetwam no bɛboa ma asɔfo a wɔresa no to atwa.” Wobu sigyadi sɛ ade titiriw a esiw mmerante pii kwan ma wɔmfa wɔn ho nhyɛ asɔfodi mu. Bere a ɛreda asɛnnennen no ho nsɛntitiriw adi no, Herald de ɛho akontaabu bi mae. Sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a asɔfo nteteebea a ɛwɔ New South Wales no nyaa adesuafo dodow a ɛsen biara 60 afe biara, fi 1955 kosi 1965 mu. Nanso na akontaabu a ɛte saa ara wɔ 1988 ne 1994 ntam no yɛ wɔn a wɔyɛ afoforo no baakron afe biara. Ɔkwankyerɛfo panyin abadiakyiri a ɔwɔ asɔfo nteteebea kɔlege bi a ɛwɔ Sydney kae sɛ, wɔ ne nko fam no, ebia asɔfo a wɔbɛma wɔaware no “bɛboa ntɛm” ma wɔasɔw ano, na ɛnyɛ asɔfo a wɔn dodow so atew wɔ Australia no ano aduru a ebedi dwuma bere tenten koraa.

“Awudifo a Wɔwɔ Boasetɔ”

International Herald Tribune bɔ amanneɛ sɛ, Amanaman Nkabom no rebɔ mmɔden sɛ wɔbɛboaboa dɔla ɔpepem 75 ano de afi ase ayiyi atopae a wɔde ahyehyɛ fam bɛyɛ ɔpepem 110 wɔ aman 64 mu. Egye dɔla 3 pɛ na wɔatummi ayɛ (AP) ɔtopae a ne kɛse nnu sigaret adaka biako a wɔde hyɛ fam de siw asraafo kwan no. Nanso egye bɛyɛ dɔla 300 ne dɔla 1,000 na wɔatumi ahwehwɛ ayi topae a ɛte saa afi fam. Ɔhaw foforo a egye asabawmu. Amanaman Nkabom kasamafo bi kae sɛ: “Afe biara, wɔde AP topae ɔpepem 2 hyehyɛ fam de ka ɔpepem 100 ne nea ɛboro saa a ɛwɔ hɔ dedaw no ho.” Abenfo gye tom sɛ ebegye mfe du du pii ansa na wɔatumi ayi nea Cambodiafo ɔsahene bi kaa ho asɛm sɛ “awudifo a wɔwɔ boasetɔ a wɔmfom da” no.

Ɛtwene So a Wofi Kum Wɔn Ho

Efi bere a wobuee San Francisco Golden Gate Bridge a agye din yiye no wɔ 1937 mu no, nnipa bɛboro apem biako na wɔakunkum wɔn ho wɔ so denam huruw a wohuruw fi so no so. Wɔn a wokum wɔn ho ho ɔbenfo Richard Seiden kaa sɛ: “Nkate bi wɔ huruw a obi huruw fi Golden Gate Bridge no so kum ne ho no mu, biribi a ɛtwetwe no ma ɔyɛ saa. Ɛyɛ akɔnnɔ kɛkɛ. Nsusuwii hunu bi wɔ akyi.” Wɔn a wohuruw no mu kakraa bi a wonwu wɔ hɔ a wɔaka wɔn anom nsɛm akyerɛ, na ɛnyɛ nwonwa esiane sɛ wɔhwe nsu no mu ahoɔhare so a sɛ wosusuw a, ɛyɛ kilomita 120 dɔnhwerew biara, na ɛtaa ma wɔn mu akwaa bubu. Nhwehwɛmu a wɔyɛɛ nnipa 500 a wɔsiankaa wɔn sɛ wonhuruw no kyerɛ sɛ, wɔn mu bɛyɛ nea ennu ɔha biara mu 5 na wokumkum wɔn ho akyiri yi.

Nnipa a Wowuwu Wɔ Kar Akwanhyia Mu

Sɛnea Argentina atesɛm krataa Clarín kyerɛ no, ɛhɔfo 100,000 mu 26 a wowuwu no ma Argentina di kan wɔ wiase nyinaa wɔ kar akwanhyia wu mu. Wɔ 1993 mu no, owu a ɛte saa 8,116 na esisii wɔ ɔman no mu. Dodow no kɔɔ anim koduu 9,120 wɔ 1994 mu. Nanso wɔ asram asia a edi kan wɔ 1995 mu no, na nnipa bɛboro 5,000 awuwu wɔ kar akwanhyia mu dedaw. Wɔ 1994 mu no, na nnipa a wowuwu no mu ɔha biara mu 25 biara yɛ wɔn a wɔnam kar kwan ho. Wɔ Buenos Aires mpɔtam hɔ nkutoo no, kar akwanhyia mu wu nyaa nkɔanim ɔha biara mu 79. Akwanhyia no mu pii fi afirikafo a wɔmfa atɛmpa nni dwuma bere a wɔresian kar foforo ho no.

Mmofra a Wɔnom Sigaret

Mfe 1993/94 amanneɛbɔ kyerɛ sɛ, mmofra pii renom sigaret wɔ Britain. Wɔn a wɔnom sigaret a wɔadi mfe 11 kosi 15 akɔ anim fi ɔha biara mu 10 akodu ɔha biara mu 12. Independent atesɛm krataa no kyerɛ sɛ, saa nkɔanim yi yɛ nea aban akwahosan mpanyimfo hwɛɛ kwan wɔ 1994 mu no mmɔho. Ɛwom sɛ mpanyimfo a wɔnom sigaret no dodow so atew de, nanso Britaniafo mmarima ɔha biara mu 29 ne mmea mu ɔha biara mu 27 da so ara nom. Amanneɛbɔ no de ba awiei sɛ: “Ebehia sɛ mpanyimfo dodow a wɔnom sigaret no so tew yiye, ansa na anya mmofra su so nkɛntɛnso.”

Wɔn a Wɔn Mfe Akɔ Anim Sẽ a Wobedi no Ni

Asahi Evening News ka sɛ: “Ɛsẽ a wodi no ni betumi ayɛ owu ne nkwa asɛm ama wɔn a wɔn mfe akɔ anim no.” Japanfo nyansahufo aka sɛ “wɔn a wɔn mfe akɔ anim no betumi abrɛ mpafe a ebetumi asi ase denam wɔn sẽ a wobetwitwi kɛkɛ so.” Wɔ nhwehwɛmu bi a wɔyɛɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim 46 mu no, ayarehwɛfo twitwii kuw biako a wɔn dodow si 21 sẽ yiye maa wɔn daa awia bere biara a wɔadidi awie. Wɔsan bɛhwɛɛ sɛnea wɔn sẽ akwahosan te mprɛnsa dapɛn biara. Asram abiɛsa akyi no, wobehui sɛ wɔn mu 21 na wonyaa atiridii nna du pɛ sen 25 a wɔanni daa adeyɛ a ɛte saa akyi no. Akwahosan pa a wonyae no fi ɔyare mmoawa a na enni wɔn anom no. Atesɛm krataa no se, nhwehwɛmu bi a wodii kan yɛe no kyerɛ sɛ “ntasu anaa aduan a ɛhyehyɛ ɛsẽ mu a wɔtwe kɔ wɔn ahurututu mu no na ɛtaa ma mpafe si wɔn no.

Wɔtɔn Asetra a Enni Awiei

Register-Guard a ɛwɔ Eugene, Oregon, U.S.A. no kyerɛ sɛ: “Wubetumi De U.S. $35 Anya Asetra A Enni Awiei.” James Bicknell a ɔyɛ nneɛma nketenkete a nkwa wom ho nimdefo no ayɛ krado sɛ ɔbɛkora wo DNA so, na sɛnea atesɛm krataa no kae no, “wɔ afeha a edi yɛn anim mu no, w’aseni bi a ɔwɔ dɔ betumi de nneɛma a nkwa wom a ɛwɔ wo DNA mu no ayɛ wo sɛso.” Ɔbenfo Bicknell retɔn DNA ho nneɛma a asaawa a wɔanoa mu abien ne toa ketewa bi a nsunsu bi wom ka ho. Ɔka sɛ: “Fa asaawa no popa w’afono mu na fa asaawa no hyɛ toa a nsu wom no mu na fa mena me.” Afei oyiyi DNA fi nkwaboaa a wode asaawa no popaa wɔn no na ɔde DNA no gu krataa a wɔde sɔn ade so so. Afei wɔkora krataa a wɔde sɔn nneɛma so no so wɔ tokuru bi mu wɔ aluminum adaka ketewa bi mu de wo din bɔ ho ma wutumi de si baabiara wopɛ. Guard no ka sɛ: “Ɔka sɛ, nkurɔfo de awufo nsõ, ti nhwi, ne awerɛw sie. DNA adaka yɛ ade a wubetumi de agya wo mma nananom.”

Awosu Mu Ayaresa a Wɔkasa Tia

Mfe asia a atwam ni no na akwanhwɛ no yɛ kɛse, bere a wofii nnipa awosu mu ayaresa ase, bere a edi kan koraa no. Nyansahufo hwɛɛ kwan sɛ awiei koraa no, wɔbɛsa awosu mu nyarewa ahorow denam awosu mu ahoɔden nsu a wɔde bɛwɔ wɔn ayarefo no. Ná wɔwɔ anidaso nso sɛ wɔde awosu mu nnuru a ɛbɛma nkwaboaa a edi awu, te sɛ kokoram nkwaboaa, asɛe wɔn ankasa ho. Nanso bere a wɔde anigye ayɛ nhwehwɛmu nyinaa akyi no, wɔrekasa tia ayaresa no. International Herald Tribune ka sɛ: “Dawuru a wɔbɔe yi nyinaa akyi no, wɔmmɔɔ amanneɛ biako pɛ mpo sɛ wɔde awosu mu ayaresa no aboa ɔyarefo biako mpo.” Nyansahu mu mpanyimfo suro sɛ, wɔapere wɔn ho wɔ nhwehwɛmu no mu esiane sɛ wosusuw aguadi ne wɔn ankasa mfaso a wobenya ho sen ayarefo no ho nti. Asɛnnennen biako ne sɛ, nipadua mu tumi a ɛko tia nyarewa no bebu nkwammoaa a wɔasiesie wɔn no sɛ ahɔho wɔ nnipadua no mu, na ɛbɛko atia wɔn.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena