Mmofra Bisa Sɛ . . .
Mɛyɛ Dɛn Atumi Akwati AIDS?
KAYE se: “Ɛyɛ me abufuw sɛ memaa eyi bae. Sɛnea meyɛɛ m’ade nti, mahwere hokwan a mede bɛpaw nneɛma a anka mɛyɛ daakye” (Newsweek nsɛmma nhoma, August 3, 1992) Kaye nyaa AIDS mmoawa no bi bere a na wadi mfe 18.
Kaye yɛ nnipa bɛboro ɔpepem biako a wɔwɔ United States a wɔanya HIV (mmoawa a wɔsɛe nipadua mu tumi a ɛko tia nyarewa) a ekum nnipa—mmoawa a nnuruyɛfo ka sɛ wɔde AIDS yare a ɛyɛ hu ba no mu biako.a Obiara nnim mmofra a ɔyare no aka wɔn no dodow ankasa, nanso ɛho asɛm haw mmofra ankasa. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe kyerɛe sɛ AIDS ho asɛm haw Britain mmofra sen biribiara. Wɔ ɛho asɛm a ɛhaw wɔn saa nyinaa akyi no, United States Centers for Disease Control ka sɛ: “Mmofra pii kɔ so yɛ nneɛma a ebetumi ama wɔanya HIV no bi.”
AIDS kum nnipa a ɛka wɔn no bere nyinaa, na ɛretrɛw wɔ wiase nyinaa na ɛyɛ nnipa bebree. Wobɛyɛ dɛn atumi abɔ wo ho ban?
AIDS—Nokwasɛm a Ɛda Adi
Nhomawa bi a United States Centers for Disease Control tintimii kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wonnya HIV no bi ‘ara kwa.’ Wuntumi ‘nnya’ bi te sɛ nea wunya ɔpakum anaa influensa no.” Enti, ɛte sɛ nea asiane nnim sɛ wo ne wɔn a wɔwɔ AIDS benya nkitahodi a ɛnkɔ akyiri da biara. Ɛnsɛ sɛ woma ɛhaw wo sɛ wubenya AIDS afi wo yɔnko sukuuni a ɔyare bi hɔ esiane sɛ wote bɛn no kɛkɛ nti. Esiane sɛ HIV nyɛ mframa mu ɔyare aboawa nti, sɛ obi a ɔyare AIDS bɔ waw anaa ɔnwansi a, ɛnsɛ sɛ woma ɛhaw wo. Nokwarem no, wɔn a wɔyare AIDS ne wɔn mmusua de mpopaho koro aguare, ato nsa adidi, de brush koro atwitwiw wɔn sẽ a wɔannya ɔyare mmoawa no bi.b
Eyi te saa efisɛ mmoawa a wodi awu no wɔ nnipa mogya, ɔbarima ahobae, anaa ɔbea awode mu nsu mu. Enti, mpɛn pii no, wonya AIDS fi nna mu—wɔn a wokura bɔbeasu koro anaa ɔbarima ne ɔbea de mu.c Nnipa pii nso nam paane biako a wɔne obi a ɔwɔ HIV no bi de di dwuma so anya ɔyare no bi, mpɛn pii no wɔ nnuru a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so mu.d Na bere a nnuruyɛfo ka sɛ “wɔama” asiane no “afi hɔ koraa” denam mogya a wɔhwɛ mu yiye so no, wɔda so ara tumi nya AIDS fi mogya a wɔde ma mu.
Enti obiara a ɔde ne ho hyɛ nna a edi aware anim mu anaa n’ankasa de nnuru a wɔabara wɔ ne ho paane no wɔ asiane kɛse a ebetumi ama wanya AIDS mu. Ɛyɛ ampa sɛ ebia na obi nna mu ɔhokafo nsɛ onipa a ɔyare koraa. Nanso nhoma Voluntary HIV Counseling and Testing: Facts, Issues, and Answers kae yɛn sɛ: “Worentumi nkyerɛ sɛ ebia obi wɔ HIV no bi anaa onni bi denam sɛnea ne ho te so. Obi betumi ate nka sɛ ɔwɔ akwahosan a edi mu nanso na ɔwɔ ɔyare no bi. Esiane eyi nti, nnipa pii a wɔwɔ HIV no bi nnim.”
“Nna a Asiane Nnim”?
Ayaresabea adwumayɛfo ne akyerɛkyerɛfo pii rehyɛ nkuran sɛ wɔmfa kɔndɔm nni dwuma.e Wɔnam TV so dawurubɔ, dawurubɔ apon, ne ɔkasa ahorow a wɔma wɔ sukuu mu so atrɛw asɛm no mu sɛ ade a wɔde siw nyinsɛn ano a wɔde di dwuma yi ma nna yɛ nea “asiane nnim”—anaasɛ anyɛ yiye koraa no, nea “asiane nnim kɛse.” Sukuu ahorow bi akyekyɛ kɔndɔm ama sukuufo mpo. Esiane sɛ saa nnaadaasɛm no ahyɛ mmofra nkuran nti, wɔn mu pii de di dwuma.
Sɛ ɛte saa mpo a, ɔkwan bɛn so na asiane nni “nna a asiane nnim kɛse” no mu? Nhomawa bi a American Red Cross kyerɛwee ka sɛ: “Kɔndɔm betumi ama sɛnea wubetumi akwati ɔyare no ayɛ kɛse.” Nanso so wobɛte nka sɛ wowɔ ahobammɔ bere a woma “sɛnea wubetumi” akwati ɔyare a ekum wɔn a ɛyɛ wɔn no bere nyinaa “ayɛ kɛse” kɛkɛ no? United States Centers for Disease Control gye tom sɛ: “Ɛwom sɛ wɔada no adi sɛ rɔba kɔndɔm ahorow tumi boa ma wosiw HIV ne nyarewa afoforo a wonya fi nna mu ano de . . . Nanso wontumi mfa ho nto so koraa.” Nokwarem no, etumi pae, ɛtew, anaa eyi wɔ nna mu. Sɛnea Time kyerɛ no, “huammɔ” a “kɔndɔm tumi di no yɛ ɔha biara mu nkyem 10 kosi 15”! So wubebu w’ani agu huammɔdi a ɛte sɛɛ so de wo nkwa ato asiane mu? Nea ɛsɛe asɛm no koraa no, mmofra a wonya nna mu kyɛfa wɔ United States no mu nea wonnu fã na wɔde kɔndɔm di dwuma.
Enti afotu a ɛwɔ Mmebusɛm 22:3 no fata: “Onitefo hu bɔne a ɛbɛba, na ɔde ne ho hintaw, na ntetekwaa fa mu, na wonya asotwe.”Akwan pa a ɛsen biara a wɔfa so kwati AIDS no mu biako ne sɛ wɔbɛtwe ho afi nnubɔne a wɔde di dwuma ne nna mu ɔbrasɛe ho koraa. So ne ka yɛ mmerɛw sen ne yɛ? Nnipa dodow no ara te nka saa, titiriw esiane nhyɛso akɛse a mmofra hyia no nti.
Nhyɛso Horow No
Nna ho akɔnnɔ ano yɛ den wɔ obi “baabun” mu. (1 Korintofo 7:36) Afei, fa television ne sini nkɛntɛnso no ka ho. Sɛnea nhwehwɛmu ahorow bi kyerɛ no, mmofra a wonnya nnii mfe aduonu de bɛboro nnɔnhwerew anum hwɛ TV da biara—dodow no ara fa nna ho pefee. Nanso wɔkyerɛ wɔ TV so dwumadi a wɔnka nokware wom yi mu sɛ ɔhaw biara remfi nna mu mma. Nhwehwɛmu bi daa no adi sɛ wɔ United States no, “mmarima ne mmea a wɔnyɛ awarefo taa nya nna mu kyɛfa sen mmarima ne mmea a wɔyɛ awarefo mpɛn anan kosi awotwe. Ɛkame ayɛ sɛ wɔmmɔ nea wɔde siw nyinsɛn ano din anaasɛ wɔmfa nni dwuma, nanso mmea no ntaa nnyinsɛn; na mmarima ne mmea ntaa nnya nyarewa mfi nna mu gye tuutuufo anaa wɔn a wokura bɔbeasu koro.”—Center for Population Options.
So saa TV so dwumadi no bebree a woyi no betumi aka w’abrabɔ ankasa? Yiw, sɛnea Bible nnyinasosɛm a ɛwɔ Galatifo 6:7, 8 kyerɛ no: “Monnnaadaa mo ho, Onyankopɔn, wonsi no atwetwe; efisɛ nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa. Nea ogu gu ne honam so no fi honam mu betwa porɔwee.” Mmofra 400 ho nhwehwɛmu bi ma wohui sɛ “wɔn a wɔhwɛ television so ‘nna’ ho dwumadi pii no betumi anya nna mu kyɛfa asen wɔn a wɔnhwɛ pii no.”
Nkɛntɛnso foforo a ano yɛ den ne atipɛnfo nhyɛso. David a onnii mfe aduonu no ka sɛ: “Ná mehwehwɛ nnipakuw a metumi ne wɔn abɔ, nanso na wɔn nya yɛ den. Mede me ho hyɛɛ tebea a ɛmfata mu mpɛn pii. . . . Wohuisɛ manya AIDS mmoawa no bi.” Saa ara na mmofra a wɔtraa ase wɔ Bible mmere mu no hyiaa atipɛnfo nhyɛso mpɛn pii. Afotu bɛn na Bible no de ma? Mmebusɛm kyerɛwfo no kae sɛ: “Me ba, sɛ nnebɔneyɛfo gyigye wo a, mpene!”—Mmebusɛm 1:10.
Dabi a Wobɛka
Wɔn a wɔhyɛ “nna a asiane nnim” ho nkuran no ka sɛ obi ntumi nkwati nna. Nanso awiei koraa no, so mfaso wɔ so ankasa sɛ wobɛpene ɔbra bɔne so? Abofra bi se eyi ma mmofra adwene tu fra kɛkɛ, na ɔka sɛ: “Wɔka kyerɛ yɛn sɛ yɛnka dabi kɛkɛ wɔ nna ho na ɛbɛma yɛn ho atew na yɛayɛ kronn. Bere koro no ara wɔkyekye [kɔndɔm] ma yɛn na wɔkyerɛ yɛn sɛnea yebetumi anya nna mu kyɛfa a ɔhaw biara remfi mu mma.”
Mma saa abrabɔ ho adwene a abirabɔ wom yi nni wo awu. Bible no—ɛwom sɛ ɛte sɛ nea ne bere atwam—hyɛ wo sɛ kwati nneyɛe a ebetumi ama woanya AIDS. Sɛ wudi Bible ahyɛde a ese ‘twe wo ho fi mogya ho’ no so a, worennya AIDS denam mogya a wɔde ma so. (Asomafo no Nnwuma 15:29) Di Bible mmara a etia “nnubɔne a wɔde di dwuma” no so, na ɛho renhia sɛ wubesuro sɛ wubenya AIDS denam paane a ɛho akum AIDS mmoawa wɔ ano no so. (Galatifo 5:20; Adiyisɛm 21:8; The Kingdom Interlinear) Ne titiriw no, Bible mmara a ɛfa nna mu abrabɔ pa ho no bɛbɔ wo ho ban. Bible no hyɛ sɛ: “Munguan aguamammɔ! Bɔne biara a onipa yɛ no nni nipadua mu, na nea ɔbɔ aguaman no de, ɔyɛ n’ankasa nipadua bɔne.” (1 Korintofo 6:18) AIDS ho nsɛnnennen no si nyansa a ɛwɔ saa asɛm no mu so dua.
Abofra bɛyɛ dɛn atumi ‘aguan’ ɔbrasɛe? Mfe a abɛsen no mu no, “Mmofra Bisa sɛ . . . ” nsɛm no de nyansahyɛ pa dodow bi ama, te sɛ nhyehyɛe a mobɛyɛ afi adi sɛ kuw, tebea horow a ebetumi ama mode mo ho ahyɛ ɔbrasɛe mu a mobɛkwati (te sɛ obi a ɛsono ne bɔbeasu a wo ne no nkutoo bɛtra ɔdan anaa efie anaa kar a esi hɔ mu) , mo ho anigye a mokyerɛ ano hye a mobɛto, mmosa a morennom (a mpɛn pii ɛmma munnsi gyinae pa) , ne dabi a wobɛka no pintinn bere a nna ho akɔnnɔ asɔre.f Sɛnea ɛte biara no, mma obiara mmma wummmu ɔbra bi a ɛnyɛ sɛ asiane mu nko na ɛde wo bɛkɔ na mmom ɛbɛsɛe wo wɔ honhom fam nso. (Mmebusɛm 5:9-14) Ababaa bi a wɔfrɛ no Amy a wɔfaa n’asɛm kae wɔ Newsweek mu bisae sɛ: “So wopɛ sɛ wode wo nkwa hyɛ onipa foforo nsa?” Onyaa HIV fii ne mpena hɔ ansa na ɔrewie ntoaso sukuu. Obisae sɛ: “So ɛfata sɛ wuwu ma saa abarimaa anaa abeawa no? Minnye nni.”
[Ase hɔ asɛm]
a Sɛ nhwɛso no, hwɛ “Mmofra Bisa sɛ . . . ”nsɛm yi wɔ August 8, 1986, Nyan!; April 22, 1989, Awake!; ne July 8, 1992, Nyan! mu.
b FDA Consumer nsɛmma nhoma no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Kɔndɔm yɛ rɔba kotoku bi a ɛkata ɔbarima awode no ho nyinaa Ɛde ahobammɔ ma wɔ STD [nyarewa a wonya fi nna mu] ho denam ahobae, mogya, ne ɔbea awode mu nsu a esiw no kwan na ankɔ onipa foforo ho no so.”
c Hwɛ asɛm “Young People Ask . . . AIDS—Am I at Risk?” a ɛbae wɔ August 22, 1993, Awake! mu no.
d Kan United States oduruyɛfo panyin, Dr. C. Everett Koop, buaa akyinnyegyefo sɛ: “Wɔbɔɔ AIDS a edi kan no ho amanneɛ wɔ ɔman yi mu wɔ 1981 mu. Sɛ wɔnam ɔkwan biara so kɛkɛ na enya AIDS na ɛnyɛ nna mu a, anka mprempren yɛahu.”
e Awode a wɔde hyɛ anom ne to ka eyi ho.
f United States Centers for Disease Control bɔ kɔkɔ bio sɛ: “Sɛ woyɛ nhyehyɛe sɛ wobɛbɔ w’aso mu tokuro a . . . , hwɛ hu sɛ wobɛkɔ onipa a ɔfata a ɔde adwinnade foforo koraa anaa nea wanoa ho bedi dwuma hɔ. Mfɛre sɛ wubebisa no nsɛm.
[Mfonini wɔ kratafa 15]
Wo ho mu a wubegyae ama nna ho akɔnnɔ betumi ama woanya AlDS