AIDS Ho Akontaabu a Ɛyɛ Ahodwiriw!
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ SOUTH AFRICA HƆ
THEMBEKA yɛ abeawa a wadi mfe 12 a ɔte Afrika anafo fam akuraa bi ase. AIDS kum n’awofo, na ne nuabeanom nkumaa baasa a na wɔadi mfe du, asia, ne anan no hwɛ bɛdaa ne so. Nsɛm ho amanneɛbɔfo bi kae sɛ: “Mmeawa no nni sika biara, na sɛ wobenya paanoo ne ntɔmmɔ kakra adi a, . . . gye sɛ wɔn afipamfo na ɛde ma wɔn.” Wɔde mmeawa baanan a wɔn awofo awu agyaw wɔn yi mfonini baa South Africa atesɛm krataa bi a ɛkaa Amanaman Ntam Nhyiam a ɛto so 13 a Ɛfa Aids Ho a wɔyɛe wɔ July 2000, wɔ Durban, South Africa ho asɛm no kratafa a edi kan.
Mmofra ɔpepem pii a AIDS akunkum wɔn awofo nso asetra te sɛ Thembeka ne ne nuabeanom nkumaa no de no ara. Nsɛm a wɔkae wɔ nhyiam no ase bi ne ɔkwan a wɔbɛfa so adi nkɔanim a AIDS renya no ho dwuma, te sɛ kyerɛ a wɔbɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo ma wɔde kɔndɔm adi dwuma de asiw AIDS ano, sɛnea wɔbɛsa AIDS yare no a wɔmmɔ ka pii, ne akwan a wɔbɛfa so anya sika pii de ayɛ AIDS ho nnuru. Wosusuw sɛnea yare no tumi yɛ mmea kɛse, ɛnkanka mmeawa, no nso ho.
Awerɛhosɛm ne sɛ, mmarima a wosusuw sɛ mmabun a wɔne wɔn bɛda no bɛma nyarewa a wɔanya afi nna mu no akɔ no ne mmofra pii a AIDS akunkum wɔn awofo no reda. Afei nso, mmarima pii nware, gye sɛ wɔne mmeawa no awo ansa. Nanso, kɔndɔm a wɔde di dwuma no ma wɔkwati sɛ wɔbɛba abɛyɛ awarefo ne awofo.
Nea ɛma asɛm no yɛ yaw ne sɛ mmeawa pii nnim asiane a ɛwɔ AIDS mu no. South Africa atesɛm krataa Sowetan kaa amanneɛbɔ a Amanaman Nkabom Mmofra Ho Foto (UNICEF) de mae no ho asɛm sɛ: “Nhwehwɛmu a Unicef yɛe no daa no adi sɛ na mmeawa a wadi mfe 15 kosi 19 a wɔwɔ South Africa no ɔha mu 51 na wonnim sɛ obi a ne ho yɛ den betumi anya HIV na wɔde asan wɔn.”
Ade foforo a ɛma AIDS trɛw ne mmea a wɔyɛ wɔn basabasa wɔ nna ho no. Ranjeni Munusamy a na ɔwɔ nhyiam no ase no bɔɔ amanneɛ wɔ Sunday Times a wɔyɛ wɔ Johannesburg, South Africa no mu sɛ: “Mmea a wɔyɛ wɔn basabasa wɔ nna mu, ade a ɛmfata koraa a mmarima yɛ, no ne ade titiriw a ɛma nnipa pii tumi nya HIV. Basabasa a wɔyɛ mmea a egu ahorow—mmonnaato, mogyafra, ɔyerenom a wɔboro wɔn ne nna mu basabasayɛ—no, nyinaa kyerɛ sɛ mpɛn pii no wɔhyɛ mmea ne wɔn da, na ɛno tumi ma nnipa pii nya HIV.”
