Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g02 11/8 kr. 2-4
  • “Adesamma Owuyare a Ɛsen Biara Wɔ Abakɔsɛm Mu”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Adesamma Owuyare a Ɛsen Biara Wɔ Abakɔsɛm Mu”
  • Nyan!—2002
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • AIDS Trɛw Fa Afrika Nyinaa
  • Sɛnea AIDS Redi Awu Wɔ Aman Foforo So
  • Yehia AIDS Ano Aduru Denneennen!
    Nyan!—2005
  • AIDS Ho Akontaabu a Ɛyɛ Ahodwiriw!
    Nyan!—2001
  • AIDS Trɛw Wɔ Afrika
    Nyan!—2002
  • Nkɔanim a Wɔanya Wɔ Ko a Wɔreko Tia AIDS No Mu
    Nyan!—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2002
g02 11/8 kr. 2-4

“Adesamma Owuyare a Ɛsen Biara Wɔ Abakɔsɛm Mu”

EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ SOUTH AFRICA HƆ

“Wiase yi mu akodi biara nni hɔ a ɛsɛe ade te sɛ AIDS owuyare no.”—U.S. ƆMAN SOAFO COLIN POWELL.

WƆDE AIDS (acquired immunodeficiency syndrome) ho amanneɛbɔ a edi kan koraa no too gua wɔ June 1981 mu. Peter Piot a ɔne Amanaman Nkabom Dwumadi a Ɛhwɛ HIV/AIDS ho nsɛm so (UNAIDS) kwankyerɛfo panyin ka sɛ: “Yɛn a na Aids ho nsɛm hyɛ yɛn nsa mfitiase a eyii ne ho adi no mu biara nni hɔ a osusuwii sɛ ɔyare yi bɛtrɛw sɛnea ɛte nnɛ no.” Wɔ mfe 20 mu no, abɛyɛ owuyare a ɛso kyɛn nea yɛahu pɛn nyinaa, na sɛnea nneɛma rekɔ no kyerɛ sɛ ɛbɛkɔ so atrɛw.

Wobu akontaa sɛ nnipa bɛboro ɔpepem 36 na wɔanya HIV (human immunodeficiency virus), (AIDS ɔyare mmoawa) no bi, na afoforo ɔpepem 22 nso na AIDS akunkum wɔn.a Wɔ afe 2000 mu no, nnipa ɔpepem abiɛsa na AIDS kunkum wɔn wɔ wiase nyinaa, eyi ne afe biara mu akontaabu a ɛkɔ soro paa fi bere a ɔyare no fii ase. Eyi yɛ bere mpo a wɔde nnuru a ɛko tia ɔyare yi redi dwuma, titiriw wɔ aman a wodi yiye so.

AIDS Trɛw Fa Afrika Nyinaa

Beae titiriw a owuyare yi atrɛw ne ntaban mu ne Afrika Sahara Anafo fam, a akontaabu kyerɛ sɛ nnipa bɛyɛ ɔpepem 25.3 na anya ɔyare yi bi wɔ hɔ. Wɔ saa mantam yi mu nkutoo no, nnipa ɔpepem 2.4 na AIDS kunkum wɔn wɔ afe 2000 no mu, a ɛyɛ nnipa a ɔyare yi kunkum wɔn wɔ wiase nyinaa no mu ɔha mu 80. AIDS titiriw na ekunkum nnipa a wowuwu wɔ mantam yi mu no mu fã kɛse no ara.b

Nnipa a wɔanya ɔyare yi bi wɔ South Africa no dɔɔso sen ɔman biara mu de, wobu akontaa sɛ nnipa ɔpepem 4.7 na wɔanya ɔyare yi bi wɔ hɔ. Mmofra a ɔsram biara wɔwo wɔn wɔ hɔ no mu 5,000 na wɔwɔ HIV. South Africa kan Ɔman Panyin Nelson Mandela kae wɔ ne kasa a ɔmae wɔ AIDS ho Amanaman Ntam Nhyiam a ɛto so 13, a wɔyɛe wɔ Durban wɔ July 2000 mu ase sɛ: “Bere a yebehui sɛ, AIDS bekunkum yɛn mmabun a wɔwɔ South Africa no mu fã no, yɛn ho dwiriw yɛn. Nea ɛma asɛm no yɛ yaw koraa ne sɛ anka yebetumi asiw nnipa dodow a ɔyare yi yɛ wɔn ne amanehunu a ɛde ba wɔn so. . . a akontaabufo bɔ yɛn ho amanneɛ no ano.”

Sɛnea AIDS Redi Awu Wɔ Aman Foforo So

Nnipa dodow a ɔyare yi yɛ wɔn no rekɔ anim ntɛmntɛm wɔ Europa Apuei fam, Asia, ne Caribbean nsase so nso. Wɔ afe 1999 awiei no, nnipa a na wɔanya ɔyare yi bi wɔ Europa Apuei fam no yɛ 420,000. Wobu akontaa sɛ ɛde besi afe 2000 awiei no, na wɔn a wɔanya ɔyare yi bi no dodow adu 700,000.

Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Amerika nkurow akɛse asia mu no daa no adi sɛ mmofra a wɔde wɔn ho hyɛ ɔbarima ne ɔbarima nna mu no mu ɔha mu nkyem 12.3 no wɔ HIV. Afei nso, wɔn a na wɔanya HIV no mu ɔha mu nkyem 29 pɛ na na wonim sɛ wɔanya yare no bi. Nea ɔhwɛ nsanyare ho nsɛm so a odii anim ma wɔyɛɛ nhwehwɛmu no kae sɛ: “Yɛn ho dwiriwii yɛn pii sɛ mmarima a wɔanya HIV no kakraa bi pɛ na wonim sɛ yare yi bi wɔ wɔn ho. Ɛno kyerɛ sɛ wɔn a afei na wɔanya ɔyare yi bi de resan afoforo a wonnim.”

Wɔ nhyiam bi a AIDS ho abenfo yɛe wɔ Switzerland wɔ May 2001 mu ase no, wɔkaa ɔyare yi ho asɛm sɛ “ɛyɛ owuyare a ɛsɛe ade sen biara wɔ adesamma abakɔsɛm mu.” Sɛnea yɛahu no, Afrika Sahara Anafo fam titiriw na AIDS ɔyare yi redi nkurɔfo awu. Yɛn asɛm a edi hɔ no kyerɛkyerɛ nea enti a ɛte saa no mu.

[Ase hɔ nsɛm]

a Akontaabu a yɛaka ho asɛm yi yɛ nea UNAIDS de ato gua.

b Hwɛ February 22, 2001 Engiresi Nyan! no, kratafa 14-15.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 3]

“Nea ɛma asɛm no yɛ yaw koraa ne sɛ . . . anka yebetumi asiw . . . nnipa dodow a yare yi yɛ wɔn ne amanehunu a ɛde ba . . . ano.”—NELSON MANDELA

[Mfonini wɔ kratafa 2, 3]

Nnipa pii a wɔanya HIV no nnim sɛ wɔanya bi

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]

UN/DPI Photo 198594C/Greg Kinch

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena