Nnipa A Ɔkɔm De Wɔn Wɔ Wiase a Wɔbɛma Wɔn Aduan
WƆABOABOA buturu, kyiis ne nufusu a akyen a emu duru yɛ nkaribo ɔpepepem 2.6 ano agu adekoradan bi a ɛwɔ asase ase a ɛwɔ Missouri, U.S.A. no mu. Ɛyɛ aduan a wɔanya ma aboro so a aban no tɔ fi akuafo nkyɛn afe biara a ne bo bɛyɛ dɔla ɔpepepem 8 a wɔde sie wɔ ɔman no mu nyinaa no fã bi. Wɔsɛe dɔla ɔpepem 58 afe biara wɔ hwɛ a wɔhwɛ sie a wɔde sie no so ara kwa no nkutoo ho. Nea ɛka ho no, aban no tua dɔla ɔpepepem pii afe biara ma akuafo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrennɔw wɔn nsase no mu ɔha biara mu 20 na ama nnɔbae a wobenya no so atew.
So aduan a wɔanya ma abu so yi kyerɛ sɛ, sɛ wonya ɔkwan bi a wɔbɛfa so akyekyɛ no pɛpɛɛpɛ ama obiara a, anka aduan a abu so saa no bɛma ɔkɔm agyae wɔ wiase no mu? So wiase aman a aduan a wɔn ankasa nya no nso wɔn di no betumi de wɔn ho ato saa aduan a ɛda adi sɛ ɛdɔɔso a wɔde ma yi so daa?
Nsemmisa yi ho mmuae a yebenya no ho hia kɛse, efisɛ ɛnyɛ nnipa pii a wɔwɔ Aman a Ɛto So Abiɛsa no mu nkutoo na wɔhwɛ mmoa kwan fi aman kakraa bi a wonya wɔn ankasa aduan ma ɛboro so no nkyɛn na mmom aman a wɔanya nkɔso no mu pii tɔ wɔn nnuan fi saa aman yi nkyɛn. Nokwarem no, amanneɛbɔ ahorow kyerɛ sɛ ɛyɛ aman a anya nkɔso te sɛ Soviet Union, Japan ne aman binom a ɛwɔ Europa no na wɔtɔ nnuan a wɔanya ma aboro so no mu fã kɛse esiane sɛ wobetumi atua ho ka nti. Bere tenten a aman a wotumi nya wɔn ankasa aduan ma ɛboro so no kɔ so nya ma ɛboro so na wotwa ɛho bo a eye ma wɔn no de, wɔbɛkɔ so atɔn ama afoforo. Nanso nsɛm ahorow bi kyerɛ sɛ tebea yi renkɔ so daa.
Tebea a Ɛyɛ Hu
Bere a wɔhwɛ nea ɛbɛba daakye kwan no, wɔn a wɔyɛ nhwehwɛmu no mu pii hu sɛ aduan a ɛho hia sɛ wɔtɔ no dɔɔso sen nea wonya no. Wɔn mu pii ka sɛ aduan a wiase no nya no so retew fi mfe du a atwam no mu, bere a nea wɔhwehwɛ atɔ no dodow rekɔ anim kɛse no. Wohu sɛ dodow a wonya ne nea wɔpɛ atɔ no dodow reyɛ ayɛ pɛ. Dɛn na ɛde aduan a wonya a ɛso retew yi aba?
Wogye tom sɛ wim tebea a ɛsɛe no na ɛma ɛba saa. 1980 mu ahohuru bere no mu ɔhyew a ankɔ ntɛm ne wim tebea a ɛtaa sɛe wɔ Soviet Union no amma nnuan anyɛ yiye ampa. Nanso nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho adenimfo ka sɛ saa nnuan a anyɛ yiye no fi nnɔbae a na wɔpɛ sɛ wonya no pii ne nkɔso kɛse a wɔpɛ sɛ wonya wɔ kuadwuma mu no. Bere a na wɔdɔw mfuw nketewa na wontumi mma mfuw nyɛ yiye kɛse no, woduaa nnuan ahorow pii na akuafo amfa wɔn ho anto wim tebea a eye kɛse so. Esiane nnɛyi mfuw a wɔyɛ na wɔatɔn mu nneɛma nti, wodua aduan biako pɛ wɔ afuw a ne kɛse yɛ nhama mpempem anaa ɔpepem pii mpo mu.
Mfuw akɛse a wɔyɛ no ma srade a ɛwɔ asase no mu a ɛma aduan no bɔ no fi mu bere a srade kakraa bi na ɛma asase no san nya no. Wɔyɛ asase no so adwuma na wodua aduan koro no ara a wodua afe biara no, na ɛma srade a ɛwɔ dɔte tuntum a ɛwɔ asase no ani no sa na wonnya foforo nsi ananmu. Nea ɛka eyi ho no, dɔte pa a mframa ne nsu hohoro kɔ no resɛe asase a wodua nnuan wɔ so a ɛyɛ yiye wɔ wiase no mmeae horow a wodua nnuan pii wɔ hɔ no. Sɛ nhwɛso no, wɔ Iowa no, sɛ wɔkyekyem a, mframa anaa nsu a ɛhohoro dɔte pa kɔ no hohoro dɔte pa a emu duru yɛ tɔn 10 a ɛwɔ asase a ne kɛse yɛ hama biako so no kɔ afe biara. Adwuma a ɛhwɛ dɔte a wɔkora so ho nsɛm so no nhwehwɛmu biako kyerɛ sɛ dɔte pa a nsu hohoro kɔ a emu dɔ yɛ nsateaakwa biako no ma aburow a wonya no so tew bɛyɛ ɔha biara mu 6. Ɛbɔ kɔkɔ sɛ sɛ wɔanni dɔte pa a nsu hohoro kɔ mprempren no ho dwuma a, aburow a wonya wɔ United States no so betumi atew abedu nea wonya no mu nkyem abiɛsa mu biako wɔ mfe du kakra a edi hɔ no mu.
Aduan a wonya no so tew esiane biribi foforo nti. Nsase a nnuan tumi yɛ yiye wɔ so no resa ntɛmntɛm. Adan bo a ɛrekɔ soro, petrol, nnuru a wɔde yɛ mfuw, adwumayɛfo ne mfiri ho ka a akɔ soro kɛse ne aduan bo a ɛnyɛ den esiane nnɔbae pii a wonya no nti nyinaa hyɛ akuafo a wɔn mfuw nyɛ akɛse no kɛse ma wɔtɔn wɔn nsase no. Esiane eyi nti, wɔresisi adan ne aguadidan, wotu atare na wɔpaapaa lɔre akwan akɛse afe biara wɔ nsase a wodua nnuan wɔ so a ɛyɛ yiye no so wɔ United States. Sikasɛm ho ɔbenfo bi a ɔwɔ U.S. asoɛe a ɛhwɛ kuadwuma ho nsɛmso no kae sɛ, “Esiane aduan a wonya ma ɛboro so kɛse, ɔkɔm a ɛwɔ wiase no mu ne mfaso a wonnya mfi kuadwuma mu nti, ɛda adi pefee sɛ mprempren nhyehyɛe no nyɛ nea ɛyɛ adwuma.”
Anidaso Bɛn na Ɛwɔ Hɔ?
Bere a yɛahwehwɛ asɛm no afã abien nyinaa mu—tebea a ɛwɔ Wiase Aman a Ɛto So Abiɛsa a aduan a wonya no nso wɔn di ne Aman a anya nkɔso a wonya aduan ma ɛboro so no mu no—dɛn na yebetumi aka wɔ anidaso a ɛfa ma a wɔbɛma wɔn a ɔkɔm de wɔn wɔ wiase no mu anya aduan adi no ho? Wɔ ɔhaw ahorow nyinaa a adesamma abusua no hyia no mu no, ɛte sɛ nea emu biara nni hɔ a wobetumi adi ho dwuma kɛse—na wɔ bere koro no ara mu no ɛnyɛ den kɛse sɛ wobedi ho dwuma—sen ɔkɔm.” Saa na The New York Times kae wɔ asɛm a ɛfa ɔkɔm ho no mu. Ɛreka “akatua a ebinom de dɔɔso sen afoforo de ne ohia” ho asɛm sɛ ɛno na ɛma ɔkɔm a ɛwɔ wiase nyinaa aba ankasa no, ɛtoaa so sɛ: “Sɛ wɔanni asetra ne sikasɛm mu ɔhaw kɛse yi ho dwuma ansa a, ɛnde mmoa a wɔde ma ne nnipa dodow anohyeto ho nhyehyɛe biara nni hɔ a ɛbɛma ɔkɔm a ɛwɔ wiase nyinaa no agyae.”
Asemmisa a ɛsɔre ne sɛ: Hena na obetumi adi saa “asetra ne sikasɛm mu ɔhaw kɛse” yi ho dwuma na wama nkɔso a eye aba? So nyansahufo, sikasɛm mu ɔbenfo, okuafo anaa amammui mu kannifo bi a ɔwɔ nyansa ne tumi kɛse bi wɔ hɔ a obetumi ayi asetra, sikasɛm ne amammui mu mpaapaemu nyinaa afi hɔ na wama adifudepɛ, pɛsɛmenkominya ne anuonyampɛ afi hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛboa wɔn a ɔkɔm de wɔn wɔ wiase no mu no? Times no mu asɛm a ɛwɔ atifi hɔ no ka sɛ, “Eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yenya nnɔbae pii. Nanso obiara nnim ɔkwan a wɔbɛfa so ama adu wɔn a wohia no nkyɛn.”
Yesu Kristo kaa tebea a emu yɛ den yi ho asɛm too hɔ sɛ: “Na ɔkɔm bɛba mmeaemmeae,” na “amanaman ho bɛyeraw wɔn asase so.” (Mateo 24:7; Luka 21:25) Bere a Yesu anka ɔkwan a ɔkɔm no bɛfa so aba ne nea enti a ɛte saa no ho asɛm kɛse no, ɔkaa nokwasɛm a yehu nnɛ no ho asɛm pɛpɛɛpɛ.
Ɛwom, sɛ́ wɔbɛka nsɛnnennen yi ho asɛm ato hɔ no yɛ ade biako, na ano aduru a wobenya no nso yɛ ade foforo. Sɛ nea yɛahu no, ɔkɔm ho haw ano aduru a wobenya no nkyerɛ aduan pii a wobenya ara kwa. Nea ɛho hia ne di a trenee nniso bi bedi tumi wɔ ɔkwan a eye so. Yesu Kristo kyerɛkyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ nniso a ɛte saa no ho mpae: “W’ahenni mmra.”—Mateo 6:10.
Wɔ saa trenee Ahenni no ase no, asase no bɛsan anya tumi a ɛma etumi bɔ aduan no: “Na nsu betue sare so, na nsuwansuwa asen anhwea pradada so; na kum aforote bɛdan atare, na asase kesee ayɛ nsuwansuwa.” (Yesaia 35:6, 7) Nea ebefi mu aba ne sɛ ‘asase bɛbɔ n’aduan’ na ‘asase no so aburofuw adu mmepɔw atifi.’—Dwom 67:6; 72:16.
Na obiara renni kɔm esiane sika a onni nti. Obiara, ɔdefo ne ohiani, benya asase no so nnɔbae no bi. Nsa a wɔbɛto afrɛ adesamma nyinaa no bɛyɛ te sɛ nea ɛwɔ Yesaia 55:1 no: “Huu, mo a osukɔm de mo nyinaa, mommra nsu ho, na mo a munni sika no, mommra mmɛtɔ, na munni. Mommra mmɛtɔ nsa ne nufusu: ɛnyɛ sika na wɔde tɔ, na enni bo nso.”
Hwɛ nhyira a ɛbɛyɛ sɛ wobɛtra Onyankopɔn nneɛma Nhyehyɛe Foforo a “trenee te mu” no mu!—2 Petro 3:13.
[Kratafa 11 adaka]
“Na sɛ mutie me mmara nsɛm a mede merema mo nnɛ yi, na mode mo koma nyinaa bɛdɔ [Yehowa] mo Nyankopɔn na moasom no a, ɛnde mɛma mo asase so su atɔ ne bere mu, asusow ne adom, na woaboaboa w’aburow ne wo nsa ne wo ngo ano, na mɛma wo sare so aba wura ama w’afieboa, na woadidi amee. Monhwɛ mo ho yiye na wɔannaadaa mo koma, na moamman ankɔsom anyame foforo ansɔre wɔn, na [Yehowa] abufuw annɛw anhyɛ mo, na wanto ɔsoro mu sɛ osu nntɔ na asase mmma ne nnɔbae, na moansɛe ntɛmso amfi asase pa a [Yehowa] de rema mo no so. Enti momfa me nsɛm yi nsie mo koma ne mo kra mu, na fa yɛ sɛnkyerɛnne kyekyere wo nsa, na ɛnyɛ w’aniwa ntam nkae ntamabamma.”—Deuteronomium 11:13-18.
[Kratafa 10 mfoni]
‘Asase bɛbɔ n’aduan’