AIDS—Nea Ayɛ Mmofra A Ɛyɛ Awerɛhow
SO WOAHU wɔn mfonini no? So woate anaasɛ woakenkan wɔn ho nsɛm no? Sɛ woayɛ saa a, ɛnde so ɛmaa wo ho dwiriw wo? So ɛmma w’ani ntɛɛtɛɛ su anaa wo werɛ nhow? So wudi komam yaw ma wɔn? So woda so ara te wɔn a wɔrebewu a wɔnte wɔn nka no apinisi brɛoo no? Mprempren mpo, so wubetumi ama wo werɛ afi nkokoaa a wɔrewuwu a wunhu wɔn—abien, abiɛsa ne anan wɔ mpa biako so no? Wɔn mu pii wɔ hɔ a wogyaw wɔn. Wɔn amanehunu ne owu no fi ɔyare a ɛyɛ hu a mprempren aba wiase nyinaa no—AIDS!
Amanneɛbɔ ne mfonini ahorow a wɔde baa TV so fi Europa man bi so wɔ February 1990 mu no maa nnipa ɔpedudu pii a wɔhwɛe no ho dwiriw wɔn. Wiase nyinaa no, nnipa ɔpepem pii kenkan awerɛhosɛm yi ho ade wɔ atesɛm nkrataa ne nsɛmma nhoma ahorow mu. Time nsɛmma nhoma no bɔɔ amanneɛ sɛ: “Ɛyɛ abofono na ɛyɛ hu. Nkokoaa a wɔn hwɛbea te sɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim gu mpa so, wɔn honam a atwintwam, wɔn anim a afonfɔn no ma ɛda adi sɛ wɔrebewuwu.” Oduruyɛfo bi kae sɛ: “Ɛne ade a ennye koraa a mahu pɛn. Ɛda adi sɛ, eyi yɛ nsanyare a wɔnam aduruyɛ mu nneyɛe so de ma.”
Ɔkwan bɛn so na eyi te saa? Nea ɛnte sɛ mmofra pii a wɔn nãnom a wɔwɔ AIDS de woo wɔn no, saa mmofra yi de, wɔwoo wɔn no na wonni HIV (wonni AIDS mmoawa) . Awerɛhosɛm no bae wɔ wɔn awo akyi bere a wɔmaa nkokoaa ayarefo anaasɛ wɔn a wɔpɔn wɔn no mogya a na wɔwɔ gyidi sɛ ɛbɛma nkokoaa a wɔyɛ mmerɛw yi anya ahoɔden—adeyɛ a wɔafi bere tenten akasa atia wɔ aduruyɛ mu no. Oduruyɛfo bi kae sɛ: “Onipa biako a ɔwɔ AIDS a wɔbɛtwe ne mogya no betumi ama mmofra 10, 12 anaa nea ɛboro saa anya bi.”
Oduruyɛfo Jacclues Lebas, Ayamye ahyehyɛde a ɛwɔ Paris no titrani kae sɛ: “Bere a edi kan wɔ AIDS abakɔsɛm mu no, yɛahyia mmofrabere mu AIDS. Ɛyɛ ɔyaredɔm.”
Sɛ nhwɛso no, wɔ September 1990 mu no, WHO (World Health Organization) de adanse a ɛyɛ nwonwa a ɛfa wiase nyinaa AIDS ɔyaredɔm a ɛwɔ mmofra mu ho no kyerɛe bere a edi kan. WHO bɔ amanneɛ sɛ ebedu afe 2000 mu no ebia na mmofra mpem du anya mmoawa a wɔde Acquired Immune Deficiency Syndrome ba no. Oduruyɛfo Michael Merson, ahyehyɛde no wiase nyinaa AIDS ho dwumadi so panyin no kae sɛ: “Ebedu afe 2000 no na eyinom mu pii anya Aids ma wɔawuwu.” Wɔ 1990 fã a etwa to no mu no, na wogye di sɛ nnipa ɔpepem 1.2 a akontaabu kyerɛ sɛ wɔwɔ AIDS ankasa no mu nkyem abiɛsa mu biako yɛ mmofra a wonnii mfe anum.
Ɛnde so ɛyɛ nwonwa sɛ wɔafrɛ AIDS yare a ɛretrɛw no sɛ ɔyaredɔm? Ebedu 1992 awiei no, na mmofra bɛyɛ ɔpepem anan yɛ wɔn a wɔn nãnom de AIDS awo wɔn. Ebedu bere a mmofra a wɔde mmoawa no awo wɔn no mu baanum biara mu baanan bedi mfe anum no, na wanya AIDS . Oduruyɛfo Merson kae wɔ Geneva atesɛm amanneɛbɔfo nhyiam bi ase sɛ, ɛtaa ba sɛ wonya AIDS no a, wowu afe biako anaa abien mu.
Abenfo ka sɛ Afrikafo mmea nkutoo mu 150,000 ne Afrikafo mmofra mu 130,000 benya AIDS wɔ 1992 mu. WHO bɔɔ amanneɛ sɛ mprempren wɔ United States no, nkokoaa bɛyɛ 20,000 yɛ wɔn a ɛnãnom a wɔwɔ AIDS na wɔwoo wɔn. Evening Post, Wellington, New Zealand, atesɛm krataa no bɔɔ amanneɛ wɔ July 12, 1989 de no mu sɛ Brazilfo mmofra bɛyɛ 140,000 yɛ wɔn a mmoawa no bi wɔ wɔn ho. Krataa no bɔɔ amanneɛ sɛ, “nanso amanneɛbɔfo no ka sɛ ebia akontaabu no sua.” National Foundation for the Welfare of Minors no nnuruyɛfo panyin no kae sɛ, “migye di sɛ wɔanhwɛ yiye a, saa kuw yi bɛyɛ sɛ atɔmik ɔtopae a wɔagyaw mu ato kurow yi mu.” Brazilni adwene ne nneyɛe ho ɔdenimfo bi a wagye din yiye kae sɛ, “ɛyɛ asɛnnennen a anibere wom kɛse.”
Nsɛnnennen No Yɛ Kɛse
So obi wɔ hɔ a wɔn a ɔyare bɔne yi aka wɔn no amanehunu no renyɛ no mmɔbɔ? Sɛ nhwɛso no susuw amanneɛbɔ yi ho: “Norwegian Red Cross ka sɛ anyɛ yiye koraa no, wɔakunkum mmofra bɛyɛ 50 wɔ mfinimfini fam Afrika—ebinom fam no wɔn ankasa awofo—efisɛ na wɔwɔ Aids.” Sunday Star, Johannesburg, South Africa atesɛm krataa bi bɔ amanneɛ sɛ Afrikafo mmofra afoforo a wɔwɔ AIDS no mmusuafo pam wɔn fi fie wɔ mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛtwe wɔn ho afi ɔyare bɔne a ɛwɔ dimmɔne sen kwata no ho koraa no mu. Krataa no kae sɛ “wɔ mmeae bi no wɔmma wɔn a wɔwɔ Aids ne wɔn mmusua nkɔ asu ne asɔre.”
Akontaabu foforo a ɛyɛ nwonwa nso ama nnipa ani aba wɔn ho so. Amanneɛbɔ ahorow a efi wiase nyinaa no kyerɛ sɛ AIDS yaredɔm no yɛ ade a ɛde awerɛhosɛm foforo aba tee. Mmofra ɔpepem pii a AIDS nni wɔn ho no bɛyɛ nyisaa wɔ 1990 mfe no mu. Dɛn ntia? AIDS bekunkum wɔn awofo. WHO bu akontaa sɛ 1992 mu no, AIDS bɛma mmofra ɔpepem anum ayɛ nyinsaa wiase nyinaa. Mmofra hwɛ ho ɔbenfo bi kae sɛ: “Ɛyɛ nsuyiri a afi ase. Na sɛ yɛanni kan anyɛ mmofra hwɛ ho nhyehyɛe a, ɛnde ɛsɛ sɛ yesisi nyisaa afi pii.”
Obi a ɔyɛ ɔhaw yi ho adwuma ka New York abusua biako ho asɛm sɛ, “ɛkame ayɛ sɛ ɛyɛ den sɛ wobehu sɛnea ɛyaw no te ankasa. Ayɛ ɛnã no, ayɛ agya no, abofra no yare, awofo no ne ɔba no rebewuwu, na wobegyaw abarimaa a wadi mfe 10 a ɔrennya abusua.”
Awiei koraa no, awerɛhosɛm a Oduruyɛfo Ernest Drucker a ɔwɔ Albert Einstein College of Medicine wɔ New York mu no kae yi wɔ hɔ. “Wɔ ɔwofo bi wu akyi no, faako a mmofra no bɛtra dan asɛnnennen, wofi obusuani biako nkyɛn kɔtra ɔfoforo nkyɛn bere a wɔbɔ mmɔden sɛ wobesua sɛnea wɔbɛtra tebea a wɔn adehwere ne AIDS ho dimmɔne ama wɔakɔ mu no mu.”
AIDS reyɛ nea ekunkum mmofra ne wɔn a wɔreyɛ mpanyimfo no mu biako ntɛmntɛm. Ɛyɛ nneɛma a ekunkum mmofra a wɔadi fi afe kosi mfe anan no mu nea ɛto so akron, ne nea ɛto so ason wɔ wɔn a wonnii mfe aduonu ne wɔn a wonnii mfe 25 no mu. September 1989 The AIDS/HIV Record no bɔ amanneɛ sɛ wɔ 1990 mfe no mfiase no, AIDS betumi abɛyɛ nneɛma anum a edi kan a ekunkum nnipa no mu biako. Nanso, amanneɛbɔ ahorow kyerɛ sɛ wɔn a wobetumi anya ɔyare a ɛyɛ hu yi bi no yɛ anibiannaso wɔ wiase nyinaa. Susuw nokwasɛm a ɛyɛ nwonwa binom ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.