Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g93 6/8 kr. 28-29
  • Wiase Nsɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wiase Nsɛm
  • Nyan!—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Hena na Ɔpɛ Mmofra No?
  • Katolekfo a Wodi Ahonhonsɛm
  • Mmofra a Wɔsoso​—Dɛn Ntia?
  • Atipae a Ano Yɛ Den Haw Wɔn
  • Kwata Ano Aduru
  • Wusiw a Ɛsɛe Nipadua
  • Nokwaredi ho Sɔhwɛ a Wodii Nkogu Wom
  • Ɔyare Mmoawa a Wodi Awu Sanba
  • Television ho Anigye
  • Sika ne Asɔre
  • Wɔn a Wowia Kar a Wɔko Tia Wɔn
  • Nyinsɛn a Wɔsɛe no Kum Awofo Nso
  • Wiase Nsɛm
    Nyan!—1995
  • Wiase Nsɛm
    Nyan!—1993
  • Wiase Nsɛm
    Nyan!—1996
  • So Sigaretnom Bɛkɔ So Atra Ho?
    Nyan!—1981
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1993
g93 6/8 kr. 28-29

Wiase Nsɛm

Hena na Ɔpɛ Mmofra No?

“Me Dɔfo, Wubetumi Afa Mmofra No, Na Mɛfa Sika No.” Mainichi Daily News mu asɛmti yi kaa Japanfo mmea pii mmuae wɔ nea wɔbɛpɛ sɛ wɔma ɛtra wɔn nkyɛn sɛ ɛba sɛ wogyae aware a, no ho asɛm tiawa. Sɛnea nhwehwɛmu bi a Hakuhodo, aguade ho dawurubɔ adwuma bi, yɛe kyerɛ no, nneɛma atitiriw abiɛsa a edi kan a wɔbɛfa ne sika a ɛwɔ sikakorabea, sika, ne afie a wodi akwamma wom. Nea ɛto so anan ne mmabarima, mmabea dii so, afei, afie, television, adwinni, ne mmea bag ahorow. Bere kakraa bi na agyanom nso nya ma wɔn mma. Nhwehwɛmu foforo a Tokai Sikakorabea yɛe daa no adi sɛ Japanfo agyanom ɔha biara mu nkyem 69 ka sɛ wonni adagyew koraa wɔ wɔn adwumayɛ mu na ama wɔanya bere pii ne wɔn mma akasa. Nokwarem no, ɔha biara mu nkyem 22 ka sɛ wonni biribiara a wobetumi ne wɔn mma abɔ ho nkɔmmɔ.

Katolekfo a Wodi Ahonhonsɛm

Ɛte sɛ nea Katolekfo a wɔn ani gye ahonhonsɛmdi ho redɔɔso. Sɛnea Katolekfo dapɛn dapɛn nsɛmma nhoma Il Sabato ka no, Katolek asɔfo reka sɛ wontwa “asɔre mmara a ɛbara ahonhonsɛmdi” no mu. Esiane sɛ Katolekfo akannifo bi ne wɔn akyidifo ani gye ahonhonsɛmdi ho nti, wɔfrɛ wɔn “Cathoccultists.” Wogye di sɛ wobetumi ne awufo adi nkitaho, de video atwa wɔn mfonini, na wɔakyere wɔn kasa agu kasɛt so. Paapanom sukuupɔn bi ma wɔyɛ ahonhonsɛmdi ho adesua bi a agye din. Nanso ɛnyɛ obiara na ɔpene so. Jesuitni bi a ɔkyerɛ ade wɔ paapanom sukuupɔn foforo mu kae sɛ: “Ɔkwan a asiane nnim na eye kɛse wɔ hɔ a wɔfa so ne awufo kasa: mpae.” Nanso, Bible no kyerɛkyerɛ mu sɛ awufo nnim hwee na wontumi mfa ɔkwan biara so ne wɔn nni nkitaho.​—Ɔsɛnkafo 9:5.

Mmofra a Wɔsoso​—Dɛn Ntia?

