Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g92 12/8 kr. 5-7
  • Dɛn Nti na Afrika Rehu Amane saa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Nti na Afrika Rehu Amane saa?
  • Nyan!—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔbra Bɔne Mu Amanehunu No
  • Mmusua a Emu Atetew
  • Aduruyɛ mu Awerɛhosɛm
  • Wɔn a Mfomso no Mfi Wɔn a Wohu Amane
  • AIDS Sɛe Nneɛma Kosi He wɔ Afrika?
    Nyan!—1992
  • AIDS Ho Akontaabu a Ɛyɛ Ahodwiriw!
    Nyan!—2001
  • Henanom Na Ɔyare No Betumi Aka Wɔn?
    Nyan!—1986
  • AIDS Asɛnnennen Ma Mmofra A Wonni Mfe Aduonu
    Nyan!—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1992
g92 12/8 kr. 5-7

Dɛn Nti na Afrika Rehu Amane saa?

JACOB, a wadi mfe 42 no yare. Wanya AIDS. Ɔde AIDS asan ne yere nso. Jacob gye tom sɛ: “Me yere nim sɛ me na mede san no.”

Nanso ɛyɛɛ dɛn na Jacob nyaa ɔyare aboawa a edi awu no? Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Na me nko ara mete Harare na na meka lɔre fi Zambia, kɔfa Zimbabwe, de kɔ Botswana ne Swaziland. Ná me yere ne yɛn mma te Manicaiand [wɔ Zimbabwe. Na yɛn lɔrekafo de, yɛyɛɛ nneɛma bi a na anka ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye kɛse wɔ ho”

Ɔbra Bɔne Mu Amanehunu No

Ɛnnɛ, nna mu ɔbra bɔne titiriw na ɛretrɛw AIDS mu wɔ Afrika. AIDS ho nhwehwɛmufo Dawn Mokhobo kyerɛkyerɛ mu sɛ, sɛ yɛbɛka no tiawa a, “ɔbea ne ɔbarima nna ho mmara asɛe koraa.” African Affairs nsɛmma nhoma no ka sɛ “Afrikafo a wɔwɔ Sahara anafo fam no bu mma sɛ biribi a ɛsom bo yiye nanso wommu aware sɛ ɛsom bo pii. Wɔnkasa ntia obi aware mu ɔhokafo akyi a ofi ne ɔfoforo kɔda, nea . . . ekowie nyinsɛn mu mpo no, ahe biara.” Sɛnea Nature kyerɛ no, ɔkwan titiriw a ɔyare no nam so san afoforo no fi ase fi tuutuuni so. Amanneɛbɔ no se: “Mmea tuutuufo na wodua ɔyare no wɔ mmea a wɔware okunu biako pɛ no pii mu denam nna mu nkitaho a wɔne okununom a wɔn bra asɛe nya no so.”

Wɔn mu pii nni ɔpɛ sɛ wɔbɛsakra wɔn suban. Panos Document a ɛka AIDS wɔ Afrika ho asɛm no ka osuahu a edi so yi a aduruyɛ mu nhwehwɛmufo bi nyae wɔ Zaire no ho asɛm: “Anadwo bi, bere a me ne Zairefo aduruyɛfo bi yɛɛ mogya ho nhwehwɛmu wɔ akuraa bi ase wiei no, wɔne ɛhɔfo mmabaa no bi puei. Wɔne wɔn dae, na wɔn mu biako pɛ na ɔhyɛɛ kɔndɔm.” Bere a obisaa wɔn asiane a ɛwom ho asɛm no,”wɔserewee, na wɔkae sɛ wuntumi nka sɛ woregyae w‘ani gye wɔ asetram esiane ɔyare bi a ebia wubenya nti.” Yiw, pii bu obiara kɛkɛ a wɔne no da sɛ ‘asetram anigye’​—agorodi, anigyede

Te sɛ nea ɛte wɔ wiase afã afoforo pii no, mmofra titiriw taa de wɔn ho hyɛ ɔbrasɛe mu. Nnansa yi nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ mmofra 377 ho wɔ South Africa no daa no adi sɛ na wɔn mu bɛboro ɔha biara mu nkyem 75 de wɔn ho ahyɛ ɔbea ne ɔbarima nna mu. Saara na ɔsɛmpatrɛwfo bi a ɔwɔ Afrika anafo- mfinimfini fam kae sɛ “mmeawa a wɔadi mfe 15 no mu kakraa bi pɛ na wonnya nnyinsɛnee.” Ɔde ka ho sɛ: “Wuhu ababaa kumaa sigyani bi, na woka wɔ wo tirim sɛ, ‘Afe sesɛɛ na wanyinsɛn.’“

Nanso, Afrika fam de, nneɛma foforo bi ka ho na ama AIDS atrɛw ntɛm.

Mmusua a Emu Atetew

Africa South nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Bere tenten a ɛsɛ sɛ mmarima a wɔwɔ wɔn mfe aduonu ne aduasa mu pii gyaw wɔn yerenom ne wɔn mmusua hɔ kɔyɛ adwuma wɔ baabi​—sɛ́ ɛyɛ kurow akɛse mu adwinnan ahorow mu, nkommena ahorow mu, mfuw akɛse mu anaa lɔre a wɔde kɔ kwan so no​—Aids bɛkɔ so atrɛw a ennyae.” Afrikafo akwantufo fa asetra a ɛyɛ den mu. Bere a wɔne wɔn yerenom ne wɔn mmusua ntam atetetew no, pii brɛ yiye ansa na wɔanya dabere ne adwuma wɔ nkurow akɛse mu. Sɛnea African Affairs nsɛmma nhoma no kyerɛ no. mmɔden a ɔbatani bɔ sɛ ɔbɛhwɛ n‘ankasa ho ne abusua a wɔwɔ fie no mu nhyɛso ma “n‘abam bu na ɔte nka sɛ ontumi nni n’asɛyɛde ho dwuma.” Nsɛmma nhoma no de ka ho sɛ eyi taa hyɛ nea watu bata no nkuran ma “ogyae n’asɛyɛde horow ho dwumadi koraa.”

Wɔahyɛ lɔre a wɔde kɔ kwan so nsow yiye sɛ ɔkwan a ɛyɛ hu a AIDS fa so trɛw. Sɛnea lɔrekafo bi kae no, “ɛsɛ sɛ mehwɛ hu sɛ baabiara a mɛkɔ no, menya mpena a ɔbɛhwɛ me.” Baabi a wonya AIDS wɔ hɔ kɛse no bi ne Afrika Apue Fam adangow borɔn bi a ɛhɔ na tuutuufo 600 yɛ wɔn adwuma no. Wɔn a wɔba wɔn nkyɛn no mu pii yɛ lɔrekafo a wɔkɔ hɔ konya nea wɔfrɛ no tea ahomegye no. Wɔahu sɛ tuutuufo yi mu bɛboro ɔha biara mu nkyem 80 na wɔwɔ HIV ɔyare mmoawa no. Afei, lɔrekafo a wɔde ɔyare no asan wɔn no kɔ “tea ahomegye” beae a edi hɔ no, na awiei koraa no wɔsan kɔ wɔn fie​—saa bere no nyinaa na wɔde owuyare a wɔanya no rema afoforo.

Afei nso ɔmanko ne amammui mu apereperedi wɔ hɔ​—nneɛma a ɛma nnipa ɔpepem pii dan aguanfo no. AIDS ho ɔbenfo Alan Whiteside se: “Faako a amammui ntawntawdi ne ɔmanko wɔ no, abrabɔ mu nneyɛe a ɛfata sɛe. . . . Aguanfo a wɔkɔ mmeae pii no betumi ayɛ wɔn a wɔde ɔyare no san afoforo na wɔn nso na ɛtaa ba sɛ wɔne nnipa pii da.”

Aduruyɛ mu Awerɛhosɛm

Afrikafo a ahia wɔn no ntumi nni wɔn aduruyɛ mu nsɛnnennen nyinaa ho dwuma. Understanding & Preventing AIDS nhomawa no kyerɛkyerɛ mu sɛ, “wɔ Afrika aman pii mu no, sika a afe biara wotwa to hɔ ma obiara sɛ ɔmfa mmɔ n‘apowmuden ho ban no nnu nhwehwɛmu biako a wɔyɛ de hwɛ sɛ AIDS ɔyare mmoawa no wɔ obi mogya mu no ho ka. Saara na AIDS​—Countdown to Doomsday nhoma no kyerɛwfo Keith Edelston kyerɛkyerɛ mu sɛ “samina a wɔde kum nnwinnade ho mmoawa, anaa aduru a ekum mmoawa a wɔde popa nneɛma a ehwie gu mpo nni hɔ mpɛn pii.”

Adeyɛ a ɛkɔ so wɔ Afrika aman bi mu a ɛne paane biako a wɔde wowɔ ayarefo pii no maa Edelston bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Yɛ ahwɛyiye, sɛ ehia sɛ wɔwɔ wo mpaane . . . wɔ Afrika a . . . Bisa sɛ wɔmma wo paane foforo a wɔayi afi ɛho adurade a ɛho tew mu na hwɛ bere a woyi no.”

Ɔyare no a etumi san obi a wɔnhyɛ da no ho asiane ama aduruyɛ ho adenimfo so retew kɛse. Bere a nnuruyɛfo baanu bi a na wɔwɔ South Africa ayaresabea bi rehwɛ AIDS ayarefo no, mpaane a wɔde yɛɛ adwuma no titii wɔn. Wonyaa ɔyare no bi ma wowuwui. Eyi maa nnuruyɛfo a wofi amannɔne baasia gyaee adwumayɛ wɔ saa ayaresabea hɔ.

Wɔ saa tebea horow yi mu no, ɛnyɛ nwonwa sɛ nnipa pii resusuw adeyɛ a ɛne ma a wɔma afoforo nneɛma a etumi ma obi nya AIDS ntɛm sen biara no mu biako​—mogya​—no ho yiye! South African Medical Journal no ka sɛ: “Mogya a ɔyare mmoawa no wom da so ara yɛ ɔkwan titiriw a ɔyare no fa so trɛw,” na ɛde ka ho sɛ, “wɔda so ara nhwehwɛ mogya mu wɔ Afrika mfinimfini na anyɛ yiye koraa no, mogya a wɔde ma no mu ɔha mu nkyem 60 yɛ nea ɔyare mmoawa no bi wom.

Enti, Afrika a awerɛhosɛm pii ato no dedaw no rehu amane bio. Na nea afi AIDS ɔyaredɔm wɔ Afrika no mu aba a ɛyɛ awerɛhosɛm sen biara no ne nea ato mmea ne mmofra no.

Wɔn a Mfomso no Mfi Wɔn a Wohu Amane

Lucy yɛ obi a wanya AIDS a mfomso no mfi no. Ne kunu a ne bra asɛe no na ɔde san no.Mprempren, sɛ́ okunafo a wadi mfe 23 no, Lucy ne ne nkate horow reko. Ɔka sɛ: “Meda so ara rebɔ mmɔden asusuw ho sɛ ebia ntease wom sɛ mɛdɔ ne nkae anaa mɛtan no esiane sɛ ɔde ɔyare no san me nti.” Lucy nkate yi yɛ ɔyaw ne amanehunu a emu yɛ den a AIDS de ba wɔn a wonya nanso mfomso no mfi wɔn so no ho nhwɛso.

The World Today nsɛmma nhoma no se: “Ɛwom sɛ wɔ aman a afei na wɔrenya nkɔso mu no, mmea dodow a HIV bɛka wɔn no ne mmarima a ɛbɛka wɔn no dodow bɛyɛ pɛ de, nanso ebetumi aba sɛ sɛnea ɛbɛka mmea no mu . . . bɛyɛ den kɛse koraa.” Eyi yɛ nokware titiriw wɔ Afrika ho, faako a mmea​—a wɔyɛ mmɔbɔ yiye esiane nhoma a wonnim, ohia, ne bata a wɔn kununom tu nti no​—hu amane a wɔnka hwee no.

Nanso awerɛhosɛm a ɛsen biara a AIDS de aba no wɔ mmofra so. UNICEF (Amanaman Nkabom Mmofra Yiyedi Foto) bu akontaa sɛ, esiane sɛ AIDS bekunkum mmea bɛyɛ ɔpepem 2.9 wɔ Afrika wɔ mfe du yi mu nti, mmofra bɛyɛ ɔpepem 5.5 bɛyɛ nyisaa. Ɔpanyin bi a ofi ɔman bi a wɔwɔ anyɛ yiye koraa no. wɔn a AIDS ama wɔayɛ nyisaa 40,000 mu no bɔ amanneɛ sɛ wɔafi ase anya “nkuraa bi a . . . mmofra nko ara na wɔwɔ ase” dedaw.

Ɔhaw no ho ade biako ne ɛnanom a wɔne wɔn mma nyinaa anya ɔyare no bi. South African Medical Journal no kyerɛkyerɛ mu sɛ “asɛm a ɛnanom pii a wɔn mma nkokoaa wɔ ɔyare no bi taa bisa ne sɛ, ‘hena na obewu kan?”

Ɛnyɛ nwonwa sɛ mmea pii te nka sɛ wobenya AIDS. Zambiani oduruyɛfo M. Phiri se: “Mmea no bebisa sɛ aduru bi wɔ hɔ a wobetumi afa na wɔannya ɔyare no bi anaa . . . Wosuro sɛ bere a ebia wɔhwɛ wɔn ho yiye no, ebia wɔn hokafo, wɔn kunu no, renyɛ ɔnokwafo saa. Eyi haw wɔn .

Enti, dɛn na ɔwarefo betumi ayɛ sɛ ɛbɛda adi sɛ ne hokafo asɛe aware a? Sɛ ɔde firi no na wɔsan ware a, ɛsɛ sɛ ɔhokafo a odi fɔ no pene so kɔyɛ aduruyɛ mu nhwehwɛmu hwɛ sɛ ebia ɔwɔ HIV a. (Fa toto Mateo 19:9; l Korintofo 7:1-5 ho.) Enkosi sɛ wobehu nea ebefi mu aba no, awarefo a wɔwɔ saa tebea yi mu no betumi asi gyinae sɛ wɔbɛtwe wɔn ho afi nna ho anaasɛ anyɛ yiye koraa no wobetumi de biribi abɔ wɔn ho ban na wɔannya ɔyare no bi.

Esiane sɛ egye bere tenten ansa na AIDS ada adi nti, ɛsɛ sɛ mmerante ne mmabaa a wɔresusuw aware ho no hwɛ yiye ansa na wɔapene so sɛ wɔbɛware obi a bere bi a atwam no na n‘abrabɔ ho wɔ asɛm, sɛ mprempren ɔde Kristofo gyinapɛn ahorow di dwuma wɔ n’asetra mu mpo a. Ɛdefa saa nnipa a asiane wɔ wɔn ho yi ho no, Tanzaniani AIDS ho ɔbenfo, Oduruyɛfo S. M. Tibangayuka de nyansahyɛ ma sɛ mmerante ne mmabaa nni kan nyɛ ahwɛyiye a ɛne sɛ wɔbɛyɛ “nhwehwɛmu ahwɛ sɛ wɔwɔ HIV, ansa na wɔaware.”

Nokwasɛm ne sɛ, bere tenten a AIDS wɔ Afrika ne, nokwarem no, wiase afã a aka no, wɔn a wonya bi nanso mfomso no mfi wɔn, a aware mu ahokafo ne mmofra ka ho no, behu amane.

[Kratafa 7 mfonini]

Nneɛma pii nti na AIDS redi awu kɛse sɛɛ wɔ afrika no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena