Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g81 11/8 kr. 4-5
  • Ɔma Ho Kwan—Nanso Hefo Na Wɔde Wɔn Ho Hyɛ Mu?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔma Ho Kwan—Nanso Hefo Na Wɔde Wɔn Ho Hyɛ Mu?
  • Nyan!—1981
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NEA AKODI SƐE
  • NEA ƆKƆM DE BA
  • KWAE AHOROW A ƐRESÃ
  • MFRAMA A WƆSƐE NO HO ƆHAW AHOROW
  • ONIPA KO TIA N’ANKASA HO
  • AHOFADI A WƆDE DI DWUMA ƆKWAMMƆNE SO
  • Dɛn Na Akã Yɛn Dɔte Yi?
    Nyan!—1987
  • Nna A Edi Akyiri​—Ɔkɔm, Ɔyaredɔm, Efĩ Ne Ahenni Ho Asɛmpaka
    Nyan!—1988
  • Asase Bi A Kwae Nni So​—So Ɛno Ne Nea Ɛbɛba Daakye?
    Nyan!—1988
  • Dɛn Na Onipa Reyɛ Asase No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1981
g81 11/8 kr. 4-5

Ɔma Ho Kwan​—Nanso Hefo Na Wɔde Wɔn Ho Hyɛ Mu?

Nsɛmmɔnedi bɛn na Onyankopɔn ma ho kwan a nnipa di ho nkɔmmɔ no? Ɛno ne nea ekowie onipa amanehunu mu no.

NEA AKODI SƐE

Aman ahorow di ako, kunkum asraafo, tow atopae sɛe nkurow, kunkum mmea ne mmofra, na wɔde nnipa afunu hyɛ asase so ma. Nyarewa kɔ so. Wɔfa akwan horow so sɛe anaasɛ wɔhyew asase ani nwura ne nneɛma afoforo. Ɛde ɔkɔm ba. Awo ntoatoaso yi ahu wiase ko abien mu amane. Nea edi kan no kunkum mmarima ɔpepem 10, nea ɛto so abien no maa nnipa ɔpepem 55 hweree wɔn nkwa. Wohwiee atopae guu mmeae horow pii, na atomik atopae hyew nkurow akɛse abien.

NEA ƆKƆM DE BA

Wɔ 1979 mu no, aduankɔm kunkum nnipa ɔpepem 50 a wɔwɔ Aman a Ennyaa Nkɔanim no mu no. Mmofra bɛyɛ ɔpepem 25 a wonnii mfe anum a wɔwɔ saa aman no mu wuwu afe biara, na nnipa ɔpepem mpem pii di kɔm da biara. Onipa betumi asiw nsɛmmɔnedi yi ano. Asase betumi asow nnɔbae ma aboro nea ɛsotefo hia so. Sɛ nhwɛso no, anka nsase a ɛdeda Ganges asubɔnten no ho a wɔbɛdɔw de nnuan a ne dodow bɛyɛ ton ahorow ɔpepem 150 bɛma, nanso wɔnyɛ saa esiane ɛho ka nti. Nanso anka sika dɔla ɔpepem ɔpehanum a wɔsɛee no 1980 mu wɔ wiase sraadi ho no mu fã ketewaa bi betumi atua ho ka no. Dɛn na eyi da no adi wɔ nea onipa ani kũ ho kɛse no?

KWAE AHOROW A ƐRESÃ

“Bere a wonkenkan ɔkasamu yi nwie no, na kwae ahorow ahama 8 asa.” Saa na “Newsweek” nsɛmma nhoma no fii n’asɛm a ɛreka afa kwae ahorow a ɛresã ho no ase. Ebetumi aba sɛ efi 1950 reba no, wiase yi mu kwae nsase fã asã. Kwae nhama ɔpepem aduonu anum kosi ɔpepem 50 refi hɔ afe biara. Wɔ Afrika no, wotwa kwae nhama ɔpepem anum mu nnua afe biara, na wɔde eyi mu ɔha biara mu 90 sɔ gya. Dɛn na afi mu aba? Nsase a wodua so hwee a ɛnyɛ yiye a ɛretrɛw ne ɔkɔm a ɛrenya nkɔanim. Nnipa a adwene a wokura ne sɛ wobenya mfaso ntɛmntɛm de mfiri akɛse resɛe kwae ahorow a ɛdeda Amazon asubɔnten ho no, na nea efi mu ba no yɛ asiane kɛse. Obi a osua abɔde ho ade se: “Mprempren yi, wobetumi de Sahara foforo aba.”

Sɛ onipa popa kwae ahorow fi asase ani a, asase ani dɔte no hohoro kogu po mu​—nanso ɛyɛ asase ani dɔte no na ɛma afifide nyin na ɛde aduan ma wiase no. Nhwɛso biako ni: Wɔ India no, nneɛma a ɛsom bo a wonya fi asase mu yi mu ton ɔpepem 6,000, a ɛyɛ ton du ma onipa biako biara a ɔwɔ ɔman no mu, hohoro kogu po mu afe biara. Egye mfe mpempem pii na ɔbo adan ayɛ dɔte, ne mfehaha pii bio na saa dɔte no abɛyɛ nea srade wom pii na aboa ma nnɔbae aba. So dɔte yɛ fow? Ɛnyɛ dɔte eyi! Ne bo yɛ den pii sen sika kɔkɔɔ. Sɛ dɔte nni asase ani pii a, ɛmma nnɔbae, ɔkɔm ba bebree​—eyi yɛ nnipa adeyɛ, ɛnyɛ Onyankopɔn.

MFRAMA A WƆSƐE NO HO ƆHAW AHOROW

Nea Onyankopɔn ama ho kwan nanso nnipa ma ɛkɔ so ne wiase nyinaa mframa, nsu ne asase a wɔresɛe no no. Sɛ wogyina nsɛmmɔnedi a ɛma nnipa hu amane no so a, eyi yɛ atirimɔden. Ɔpɔn, mmofra a wɔwo wɔn a wɔadi dɛm, nyarewa ahorow, awuwuawuwu​—obiara nnim ɔpepem pii a wɔrehu eyi ho amane. Nhwɛso a ɛda adi pefee biako ni: adwumayɛbea bi a nnipa 80,000 te hɔ wɔ Brazil, ɛhɔ yɛ baabi a wodi nneɛma a wonya petrol fi mu ho dwuma. Wɔfrɛ hɔ sɛ “owu bon mu.” Nea wopuw gu kurow yi mframa ne nsu mu da biara da yɛ huruhurow a awuduru wom. Nsubɔnten fi ahuru, wɔwo nsum nam a wɔwɔ mu no a wɔn ani afurafura na wɔadidi dɛm, wusiw a efi adwumayɛbea hɔ hyɛ ɛhɔ mframa mu ma. Mmoawa anaasɛ nnomaa anaasɛ mfafantɔ anaa biribi biribi nni saa beae no, na sɛ nsu tɔ a, nnubɔne a afrafra mframa mu no hyehyew honam ani. Mpempem pii wuwu.

Bere a nnipa amanehunu a ɛyɛ hu yi kɔ anim no, ade foforo bi nso a ɛsɛe ade da adi, adwene no ne abrabɔ a wɔsɛe no no. Ansa na nnipa fi anidaho mu bɛsɛe asase na wɔasɛe ɛso nneɛma a ɛyɛ fɛ, agyapade, akwahosan ne nkwa no, na wɔadi kan asɛe wɔn ho​—wɔ adwene mu, abrabɔ mu ne honhom mu.

ONIPA KO TIA N’ANKASA HO

Nanso ɛnyɛ aman ne nnwuma ahorow ne akuw afoforo a wɔwɔ ahoɔden no nko na wɔde ɔhaw ba ɔpepem pii a wonni bi anaasɛ wɔn ade yɛ mmɔbɔ no so na mmom ankorankoro de amanehunu ba ankorankoro afoforo so. Nsɛmmɔne nya nkɔanim foforo bere a nnipa di awu, wɔto mmonnaa, wowia ade na wɔboro nnipa afoforo no.

Afei ɔpepem pii a wɔhaw wɔn ankasa ho no, wɔ hɔ. Wodidi mmoroso, wɔyeyɛ akɛse pii na ɛmma koma no ntumi nyɛ adwuma yiye; wodidi ntɛmntɛm dodo, wɔfɔn yɛ ketekete na wɔsɛe wɔn ahoɔden, wɔpow sɛ wɔbɛteɛteɛ wɔn apɔw mu, na wɔbɛyɛ wɔn a wɔn mpɔw mu nyɛ den; wɔde wɔn ho hyɛ nsanom mu pii na wonya berɛbo mu yare; wɔnom tawa anaasɛ sigaret, na ahurututu mu akisikuru kunkum wɔn; wɔde marijuana anaasɛ wii di dwuma na wɔsɛe amemene, koma, ahurututu ne awode no; wɔde wɔn ho hyɛ awaresɛe ne aguamammɔ mu na wonya babaso; wɔka kar basabasa na wopira anaasɛ wokum afoforo ne wɔn ankasa ho; wɔnam adefudepɛ so hwehwɛ sika ne tumi, dibea ne ahonya ahorow, na ɛdenam saa yɛ so no wonya adwennwene a ɛde ayamkuru ne komayare ba​—ɔkenkanfo biara betumi akɔ so abobɔ bɔne ahorow a wobetumi asiw ano a nnipa de ba wɔn ankasa so no din.

AHOFADI A WƆDE DI DWUMA ƆKWAMMƆNE SO

Onyankopɔn mma nsɛmmɔnedi ho kwan, na ɛkyerɛ sɛ ɔmma ho kwan sɛ nnipa mfa wɔn ho nhyem; ɔma onipa kwan ma ɔde n’ahofadi a ɔwɔ sɛ ɔde paw nea ɔpɛ no di dwuma ɔkwammɔne so na wodi nsɛmmɔne. Anigye mu no, Ɔsɛnkafo 7:29 ka sɛ: “Onyankopɔn yɛɛ onipa tẽe, na wɔn de, wɔhwehwɛ tirim adwene beree!”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena