Aids—Sɛnea Wɔbɛko Atia
MPREMPREN wonni AIDS ho aduru biara, na ɛte sɛ nea nnuruyɛfo rennya bi nnansa yi ara. Bere a nnuru foforo a wɔanya no ma yare no twentwɛn ase no, ɛyɛ papa koraa sɛ yɛbɛkwati yare no nea edi kan. Nanso, ansa na yebesusuw sɛnea yɛbɛbɔ yɛn ho ban ho no, momma yensusuw sɛnea AIDS mmoawa (HIV) no tumi fi obi ho kɔ ɔfoforo ho ne sɛnea entumi mfi obi ho nkɔ ɔfoforo ho no ho.
Akwan atitiriw anan so na obi betumi afa anya yare no bi: (1) sɛ́ wɔde paane a wɔadi kan de awɔ obi a ɔwɔ yare no bi bɛwɔ wo, (2) ɛdenam ɔbarima ne ɔbea nna so (ananmu, ɛto, anaa anom), (3) ɛdenam mogya a wɔde ma ne nneɛma a wɔde mogya yɛ so, ɛwom sɛ saa asiane yi so atew wɔ aman a wodi yiye a seesei wɔhwehwɛ mogya mu hwɛ sɛ HIV wom no mu de, ne (4) ɛdenam ɛnanom a wɔwɔ HIV a wobetumi de yare no asan abofra no wɔ awo mu anaa bere a wɔrema no nufu no so.
Sɛnea U.S. Asoɛe a Ɛhwɛ Siw Nyarewa Ano Bɔ Ho Ban (CDC) kyerɛ no, nnɛyi nyansahu mu adanse kyerɛ sɛ (1) wuntumi nnya AIDS sɛnea wunya ɔpakum no, (2) tra a wobɛtra abɛn obi a ɔwɔ AIDS anaa obi a ɔwɔ yare no bi mu a wubeso anaa atuu a wobɛyɛ no no ntumi mma wunnya bi, (3) aduan a obi a ɔwɔ yare no bi de ne nsa aka, anaa wanoa a wubedi ntumi mma wunnya bi, na (4) tiafi, telefon, ne ntade a wo ne obi a ɔwɔ yare no bi de bedi dwuma, anaa kankyee koro mu a mubedidi ne kuruwa koro ano a mobɛnom no ntumi mma wunnya bi. Bio nso, CDC ka sɛ ntontom anaa nkoekoemmoa foforo biara mfa ɔyare mmoawa no mma.
Sɛnea Yɛbɛbɔ Yɛn Ho Ban
AIDS mmoawa no tra onipa a wanya bi no mogya mu. Sɛ wɔwɔ obi a wanya bi no paane a, mogya ne aboawa no bi betumi aka paane no ano anaa nea wɔtwe aduru no gu mu no mu. Enti sɛ wɔde paane a mmoawa no bi wɔ ano wɔ obi foforo a, obetumi anya mmoawa no bi. Sɛ w’adwene mu yɛ wo naa wɔ paane anaa nea wɔtwe aduru no gu mu ho a, nsuro da sɛ wubebisa oduruyɛfo no anaa ɔyarehwɛfo no ɛho asɛm. Wowɔ hokwan sɛ wuhu; wo nkwa da asiane mu.
AIDS mmoawa no wɔ mmarima ne mmea a wɔanya bi no ho nsu mu nso. Ɛdefa ahobammɔ ho no, CDC kamfo kyerɛ sɛ: “Yɛn ho a yɛbɛtwe afi ho no nkutoo ne nokware ahobammɔ. Ansa na wo ne obi foforo a onni yare no bi bɛda no, montwɛn nkosi sɛ mubenya abusuabɔ a emu yɛ den a nokwaredi wom bere tenten, te sɛ aware, ansa.”
Hyɛ no nsow sɛ sɛ mubenya ahobammɔ a, ɛsɛ sɛ munya “abusuabɔ a emu yɛ den a nokwaredi wom.” Sɛ woyɛ nokwafo nanso, wo hokafo nte saa a, wunni ahobammɔ. Eyi taa yɛ ɔhaw a emu yɛ den ma mmea a wɔte aman a mmarima di wɔn so wɔ nna ne sika fam mu no. Wɔ aman bi mu no, wɔmma kwan mpo mma mmea ne mmarima mmɔ nna ho nkɔmmɔ, na kampɛsɛ wɔne wɔn asusuw nna mu nneyɛe pa ho.
Nanso, ɛnyɛ saa mmea no nyinaa na wɔyɛ mmerɛw. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Afrika Atɔe fam man bi mu daa no adi sɛ mmea bi a wɔwɔ sika a wɔnnan wɔn kununom tumi de nna kamee wɔn kununom a wɔanya yare no bi a basabasayɛ biara amfi mu amma. Wɔ New Jersey, U.S.A. no, mmea bi de nna kamee wɔn kununom bere a na mmarima no mpɛ sɛ wɔhyɛ kɔndɔm no. Nokwarem no, bere a kɔndɔm a wɔde amane ayɛ betumi abɔ obi ho ban wɔ HIV ne nna mu nyarewa foforo ho no, ɛsɛ sɛ wɔde di dwuma yiye na wɔyɛ no daa nso.
Bere a Ɛsɛ sɛ Wɔkɔyɛ Nhwehwɛmu
Anka Karen a yɛbɔɔ ne din wɔ asɛm a edi eyi anim mu no betumi ayɛ biribi kakra de abɔ ne ho ban afi yare no ho. Ne kunu no nyaa yare no mfe pii ansa na wɔreware, na wɔwaree bere a na ɔyaredɔm no ne HIV ho nhwehwɛmu afi ase foforo. Nanso, seesei, HIV ho nhwehwɛmu abɛyɛ daa adeyɛ wɔ aman bi mu. Enti ansa na obi ne onipa foforo bɛyɛ aware nhyehyɛe no, sɛ n’adwenem yɛ no naa sɛ ebia onii no wɔ HIV a, nyansa wom sɛ wobedi kan ayɛ nhwehwɛmu. Karen tu fo sɛ: “Paw w’aware mu hokafo nyansam. Ɔhokafo a ɔmfata betumi apira wo yiye, ebetumi ama woahwere wo nkwa mpo.”
Nhwehwɛmu betumi abɔ ɔhokafo a ne ho nni asɛm ho ban bere a obiako sɛe aware no. Esiane sɛ ebia HIV renna adi wɔ nhwehwɛmu no mu gye sɛ adi asram asia fi bere a onii no nyaa yare no nti, ɛho hia sɛ wɔyɛ nhwehwɛmu bebree. Sɛ munya nna mu nkitahodi bio (a ɛkyerɛ sɛ wɔde ɔwaresɛefo no bɔne afiri no) a, kɔndɔm a mode bedi dwuma betumi abɔ mo ho ban afi yare no ho.
Nkyerɛkyerɛ Betumi Aboa Ɔkwan Bɛn So?
Ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ ɛmfa ho sɛ wɔkyerɛw Bible bere tenten ansa na AIDS reba no, emu nnyinasosɛm a wode bedi dwuma no betumi abɔ wo ho ban afi yare no ho. Sɛ nhwɛso no, Bible kasa tia aware akyi nna, ɛhwehwɛ sɛ awarefo di wɔn ho nokware, na ɛka sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo ware wɔn a wɔde Bible mu nnyinasosɛm di dwuma nkutoo. (1 Korintofo 7:39; Hebrifo 13:4) Ɛkasa tia ade biara a ne yɛ ka obi hɔ ne mogya a wobedi, a egu nipadua ho fĩ no.—Asomafo no Nnwuma 15:20; 2 Korintofo 7:1.
Ɛyɛ nea nyansa wom sɛ wubehu biribi afa ɔhaw ne asiane a ebetumi afi wɔn a wɔanya HIV a wo ne wɔn bɛbɔ mu aba no ho. AIDS ho ade a nkurɔfo besua no bɛboa wɔn ma wɔabɔ wɔn ho ban afi yare no ho.
AIDS Ho Dwumadi Apam no ka sɛ: “AIDS yɛ yare a mpɛn pii no wobetumi asiw ano. Ɛnkosi sɛ wobenya ano aduru no, nkyerɛkyerɛ ne ɔkwan koro pɛ a ɛsen biara a seesei [ɔmanfo] bɛfa so abɔ wɔn ho ban afi AIDS ho.” (Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Ɛyɛ papa sɛ awofo ne wɔn ho wɔn ho ne wɔn mma di AIDS ho nkɔmmɔ pefee.
Nnuru Bɛn na Wubetumi Apaw?
Mpɛn pii no yare no ho nsɛnkyerɛnne nna adi kosi sɛ ebedi mfe asia kosi mfe du fi bere a obi nya HIV no. Wɔ saa mfe no mu no, akodi bi kɔ so wɔ nipadua no mu. Ɔyare mmoawa no kɔ so yɛ bebree na wokum nipadua mu nkwammoaa a ɛko tia nyarewa no. Nipadua mu nkwammoaa a ɛko tia nyarewa no nso ne wɔn ko. Awiei koraa no, bere a ɔyare mmoawa no bu bɔ ho ɔpepepem pii da biara no, wodi nipadua mu nkwammoaa a ɛko tia nyarewa no so.
Wɔabɔ mmɔden ayɛ nnuru ahorow a ɛbɛboa nipadua mu nkwammoaa a ɛko tia nyarewa no, nnuru a ne din huhuuhu a wɔde nkyerɛwde—AZT, DDI, ne DDC—na ehu no. Ɛwom sɛ ebinom gye dii sɛ biribi pa bi betumi afi saa nnuru yi mu aba, na ebetumi asa yare no mpo de, nanso saa anidaso no yerae ntɛm ara. Ɛnyɛ sɛ emu ahoɔden no sa bere bi akyi nko, na mmom ɛma ayarefo no bi nya ɔhaw afoforo a ɛyɛ hu—mogya mu nkwammoaa a wɔn so tew, mogya a ɛbɔ tɔw, ne nsa ne nan mu hon ntini a ɛsɛe.
Seesei, wɔanya nnuru foforo bi: protease inhibitors (nnuru a ɛma ɔyare mmoawa no nyɛ bebree ntɛmntɛm). Nnuruyɛfo kyerɛw aduru a nnuru abiɛsa na wɔde abom ayɛ yi ne nnuru foforo a ɛko tia mmoawa no ma. Nhwehwɛmu ada no adi sɛ ɛwom sɛ saa aduru a ɛbom abiɛsa yi nkum ɔyare mmoawa no de, nanso ɛmma mmoawa no ntumi nyɛ bebree wɔ nipadua no mu ntɛmntɛm.
Aduru a ɛbom abiɛsa yi de nkɔso a ɛyɛ nwonwa aba ayarefo no akwahosan mu. Nanso, animdefo gye di sɛ aduru no yɛ adwuma yiye bere a wɔde ma wɔn a wɔanya HIV no ntɛm ansa na nsɛnkyerɛnne no ada adi no. Sɛ wɔyɛ no saa a, ebia ebetumi asiw yare no ano koraa na ankɔdan AIDS ankasa. Esiane sɛ aduru no yɛ foforo nti, wonnya nhuu bere tenten a aduru no betumi de adi yare no so.
Aduru a ɛbom abiɛsa no bo yɛ den. Sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, nnuru abiɛsa a ɛko tia ɔyare mmoawa no ne yare no ho nhwehwɛmu a wɔyɛ ho ka yɛ $12,000 afe biara. Sɛ sikasɛm da nkyɛn a, ɛsɛ sɛ ɔyarefo a ɔrenom aduru a ɛbom abiɛsa no kɔ fridge a ɛsɛ sɛ wɔkora nnuru no wom ho mpɛn pii. Nokwarem no, nnuru no bi wɔ hɔ a ɔyarefo no nom no mprenu da koro, na ebi nso mprɛnsa da koro. Ebi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ ɔnom no bere a ɔkɔm de no, na ebi nso bere a wadidi amee. Aduruyɛ no bɛyɛ den kɛse bere a ɛsɛ sɛ wɔfa nnuru foforo ka ho de ko tia nyarewa foforo pii a onii a ɔyare AIDS no betumi anya no.
Ade a ɛhaw nnuruyɛfo titiriw ne nea ebetumi asi bere a ɔyarefo no gyae aduru a ɛbom abiɛsa no nom no. Ɔyare mmoawa no bɛsan ayɛ bebree a wontumi nni wɔn so, na ebia mmoawa a aduru no antumi ankum wɔn no bɛyɛ nea nnuru a na ɔyarefo no nom ntumi wɔn bio. Ɛbɛyɛ den yiye sɛ wɔbɛsa HIV a nnuru no ntumi wɔn no. Bio nso, wobetumi de mmoawa a aduru ntumi wɔn yi asan nnipa foforo.
So Nnuru a Wɔde Tete ne Ano Aduru?
AIDS ho nhwehwɛmufo bi gye di sɛ ade titiriw a wobetumi de asiw AIDS ano wɔ wiase nyinaa ne nnuru a wɔde tete a etu mpɔn na ahobammɔ wom. Ɔyare mmoawa a wonni ahoɔden na wɔde yɛ nnuru a wɔde tete a etumi ko tia nyarewa te sɛ ebun, ntoburo, ne ahonhon no. Mpɛn pii no, sɛ wɔma mmoawa a wonni ahoɔden no kɔ nipadua no mu a, ɛnyɛ sɛ nipadua mu nkwammoaa a ɛko tia nyarewa no bɔ mmɔden kunkum wɔn nko, na mmom esiesie ne ho ma etumi ko tia ɔyare mmoawa a wɔn ho yɛ den biara a wɔbɛba nipadua no mu no nso.
Nhwehwɛmu abien bi a wɔayɛ wɔ asoroboa mu nnansa yi ada no adi sɛ ɔhaw a ɛwɔ HIV ho ne sɛ mmoawa a wonni ahoɔden no mpo betumi asan adi awu. Ɔkwan foforo so no, aduru a wɔde tete no betumi ama obi anya yare a wɔyɛe sɛ wɔde rebɔ ho ban no.
Aduru a wɔde tete a wɔhwehwɛe no ayɛ huammɔdi ne abasamtu. Nnuru pii a wɔayɛ nhwehwɛmu anya a akyinnye biara nni ho sɛ ebetumi akum mmoawa a wɔn ho nyɛ den no ntumi nnii HIV so. Bio nso, HIV tumi yɛ wɔn ho foforo, na ɛma ɛyɛ den sɛ wobetumi adi wɔn so. (Mprempren anyɛ yiye koraa no, HIV mmoawa ahorow du na ɛwɔ hɔ wɔ wiase nyinaa.) Nea ɛma ɔhaw no yɛ kɛse ne sɛ, mmoawa no tow hyɛ nipadua mu nkwammoaa a ɛko tia nyarewa a wɔyɛ aduru a wɔde tete sɛ ɛmmɔ ho ban no so tẽẽ.
Sikasɛm nso di dwuma bi wɔ nhwehwɛmu a wɔyɛ no mu. Amanaman Ntam Ahyehyɛde a Wɔyɛ Aduru a Wɔde Tete De Ko Tia AIDS, a ɛwɔ Washington no kae sɛ: “Ahofama kakraa bi pɛ na nnwinnan a ankorankoro abuebue” no wɔ. Nea ama eyi aba saa ne suro a wosuro sɛ sɛ wɔyɛ aduru a wɔde tete no a wonnya mu mfaso, esiane sɛ wɔbɛtɔn emu dodow no ara wɔ aman a wonnyaa nkɔso pii mu nti.
Ɔhaw yi nyinaa akyi no, nhwehwɛmufo gu so rehwehwɛ akwan a wɔbɛfa so anya nnuru a wɔde tete a ebetumi ɔyare mmoawa no. Nanso, mprempren ɛte sɛ nea wontumi nnya aduru a wɔde tete no bi anim anim yi ara. Sɛ wotumi yɛ aduru a wɔde tete a ebetumi mmoawa no mpo a, ɔhaw foforo a edi hɔ ne adwumaden a ɛka wɔ ho, na asiane a ebetumi abam ne nnipa a wɔde bɛsɔ wɔn ahwɛ no.
[Kratafa 5 adaka]
Henanom na Wɔrenya HIV?
Wɔ wiase nyinaa no, nnipa bɛyɛ 16,000 na wonya yare no bi da biara da. Wɔka sɛ wɔn mu bɛboro ɔha biara mu 90 na wɔte aman a wonnyaa nkɔso pii mu. Wɔn mu 10 biara mu 1 na ɔyɛ abofra a onnya nnii mfe 15. Wɔn a aka no yɛ mpanyimfo a wɔn mu bɛboro ɔha biara mu 40 yɛ mmea, na wɔn mu bɛboro fã adi fi mfe 15 kosi 24.—Wiase Nyinaa Akwahosan Ho Ahyehyɛde ne Amanaman Nkabom Dwumadi a ɛfa HIV/AIDS ho.
[Kratafa 7 adaka]
Wobɛyɛ Dɛn Atumi Akyerɛ Obi a Wanya Bi?
Wuntumi nhwɛ obi kɛkɛ mfa nkyerɛ sɛ ebia wanya yare no bi. Ɛwom sɛ ebia wɔn a wɔanya HIV nanso ɛnnaa adi no wɔ akwahosan pa de, nanso wobetumi de mmoawa no asan afoforo. Sɛ obi ka kyerɛ wo sɛ onnyaa bi a, so wubetumi agye adi? Ɛnte saa ankasa. Wɔn a wɔanya HIV no pii nnim sɛ wɔanya bi. Ebia wɔn a wonim no nso de besie anaasɛ wɔbɛka sɛ wonni bi. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ United States daa no adi sɛ nnipa 10 a wɔanya HIV mu 4 biara anka wɔn tebea no ho asɛm ankyerɛ wɔn a wɔne wɔn da no.
[Kratafa 6 adaka/mfonini]
Abusuabɔ a Ɛda HIV ne AIDS Ntam
HIV kyerɛ “mmoawa a wɔsɛe nipadua mu tumi a ɛko tia nyarewa,” mmoawa a wɔde nkakrankakra sɛe nipadua mu nkwammoaa a ɛko tia nyarewa no afã no. AIDS kyerɛ “mmoawa a wɔsɛe nipadua mu tumi a ɛko tia nyarewa a wonya.” Ɛno ne HIV yare no fã a etwa to a ɛde nkwa to asiane mu. Edin no kyerɛ sɛnea ebedu saa bere no na HIV no asɛe nipadua mu nkwammoaa a ɛko tia nyarewa no koraa, na ɛma ɔyarefo no nya nyarewa foforo a kan no anka nipadua mu nkwammoaa no betumi ako atia no.
[Asɛm Fibea]
CDC, Atlanta, Ga.
[Kratafa 7 mfonini]
HIV ho nhwehwɛmu a wɔbɛyɛ ansa na wɔaware no yɛ adeyɛ a nyansa wom