AIDS Trɛw Wɔ Afrika
“Yɛrehyia tebea bɔne bi a edi awu kɛse nnɛ.”
SAA nsɛm a Stephen Lewis a ɔne UN nanmusifo titiriw a ɔhwɛ HIV/AIDS ho nsɛm so wɔ Afrika kae no, kyerɛ sɛnea nnipa pii abɔ hu wɔ sɛnea AIDS redi awu wɔ Afrika Sahara Anafo fam no ho.
Nneɛma pii na ɛma HIV trɛw. Saa ara nso na AIDS ama ɔhaw afoforo ayɛ kɛse. Wɔka sɛ nea ɛrekɔ so wɔ Afrika aman bi so ne wiase no afã bi a AIDS agye ntini wɔ hɔ no fi nea edidi so yi.
Abrabɔ. Esiane sɛ ɔbea ne ɔbarima nna mu titiriw na wonya HIV nti, ɛda adi sɛ abrabɔ pa ho gyinapɛn a wɔmfa nni dwuma no ma ɔyare yi trɛw. Nanso, ebinom te nka sɛ, ɛrentumi nyɛ yiye sɛ yɛbɛka akyerɛ wɔn a wɔnyɛ awarefo sɛ wɔntwe wɔn ho mfi ɔbarima ne ɔbea nna ho. Francois Dufour kyerɛw wɔ Johannesburg, South Africa, atesɛm krataa, The Star mu sɛ: “Sɛ́ wobɛbɔ mmofra a wonnya nnii mfe aduonu kɔkɔ sɛ wɔntwe wɔn ho mfi ɔbarima ne ɔbea nna ho kɛkɛ no remmoa. Wɔde ɔbarima ne ɔbea nna ho mfonini puapua wɔn daa de kyerɛ wɔn sɛnea ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔn ho na wɔbɔ wɔn bra.”
Ɛda adi sɛ ɔbra a mmofra nkumaa bɔ di adanse sɛ nhwehwɛmu yi yɛ nokware. Sɛ nhwɛso no, nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ ɔman biako mu daa no adi sɛ ná mmofra nkumaa a wɔadi fi mfe 12 kosi 17 no mu bɛyɛ nkyem abiɛsa de wɔn ho ahyɛ ɔbarima ne ɔbea nna mu pɛn.
Wɔka mmonnaato ho asɛm wɔ South Africa sɛ ɛyɛ ɔhaw a ɛda ɔman no nyinaa so. Nsɛm bi a epuei wɔ Citizen, Johannesburg atesɛm krataa bi mu kae sɛ “mmonnaato abu so ara ma ɛsen akwahosan ho asiane biara a ɔman yi mu mmea hyia, na atrɛw aka wɔn mma nso.” Asɛm koro no ara kae sɛ: “Mmofra a wɔto wɔn mmonnaa abu abɔ ho nnansa yi . . . Wɔyɛ saa nneyɛe yi nyinaa a adwene a ɛwɔ akyiri ne sɛ, sɛ obi a wɔanya HIV to ɔbaabun mmonnaa a obenya ayaresa.”
Ɔyare a wonya fi ɔbea ne ɔbarima nna mu (STD). Ɔbarima ne ɔbea nna mu nyarewa abu so wɔ ɔman no mu. South African Medical Journal kae sɛ: “Ɔbarima ne ɔbea nna mu nyarewa ma asiane a ɛwɔ hɔ sɛ obi benya HIV-1 no yɛ mmɔho 2 kosi 5.”
Ohia. Aman pii a ɛwɔ Afrika ne ohia redi asi na eyi ma AIDS nya kwan trɛw. Nneɛma a wobu no sɛ asetra mu ahiade a ɛba fam koraa wɔ aman a edi yiye mu no bi mpo abɔ aman a afei na ɛrenya nkɔso no mu fã kɛse no ara. Nkurow akɛse pii wɔ hɔ a wonni anyinam nkanea na wonnya nsu pa nso nnom. Kar akwan a ɛkɔ nkuraase no sua na ɛtɔ da bi a ebi mpo nni hɔ. Nnipa a wɔtete nkuraase pii nnya nnuan pa nni, na ayaresabea a wɔwɔ no nso sua.
