Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g95 9/8 kr. 30-31
  • Wiase Nsɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wiase Nsɛm
  • Nyan!—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Wiase Nyinaa Asɛm a Ɛsɛ sɛ Wodi Ho Dwuma Ntɛm”
  • “Aduru a Enye Koraa”
  • Basabasayɛ a Etia Mmea Adɔɔso
  • Wusiw a Awuduru Wom
  • Asiane Biara Nni Kar a Anim ne Akyi Ntwahonan Twa Ne Ho Bere Koro Mu Ho?
  • Agode a Ɛkanyan Basabasayɛ
  • Afiri Foforo Bi Bɔ Komayare Ho Asiane Ho Kɔkɔ
  • “Di Wo Nnuaba ne Wo Fan”
  • Asɔre a Wogyae
  • Kurow Kɛse Mu Asetra
  • Henanom Na Ɔyare No Betumi Aka Wɔn?
    Nyan!—1986
  • AIDS—Nea Ayɛ Mmofra A Ɛyɛ Awerɛhow
    Nyan!—1991
  • AIDS Asɛnnennen Ma Mmofra A Wonni Mfe Aduonu
    Nyan!—1991
  • “Adesamma Owuyare a Ɛsen Biara Wɔ Abakɔsɛm Mu”
    Nyan!—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1995
g95 9/8 kr. 30-31

Wiase Nsɛm

“Wiase Nyinaa Asɛm a Ɛsɛ sɛ Wodi Ho Dwuma Ntɛm”

Amanaman Nkabom no kyerɛwfo panyin, Boutros Boutros-Ghali, kae wɔ AIDS ho Nhyiam a wɔyɛe wɔ Paris wɔ Wiase AIDS Da afahyɛ a ɛto so ason ase sɛ esiane sɛ AIDS nsanyare no retrɛw ntɛmntɛm nti, amampanyin ne akwahosan asoafo a wofi aman 42 mu ne nsasepɔn 5 so no nka ho asɛm sɛ “wiase nyinaa asɛm a ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma ntɛm.” Ɛmfa ho mmɔden a wɔrebɔ wɔ wiase nyinaa de asiw AIDS trɛw ano no, nnipa dodow a AIDS ayɛ wɔn wɔ wiase nyinaa no kɔɔ anim ɔha biara mu 60, koduu bɛyɛ ɔpepem anan wɔ July 1993 ne July 1994 ntam. Wɔ amanneɛbɔ bi a ɛyɛ hu mu no, Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no bɔɔ kɔkɔ sɛ sɛnea AIDS nsanyare no retrɛw no de “wiase nyinaa daakye reto asiane mu” ampa, na ɛhyɛɛ nkɔm sɛ ebedu afe 2000 a enni akyiri biara no, na nnipa bɛyɛ ɔpepem 30 kosi ɔpepem 40 anya HIV mmoawa a wɔn ho yɛ hu a wɔde AIDS ba no bi.

“Aduru a Enye Koraa”

Brazil atesɛm krataa Jornal do Brasil mu asɛmti bi kaa sigaret ho asɛm sɛ “aduru a enye koraa.” Sɛnea Brazil Man Kokoram Ho Nsɛm Asuae panyin, Ɔbenfo Marcos Moraes, kyerɛ no, tawa nnwuma de wɔn ani resi mmofra so. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ “bere dodow a abofra bi fi sigaretnom ase ntɛm no, dodow no ara na ɔbɛnom no bere tenten. Na bere tenten a ɔnom sigaret no, dodow no ara na n’akwahosan ho ba asɛm kɛse.” Ɔbenfo Moraes ka sɛ nnipa ɔpepem 30 a wɔnom sigaret wɔ Brazil no mu “ɔpepem 2.4 yɛ mmofra.” Ɔde ka ho sɛ “sigaret kunkum [nnipa] pii sen nnipa a AIDS, cocaine, heroin, mmosa, ogya, ne kar akwanhyia kunkum wɔn ne wɔn a wokunkum wɔn ho nyinaa dodow a wɔaka abom.”

Basabasayɛ a Etia Mmea Adɔɔso

Atesɛm krataa, The Australian, asɛm bi ka wɔ Amanaman Nkabom no amanneɛbɔ bi ho sɛ: “Mmea a wɔn kununom anaa wɔn ayɔnkofo mmarima boro wɔn ne basabasayɛ a abu so kɛse wɔ wiase.” Asɛm no kyerɛkyerɛ mu sɛ “mmea a wɔwɔ wiase bɛyɛ ɔha biara mu aduonu anum na wɔyɛ wɔn ayayade.” Wɔ aman bi te sɛ Chile, Republic of Korea, Pakistan, Papua New Guinea, ne Thailand mu no, wɔn dodow no yɛ kɛse sen eyi mpo. Atesɛm krataa foforo, The Sydney Morning Herald, reka Amanaman Nkabom amanneɛbɔ koro no ara ho asɛm no, ɛkae sɛ wɔ ɔman biako mu no, wɔyɛ emu mmea bɛyɛ ɔha biara mu 80 ayayade. Amanehunufo no bebree na wɔkɔ so gyina nkate fam ayayade ano nso. Ɛyɛ den sɛ wobedi ofie basabasayɛ ho dwuma efisɛ ɛkame ayɛ sɛ ɛkɔ so kokoam wɔ fie bere nyinaa. Mpɛn pii na nnamfo, afipamfo, ne abusuafo mpɛ sɛ wɔde asɛm no bɛma polisifo.

Wusiw a Awuduru Wom

Nnipa dodow a mframa bɔne a wɔfrɛ no carbon monoxide (CO) kunkum wɔn wɔ United States no ho nsɛm haw Akwahosan ho adwumayɛfo. MMWR (Morbidity and Mortality Weekly Report) ka sɛ “ɔman no mu nyinaa no, afe biara nnipa dodow a CO kunkum wɔn a wɔnhyɛ da na ɛyɛ saa no bɛyɛ 590.” Nnipa bebree a CO pira wɔn a wonwu nka eyi ho. Esiane sɛ mframa a edi awu no nni kɔla, enni hua, na ɛyɛ toyoo nti, ɛyɛ den sɛ wobehu. Mframa no mma mogya no ntumi ntwe mframa pa a wɔfrɛ no oxygen nkɔma nkwammoaa no, na ɛma onipa no ti pae no, ne bo fono no, na ɛmma ne hon nkwaadɔm ntumi nyɛ adwuma yiye, ade tɔ no so, na ekum no. Sɛnea MMWR kyerɛ no, “ogya biara a wɔsɔ no dan mu (sɛ́ nhwɛso no, ogya a wɔsɔ wɔ fie, anaa kar a wonnum ne gya)—titiriw bere a mframa nni hɔ kɛse no—ka ho bi na ɛma CO dɔɔso wɔ faako.”

Asiane Biara Nni Kar a Anim ne Akyi Ntwahonan Twa Ne Ho Bere Koro Mu Ho?

Nnipa bebree gye di sɛ kar a anim ne akyi ntwahonan twa ne ho bere koro mu a wobɛka yɛ nea asiane nni ho bere nyinaa, ɛnkanka wɔ nsukyenee ne sukyerɛmma so. Nanso, The Wall Street Journal bɔ amanneɛ sɛ “sɛ yɛreka ne gyina ho asɛm a, kar a anim ne akyi ntwahonan twa ne ho bere koro mu nyɛ nea eye kyɛn nea anim ntwahonan di kan twa ne ho no.” Sɛnea adwumakuw a etua sika ma nkurɔfo a asiane to wɔn adwumayɛfo kyerɛ no, kar ahorow a agye din kɛse no bi ma nkurɔfo “gye kar a epira wɔn ne kar a ɛpem ho sika kɛse sen biara.” Ɛda adi sɛ sɛ mfirikafo bebree reka kar a anim ne akyi ntwahonan twa ne ho bere koro mu a, wogye wɔn ho di dodo, na wɔde wɔn ho to asiane ahorow mu a ɛho nhia. Marc Schoen, nhwehwɛmufo bi a ɔwɔ UCLA Ayaresabea a ɛwɔ Los Angeles no, kae sɛ “nkurɔfo nam sini ahorow ne TV so anya adwene bi sɛ kar a anim ne akyi ntwahonan twa ne ho bere koro mu no ma wotumi yɛ nea wɔpɛ.” Tumi ne adwene a wonya sɛ biribiara ntumi nsi yi tumi sɛe atɛmpa a ɛno ne nyansakwan a eye sen biara a wɔde ka kar dwoodwoo no.