Akontaabu a wɔdaa no adi wɔ nhyiam no ase no yɛɛ ahodwiriw, sɛnea adaka a ɛka eyi ho da no adi no. Da biara mmofra bɛyɛ 7,000 ne nkokoaa 1,000 na wonya HIV. Wɔ 1999 nkutoo mu no, mmofra bɛyɛ 860,000 a wɔtete Afrika aman a ɛbemmɛn Sahara no hweree wɔn akyerɛkyerɛfo esiane AIDS nti.
Sɛnea nhwehwɛmu bi a South Africa Nnuruyɛ Nhwehwɛmu Bagua no tintimii kyerɛ no, nnipa ɔpepem 4.2 a wogyina hɔ ma nnipa dodow 10 biara mu 1 na wɔanya HIV wɔ South Africa. Tebea no yɛ asefem wɔ aman a ɛbemmɛn hɔ no mu. The Natal Witness ka akontaabu a U.S. Asoɛe a Ɛhwɛ Nnipakan So de mae ho asɛm sɛ: “Ɛrenkyɛ biara nnipa a wɔwɔ Afrika aman a Aids wɔ hɔ kɛse no so bɛtew esiane yare no a ekunkum nnipa ɔpepem pii no nti, na ennu mfe du awiei no, na mfe a nnipa dodow no ara di so atew aba 30.”
AIDS yaredɔm no yɛ adanse foforo a ɛkyerɛ sɛ yɛte “mmere a emu yɛ den” a Bible kaa sɛ ɛbɛba wɔ “nna a edi akyiri mu no” mu. (2 Timoteo 3:1-5) Wɔn a wɔn ani gye Onyankopɔn Asɛm Bible ho no wɔ anidaso sɛ AIDS ne ɔhaw afoforo a ɛto adesamma no nyinaa befi hɔ koraa. Ɛnkyɛ, Onyankopɔn Ahenni bedi asase so nsɛm nyinaa ho dwuma. Wɔ wiase foforo a trenee te mu mu no, ohia ne nhyɛso befi hɔ. (Dwom 72:12-14; 2 Petro 3:13) Mmom no, wɔn a wɔte asase so no benya akwahosan a edi mu, na ‘wɔn mu biara renka da sɛ: ‘Meyare.’—Yesaia 33:24.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 14]
Wɔ wiase nyinaa no, mmofra bɛyɛ 13,000,000 na AIDS ama wɔayɛ nyisaa
[Nsɛm a wɔahyehyɛ/Asase mfonini wɔ kratafa 15]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)
MPANYIMFO DODOW (EFE MFE 15 kosi 49) A WONYAA HIV/AIDS, 1999 AWIEI
America Atifi fam 890,000
Caribbean 350,000
Latin America 1,200,000
Europa Atɔe fam 520,000
Africa Atifi fam ne Mediterranea Supɔw so 210,000
Europa Apuei fam ne Mfinimfini fam 410,000
Asia Anafo fam ne Anafo Fam Apuei 5,400,000
Asia Apuei fam ne Pacific 530,000
Australia ne New Zealand 15,000
Afrika Aman a Ɛbemmɛn Sahara 23,400,000
[Asɛm Fibea]
Source: UNAIDS
[Akontaabu pon/Mfonini wɔ kratafa 15]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)
MPANYIMFO DODOW (EFE MFE 15 kosi 49) A WONYAA HIV/AIDS WƆ AFRIKA AMAN 16 MU, 1999 AWIEI
1 Botswana 35.8%
2 Swaziland 25.2
3 Zimbabwe 25.0
4 Lesotho 23.5
5 Zambia 20.0
6 South Africa 20.0
7 Namibia 19.5
8 Malawi 16.0
9 Kenya 14.0
10 C.A.R. 14.0
11 Mozambique 13.2
12 Djibouti 11.7
13 Burundi 11.3
14 Rwanda 11.2
15 Côte d’Ivoire 10.7
16 Ethiopia 10.6
[Asɛm Fibea]
Source: UNAIDS
[Mfonini]
Thembeka ne ne nuabeanom
[Asɛm Fibea]
Photo: Brett Eloff