The Toronto Star bɔ amanneɛ sɛ: “Nnɛyi mmofra soso na wɔtra faako kyɛ sen bere biara a atwam.” Oduruyɛfo Oded Bar-Or, mmofra aduanma ho panyin wɔ Chedoke-McMaster Ayaresabea Ahorow a ɛwɔ Hamilton, Canada no kyerɛ sɛ: “Mmofra akɛsefo adɔɔso yiye wɔ mfe 20 a atwam ni no mu.” Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ wɔn apɔw mu a wɔnteɛteɛ ne aduan pa a wonnya nni na ɛde ba. Nnuruyɛfo suro sɛ, sɛ tebea no kɔ so a, mmofra akwahosan bɛkɔ fam ntɛm. Sɛnea Star kyerɛ no, nnuruyɛfo “ahu” dedaw “sɛ apɔw-mu-teɛteɛ a wɔnyɛ betumi de . . . koma yare, mogya mmoroso, asikre yare ne nnompe mu yare aba.” Oduruyɛfo Bar-Or de ba awiei sɛ “ebetumi aba sɛ abofra a ɔnkeka ne ho no bɛyɛ ɔpanyin a ɔso.” Ɔhyɛ asetra a dwumadi wom ho nkuran.

Atipae a Ano Yɛ Den Haw Wɔn

Abenfo bu akontaa sɛ atipae a ano yɛ den ahorow haw nnipa bɛyɛ ɔpepem 15 wɔ Republic of Germany. Nea abu so kɛse no biako ne “migraine” (obi ti fã a ɛpae no) , a mmea a ɛyɛ wɔn no dɔɔso sen mmarima mpɛn anan. Obi ti fã a ɛpae no di bɛyɛ nnɔnhwerew 18, na nnipa dodow no ara gye tom sɛ wonni ano aduru. Afei nso, nsɛmma nhoma Süddeutsche Zeitung bɔ amanneɛ sɛ “anyɛ yiye koraa no Germanfo ɔpepem 1.5 taa nya atipae bere nyinaa a nnuru a wɔde siw ɛyaw ano na ɛde ba.” Ɔhaw no ba bere a obi nom nnuru a wɔde siw ɛyaw ano daa de ma atipae gyae no. Nsɛmma nhoma no de kaa ho sɛ saa tipae yi ano aduru a eye sen biara ne sɛ obegyae nnuru no fa.

Kwata Ano Aduru

So ɛsɛ sɛ wɔpow akwatafo anaa ɛnsɛ sɛ wɔma wɔn adwuma? Sɛnea South Africa nsɛmma nhoma Farmer’s Weekly mu asɛm bi kyerɛ no, ɛnsɛ sɛ wɔyɛ wɔn saa. Okkie Kruger a ɔwɔ Leprosy Mission kae sɛ: “Wofi ase yɛ wɔn aduru nnɔnhwerew kakraa bi a, wontumi mfa ɔyare no nsan bio na wobetumi ne wɔn mmusua atra abom.” Na sɛ ayarefo no nya ayaresa ntɛm a, wɔrenni dɛm korakora, efisɛ “wɔanya nkɔanim kɛse wɔ ɔyare no a” wɔde nnuru pii “sa no mu wɔ mfe du a atwam no mu.” Farmer’s Weekly bɔɔ amanneɛ sɛ sɛnea World Health Organization kyerɛ no, nnipa ɔpepem 10 kosi ɔpepem 15 yare kwata wɔ wiase.

Wusiw a Ɛsɛe Nipadua

So sigaretnom tumi ma obi susuw nsɛm ho yiye? Sigaretnomfo pii kyerɛ sɛ ɛte saa. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ United States nnansa yi kyerɛe sɛ ɛnte saa. Gaurdian Weekly kae wɔ nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Washington College Sukuu a ɛwɔ Maryland ho amanneɛbɔ mu sɛ sigaretnom mma obi ntumi mfa n’adwene nsi biribi so nkyɛ pii, na ontumi nkae nneɛma sɛnea ɛsɛ. Wohui nso sɛ sigaretnom ntumi mma obi nyɛ tebea bi ho biribi ntɛmntɛm. Wohui wɔ afirika mu ahokokwaw sɔhwɛ bi mu sɛ sigaretnomfo betumi anya kar akwanhyia mpɛn 3.5 asen wɔn a wɔnnom sigaret. Dɛn ntia? Nnuruyɛfo gye di sɛ sigaret a wɔnom kyɛ betumi aka mogya a ɛkɔ amemene no fã a edi nsɛm ho dwuma no.

Nokwaredi ho Sɔhwɛ a Wodii Nkogu Wom

Sika nkotoku abien fii lɔre bi a wɔabɔ ho ban a na ɛde sika nkotoku refi New York City sikakorabea akɔ baabi no mu tɔɔ kurow no akwan a lɔre di so akɔneaba bere nyinaa no biako so a wɔanhyɛ da. Lɔre nyinaa gyinaa prɛko pɛ. Newsday bɔ amanneɛ sɛ nkotoku no “paee, na ɛpetee dɔla nkrataa bebree maa mfirikafo simma pii.” Nkotoku no mu sika bɛboro $300,000 no mu bɛyɛ $3,500 pɛ na wɔn nsa tumi kae. Wɔ New York no, mmara mma kwan sɛ obi bɛfa sika a wɔatu ahu a ɛboro $20. Aban nipa bi rekyerɛkyerɛ asɛm no mu no, ɔkae sɛ: “Na ɛte sɛ nea woato nam sin bi ama aboodede. Ná nkurɔfo rehwim sika fi wɔn ho wɔn ho nsam.” Obi ka kyerɛɛ polisifo kasamafo bi sɛ wɔmfa telefon nɔma bi mma wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsan de sika no ba no. Wɔbɔ amanneɛ sɛ “ɛte sɛ nea” ɔkasamafo “no ho dwiriw no kakra, na afei ɔserewee.”

Ɔyare Mmoawa a Wodi Awu Sanba

Ɛte sɛ nea abɔde ho nyansahufo abu sɛnea nyarewa mmoawa binom tumi gyina tebea a enye ano no adewa. U.S.News & World Report bɔ amanneɛ sɛ mfe pii a wɔaka no kɛse sɛ wɔadi nyarewa mmoawa so akyi no, “nnuruyɛfo reka sɛ ɛreyɛ den sɛ wɔbɛsa nyarewa ahorow a ɔyare mmoawa de ba.” Nsɛmma nhoma no kae sɛ nyarewa mmoawa binom de “nyansa” reyɛ “awosu mu nneɛma bi a ɛma wotumi gyina nnuru a wɔde kum wɔn no ano.” Ayaresabea ahorow, mmeae a wɔhwɛ nkokoaa, ne wɔn a wonni afie atrae redan mmeae a nyarewa te sɛ amemene ne berɛmo mu yare ne nsamanwaw renya nkɔso. Nneɛma a ama nyarewa mmoawa dwumadi anya nkɔso no bi ne nsase a ɛda hɔ kwa a nnipa tu kɔtra hɔ ntɛmntɛm no. U.S.News & World Report kae sɛ: “Esiane sɛ nnipa atu akɔtra mmeaemmeae na wɔadɔɔso asen mmoa afoforo nti, wɔabɛyɛ wɔn a nyarewa mmoawa no ba wɔn ho kɛse.” Ɔbenfo bi ka sɛ “afei de nnipa ho na nyarewa mmoawa no pɛ.”