Agode a Ɛkanyan Basabasayɛ

TV so dwumadi bi a ɛfa mmofra a wɔbɛdan akuturukubɔfo te sɛ nea wɔnam nkonyaayi so na ɛyɛ saa no abɛyɛ nea United States mmofra ani gye ho kɛse. Wɔfrɛ TV so dwumadi mu nnipa no Morphin Akofofo Ahoɔdenfo. Saa ade yi a ɛte sɛ nea agye mmofra nkumaa a wosuasua Akofofo Ahoɔdenfo basabasayɛ no adwene no ho nsɛm haw sukuu mpanyimfo. The Wall Street Journal bɔ amanneɛ sɛ wɔ nhwehwɛmu bi a wɔyɛe nnansa yi mu no, “akyerɛkyerɛfo a wobisabisaa wɔn nsɛm no mu,” ɔha biara 96 “kae sɛ wɔahu anuɔdensɛm a wosua fi Morphin mu no.” Wɔ nsɛm bi mu no, mmofra no adi mfe abiɛsa pɛ. Journal no ka sɛ: “Mmofra nkumaa betumi abɛyɛ akuturukubɔfo a wɔde anisoɔhyeɛ ko ntɔkwaw.” Nea ɛkyerɛ sɛ saa dwumadi no agye din kɛse ne Akofofo Ahoɔdenfo agode no a wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛtɔn anya dɔla ɔpepem 300 afe biako mu no.

Afiri Foforo Bi Bɔ Komayare Ho Asiane Ho Kɔkɔ

Nyansahufo a wɔwɔ Victoria, Australia, ayɛ afiri foforo bi a sɛ wɔde fam obi kɔn ho wɔ ntini kɛse bi a mogya fa mu ho a etumi kyerɛ sɛ obetumi anya komayare. Esusuw mmirika a mogya no de sen fa ntini no mu, ne nsonsonoe a ɛwɔ mmirika a ɛde sen no mu wɔ koma no bɔ biara mu, bere a wɔnyɛ oprehyɛn. Atesɛm krataa The Sydney Morning Herald mu amanneɛbɔ bi ka sɛ wobetumi de kɔmputa asusuw “ɔyarefo no mogya ntini no nyinaa ahoɔden.” Ɛda adi sɛ adwinnade no bedi dwuma yiye asen akwan dedaw a yenim sɛ wɔfa so hu sɛ ebia obi betumi anya komayare bi no. Amanneɛbɔ no ka sɛ, bere a srade bebrebe ne mogya mmoroso ne adanse a emu yɛ den a ɛkyerɛ sɛ obi betumi anya komayare no, “nnipa bebree a wɔwɔ saa haw yi nnyaa komayare da,” na ɛde ka ho sɛ “sɛ wɔfa saa kwan yi so yɛ wɔn mu nhwehwɛmu a, wɔrennom nnuru a ne bo yɛ den a ɛma srade so tew anaasɛ ɛrenhia sɛ wobedi adidi ho nhyehyɛe katee bi akyi.”

“Di Wo Nnuaba ne Wo Fan”

Mfe du du ni na nyansahufo akamfo akyerɛ sɛ wɔmfa aduannuru a wɔfrɛ no carotenoid nka nnuan ho nni. Beta-carotene yɛ aduannuru a carotenoid a wonim no yiye, na wɔakyerɛ sɛ esiw komayare, nipadua fã a edwudwo, ne kokoram ahorow bi ano wom. Nanso, nhwehwɛmu afoforo gye mfaso a ɛwɔ beta-carotene a wɔde ka aduan ho di so no ho kyim. Sɛnea The New York Times kyerɛ no, Ɔbenfo Paul LaChance a ɔyɛ aduan ho nyansahufo “bɔɔ carotenoid nkorɛnkorɛ bi a wɔde bɛka aduan ho adi ho kɔkɔ.” Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ “yenya carotenoid ahorow bi a adi afra fi aduan a yedi mu, na yennya nhuu hia a sɛnea wɔde frafra no ho hia.” Nhwehwɛmufo foforo, Ɔbenfo Regina Ziegler, hyɛ nyansa sɛ “sɛ yennya nhuu nnuaba ne fan mu nneɛma a ɛbɔ nipadua ho ban no yiye a, yentumi nka mmom mfa nyɛ aduru a wɔmemene.” Times ka sɛ “abenfo dodow no ara asan akɔfa tete afotu a na ɛnanom de ma no: ‘Di wo nnuaba ne wo fan.’”

Asɔre a Wogyae

Sɛnea Katolekfo atesɛm krataa Christ in der Gegenwart kyerɛ no, nnipa ɔpepem 28 a wɔwɔ Germany, anaa ɔman no mu nnipa baasa biara mu biako yɛ Katolekni. Wɔ 1992 ne 1993 mfe no mu no, nnipa a wɔn dodow reyɛ adu 350,000 gyaee Katolek Asɔre no. Süddeutsche Zeitung bɔ amanneɛ sɛ, Ɔsɔfo panyin Karl Lehmann a ɔyɛ Germany Asɔfo mpanyin Nhyiam no titrani no suro sɛ ɔman no tow nhyehyɛe foforo a ɛbɛba so 1995 mu no bɛma nnipa pii agyae asɔre no ntɛmntɛm. Wɔhwehwɛ sɛ asɔrekɔfo a wɔwɔ Germany tua asɔre tow. Enti, wɔte nka sɛ Katolekfo binom bɛbɔ mmɔden akwati ɔman no tow foforo a ɛbɛba so no denam asɔre no a wobegyae so.

Kurow Kɛse Mu Asetra

Sɛnea atesɛm krataa The Independent kyerɛ no, ɛwom sɛ London a ɛwɔ England no ne kurow a ɛso sen biara wɔ Europa de, nanso ɛnyɛ emu nnipa ɔpepem ason no nyinaa na wɔn ani gye ɛhɔ asetra ho. Londonfo 7 biara a wobisabisaa wɔn nsɛm no mu 6 gye tom sɛ ahenkurow no mu asetra asɛe mfe anum a atwam no, na efĩ ne kar nkyereso ka nea ɛhaw wɔn kɛse no ho. Bere a wobisabisaa wɔn sɛ nnipa bɛn na wɔwɔ wɔn mu ahotoso no, ɔha biara mu 64 kyerɛe sɛ nnuruyɛfo, na wɔn a wonni wɔn mu ahotoso kɛse ne polisifo ne akyerɛkyerɛfo. Wɔn mu ɔha biara mu 2 pɛ na wɔtee nka sɛ wobetumi de wɔn ho ato aguadifo a wɔwɔ London mantam mu no sikasɛm adwuma so. Bɛyɛ ɔha biara mu 60 gye dii sɛ saa beae no yɛ baabi a “nnipa a wodidi nnipa foforo ho de nya wɔn ho a ɛnyɛ sɛ wɔbɔ wɔn ho mmɔden na enya ahode ankasa ayɛ hɔ ma.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena