Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g87 2/8 kr. 8-11
  • Dɛn Na Akã Yɛn Dɔte Yi?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Na Akã Yɛn Dɔte Yi?
  • Nyan!—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asase Ani Dɔte Pa a Ɛkɔ So Sa
  • Ɔhaw a ɛwɔ Wiase Nyinaa
  • Nea Asase Ani Dɔte Pa a Ɛsa no Kyerɛ ma Wo
  • Nnipa A Ɔkɔm De Wɔn Wɔ Wiase a Wɔbɛma Wɔn Aduan
    Nyan!—1985
  • ‘Montra M’asɛm Mu’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Ɔma Ho Kwan—Nanso Hefo Na Wɔde Wɔn Ho Hyɛ Mu?
    Nyan!—1981
  • Asase So Nneɛma Dodow so Rehuan
    Nyan!—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1987
g87 2/8 kr. 8-11

Dɛn Na Akã Yɛn Dɔte Yi?

NNIPA a wɔtete abansoro so wɔ nkurow akɛse mu ntaa nhu eyi. Nnipa a wɔtete afie a ɛwɔ nkurow akɛse mu a wɔaduadua sare kakraa bi wɔ anim ne akyi mma wɔn ani nkũ ho ahe biara. Wɔ nnipa a wɔtete nkuraase fam no, sɛ ɛba wɔn afie mu a, ɛyɛ ade a ɛhaw wɔn yiye.

Ɛkyerɛ nneɛma ahorow pii ma nnipa ahorow ahorow. Mmarimaa tutu amoa wɔ mu. Mmeawa de bɔ nkuro. Ɛnanom mpɛ. Nnipa a wɔyɛ mfiri a wɔde horo ade nya mfaso pii esiane ɛno nti. Tu a nnipa a wɔka katapila tutu no ma wonya sika de hwɛ wɔn ho. Akuafo funtum na woduadua nneɛma wɔ so. Wɔtow nnubɔne gu so na ɛma ɛyɛ nea awo ntoatoaso a ɛbɛba no rentumi mfa nyɛ hwee. Ɛno na wɔde yɛɛ adesamma. Sɛ yewu a, wosie yɛn wom.

Wɔ asase so nneɛma a ɛsom bo kɛse nyinaa mu no, emu biara nni hɔ a wɔasɛe no kɛse te sɛ yɛn dɔte yi. Esiane sɛ wɔmfa nyansa nni dwuma nti, wɔafuntum no mmoroso, wɔaduadua nneɛma wɔ so ma aboro so, wɔde ɔyɛ asase yiye agugu so ma aboro so na wɔasɛe no ma aboro so.

Wɔabu no sɛ ade a enni ano a ɛdɔɔso te sɛ mpoano anhwea. Atubrafo a wodii kan kɔɔ nsasesin afoforo so no totɔɔ nsase aboɔmmerɛw. Wotwitwaa nnua ne afifide a ɛwɔ so no mu pii bere a wotwitwaa mfɛtɛwee ka na woduaduaa wɔn nnɔbae no. Afei osu fii ase tɔe na ɛmaa mfɛtɛwee ka ahorow no dan yɛɛ nsuka akɛseakɛse na ɛhohoroo asaseani dɔte pa no koguu nsubɔnka ahorow mu na wɔ bere tiaa bi akyi no, ɛkɔɔ po mu. Bere a afei asase pa no sae no, wotu kɔɔ wɔn anim a wɔansua biribiara amfi wɔn mfomso ahorow no mu na wogyaw asase kɛse a wɔasɛe no no hɔ. Saa bere yi nyinaa no, atubrafo kɔɔ so baa hɔ na wofuntum asase ani dɔte pa a ɛnnɔɔso sɛnea wobetumi adua nneɛma wɔ so no. Wɔ awo ntoatoaso biako mu no, na wɔasɛe asase no.

