AIDS Sɛe Nneɛma Kosi He wɔ Afrika?
Efi Afrika Nyan! kyerɛwfo ho
Ebia wotee nsɛm a wɔkaa sɛ ɛbɛba no. Nà ɛyɛ hu yiye. Nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ Afrika asasepɔn no so benya AIDS. Nipadua mu tumi a ɛko tia ɔyare no bɛsɛe, na nipadua no rentumi nsiw nyarewa a ɛyɛ hu a ɛbɛhyɛn ne mu no kwan. Te sɛ mpete yaredɔm a esii Europa wɔ afeha 14 no mu no, owu ne ɔsɛe a enni ano bedi akyi aba.
Afei ɛho nsɛm keka no kɔɔ fam kakra. Ná ɛho nsɛm abu so dodo wɔ atesɛm amanneɛbɔ mu, na ɔsɛe kɛse a ɛreba ho nsɛm a wɔhan wɔn ani kae no fonoo ɔmamfo no. So na ɛbɛyɛ nea ennye saa ampa? Ɛhe pɔtee na AIDS ɔyaredɔm no mu atrɛw akodu ankasa wɔ Afrika?
AIDS ho nhwehwɛmufo Oduruyɛfo Andre Spier ka sɛ: “Obiara nnim nnipa dodow a ɛbɛka wɔn daakye.” Nanso ɔnhwɛ asɛmpa kwan. “Wɔn a ɛbɛka wɔn no bɛdɔɔso na ɛde ɔsɛe kɛse bɛba ɔmamfo nyinaa so.” Saara na Oduruyɛfo Lars Kallings ka siei wɔ 1988 amanaman ntam AIDS ho nhyiam bi a wɔyɛe wɔ Stockholm, Sweden no ase sɛ “wɔ bɛyɛ mfe abien bi pɛ mu no . . . wɔn a wobewuwu no bɛdɔɔso ma ayɛ hu.”
Nea ɛboro “bɛyɛ mfe abien bi” atwam fi bere a ɔkaa saa asɛm no. Mprempren. nsɛm a wɔka siei no pii renya mmamu ma ɛyɛ hu. Awufo afi ase reda adi wɔ nkontaabu mu. Na afei na nea ennye sen biara no rebɛba.
Awufo ne Wɔn a Wɔrewuwu
Nnipa pii rewuwu na nneɛma pii resɛe wɔ Afrika Anhweatam no anafo fam afã horow pii. Nnansa yi ara amanneɛbɔ bi a ɛwɔ nyansahu ho nsɛmma nhoma Nature mu se “wɔ nkurow akɛse bi mu no, AIDS ne ade a edi kan a mprempren ɛrekunkum mpanyimfo ne nneɛma atitiriw a ekunkum mmofra no mu biako.” Wɔ Afrika kuropɔn bi mu no. ɛyɛ den ma asɔfo sɛ wɔbɛyɛ nnipa pii a AlDS na ekunkum wɔn no nyinaa ayi.
Wɔ October 1991 mu no, wɔde AIDS wɔ Afrika ho amanneɛbɔ a ɛyɛ hu kɔmaa Commonwealth no mu aman mpanyimfo a wohyiae wɔ Harare, Zimbabwe no. Wɔdaa no adi sɛ, saa bere no, nã Afrika aman bi mu ayaresabea mpa nyinaa mu ɔha mu nkyem 50 kosi 80 yɛ nea AIDS ayarefo na wɔdeda so. Ɛdefa Uganda a ɔyare yi agye ntini yiye wɔ hɔ ho no. AIDS ho ɔbenfo Oduruyɛfo Stan Houston daa no adi sɛ AlDS akunkum nnipa pii wɔ Uganda sen wɔn a wowuwui wɔ mfe 15 a etwaam no mu ɔmanko a ɛbaa saa ɔman no mu no mu dedaw.
Nea ɛhaw adwene saa ara ne nea nnuruyɛfo ne anyansahufo a wɔwɔ Abidjan, Cõte d‘Ivoire ahu no. Wɔde asram pii yɛɛ afunu a na wogu kuropɔn no mɔɔkyere abien a ɛso sen biara no mu ho nhwehwɛmu. Dɛn na wohui? Science nsɛmma nhoma a ɛde amanneɛbɔ no mae no daa no adi sɛ wohui sɛ AIDS “ne ade titiriw a ekun- kum” mmarima a wɔadu mpanyin mfe so wɔ Abidjan. Nsɛmma nhoma no de ka ho sɛ dodow a wɔkyerɛe no “yɛ nea ebia esua sen nnipa dodow a HIV (Ɔyare Mmoawa a Wɔsɛe Nipadua mu Tumi a Ɛko Tia Nyarewa) kunkum wɔn no ankasa.”
WHO (Wiase Nyinaa Ahyehyɛde a Ɛhwɛ Akwahosan ho Nsɛm So) a wɔhwɛ sɛnea ɔyare no trɛw wɔ wiase nyinaa no mpo gye tom sɛ eyi yɛ ɔhaw no fã ketewaa bi pɛ. Sɛnea New Scientist nsɛmma nhoma no kyerɛ no, WHO “gye di sɛ Apuei ne Mfinimfini Fam Afrika aman no mu pii de nnipa dodow a wɔanya AIDS no du mu nkyem biako pɛ ho amanneɛbɔ na ama . . . Amanneɛbɔ a wɔde ma no nni mũ na ɛnyɛ nokware efisɛ wontumi nhwehwɛ ayarefo no ho nsɛm mu yiye.”
Ɔyare a Ehintaw
AlDS ho ade biako a ɛyɛ hu ne sɛnea ɔyare no de bere tenten hintaw obi ho ansa na honam mu sɛnkyerɛnne ahorow ankasa ada adi sɛ wanya AlDS no. HIV a edi awu yi betumi ahintaw obi mu akɔpem mfe du. Wobetumi ahu no sɛ ɔwɔ apɔwmuden na ɔbɛte nka saa nso. Sɛ obi a wanya bi ankɔyɛ nhwehwɛmu a wɔde hwɛ sɛ obi anya ɔyare yi bi no a, ɔrenhu da sɛ wanya ɔyare a ebekum no—kosi sɛ sɛnkyerɛnne ahorow no bɛda adi! Ɛyɛ wɔn a ɛte sɛ nea wɔwɔ apɔwmuden nanso wɔanya ɔyare yi bi no na wɔma AIDS trɛw a wonnim.
Nnipa dodow a wɔanya HIV ho nhwehwɛmu ahorow ma sɛnea owuyare yi retrɛw wɔ Afrika no da adi. Sɛ nhwɛso no, African Affairs nsɛmma nhoma no kyerɛ sɛ “wɔn a wɔanya [HIV] dɔɔso yiye wɔ ɔmansin a ɛda Vitoria Ɔtare no a nnipa pii te hɔ no, na wɔn dodow bɛyɛ sɛ efi mpanyimfo a asiane a ɛwɔ hɔ sɛ wobetumi anya bi no sua koraa anaa ensua pii no mu ɔha biara mu nkyem 10 kosi 18, de kosi wɔn a wɔne nnipa pii da no mu ɔha biara mu nkyem 67.” Saa ara na Nature nsɛmma nhoma no bu akontaa sɛ “ɔyare no akɔ so atrɛw wɔ wɔn a wɔanyinyin mu fi 1984, akodu ɔha mu nkyem 20-30 wɔ nkurow akɛse a ɔyare no wɔ hɔ sen biara no mu.” Susuw ho hwɛ—nea ɛreyɛ adu mpanyimfo nyinaa mu nkyem abiɛsa mu biako bewuwu wɔ mfe du mu!
Aban ahorow ne akannifo a na anka wɔmpɛ sɛ wɔda faako a AlDS atrɛw akodu adi no, rehu sɛnea ɔyare no yɛ hu fa no yiye afei. Obi a na anka ɔyɛ ɔmampanyin wɔ Afrika penee AIDS a wɔbɛko atia so—bere a ekum n’ankasa ne babarima akyi. Aban kannifo foforo bi bɔɔ kɔkɔ nnansa yi sɛ nnipa 500,000 na wɔanya HlV wɔ ne man mu. Na eyinom mu dodow no ara nnim sɛ wɔanya owuyare ma enti wɔnam wɔn bra bɔne so retrɛw ɔyare bɔne no.
“Monka Nea Asi wɔ Ha Nkyerɛ Wɔn”
Bere a nnipa a wɔanya HIV no dodow kɔ so kɔ anim no, dodow a awiei koraa no wɔbɛyare kɛse na wɔawuwu no bɛkɔ anim yiye. Eyinom de awerɛhow ne amanehunu a ano nni na ɛbɛba. Wɔ Uganda ne Tanzania ɔhye so a AIDS akunkum nnipa pii wɔ hɔ no, ebi too Khamlua a wadi mfe 59 no. Efi 1987 no, wasie ne mma ne ne mmanana ll—AIDS na ekunkum wɔn nyinaa. Bere a awerɛhosɛm no atumi no no, ɔteɛm sɛ: “Monkɔka m’anwiinwii no ho asɛm nkye- rɛ wiase no. Monka nea asi wɔ ha nkyerɛ wɔn.”
Esiane akwan ankasa a AIDS nam so trɛw no nti, asiane wɔ hɔ sɛ nea ɛtoo Khamlua wɔ Afrika no betumi asi wɔ wiase afa horow pii. Ebia wubebisa sɛ, ‘dɛn koraa nti na Afrikafo na adesamma awerɛhow ne amanehunu pii no to wɔn kɛse saa?”
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 3]
Wɔ aman binom a afei na wɔrenya nkɔso mu no, “ebedu 1993 no, na AIDS ne ade biako a ekum nnipa pii sen biara wɔ hɔ.”
——The World Today, England