AIDS brɛ aguadi ne mfiridwuma nkɔso ase. Nnwumakuw a wotu sika ahu sɛ sika dodow a wotumi tu no aba fam esiane sɛ adwumayɛfo no dodow no ara anya ɔyare yi bi nti. Nnwumakuw yi bi mpo afi ase resusuw akwan a wɔbɛfa so de mfiri horow adi dwuma sɛnea ɛbɛyɛ a ebesi nea nnipa yɛ no ananmu. Wɔ nnwumakuw a wotu dwetɛ fagude biako mu no, wobu akontaa sɛ adwumayɛfo a na AIDS ayɛ wɔn no bu bɔɔ ho wɔ afe 2000 mu, na sɛ wɔkyekyem a adwumayɛfo no mu ɔha mu 26 na wonyaa ɔyare yi bi.
Awerɛhosɛm a AIDS de aba ne sɛ mmofra pii na wɔabɛyɛ nyisaa esiane sɛ ɔyare yi akunkum wɔn awofo nti. Nea ɛka awofo a mmofra yi ahwere wɔn ne sika fam ahobammɔ a wonni ho no, ɛsɛ sɛ wogyina animguase tebea a AIDS de ba no nso ano. Mpɛn pii no, abusuafo anaa ɔmanfo mmoa wɔn esiane ohia buburoo anaa ɔpɛ a wonni nti. Nyisaa yi pii gyae sukuu kɔ. Ebinom de wɔn ho kɔhyɛ tuutuusi mu na eyi nso ma ɔyare no trɛw. Aman pii ayɛ aban anaa ankorankoro nhyehyɛe a wɔnam so de mmoa bɛma nyisaa yi.
Nim a wonnim. Wɔn a wɔanya HIV no mu pii nnim sɛ wɔwɔ bi. Nnipa pii mpɛ sɛ wɔbɛkɔ akɔhwɛ wɔn mogya mu ahwɛ sɛ wɔanya bi a, esiane animguase a ɔyare yi de ba no nti. Nsɛm bi a Amanaman Nkabom Dwumadi a ɛhwɛ HIV/AIDS ho nsɛm so (UNAIDS) de too gua kae sɛ: “Etumi ba sɛ wɔmma wɔn a wɔwɔ HIV anaa wosusuw sɛ wɔanya bi no ayaresa, wɔmma wɔn baabi ntra wɔ fie na wonnya adwuma nyɛ, nnamfo ne mfɛfo po wɔn, wɔmma wɔn kwan mma wɔnyɛ insurance, na wɔmma wɔn ntu kwan nkɔ aman foforo so nso.” Wɔakum ebinom mpo bere a wohui sɛ wɔanya HIV no.
Amammerɛ. Wɔ Afrikafo amammerɛ pii mu no, mmea nni ho kwan sɛ wɔbɛka akyerɛ wɔn ahokafo sɛ wɔnntwe mpena, wonni hokwan sɛ wɔde wɔn ho bɛkame wɔn ahokafo, anaa wɔbɛka akyerɛ wɔn kununom sɛ wɔmmɔ wɔn ho ban wɔ wɔne mmea afoforo nna mu. Mpɛn pii no, gyidi a ɛbata amammerɛ horow ho no mma afoforo nnye ntom sɛ AIDS wɔ hɔ. Sɛ nhwɛso no, ebia wɔbɛka sɛ ɔyare yi fi abayifo, na ebia wɔbɛkɔ akɔhwehwɛ mmoa afi akɔmfo hɔ.
Ayaresabea a Ɛnnɔɔso. Esiane AIDS nti ayaresabea kakraa bi a ɛwɔ hɔ dedaw no ayeyɛ ma abu so. Ayaresabea akɛse abien bɔ amanneɛ sɛ, sɛ wɔkyɛ ayarefo a wɔda hɔ no mu a, bɛboro fã wɔ HIV. Oduruyɛfo panyin a ɔwɔ ayaresabea a ɛwɔ KwaZulu-Natal no biako mu kae sɛ ayarefo a wɔda n’ayaresabea hɔ no boro adan a ɛwɔ hɔ no so ɔha mu nkyem 140. Ɛtɔ mmere bi mpo a, na ɛsɛ sɛ ayarefo baanu da mpa biako so na nea ɔto so abiɛsa no ada fam tim wɔ mpa no ase!—South African Medical Journal.
Ɛwom mpo sɛ tebea a ɛwɔ Africa no yɛ awerɛhosɛm de, nanso nea ɛrekɔ so no kyerɛ sɛ tebea no betumi agye nsam. UNAIDS kuw no muni Peter Piot kae sɛ “afei koraa na ɔyare yi afi ase.”
Ɛda adi sɛ wɔ aman binom so no wɔrebɔ mmɔden sɛ wobetu ɔyare yi ase. Na bere a edi kan koraa, wɔ June 2001 mu no, Amanaman Nkabom Bagua no yɛɛ nhyiam titiriw bi de susuw HIV/AIDS ɔyare no ho. So nnipa mmɔdenbɔ betumi ama ayɛ yiye? Bere bɛn na AIDS a ɛredi nkurɔfo awu no befi hɔ koraa?
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 5]
AIDS ADURU NEVIRAPINE NE SOUTH AFRICA MAN NO NSƐNNENNEN
Dɛn ne nevirapine? Sɛnea sɛnkyerɛwfo Nicole Itano kyerɛ no, ɛyɛ “aduru a etumi dwudwo AIDS mmoawa ano a nhwehwɛmu ada no adi sɛ ebetumi atew ɛnanom a wɔde AIDS san wɔn mma no so fã.” Adwumakuw bi a wɔyɛ nnuru wɔ Germany de too wɔn ho so sɛ wɔbɛma South Africa man no nnuru yi bi kwa wɔ mfe anum a edi yɛn anim no mu. Nanso, ɛde besi August 2001 no, na aban no mpenee hokwan no so. Dɛn ne ɔhaw no?
Nnipa ɔpepem 4.7 na wɔanya HIV wɔ South Africa, wɔdɔɔso sen ɔman biara mu de. London nsɛmma nhoma The Economist bɔɔ amanneɛ wɔ February 2002 mu sɛ, South Africa Ɔmampanyin Thabo Mbeki “nnye nea amanfo ka sɛ HIV na ɛde AIDS ba no ntom na n’adwene mu yɛ no naa wɔ nnuru a wɔde ko tia AIDS ho ka, ahobammɔ a ɛwom ne sɛnea ɛso bɛba mfaso no ho. Ɔmmraa saa nnuru yi de, nanso wɔnhyɛ nnuruyɛfo a wɔwɔ South Africa no nkuran sɛ wɔmfa nni dwuma.” Dɛn nti na eyi yɛ dadwen kɛse saa? Efisɛ afe biara no wɔwo mmofra mpem mpem pii a wɔwɔ HIV wɔ South Africa, na sɛ wɔkyekyem a apemfo ɔha biara mu 25 wɔ ɔyare mmoawa yi bi.
Esiane adwene a enhyia wɔ nsɛm yi ho nti, wɔde asɛm no kɔdan asɛnnibea sɛ wɔnhyɛ aban no ma wɔnkyekyɛ nevirapine no. Wɔ April 2002 mu no, South Africa Mmara Asɛnnibea no buaa asɛm no. Sɛnea Ravi Nessman kyerɛwee wɔ nsɛmma nhoma The Washington Post mu no, asɛnnibea no buae sɛ: “Ɛsɛ sɛ aban no ma wɔde nnuru no kɔ ayaresabea ahorow a wobetumi de adi dwuma nyinaa mu.” Esiane sɛ afei de South Africa aban no ayi mmeae 18 wɔ ɔman no mu asi hɔ sɛ wɔnsɔ aduru no nhwɛ wɔ hɔ nti, wɔka sɛ saa asɛnni akwankyerɛ foforo yi ama apemfo a wɔwɔ ɔman no mu a wɔanya HIV no anya anidaso.
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 6]
ƆYARE ABOAWA ONIFEREFO BI DAADAA NKWABOAA
Gye bere kakra fa hwehwɛ ɔyare aboawa bi a osua sen biara (HIV) ho nsɛm mu hwɛ. Nyansahufo bi kae sɛ: “Wɔ mfe pii a m’agyen m’ani de afiri a wɔde hwɛ nneɛma nketenkete paa ahu sɛnea ɛte ahwehwɛ ɔyare mmoawa mu akyi no, sɛnea wɔahyehyɛ nneɛma a wohwɛ a ɛkyere adwen pɛpɛɛpɛ wɔ abɔde mu biribi a esua koraa mu no da so ara yɛ me nwonwa na ɛma m’ani gye kɛse.”
Ɔyare mmoawa nketenkete (virus) no susua sen ɔyare mmoawa (bacterium), na ɛno nso susua sen nkwammoaa a ɛwɔ nipadua mu no koraa. Sɛnea nhoma kyerɛwfo bi kyerɛ no, HIV mmoawa no susua ara ma sɛ yɛka [HIV nketenkete] “ɔpepem 230 bom a ne kɛse nyinaa bɛyɛ sɛ osiwiei a ɛwɔ ɔkasamu yi awiei no.” Ɔyare mmoawa ntumi nkyekyɛ ne mu nyɛ pii, gye sɛ ɛhyɛn nkwaboaa a ɛwɔ nipadua mu no mu na efi ase brɛ nkwaboaa no ahoɔden ase ansa.
Sɛ HIV ba nipadua no mu a, ɛne nneɛma a ɛwɔ nipadua mu nkwaadɔm a ɛko tia nyarewa no di asi.a Yɛwɔ biribi a ɛbɔ nipadua no ho ban a ɛno ne mogya mu nkwaboaa fitaa a ɛwɔ nnompe mu hon no mu. Lymphocytes ahorow abien, nea n’agyiraehyɛde ne T ne nea n’agyiraehyɛde ne B na ɛwɔ nkwammoaa fitaa mu. Wɔfrɛ mogya mu nkwammoaa fitaa no bi nso phagocytes, anaasɛ “nkwammoaa a wɔn aduan ne nkwaboaa afoforo.”
Nkwammoaa a wɔn agyiraehyɛde ne T no mu biara wɔ ne dwumadi. Wɔn a wɔfrɛ wɔn nkwammoaa aboafo T no dwumadi titiriw ne sɛ ɛboa nipadua no ma ɛko tia nyarewa. Sɛ biribi foforo biara a ɛko tia nipadua no ba nipadua no mu a, nkwammoaa aboafo T no hu na ɛde akwankyerɛ ma ma nkwammoaa afoforo ba bɛko tia nyarewa no sɛe no. Sɛ HIV ba nipadua no mu a, ɛde n’ani si nkwammoaa aboafo T yi so titiriw. Nkwammoaa a wɔfrɛ no killer T no nso dwumadi ne sɛ ɛsɛe nipadua no mu nkwammoaa a ɔyare aba mu no. Nkwammoaa a n’agyiraehyɛde ne B nso de nnuru a ɛko tia ɔyare mmoawa ma ma wɔde ko tia ɔyare a aba nipadua no mu no.
Anifere Kwan Bi
Wɔka HIV ho asɛm sɛ ɛka ɔyare mmoawa a etumi dan ne ho biribi foforo no ho. Wɔ awosu mu no HIV te sɛ RNA (rebonuceic acid) na ɛnyɛ DNA (deoxyribonucleic acid). HIV ka ɔyare mmoawa atitiriw a nyarewa a ɛde ba ho sɛnkyerɛnne nna adi ntɛm kosi bere tenten bi no ho, efisɛ etumi sie bere tenten ansa na ɛho sɛnkyerɛnne ada adi.
Sɛ HIV nya wura nkwaboaa a ɛwɔ nipadua mu no bi mu a, etumi fa ɔkwan a nkwaboaa no nam so yɛ adwuma so yɛ nea ɔno ara pɛ. Etumi yɛ DNA a ɛwɔ nkwaboaa no mu no “foforo” ma ɛma HIV mmoawa no dɔɔso. Nanso ansa na ebetumi ayɛ eyi no, ɛsɛ sɛ HIV mmoawa no fa ɔkwan “foforo” so. Ɛsɛ sɛ ɛsesa n’ankasa RNA no dan no DNA nea ɛbɛyɛ a nkwaboaa a ɛwɔ nipadua no mu betumi ne no abom ayɛ adwuma. Nea ɛbɛyɛ na eyi atumi ayɛ yiye no, HIV mmoawa no de aduannuru bi a etumi dan biribi ani di dwuma. Bere rekɔ so no, nkwaboaa no wu bere a awo HIV mmoawa foforo mpempem pii akyi no. Saa ɔyare mmoawa foforo a wɔawo wɔn yi san nkwammoaa afoforo nso.
Sɛ nkwammoaa aboafo a wɔn agyiraehyɛde ne T no so nya tew ma ɛka kakraa bi a, nyarewa afoforo tumi bu fa nipadua no so a ensuro sɛ biribi ne wɔn bedi asi. Afei ɔyare biara tumi yɛ nipadua no. Saa bere yi de na ɔyarefo no anya AIDS. Afei de HIV mmoawa no atumi adi nkwaadɔm a ɛko tia nyarewa no so.
Nea yɛaka yi yɛ nkyerɛkyerɛmu a asete nyɛ den. Nea ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwene mu ne sɛ, ɔyare yi ho nsɛm pii wɔ hɔ a nhwehwɛmufo nnim, nea ɛfa nipadua mu nkwaadɔm a ɛko tia nyarewa ne sɛnea HIV mmoawa no yɛ adwuma nyinaa ho.
Bɛyɛ mfe aduonu ni no, nnuruyɛ mu nhwehwɛmufo a wɔaben wɔ wiase no de wɔn adwene ne wɔn ahoɔden nyinaa asi ɔyare aboawa ketewaa yi ho nhwehwɛmu so, na eyi ama wɔasɛe sika pii. Nea afi mu aba ne sɛ, wɔahu HIV ho nsɛm pii. Oduruyɛfo Sherwin B. Nuland a ɔyɛ oprehyɛn kae wɔ mfe bi a atwam mu sɛ: “Nokwasɛm ne sɛ, nea yɛahu fa ɔyare mmoawa a ɛma obi nya AIDS. . .ho ne nkɔanim a yɛannya wɔ mmɔden a yɛrebɔ sɛ yebesiw sɛnea ɛrekunkum nkurɔfo ano no yɛ nwonwa.”
Nanso, AIDS gu so rekunkum nkurɔfo wɔ ɔkwan a ɛyɛ hu so.
[Ase hɔ asɛm]
a Hwɛ February 8, 2001 Engiresi Nyan!, kratafa 13-15.
[Mfonini]
HIV sɛe mogya mu nkwaboaa fitaa a ɛko tia nyarewa no na ɛdan no HIV
[Asɛm Fibea]
CDC, Atlanta, Ga.
[Mfonini wɔ kratafa 7]
Mmofra nkumaa ɔpepem pii de Bible nnyinasosɛm bɔ wɔn bra