Anantwi hwɛfo maa wɔn anantwi pii no wee sare a ɛwɔ asase a wonnuaa hwee wɔ so no so no ma ɛdanee asasebonin. Afei ɔpɛ sii. Dɔte pa a ɛresa, asasebonin ne mframa a ɛbɔe na ɛmaa ahum kɛse tui wɔ 1930 mfe no mu a ɛsɛee nsase akɛseakɛse a wɔde dɔw mfuw wɔ amansin anum a ɛwɔ Amerika Mfinimfini atɔe fam no so no. Mframa no de tutuw pii kɔɔ ahunmu anammɔn mpempem pii. Ewurawuraa atokuru a ɛwowɔ apon ne mfɛnsere ho no mu. Pii koguu mmorɔn so ne mfuw mu na ɛkataa apata, tractor ne nnwinnade a wɔde dɔw mfuw so.

Dɔte no sɛee nsase a wɔde dɔw mfuw nhama ɔpepem pii. Afei wɔ asram kakraa bi mu no, mframa ne nsu hohoroo asase ani dɔte pa a ɛsom bo a emu dɔ yɛ nsateakwaa biako pɛ a abenfo ka sɛ ebetumi agye mfe ɔhaha pii ansa na wɔanya foforo asi ananmu no kɔe.

Awiei koraa no, onipa suaa biribi fii ne mfomso no mu. Wɔtew ahyehyɛde ahorow a ɛbɛhwɛ dɔte pa a wɔbɛkora so ho nsɛm so sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛboa akuafo na wɔn nsase ani dɔte pa no ansa. Wofii ase twitwaa mfɛtɛwee ahorow a ɛbɛboa na asase ani dɔte pa no ansa. Wotwitwaa mfɛtɛwee ahorow a emu dɔ yiye wɔ mmepɔw a ɛwɔ asase no so no ho hyiae sen sɛ anka wobetwitwa wɔ so mmom. Eyi tumi maa nsu no ano boaboaa wɔ nsuka no mu na ɛmem kɔɔ fam sen sɛ anka ɛbɛtene na ɛde asase ani dɔte pa no akɔ. Adwumayɛfo a wosiw dɔte pa a ɛresa no ano no kokyinkyin asase no so na wɔkyerɛ akuafo no sɛ ɛho hia sɛ wotwitwa mfɛtɛwee a ɛte sɛɛ na wɔnam saa yɛ so atumi asiw asase ani dɔte pa nhama ɔpepem pii a ɛbɛsa no ano.

Nanso so na eyi na wohia na wɔde asiw asase ani dɔte pa a ɛresa no ano? Bere a afe 1986 rebɛn n’awiei a ɛyɛ mfe 50 wɔ ɔpɛ ne ahum kɛse a etui no akyi no, so yehu sɛ wɔn a wɔhwɛ Onyankopɔn asase a eye yi so no rehwɛ so yiye? Amanneɛbɔ a efi wiase nyinaa kyerɛ dɛn?

Asase Ani Dɔte Pa a Ɛkɔ So Sa

Wɔ Amerika nkutoo no, asase ani dɔte pa a ɛresa no yɛ ɔhaw kɛse mpo nnɛ. National Wildlife nsɛmma nhoma a ɛbae February/March 1985 no kyerɛw sɛ: “Yɛn asasebere a yɛde dɔw mfuw no nhama ɔpepem 421 no mu ɔpepem 97 ani dɔte pa resa ntɛmntɛm sen sɛnea ebetumi anya foforo asi ananmu no mmɔho abien. Nsasebere nhama foforo ɔpepem 89 nso ani dɔte pa resa ntɛmntɛm sen sɛnea wobetumi anya foforo asi ananmu mpɛn biako anaasɛ abien. Wɔ ne nyinaa mu no, yɛn nsase a yɛde dɔw mfuw no mu bɛyɛ ɔha biara mu 40 ani dɔte pa resa. Wɔ Iowa no, nsase bi ani dɔte pa a anka bere bi emu dɔ yɛ anammɔn biako no mu dɔ yɛ nsateakwaa asia nnɛ. Asase pa a wodua awi wɔ so a ɛwɔ Palouse mansin mu wɔ Washington apuei fam no ani dɔte pa nyinaa asa. Wɔ mmeae ahorow bi wɔ Missouri kusuu fam no, asase ani dɔte pa no fã asa na ɛda so ara resa ntɛmntɛm sen sɛnea wobetumi anya foforo asi ananmu mmɔho anum.”

Ɛnyɛ mframa na ɛma asase ani dɔte pa nyinaa sa sɛnea esii wɔ bere a ɔpɛ sii na ahum nso tui no mu ne sɛnea ɛte wɔ Afrika mmeae ahorow pii nnɛ no. Wɔ United States titiriw no, nsu na ɛma asase ani dɔte pa no mu fã kɛse ara sa. Sɛnea United States asoɛe a ɛhwɛ kuadwuma ho nsɛm so kyerɛ no, afe 1977 amanneɛbɔ ahorow kyerɛ sɛ nsu hohoroo asase ani dɔte pa bɛyɛ tɔn ɔpepem 6.4 fii nsase a wɔde dɔw mfuw, mmepɔw, kwae ahorow ne nsase a wosisi adan wɔ so ani kɔe. Nnwuma ahorow a onipa yɛ nso maa asase ani dɔte pa yi mu fã kɛse sae ntɛm. Aban panyin biako kae sɛ, “Mfiri ahorow a asɛe ama asase ani dɔte pa pii asa wɔ mmeae ahorow wɔ California wɔ mfe kakraa bi mu sen sɛnea ɛbɛsan anya foforo asi ananmu bio wɔ mfe 1,000 mu.”

Na asuade bi a wonyae wɔ mfe aduonu a atwam ni no mu​—mfɛtɛwee ne nnua atenten a egye mframa a esiw nsu a ɛtene fa asase no so no ano a wofi bere tenten akyerɛ sɛ eye no nso ɛ? Sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ama wɔakɔ so anya awi a wɔhwehwɛ atɔ wɔ amannɔne wɔ 1970 mfe no mu, ne titiriw wɔ Rusia no, wɔhyɛɛ Amerikafo akuafo nkuran sɛ wontwitwa mfɛtɛwee wɔ asase no so nyinaa. Wɔpenee so ntɛm ara denam awi pii a woduae no so na wɔsɛee nneɛma ahorow a wɔayɛ a esiw asase ani dɔte pa a ɛresa no ano a wɔamfa ahwɛyiye biara anni dwuma. Wofuntum nsase a wɔrentumi nyɛ biribiara wɔ so no ne mmepɔw na wɔansakra nnɔbae a wodua no​—ade a ɛma wotumi kora asase ani dɔte pa so no. Wofuntum nsase a wɔyɛn mmoa wɔ so a abenfo pii susuw sɛ akyen dodo sɛ wobetumi ayɛ mfuw wɔ so no nhama ɔpepem anan.

Ampa akuafo no nyaa awi pii na ɛno nso ma wonyaa sika pii. Nanso nea amma wɔn ani annye mfaso pii a wonyae no ho ne abubuw a akuafo koro yi ara bɔe bere a wohui sɛ wɔn nsase a wɔde dɔw mfuw pii ani dɔte pa tɔn pii resa no. Amanneɛbɔ ahorow a wotintimii ka sɛ mprempren asase ani dɔte pa a ɛwɔ Amerika no mu tɔn ɔpepepem asia sa afe biara.

National Wildlife nsɛmma nhoma no kyerɛw sɛ, “Nea ebefi adeyɛ a ɛte sɛɛ mu aba no betumi ayɛ kɛse wɔ mfe a ɛda yɛn anim no mu. Ɔkɔm wɔ yɛn wiase yi mu dedaw. Sɛnea abenfo gye di no, sɛ nsase a wodua nnɔbae wɔ so no mu nkyem abiɛsa mu biako ani dɔte pa resa ntɛmntɛm sen sɛnea wobetumi anya foforo asi ananmu a, ɛnde na nnɔbae a yenya no so retew. Yebetumi adɔw mfuw nhama a yɛdɔw no ara, nanso bere a dɔte pa no resa no, aduan kakraa bi na yebenya afi mu.”

Ɔhaw a ɛwɔ Wiase Nyinaa

Sɛnea 1985 amanneɛbɔ bi a efi Worldwatch Institute kyerɛ no, asase ani dɔte pa a ɛwɔ wiase nyinaa no tɔn ɔpepem 25 sã afe biara. Amanneɛbɔ ahorow kyerɛ sɛ wɔ Ethiopia a ɔkɔm kɛse aba hɔ no, asase ani dɔte pa bɛboro tɔn ɔpepepem biako sã afe biara. Amanneɛbɔ bi a efi United States asoɛe a ɛhwɛ amanaman ntam nkɔsodwuma ho nsɛm so no ka sɛ, “Yɛrehu nneɛma a atwa yɛn ho ahyia a ɛresɛe kɛse . . ., esiane nea Ethiopiafo ɔpepem pii a wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛtra nkwa mu reyɛ nti.” Ɛde ka ho sɛ: “Asase ani dɔte pa a wɔrewerɛw ma dɔte pa kɔ so sa na nnua a wotwitwa de sɔ gya no ma ɔman no mu kwae sa.”

Worldwatch Institute bɔ amanneɛ sɛ: “Mfuw a wɔdɔw wɔ mmepɔw ho ma wohu​—nsase ho a ayɛ na wɔ Andean aman no mu​—Bolivia, Chile, Ecuador, ne Peru. Wɔ obi a ɛnyɛ nea n’ani ku nea ɛrekɔ so no ho fam mpo no, ɛda adi sɛ ɛrenkyɛ na nsu ahohoro asase ani dɔte pa a ɛwɔ baabi a wɔafuntum wɔ mmepɔw no ho no akogu asuten a ɛwɔ mmepɔw no ase no mu na aka abotan ne nnipa a ɔkɔm de wɔn no nkutoo.” Asase ani dɔte pa pii resa wɔ Brazil nso.

Asase ani dɔte pa resa wɔ China nso​—nsu hohoro tɔn ɔpepepem anum kogu nsubɔnten ne asuten ahorow a ɛwɔ hɔ no mu afe biara. Asase ani dɔte pa a ɛwɔ India no mu tɔn ɔpepepem asia sa afe biara na ɛma ɛka nsase nhama ɔpepem 370. Amanneɛbɔ bi a efi Europa kyerɛ sɛ: “Wogye tom kɛse sɛ wɔagyae nsase nhama ɔpepem 4.9 so adwumayɛ wɔ mfe du a atwam no mu wɔ Italy.” Worldwatch ka sɛ: “Saa ara na awi a wonya wɔ mmeae ahorow bi wɔ Yugoslavia ne Bulgaria no dodow so a atew no da no adi sɛ wɔagyae nsase a wɔde dɔw mfuw a ani dɔte pa asa a nneɛma ntumi nyɛ yiye wɔ so no so adwumayɛ.” Sukuupɔn bi a ɛwɔ Moscow gye tom sɛ sɛnea asase ani dɔte pa resa wɔ wiase aman a aka no mu no, saa ara na ɛte wɔ Rusia nso​—pii resa na tebea no mu kɔ so yɛ den.

Nea Asase Ani Dɔte Pa a Ɛsa no Kyerɛ ma Wo

Sɛ́ ebia wote kurow kɛse bi mu anaasɛ akuraa bi ase no, ɛyɛ ampa sɛ wubehu asase ani dɔte pa a ɛsa no ho amane. Worldwatch Institute ka sɛ: “Sɛ yɛpɛ sɛ yehu nea aduan bo bɛyɛ wɔ afeha yi awiei a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ sɛnea asase ani dɔte pa resa ntɛmntɛm no. Dodow a yɛwɔ asase ani dɔte pa a esua no, dodow no ara na aduan bo bɛyɛ den kɛse.”

Bere a nnipa a wɔte asase so no dodow reyɛ adu ɔpepepem anum no, nea ɛbɛyɛ biara asase ani dɔte pa no bɛsa. Sɛ́ nhwɛso no, wɔ China a asase a wɔde dɔw mfuw ho asɛm yɛ den kɛse no, “mprempren aban mpanyimfo rebɔ mmɔden sɛ wɔbɛkora nsase no so denam nnipa afunu a wɔbɛma wɔahyew sen sɛ anka wobesie wɔ adamoa a ɛwɔ ɔman no mu no ho nkuran a wɔhyɛ no so,” saa na Lester B. Brown kyerɛwee wɔ nhoma a wɔfrɛ no State of the World​—1985 no mu. “Ateasefo ne awufo repere nsase ho wɔ ɔman a nnipa akyere so wom yi mu.”

Wɔ aman a nnipa redɔɔso wom a asase ani dɔte pa pii resa wɔ hɔ mu no, asiane betumi afi mu aba. Eyi da adi kɛse wɔ Afrika a awi a wonya no so retew kɛse a ɔkɔm kɔ so de nkurɔfo bere nyinaa no sen baabiara. Sɛnea amanneɛbɔ a wotintimii wɔ nhoma a wɔfrɛ no State of the World​—1985 mu kyerɛ no, na aduan a Afrikafo ankasa nya no so wɔn di wɔ afe 1970 yi ara mu. Nanso wɔ 1984 mu no, wɔde awi fi amannɔne kɔmaa​—nnipa a wɔn dodow yɛ ɔpepem 531​—no mu bɛyɛ ɔpepem 140.

Wɔhwɛ kwan sɛ tebea no mu bɛyɛ den wɔ mfe a ɛbɛba no mu. Dɛn na ɛmaa eyi bae wɔ mfe 14 pɛ yi mu? State of the World​—1985 kyerɛw sɛ: “Eyi fi nneɛma abiɛsa a ɛne nnipa a wɔredɔɔso ntɛmntɛm sen biara wɔ asasepɔn biara abakɔsɛm mu, asase ani dɔte pa pii a ɛresa ne nsase a ɛredan anhweatam ne boa a nniso ahorow a ɛwɔ Afrika no ntumi mmoa kuadwuma no.”

Wɔabu akontaa sɛ nnipa ɔpepepem 1.5 anaasɛ nnipa a wɔwɔ wiase no mu nkyem abiɛsa mu biako wɔ aman a nsase a wɔde dɔw mfuw ne nsase ani dɔte pa resa ntɛmntɛm wɔ hɔ no so. New Scientist nsɛmma nhoma no kyerɛw sɛ: “Ɛte sɛ nea ɛyɛ nwonwa sɛ ɛsɛ sɛ ade a ɛho hia titiriw te sɛ asase ani dɔte pa a yegyina so yi sa ntɛmntɛm ma enti ebedu afeha yi awiei no, na nea ɛsɛ sɛ onipa biara nya mprempren no so atew ɔha biara mu 32.” Bere a mframa ne nsu ma yɛn asase ani dɔte pa ne nea yɛde dɔw mfuw sa no, ɛbɛyɛ den sɛ wiase no benya aduan ama emu nnipa a wɔredɔɔso no adi.

Abenfo ntumi nya ano aduru. Ɔhaw no mu reyɛ den. Yehowa Nyankopɔn nkutoo na obetumi ama asase no asan ayɛ nea ebetumi de nnɔbae a ɛbɔ no nyinaa ama. Ɛrenkyɛ saa bere no bɛba na asase no nyinaa bɛdan paradise sɛnea n’Asɛm hyɛ bɔ no.​—Dwom 72:1-8, 16.

[Kratafa 10 mfoni]

Nnuan a wɔadua asesa so a wɔde kora asase ani dɔte ne nsu so

[Asɛm Fibea]

U.S. National Archives

[Kratafa 8 mfoni fibea]

U.S. National Archives

[Kratafa 9 mfoni fibea]

U.S. National Archives

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena