Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g85 9/8 kr. 4-8
  • Ɔkɔm Bere A Aduan Pii Wɔ Hɔ—Dɛn Ntia?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔkɔm Bere A Aduan Pii Wɔ Hɔ—Dɛn Ntia?
  • Nyan!—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nneɛma a Ɛho Nhia a Wɔadi Ho Dwuma
  • Asetra Kwan a Wɔsakra No
  • Aduankɔm Ho Amammuisɛm
  • Ohia
  • Mmoa a Wɔde Ma​—So Ɛboa?
  • Asɛm No Fã a Aka No
  • Dɛn Nti Na Afrika Ntumi Nhwɛ Ne Ho Wɔ Aduan Fam?
    Nyan!—1987
  • Ɔkɔm a Ɛwɔ Wiase Nnɛ—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?
    Nsɛm Foforo a Wubenya
  • Nnipa A Ɔkɔm De Wɔn Wɔ Wiase a Wɔbɛma Wɔn Aduan
    Nyan!—1985
  • Hena Na Obetumi Ama ‘Ɔkɔm Ho Nteɛm’ No Agyae?
    Nyan!—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1985
g85 9/8 kr. 4-8

Ɔkɔm Bere A Aduan Pii Wɔ Hɔ​—Dɛn Ntia?

● “Ɛyɛ nokwasɛm sɛ, sɛ obi ka awi ne aduan afoforo nyinaa a yenya no dodow bom a, ɛnde na yɛwɔ aduan a ahoɔden wom a ɛdɔɔso a ɛbɛso nnipa a wɔwɔ wiase no mu nyinaa a wɔn dodow yɛ ɔpepepem anum no di.”​—The Gazette a wotintim wɔ Montreal.

● “Efi 1974 teba no, aman a afei na wɔrenya nkɔso no nyinaa aduan a wɔn ankasa nya no dodow kɔ soro ɔha biara mu 3.4 afe biara na eyi ama aduan a ɛwɔ hɔ no adɔɔso pii. Aduan a wonya wɔ Latin Amerika ne Asia no dodow kɔɔ soro ɔha biara mu 32 wɔ mfe du a atwam no mu”​—Los Angeles Times.

WƆNYƐƐ ɔkɔm a wɔbɛma agyae no ho hwee koraa ɛ. Nanso ɛho abenfo pii abehu sɛ ɛnyɛ ɔkɔm ne ɔhaw no ankasa. Ɛte sɛ nea wɔabehu sɛ biribi a ɛsen wɔ a aduan wɔ hɔ na ama nokwasɛm a ɛne sɛ nnipa pii a wɔwɔ wiase nyinaa redi kɔm na wonnya aduan a ahoɔden wom nni no aba no. Nokwarem no, abirabɔ wɔ nea yɛka no mu: ɔkɔm bere a aduan pii wɔ hɔ. Dɛn ntia? Ɛwom sɛ ɔhaw no mu yɛ den de, nanso nneɛma pii na ama eyi aba saa.

Nneɛma a Ɛho Nhia a Wɔadi Ho Dwuma

Ka pii wɔ kuadwuma ho nhyehyɛe a etu mpɔn a wɔbɛyɛ no ho. Nnuru a wɔde yɛ asase yiye ma etumi bɔ aduan, nnuru a wɔde kunkum mmoawa nketenkete, nnɛyi mfiri a wɔde dɔw mfuw ne nnuan ahorow a wɔayɛ ma etumi bɔ pii no yɛ nea ne bo yɛ den. Nya a wobenya adan a wɔde nnuan sie mu, mfiri ne nsu a wɔde begugu so no gye mmere ne sika. Ɛda adi sɛ, sɛ ɔman bi a afei na ɛrenya nkɔso no benya nkɔso wɔ eyi mu a, ɛsɛ sɛ enya ɔpɛ sɛ ɛde ne sika a enya no mu fã kɛse no ara bedi ho dwuma. Aman ahorow a wɔayɛ eyi te sɛ China ne India a ɛne aman abien a emu nnipa dɔɔso sen biara mu nnipa no anya nkɔso titiriw wɔ aduan a wɔn ankasa benya adi no mu.

Nanso eyi nte saa wɔ Wiase Aman a Ɛto So Abiɛsa no pii fam, ne titiriw no, aman a ɛwɔ Afrika a ɔkɔm a emu yɛ den reyɛ ɔhaw a worehyia bere nyinaa no. Amanneɛbɔ bi a Ahyehyɛde a ɛhwɛ aduan ne kuadwuma ho nsɛm so de mae wɔ ne ɔmansin nhyiam a ɛto so 13 a wɔyɛe wɔ Zimbabwe no ase no daa no adi pefee sɛ: “Nea ɛde ɔkɔm ba ne nokwasɛm a ɛkyerɛ sɛ mpɛn pii aman a ɛwɔ ahyehyɛde no mu no nni kuadwuma ho nsɛm ho dwuma wɔ ɔkwan a ɛho hia so no.” Dɛn nti na eyi te saa?

Nhwehwɛmufo ka sɛ aman a ɛwɔ Afrika ne baabiara a afei na wɔanya ahofadi foforo no taa de kuadwuma toto hyɛ a ɔman bi hyɛ ɔman foforo tumidi ase ne anibuei a wonni ho. Wogye di sɛ ɔkwan a wɔbɛfa so anya nkɔanim ne sɛ wobebuebue mfiridwuma wɔ wɔn aman no mu. Sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛma nhyehyɛe a ɛte saa no anya nkɔso no, nniso horow no de mmoa ma mfiridwuma ahorow a ɛwowɔ nkurow akɛse mu no, na wobu wɔn ani gu akuafo a wɔwɔ nkuraase no so. Sɛ anka wɔde wɔn sika bedi nsu a wɔde begugu nnuan no so ma anyin ne mfiri ho dwuma na wɔama anya nkɔso anaasɛ wɔbɛyɛnneɛma ama akuafo no na ahyɛ wɔn nkuran ma wɔadua nnuan pii mmom no, nniso ahorow binom tew aduan bo so de boa adwumayɛfo a wɔtete nkurow akɛse mu ne mfiridwuma a wɔabuebue no foforo no a ntease biara nni mu. Nhyehyɛe horow a ɛte saa no ama akuafo a wɔtete nkuraase no dɔw mfuw a emu aduan no bɛso wɔn nkutoo di na ama aman a anka bere bi aduan a wɔn ankasa nya no so wɔn di na wɔtɔn bi wɔ amannɔne no abɛyɛ aman a wɔn ankasa aduan a wonya no nso wɔn di a wɔkra bi fi amannɔne.

Asetra Kwan a Wɔsakra No

Bu a wobu wɔn ani gu nnipa a wɔtete nkuraase so no ama wɔatu akɔ nkurow akɛse mu sɛ wɔkɔhwehwɛ nnwuma ayɛ. Nhwehwɛmu ahorow kyerɛ sɛ na nnipa a wɔte Afrika no du biara mu biako na ɔte kurow kɛse mu wɔ 1960 mu nanso wɔ 1980 mu no, na wɔn mu baanum mu biako na ɔte kurow kɛse mu. Adwene a wɔanya ne sɛ, sɛ tebea no kɔ so saa a, ebedu afeha no awiei no na nnipa a wɔwɔ Afrika no mu fã tete nkurow akɛse mu. Nokwarem no, eyi kyerɛ sɛ ɛbɛsan atwe wɔn asan akyi wɔ kuadwuma ne aduan a wobenya no mu bio.

Nanso ɛnyɛ ne nyinaa nen. Adan a wɔde nnuan sie mu ne mfiri ahorow a wonni no ma ɛyɛ den sɛ wɔde nnuan a wonya wɔ nkuraase no bɛba nkurow akɛse mu abɛtɔn. Nea ɛka ho no, nkurɔfo mpɛ aduan te sɛ atoko ne bankye a wodua wɔ ɔman no mu no, efisɛ nnipa a wɔtete nkurow akɛse mu no pɛ nnuan a ne noa nyɛ den te sɛ brodo ne ɔmo. Enti akuafo no nnya nkuranhyɛ biara a ɛbɛma wɔadua nnuan pii, na wɔn a wɔtete nkurow akɛse mu no nso dan kɔ nnuan a wɔkra fi amannɔne no so. Kyerɛwtohɔ ahorow kyerɛ sɛ ɛkame ayɛ sɛ awi a wɔkra kɔɔ Afrika wɔ 1960 ne 1982 afe no ntam no kɔɔ soro mmɔho anan bere a nnuan a woduaa wɔ hɔ no anso nnipa a wɔredɔɔso no di.

Nea ɛka aduan a wɔkra fi amannɔne a ne bo yɛ den ho no, petrol a ne bo yɛ den a wohia de ayɛ mfiridwuma a wɔabuebue no foforo no ma ɔhaw afoforo bɛka aduan ho haw a ɛwɔ Wiase Aman a Ɛto So Abiɛsa no pii mu no ho. Sɛ nhwɛso no, amanneɛbɔ a efi Nairobi, Kenya no kyerɛ sɛ, “wɔde ɔman no amannɔne sika a enya no mu ɔha biara mu aduosia kra petrol.” Uganda a ɛne no bɔ hye no de “n’amannɔne sika nyinaa a enya ɔsram biara a ɛyɛ dɔla ɔpepem 10 no tua petrol a ɛtɔ ɔsram biara no ka.”

Sɛnea ɛbɛyɛ a ɔhaw yi so bɛtew no, aman ahorow a afei na wɔrenya nkɔso no taa yɛ nhyehyɛe ahorow a ɛma ɔkɔm no mu yɛ den mmom. Sɛ́ nhwɛso no, nhwehwɛmu biako a wɔyɛe no kyerɛ sɛ wɔde asase a wɔde dɔw mfuw no mu bɛyɛ fã dua nnuan a wobetumi akɔtɔn wɔ amannɔne te sɛ asikre, kɔfe ne tawa mmom sen sɛ wɔde bedua nnuan a ɛho hia wɔn kɛse no. Saa ara na aman pii a ɛwɔ Afrika no dua aborɔfo nnuaba te sɛ strawberries ne nhwiren a wɔbɛtɔn wɔ Europa, anaasɛ wɔyɛn anantwi, nguan ne mmirekyi kɔtɔn ma Arabfo, bere a wɔn ankasa nkurɔfo nni aduan a ɛbɛso wɔn di no.

Aduankɔm Ho Amammuisɛm

Nsakrae a ɛtaa ba asetra ne amammuisɛm mu wɔ aman a afei na wɔrenya nkɔso no pii mu no ma ɔkɔm no mu yɛ den. Sɛnea akontaabu biako kyerɛ no, efi 1960 reba no, Afrikafo ahu ɔko ahorow a ɛboro 12, nniso a wotu gu 50 aman mpanyimfo 13 a wɔakunkum wɔn ne aguanfo pii a wɔatu afi wɔn aman mu. Tebea no te saa ara wɔ wiase no mmeae afoforo nso. Ɛnyɛ sɛ eyinom nyinaa ka kuadwuma a entumi nyɛ yiye no nko, na mmom ɛma sikasɛm nhyehyɛe a asɛe dedaw no kɔ so sɛe esiane sika pii a wɔsɛe wɔ sraadi ho no nti. Ɛda adi sɛ aman ahorow no susuw akode ano a wɔbɛboaboa no ho kɛse sen aduan a wɔbɛma wɔn nkurɔfo anya adi no.

Sɛ nhwɛso no, wɔkaa ɔman bi a ɛwɔ Afrika Apuei Fam a wɔde (U.S.) dɔla ɔpepepem 2 boa no wɔ sraadi mu ho asɛm kɛse sɛ, ɛsɛee dɔla bɛyɛ ɔpepem 100 de dii ɔman no anidan ho afahyɛ a ɛto so du no bere a ne manfo ɔpepem asia redi kɔm esiane ɔpɛ a asi ne aduan a enni hɔ nti no.

Ohia

Nanso ohia ne nneɛma a ɛma ɔkɔm ba kɛse a wonnim no mu ade titiriw. Barbara Huddleston a ɔyɛ aduan a wɔde ma amanaman a wɔn ankasa aduan a wonya nso wɔn di de boa wɔn adwuma no so panyin no ka sɛ, “Wuhia nea ɛsen awi a ɔman bi anya ma aboro so na woama wɔn a ɔkɔm de wɔn wɔ wiase no mu no anya aduan adi. Wiase no wɔ awi a ɛboro nea ɛbɛso wɔn di no so dedaw. Nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ ne sika a wɔde bɛtɔ no ntɛm ara akɔ mmeae horow te sɛ Afrika.” Ɔkwan a wɔbɛfa so ayɛ eyi yɛ nea abenfo mpo ntumi nka.

Mprempren de, wɔ faako a aduan wɔ mpo no, ahiafo no mu pii ntumi ntɔ. Sɛ́ nhwɛso no, amanneɛbɔ a efi Ghana kyerɛ sɛ,“‘ma a wɔbɛma abusua a emufo yɛ baasia aduan adi mprɛnsa da koro no begye awarefo a wɔn baanu nyinaa yɛ adwuma akatua ahorow asia.” Bere a adefo sɛe wɔn sika wɔ aduan a wɔakra afi amannɔne a ne bo yɛ den ho no, ɛyɛ den ma ahiafo sɛ wɔbɛhwɛ wɔn ho. Tebea no mu betumi ayɛ den wɔ mmeae horow a nnwuma nni no. Lester Brown a ɔyɛ adwuma wɔ Worldwatch Institute no ka sɛ “Asetra ne sikasɛm mu nhyehyɛe a ɛho hia a wɔbɛsan ahwehwɛ mu yiye bɛma wiase no atumi asan ayɛ sikasɛm ne nnipa a wɔredɔɔso no ho nhyehyɛe pa a ɛbɛma ɔkɔm no ano abrɛ ase sen sɛ ɛbɛkɔ soro mmom.”

Mmoa a Wɔde Ma​—So Ɛboa?

Sɛ aman a ahia wɔn no nni kuadwuma ho nneɛma a ɛbɛma wɔatumi adua nnuan pii anaasɛ wonni sika a wɔde bɛtɔ afi amanaman a wosi aguadi mu akane no nkyɛn a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔatumi ahwɛ wɔn ho? Mmuae no ne sɛ wɔn mu kakraa bi tumi hwɛ wɔn ho. Wɔn mu pii de wɔn ho to aduan a wɔde boa aman a wɔn ankasa aduan nso wɔn di no so na wɔ tebea a emu yɛ den mu no, wɔde wɔn ho to mmoa a wɔde ma ntɛm ara bere a asiane bi aba no so. Mprempren sɛ wɔka aduan a wɔde boa aman a wɔn ankasa aduan nso wɔn di no ne nea wɔde ma ntɛm ara bere a asiane bi aba no bom a, ɛyɛ tɔn ɔpepem 45 afe biara na sɛ wɔka bom a, ebedu nea aman a ahia wɔn no ankasa nya ne nea wɔtɔ a wɔaka abom no dodow. Nanso sɛ ebia wɔn a ahia wɔn ankasa nsa ka mmoa no yɛ asɛm foforo.

Aduan te sɛ akode a wɔde di dwuma kɛse wɔ amanaman no mu na aman ahorow a wɔwɔ aduan ma aboro so no nim eyi yiye. U.S. aban mpanyimfo no mu biako kae sɛ, “Esiane sɛ wonni sika pii nti, wo nnamfo na wɔn nsa ka mmoa a wode ma no mu fã kɛse no ara.” Ɔtoaa so sɛ, “Nniso biara a minim de saa gyinapɛn koro no ara di dwuma.” Enti aman a afei na wɔrenya nkɔso a wɔrehyia ɔhaw no amammui mu nnamfofa no gyina mmoa ko a wonya ne ne kɛse so. Mpɛn pii mfiri pii a wonni wɔ aman a ɛte saa no mu no mma aduan a wɔde boa wɔn no mu fã kɛse no ara nnu wɔn a ahia wɔn ankasa a wɔtete nkuraase no nkyɛn.

Ɛwom sɛ ɛho hia de, nanso aduan a wɔde boa aman a wɔn ankasa de nso wɔn di no yɛ nhyehyɛe a ɛtra hɔ bere tiaa bi. Globe ne Mail a wotintim wɔ Canada no bɔ amanneɛ sɛ, “Aduan a wɔde ma aman a ahia wɔn no de boa wɔn bere nyinaa no ama pii de wɔn ho ato aman a wɔanya nkɔso no so na ama nhyehyɛe a ɛbɛma wɔn ankasa anya aduan a ɛbɛso wɔn di no asɛe na nsase a wobetumi de ayɛ kuadwuma a wɔnyɛ so adwuma kɛse aka hɔ.” Ɛwom sɛ mpɛn pii aman a wɔde nnuan ma afoforo de boa wɔn no ka sɛ ɛsɛ sɛ aman ahorow a wonya aduan fi wɔn hɔ no yɛ sikasɛm mu nsakrae a wobetumi de adi dwuma bere tenten de, nanso mpɛn pii afobu nhyehyɛe ahorow a ɛte saa no sɛ ɛyɛ hyehyɛ a wɔde wɔn ho hyehyɛ ɔman foforo bi nsɛm mu na ɛtaa ma basabasayɛ ba. Nea ɛka ho no, sɛnea nnipa su te no, nnipa kakraa bi na wonim anaa wosusuw da biara da tebea a nnipa a wɔtete mmeae horow a ɛhɔ ware no wom bere tenten no ho kɛse ankasa. Wɔ bere a asɛm bi a ɛho dwuma a wobedi no gye ntɛmpɛ asi no, wɔkanyan nnipa no ma wɔyɛ biribi, nanso mpɛn pii nea wɔyɛ no yɛ nea esua na aka akyi dodo.

Asɛm No Fã a Aka No

Yɛn nhwehwɛmu tiaa no da no adi sɛ ɔkɔm ho haw no yɛ asɛm a ɛne ne ho bɔ abira ampa. Nanso nea yɛasusuw ho no yɛ asɛm no fã bi ara kwa​—nnipa a ɔkɔm de wɔn a ahia wɔn a wɔwɔ Afrika anaa baabiara wɔ aman a afei na wɔrenya nkɔso no mu no. Na asɛm no fã a ɛfa aman a wɔanya nkɔso no ho nso ɛ? Wiase Aman a Ɛto So Abiɛsa no pii hwɛ mmoa kwan fi saa aman yi hɔ mprempren ne daakye nyinaa. So wobetumi anya ɔkɔm a emu yɛ den no ano aduru? Dɛn na ɛbɛba daakye? Nokwarem no, anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ ma nya a wobenya aduan ama wɔn a ɔkɔm de wɔn wɔ wiase no mu no?

[Kratafa 5 adaka]

Afrikafo a Wɔn Ani So Ayɛ Wɔn Krakra Hwehwɛ Aduan

ANYƐ yiye koraa no, nnipa bɛyɛ ɔpedudu a wɔwɔ aman a ɛwɔ Afrika 20 mu no redi kɔm anaasɛ wonnya aduan pa nni. Wɔn mu ɔpepem pii yɛ mmofra. Wɔhwehwɛ awi anaasɛ asɛ kakraa bi a agugu fam wɔ mmea a wɔtontɔn nneɛma wɔ gua so no nan ase anaasɛ wɔ anhwea mu. Wodi kakraa bi a wonya no anaasɛ wɔde gu wɔn kankyee a wɔde srɛsrɛ nneɛma no mu. Ɛtɔ bere bi a wɔwe nnuadewa nnua a enye a wɔatow agu no sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛtwe nsu a ɛwom no, na wopuw nea aka no gu.

Wobubu mfɔtesiw de hwehwɛ awi asinasin. Mmea de nna pii bubu mfɔtesiw akɛse a ɛyɛ den sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nsa bɛka awi a mmoawa no aboaboa ano no. Nkurɔfo pii sesaw mmirekyi bin boaboa ano sɛnea ɛbɛyɛ a wobeyiyi adwe a mmoa no memenee a anyam wɔ wɔn yam no afi mu. Mmea siw nhaban ne sare a ahoɔden a ɛwɔ nnuan mu biara nni mu ma ɛyɛ fekɔfekɔ aduan titiriw a nnipa pii di. Afoforo hyɛ nnua so nhaban a wɔtetew no nkyene na wɔnoa. Akuafo taa di nnuan a wɔakɔtɔ sɛ wobedua no.

Mmofra furafura ntamagow​—hwee mfura ebinom gye sɛ mmoa nhoma na wɔde akatakata wɔn nipadua a afofɔn no ho. Awɔw taa ba anadwo na ɛma awɔw tew si wɔn a wonnya nnuan pa nni no so ntɛm ara na ɛma wotumi nya ɔyare bi a wɔfrɛ no wɔ borɔfo mu sɛ pneumonia, wɔbɔ waw na atiridii bɔ wɔn.

Ahyehyɛde ahorow a wɔde mmoa ma ayeyɛ mmeae horow a wɔkyekyɛ nnuan ma wɔn wɔ hɔ nanso nnuan a wɔkyekyɛ no nnɔɔso na wɔn a ɔkɔm de wɔn no mu kakraa bi na wotumi nya aduan. Wɔ mmeae horow a wɔkyekyɛ nnuan wɔ hɔ biako mu no, mmofra ɔha a wɔrennya aduan nni no gyina hama bi akyi rehwɛ afoforo a wɔredidi no. Abofra bi a wadi mfe anan a ne mu duru yɛ nkaribo du a mmerɛw kɛse a wayɛ nti ontumi nnantew no maame turu no.

Na ɛna bi turu ne babea a wadi mfe abiɛsa ne fã a ne mu duru yɛ nkaribo asia ne fã pɛ no wɔ baabi foforo a wɔkyekyɛ nnuan wɔ hɔ: “Ɛte sɛ nea abofra no mfẽ nnompe ne ne nipadua mu nnompe no rebɛpuepue esiane ɔkɔm nti. Ne nsa ne n’anan tete sɛ nnua nketenkete.”

Wɔ nsɛm ahorow a ɛte sɛ eyi mu no, ɔkɔm no mu ayɛ den adu baabi a ama wɔanya ɔyare bi a wɔfrɛ no marasmus a ɛyɛ ɔyare a ɛma nipadua no fɔn bere a ennya aduan nni no. Mmofra no anim ayeyɛ te sɛ nnipa a wɔanyin anim. Wohu wɔn wɔ baabiara wɔ aman a ɛwɔ Afrika a ɔkɔm de wɔn kɛse no mu.

[Kratafa 8 adaka]

“Na megye mo afi mo fĩ amma mu, na mɛfrɛ aduan ma adɔɔso, na meremfa ɔkɔm bi memma mo so na mɛma nnua aba ne mfuw nnɔbae adɔɔso, na moansoa ɔkɔm ho nsopa, amanaman mu bio.”​—Hesekiel 36:29, 30.

[Pictures on page 6, 7]

Aduan a ɛdɔɔso wɔ hɔ ma obiara . . . nanso ɔkɔm de nnipa pii

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena