AIDS—Nea Ɛsɛ Sɛ Awofo Ne Mmofra Hu
AWERƐHOSƐM ne sɛ mmofra pii a wɔanya AIDS fam no, mpanyimfo a wɔwɔ adwene a ɛnteɛ na wonnim AIDS ho nsɛm ahe biara no na wɔma wɔn asɛnnennen no yɛ kɛse. Awofo taa ma wɔn mma nya wɔn a wɔwɔ ɔyare no ho adwene a ɛnteɛ. Bere a nnuruyɛfo aka sɛ asiane nni hɔ akyi mpo no, sukuu mu mpanyimfo mpɛ sɛ wogye adesuafo a wɔwɔ AIDS mmoawa no. Enti awofo a wɔn mma anya HIV no de sie. Wosuro, na ɛtɔ da bi a ɛfata sɛ wosuro nso, sɛ wɔbɛpow wɔn mma, wɔbɛhaw wɔn anaasɛ wɔbɛyɛ wɔn nea ɛsen saa no nti.
Sɛ nhwɛso no, na ɛna bi a ne ba abeawa anya AIDS no suro sɛ n’afipamfo bɛhaw no araa ma wamma ne ba no ne wɔn mma anni agoru. “Wompɛ sɛ nnipa a wɔatwa wo ho ahyia no hu sɛ wo ba wɔ AIDS, efisɛ nnipa tumi yɛ nneɛma a ɛyɛ nwonwa.” Amanneɛbɔ ahorow kyerɛ sɛ, eyi nyɛ nea wɔka ma ɛboro so. Awofo nnamfo a wɔbɛn wɔn yiye ne afipamfo apow wɔn. Wɔn nnamfo kwati wɔn wɔ abɔnten so. AIDS ho adwemmɔne a nkurɔfo wɔ no kɔ akyiri araa ma sɛ abusua a emu abofra bi wɔ AIDS hyɛn adidibea bi mu a, wɔn a wɔwɔ hɔ no pue na wɔyeyaw wɔn. Agyanom ahwere wɔn nnwuma. Wɔde ɔtopae ahunahuna ebinom. Wɔahyew afoforo nso afie.
Mmofra a wɔwɔ AIDS adesuakuw mufo di wɔn ho fɛw atirimɔden kwan so. Abofra bi a onyaa AIDS yare no fii mogya a wɔde maa no mu no mfɛfo sukuufo ka kyerɛɛ no daa sɛ ɔyɛ ɔbarima a ɔne mmarima da. Wɔka sɛ: “Yenim nea woyɛe ankasa a wunyaa AIDS.” Abusua no asɔre mufo kwati wɔn. Wɔn a wonnim wɔn kyerɛw nkrataa bɛyeyaw wɔn. Woguu sumina wɔ wɔn fie. Obi mpo tow wɔn mfɛnsere mu tuo.
Ɛnã bi a ne ba wɔ AIDS kae sɛ: “Ɛyɛ ade a ɛsɛ sɛ wɔde sie, na ɛno na ɛde ankonamyɛ ba no.” The New York Times de bi ka ho sɛ: “Amerikafo mmofra 1,736 a wonnii mfe 13 a wɔwɔ AIDS no mu pii yɛ wɔn a ɔyare no ama wɔayɛ ankonam, ɛhyɛ wɔn ma wɔde wɔn tebea no sie wɔn nnamfo a wɔwɔ akwahosan pa anaa mfɛfo sukuufo a wobetumi atwe wɔn ho afi wɔn ho no.” Awiei koraa no, asɛm a efi The Toronto Star mu yi wɔ hɔ: “Sɛ abofra bi wu mpo a, mmusua pii nna nokware no adi, na ɛma ɛyaw ne anigyina a ɛba wɔ abofra bi wu akyi no yɛ kɛse.”
Nea Ɛsɛ Sɛ Wuhu
Ɛsɛ sɛ wohu sɛ AIDS nnim obiara. Ebetumi aka ɔdefo, ohiani, abofra, akokoaa ne nea ne mfe akɔ anim. Aman bi wɔ mmofra AIDS ho atoro nimdeɛ. New York City AIDS ho ɔbenfo bi kae sɛ nnipa pii “nnim sɛnea AIDS asiane a ɛwɔ mmofra a wonnii mfe aduonu mu no yɛ kɛse.”
Sɛ nhwɛso no, nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ mmofra a wɔwɔ Amerika kuropɔn kɛse bi mu no ma ɛdaa adi sɛ wɔn a wɔhwehwɛɛ wɔn mu no mu ɔha biara mu 30 gye di sɛ sɛ wɔsa AIDS ntɛm a, ebetumi agyae. Wonnyaa AIDS ano aduru biara ɛ. Na wɔn mu abiɛsa biara mu biako nnim sɛ obi ntumi nnya AIDS denam obi a ɔwɔ ɔyare no bi a obeso ne mu anaasɛ ɔde n’afe bɛsrɛn ne ti ara kwa no so. Nhwehwɛmu foforo a wɔyɛe wɔ mmofra 860, a wɔadi mfe 16 kosi 19 mu wɔ United States beae foforo no ma wohui sɛ na ɔha biara mu 22 nnim sɛ wobetumi anya AIDS mmowa no wɔ ɔbarima ahosen mu, na na ɔha biara mu 29 nnim sɛ wobetumi anya afi mmea ahosen mu.
Bere a mmoawa no renyin ne bere a AIDS no aba ankasa no, wɔn a ɛwɔ wɔn ho no de san afoforo. Nanso, wontumi mfa nsan denam nkyia anaasɛ nsa a wɔde to obi kɔn mu no so, efisɛ mmoawa no nni nipadua mu a, wowu ntɛm. Saa ara nso na mmoawa no ntumi ntra tiafi so sɛnea ebinom suro no. So sukuu mpanyimfo suro sɛ mmofra a wonni AIDS no betumi anya bi afi nsu a wɔne wɔn a ebi wɔ wɔn ho nyinaa nom no mu? Abenfo ka sɛ ehu a ɛte saa no ho nhia efisɛ mmoawa no nnya ɔkwan biara a wɔbɛfa so akɔ onipa a onni bi no mogya mu.
Wɔtaa bisa nnuruyɛfo asiane a ɛwɔ aso a wofiti mu no ho asɛm esiane sɛ wɔde paane na edi dwuma no nti. Abenfo gye tom sɛ sɛ wɔde adwinnade a AIDS wɔ hɔ di dwuma a, ebetumi ama wɔanya mmoawa no bi. Na mfewano nso ɛ? Ɔbenfo bi ka sɛ: “Sɛ obi a ɔwɔ AIDS anaasɛ HIV few w’ano, na sɛ kuru wɔ w’ano anaa w’anom a, wubetumi anya bi, ɛntaa nsi mmom.” Nanso ebetumi aba saa.
Ɔkwan biako pɛ a wubetumi afa so ahu sɛ woanya bi wɔ sɛnkyerɛnne ahorow a ɛbɛda adi akyi mpo ne sɛ oduruyɛfo bɛhwehwɛ wo nipadua ne wo mogya mu.
Awiei koraa no, sɛ wo yɛ abofra a, di w’awofo nokware. Sɛ nnipa afoforo nyinaa pow wo a, wɔn na wobetumi abata wo ho na wɔama wo awerɛkyekye ne mmoa a wubehia no. Yɛ onyansafo na ka sɛ dabi wɔ nnubɔne ne ɔbarima ne ɔbea nna a edi aware anim ho. Ebetumi abɔ wo nkwa ho ban. Mmofra pii a wɔanya AIDS mmoawa no bi wɔ ɔbarima ne ɔbea nna mu anaa mpaane a wɔde wɔ nnubɔne ho no agye atom sɛ fekubɔne na ɛtwetwee wɔn. Akyinnye biara nni ho sɛ ɔsomafo Paulo nsɛm no kyerɛ biribi titiriw ma wɔn mprempren. “Mommma wɔnnnaadaa mo. Fekubɔne sɛe suban a mfaso wɔ so”—na ɛtɔ da bi a, ebetumi ama woahwere wo nkwa.—1 Korintofo 15:33, New World Translation.