Television ho Anigye

Sɛ wɔma wo dɔla ɔpepem biako sɛ gyae television hwɛ wɔ wo nkwa nna nyinaa mu a, anka wobɛyɛ saa? Nea ɛyɛ anika ne sɛ International Herald Tribune bɔ amanneɛ sɛ Amerikafo 4 biara mu 1 renyɛ saa. Sɛnea nhwehwɛmu bi a TV Guide nsɛmma nhoma ma wɔyɛe kyerɛ no, wɔn a wobisabisaa wɔn nsɛm no mu fã kae sɛ sɛ wɔamma wɔn sika a edu dɔla ɔpepem biako a, wonnyae TV hwɛ. Nea ɛne eyi bɔ abira no, nnipa 4 biara mu 1 kae sɛ sɛ wɔma wɔn $25,000 pɛ a, wɔbɛpɛ sɛ wogyae TV hwɛ wɔn nkwa nna nyinaa. Nnipa dodow no ara kae sɛ wɔnhwɛ TV pii te sɛnea wɔyɛe wɔ mfe abien a atwam ni mu, nanso nnipa 8 biara mu 1 pɛ na wɔtee afobu nka wɔ television a wɔhwɛ no mmoroso ho.

Sika ne Asɔre

Sɛnea La Maga, Argentinafo nsɛmma nhoma bi kyerɛ no, Argentina Katolekfo ɔha biara mu nkyem 3 pɛ na wɔkɔ mass. Nanso, Argentina nkutoo ne wiase no mu ɔman a wɔn Amanyɔ Mmara hyɛ aban no sɛ ɔmmoa Katolek Asɔre no wɔ sika fam. Wɔahyɛ mmara ahorow a ɛhyɛ sɛ wɔmma Argentina asɔfo mpanyin ne Katolekfo mpanyimfo afoforo akatua akɛseakɛse. Sɛ wɔka sika, tow a wɔmma wontua, sika a aban de boa wɔn, ne hokwan afoforo a wɔde ma wɔn no bom a, mmoa a aban de ma afe biara no yɛ pesos ɔpepem 246 (U.S. dɔla ɔpepem 245) . Ɛhe na wonya sika no fi? Efi aban no hɔ. Nanso La Maga ka sɛ aban no nya fi “Argentinafo nyinaa hɔ​—a nyamesom gyidi a wokura mfa ho.”

Wɔn a Wowia Kar a Wɔko Tia Wɔn

International Herald Tribune ka sɛ, nkitahodi mfiri a wɔde sie, a ne kɛse bɛma obi atumi akura wɔ ne nsam, reboa polisifo ma wɔahu kar ahorow a wɔawia. Adwumayɛkuw bi a ɛwɔ United States, a wɔde nkitahodi mfiri a ne bo yɛ $600, a ɛma wotumi hu kar a wɔawia ahyehyɛ kar bɛyɛ 150,000 mu no kyerɛ sɛ wɔahu kar 3,500 a nkitahodi mfiri no bi wom a wowiae no mu ɔha biara mu nkyem 95. Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔankyere wɔn no, afei de akorɔmfo no bi de kar a wɔawia no twa kilomita kakraa bi pɛ na wogyaw si hɔ. Sɛ wɔammɛfa kar no wɔ nna pii akyi a, akorɔmfo no fa no sɛ nkitahodi mfiri no bi nnim.

Nyinsɛn a Wɔsɛe no Kum Awofo Nso

Nsɛmma nhoma Choices ka sɛ wobu akontaa sɛ “anyɛ yiye koraa no, nyinsɛn ne abawo ma ɔbea biako wu wɔ simma biara mu.” Nsɛmma nhoma no de ka ho sɛ “nyinsɛn mu nyarewa ma mmea bɛboro ɔpepem biako wu afe biara. Na ɔbea biako biara wu a, afoforo 100 dan ayarefo anaa wodi dɛm.” Wɔ Latin Amerika no, nyinsɛn mu ɔhaw ahorow ma mmea bɛyɛ 73 biara mu biako wu. Wɔ Asia no, wobu akontaa sɛ mmea 54 biara mu 1 wu; wɔ Afrika no, 21 biara mu 1 wu. Eyinom dɔɔso yiye, sɛ wɔde toto Europa Atɔe Fam de a ɛyɛ 10,000 biara mu 1 no ho a. Choices kae sɛ nea ɛma nyinsɛn mu nyarewa kum mmea no bi ne “nyinsɛn a wɔsɛe no, a ɛno nkutoo kunkum mmea 500,000 a wowu wɔ wiase nyinaa afe biara no mu bɛboro 200,000 no.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena