Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g87 8/8 kr. 6-8
  • Dɛn Nti Na Afrika Ntumi Nhwɛ Ne Ho Wɔ Aduan Fam?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Nti Na Afrika Ntumi Nhwɛ Ne Ho Wɔ Aduan Fam?
  • Nyan!—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔpɛ
  • Nnipa a Wɔredɔɔso
  • Afotu a Ɛmfata?
  • Mmoa a Ɛma Nkɔso?
  • Aduan a Wɔde Ma de Boa
  • Akuafo a Wɔwɔ Nkuraase a Wobu Ani Gu Wɔn So
  • Ɔko
  • Nea Wohia​—Mmoa ho Nhyehyɛe a Ɛsen Onipa De
  • Ɔpɛ a Ɛsɛee Ade wɔ Afrika Kesee Fam
    Nyan!—1994
  • Hena Na Obetumi Ama ‘Ɔkɔm Ho Nteɛm’ No Agyae?
    Nyan!—1987
  • Ɔkɔm Bere A Aduan Pii Wɔ Hɔ—Dɛn Ntia?
    Nyan!—1985
  • Wiase No Bɛboa
    Nyan!—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1987
g87 8/8 kr. 6-8

Dɛn Nti Na Afrika Ntumi Nhwɛ Ne Ho Wɔ Aduan Fam?

IDRIS a ɔyɛ okuafo a ɔwɔ Ethiopia no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Miduae . . . nanso osu antɔ.” Aba a oduae no nyinaa porɔwee wɔ fam na eyi hyɛɛ no ma ogyaw n’afuw no hɔ sɛ ɔrekofi asetra foforo ase wɔ ogye adwumayɛban mu. Ɔde kaa ho sɛ: “Ná anka mewɔ mfurum anan a mede wɔn funtum m’asase na bere a na minni aduan biara a medi no, metɔn abien na mikum abien nso wee. . . . Madi me daakye.”​—Efi nhoma a wɔfrɛ no Ethiopia: The Challenge of Hunger no mu.

Te sɛ Idris no, ɛyɛ den ma Afrika akuafo pii sɛ wobenya nnuan a ɛdɔɔso. Bere a na anka bere bi asasepɔn no tumi nya aduan a ɛso no di no, mprempren ɛde ne ho to nnuan pii a wɔkra fi amannɔne no so. Dɛn nti na eyi te saa? Dɛn nti na Afrikafo pii di kɔm?

Ɔpɛ

Afrika agye dimmɔne sɛ baabi a ɔpɛ a ano yɛ den taa si. Aman a ɔpɛ taa sisi wom ne wɔn a wɔwɔ Sahara anhweatam no ahye so wɔ kusuu fam no. Efi 1960 reba no, nsu a ɛtɔ wɔ beae yi so atew ma akowie nea nsɛmma nhoma Ceres frɛ no “Sahara ɔpɛ a asi akyɛ” no mu. Nanso akuafo pii bɔ mmɔden sɛ wɔbɛtra ase.

Wɔ 1983-84 afuwyɛ bere no mu no, ɛwom sɛ na ɔpɛ asi wɔ Sahara aman anum no mu de, nanso wɔtew asaawa a ɛdɔɔso a na wonyaa bi saa da. Ebia wɔde asaawa yi bi na ɛyɛɛ atade a wohyɛ mprempren no. Bere a asaawa a wɔkɔtɔn wɔ amannɔne ma wonya amannɔne sika pii no, ɛma wohyia ɔhaw bi. Wɔ 1984 mu no, na ɛsɛ sɛ Sahara aman no kra aburow tɔn ɔpepem 1.77 fi amannɔne. Lloyd Timberlake ka wɔ ne nhoma a wɔfrɛ no Africa in Crisis no mu sɛ: “Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wobetumi adua asaawa ma ayɛ yiye nanso aburow rentumi nyɛ yiye no fi nniso ne ahyehyɛde ahorow a wɔde mmoa ma no nhyehyɛe ahorow mmom na emfi osu a ɛntɔ.”

Wɔ asaawa akyi no, Afrika kɔtɔn tii, kɔfe, asikyire, kookoo, nkate, nhwiren momono, nam, ngo, nnua, ne afuw mu nneɛma afoforo pii wɔ amannɔne. Nsɛmma nhoma a wɔfrɛ no The Nation a wotintim wɔ U.S. no se: “Afrika na ɛma nnuan ahorow a wodi wɔ aman a anya nkɔanim no mu da biara no pii.” Wɔ ɔkɔm a esii nnansa yi mu no, Britaniafo ho dwiriw wɔn sɛ wohui sɛ wɔredi nnuaba ne nnuadewa ahorow a efi Ethiopia. Ɛnde na ɛda adi sɛ ɛnyɛ ɔpɛ nkutoo nti na Afrika ntumi nhwɛ ne ho.

Nnipa a Wɔredɔɔso

Afrikafo binom mpɛ sɛ wɔbɛma wɔn mmusua ayɛ nea esua. Wɔ wɔn fam no, wobu mmofra pii a wobenya no sɛ din a obi wɔ ho sɛnkyerɛnne. Ɛnyɛ nwonwa sɛ nnipa redɔɔso ntɛmntɛm wɔ Afrika sen baabiara wɔ wiase no mu. Akyinnye biara nni ho sɛ eyi ma ɔkɔm no mu yɛ den. Ebinom bu akontaa sɛ nnipa a wɔwɔ Afrika dodow yɛ ɔpepem 553. Sɛnea nea ɛrekɔ so mprempren kyerɛ no, enkosi afe 2,000 no, wobetumi anya nnipa ɔpepem 324 foforo a ɛsɛ sɛ wɔma wɔn aduan!

So eyi kyerɛ sɛ Afrika asase no sua dodo sɛ wubetumi adua nnuan a ɛdɔɔso wɔ so? Dabi. Wɔnyɛ mfuw wɔ nsase pa pii so. India a emu nnipa dɔɔso pii a asase no sua mpo no tumi nya aburow ma ɛboro so pii. Atesɛm krataa bi a wotintim wɔ South Africa a wɔfrɛ no The Star de ka ho sɛ: “Nnipa a wɔwɔ China dodow yɛ ɔpepem 1,000 nanso afe biara enya aduan ma ɛboro so. . . . Yebetumi aka sɛ esiane afotu a ɛmfata nti na Afrika di kɔm.”

Afotu a Ɛmfata?

Afotu ne ade biako a ɛho nyɛ Afrika na. BBC television so dwumadi bi kae sɛ: “Sɛ nnipa a ɔkɔm de wɔn tumi di nsɛm a wɔka a, anka Afrika benya ahotɔ.” Nnipa bɛyɛ 80,000 a wofi aman afoforo so na wɔde afotu yi ma. Timberlake se: “Afotu a wɔde ma Afrika abɛyɛ adwuma titiriw a ahyehyɛde ahorow a ɛwɔ Europe ne North America a wɔde afotu ma no gye bɛyɛ dɔla 180,000 afe biara wɔ afotu a ɔbenfo de ma ho.”

Abenfo yi hyɛ akwan a wɔfa so yɛ kua a ɛho wɔ ka kɛse a ɛhwehwɛ sɛ wonya aba a etumi sow pii, nnuru ahorow ne mfiri akɛse ho nkuran. Eyi ama amannɔne nnwuma ahorow a wɔde eyinom ma no anya sika pii nanso mfaso kakraa bi na Afrikafo a wɔwɔ nkuraase a ahia wɔn no anya afi mu. Wodi kan de wɔn adwene si mfuw a ɛma wonya nnɔbae a wɔbɛkɔ akɔtɔn wɔ amannɔne ne afei nea ɛma wonya nnuan a wɔtɔn wɔ Afrika nkurow akɛse a asikafo tete mu no mu. Mfaso mma nnwuma ahorow yi pii so na ebinom nso agu. Newsweek nsɛmma nhoma no kyerɛkyerɛ mu sɛ wim tebea a ɛwɔ Afrika “no ano taa yɛ den dodo ma aba a ɛma nnɔbae pii a etumi yɛ yiye kɛse wɔ Asia no.” Bio nso, Afrika dɔte no nsɔw, na ɛtɔ bere bi a, akwan afoforo a wɔfa so yɛ mfuw no ma afumduan ahorow sɛe.

Mmoa a Ɛma Nkɔso?

Nnipa ahorow a ɛwɔ aman afoforo so ne ahyehyɛde ahorow a wɔde mmoa ma hyɛ nhyehyɛe ahorow a ɛho wɔ ka kɛse ho nkuran. Nkɔsodwuma ho nsɛmma nhoma bi a wɔfrɛ no People no ka sɛ eyi nso ma “wɔn ankasa adwumakuw ahorow, wɔn afotufo, ne wɔn sikasɛm nhyehyɛe no nya mfaso.” Nhyehyɛe ahorow no twetwe adwene efisɛ ɛma Afrika aman no yɛ te sɛ nnɛyi bere mu de na wɔma bosea akɛseakɛse de boa. Eyi boa Afrika nniso ahorow bi ma wɔma asikafo a wɔtete nkurow akɛse mu a wohia wɔn mmoa na ama wɔakɔ so adi tumi no nya nea wɔpɛ. Enti wohu ahɔhodan ahorow a ɛyɛ fɛ, sukuupɔn ahorow, wimhyɛn gyinabea, akwan akɛse, kar ahorow, ne afɛfɛde ahorow wɔ Afrika nkurow akɛse mu bere a wobu wɔn ani gu nkuraa ahorow so no. Afrika nkuraasefo no ato wɔn mfɛfo asikafo a wɔtete nkurow akɛse mu no din. Wɔfrɛ eyinom wɔ Swahili kasa mu sɛ Wabenzi a ɛkyerɛ “Mercedes Benz abusuakuw.”

Nnipa pii gye nnipa yiyedi ho adwene a ɛwɔ mmoa a ɛma nkɔso no akyi no ho kyim. Nhoma a wɔfrɛ no Famine: A Man Made Disaster? akyerɛwfo kyerɛ sɛ: “Sɛ anka ɛbɛyɛ ayamye ade mmom no, aman ahorow a wɔde mmoa ma no na wɔrenya mu mfaso. . . . Apuei Famfo ne Atɔe Famfo nkɛntɛnso a wɔwɔ ne sikasɛm mu hokwan a wonya fi mmoa a wɔde ma no mu no yɛ nea wɔmmrɛ wɔ ho.” Mmoa a ɛma nkɔso ka ho na ka a Afrika de no akɔ soro akodu dɔla 175,000,000,000 no.

Peter Gill ka wɔ ne nhoma A Year in the Death of Africa no mu sɛ: “Mfe aduonu a wɔde ayɛ ‘nkɔsodwuma’ no de Afrika baa amanehunu kɛse mu wɔ 1984 mu.” Sɛnea Gill kyerɛ no, mmoa a ɛma nkɔso a wɔde ma no “ayɛ nnaadaa.” Nkuraasefo a wɔwɔ Afrika a wohia mmoa no ankasa no anya mu kakraa bi pɛ. Nsɛmma nhoma a wɔfrɛ no The Ecologist no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Nanso Afrika aman no pii mu nnipa ɔha biara mu 75-80 na wɔyɛ akuafo a wɔwɔ nkuraase” a wɔn na “wodua nnuan a wonya wɔ Afrika no mu fã kɛse ara.”

Aduan a Wɔde Ma de Boa

Nnuan a wonya ma ɛboro so abɛyɛ adesoa kɛse ama aman a wɔwɔ sika no. Ɛka a wɔbɔ wɔ nnuan a wɔde sie ho no kɔ soro. Wɔ asɛmti a ese “Wiase a Aburow Abu Ne So” mu no, nsɛmma nhoma a wotintim wɔ U.S. a wɔfrɛ no Foreign Affairs no se: “Eyi yɛ afe a ɛyɛ yaw ampa sɛ wɔbɛka aburow ho asɛm. Yehu Afrikafo mmofra a ɔkɔm rekunkum wɔn wɔ yɛn television so nanso aburow a wɔde asie wɔ wiase no boro tɔn ɔpepem 190​—nea aboro so a ɛdɔɔso sen biara.”

Ɛnyɛ nea aburow a aboro so a ne bo nyɛ den no ho taa ba mfaso ma Afrikafo a ɔkɔm de wɔn no. Ɛtɔ bere bi a, ɛkodi aguadifo adifudepɛfo bi nsam anaasɛ nniso ahorow a wɔn nsa ka no tɔn nya mfaso na ama wɔatoto wɔn sikasɛm nhyehyɛe yiye. Aburow a aboro so a wopia kogu Afrika no nso ama nkuraasefo a wɔyɛ akuafo no nso ho akam. Nhoma a wɔfrɛ no Famine: A Man-Made Disaster? akyerɛwfo bisa sɛ: “Ɔkwan bɛn so na okuafo a ɔwɔ akuraase no betumi ne amannɔne aduan a wɔde ma kwa no adi asi?”

Nnipa pii regyae Afrika nnuan a wodua fi tete te sɛ sogum ne atoko no di. Nanso eyi tumi yɛ yiye wɔ ɔpɛ bere mu sen aburow afoforo a aka no. Nnipa a wɔtete nkurow akɛse mu no ani gye awi ne ɔmo ho kɛse​—nnuan a ɛyɛ den sɛ ɛbɛyɛ yiye wɔ Afrika wim tebea a ano yɛ den no mu no. Afotufo binom ma pɛ a wɔpɛ amannɔne nnuan no nya nkɔso na ɛma Afrikafo de wɔn ho to nnuan a wɔkra fi amannɔne no so.

Akuafo a Wɔwɔ Nkuraase a Wobu Ani Gu Wɔn So

Nea akuafo a wɔte sɛ Ethiopiani Idris a yɛadi kan afa n’asɛm aka no hia ne aba ne kuadwuma ho nnwinnade a ɛho nyɛ na. Mfaso kɛse nni nnuan a wɔde ma de boa afoforo no so. Sɛnea Chinafo bɛ bi ka no: “Sɛ woma obi apataa biako a, na woama no da koro aduan. Sɛ wokyerɛ no sɛnea woyi mpataa a, na woama no aduan wɔ n’asetra nyinaa mu.” Mpɛn pii nkuraasefo a wɔwɔ Afrika no nnya mmoa a ɛbɛma wɔadi yiye sɛ akuafo, ɛwom sɛ ɛsono sɛnea tebea no te wɔ Afrika aman bi mu de.

Efi bere a na aman afoforo di Afrika so no, wɔadua nnuan a wɔkɔtɔn wɔ amannɔne nkutoo wɔ Afrika nsase a eye sen biara no so. Bio nso, wɔayeyɛ mfuw akɛseakɛse a wobeduadua nnuan a wɔbɛtɔn wɔ nkurow akɛse a asikafo wom no mu. Enti wɔapia akuafo a wɔwɔ nkuraase no afi nsase pa no so sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛkɔ akɔdɔw nsase a entumi mma nnɔbae pii no. Bere a wɔagyaw nkuraasefo a wɔwɔ Afrika no sɛ wɔn ankasa nhwɛ wɔn ho no, wɔnam adɔw pii ne mmoa a wɔma wodidi wɔ faako kyɛ no so ma nsase a entumi mmɔ aduan kɛse no asɛe koraa. Afrika asase no fã kɛse ara redan anhweatam.

Bo a wotwa ma nnɔbae no ama wɔn tebea no asɛe bio nso. Sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛsɔ wɔn a wɔtete nkurow akɛse mu no ani no, Afrika nniso ahorow no bi ma afumduan bo kɔ fam. Sɛnea nyansahu ho nsɛmma a wɔfrɛ no Nature kyerɛ no, adeyɛ yi “ama kuayɛ so atew kɛse na ɛma ɔkɔm de wɔn a wɔtete kurom no, na ama Afrika a anka ebetumi adua aduan pii no de ne ho to nnuan a wɔkra fi amannɔne no so.”

Ɔko

Atesɛm krataa bi a wotintim wɔ Afrika kae nnansa yi sɛ: “Ɔko a ɛrekɔ so wɔ ɔman no mu no apam Angolafo ɔpepem fã afi wɔn mfuw so.” Esiane sɛ Angola nte sɛ Afrika afã afoforo bi nti, osu tɔ wɔ hɔ sɛnea ɛfata. Nanso wɔtaa de nnuan kɔma wɔn wɔ mmepɔw nsase a ebetumi abɔ aduan no so.

Ɛnyɛ ade a ɛne ne ho behyiae ara kwa sɛ aman a ɛwɔ Afrika no mufo a ɔkɔm de wɔn no ne wɔn ho wɔn ho ko. Ɛwom sɛ osu a ɛtɔe no maa Ethiopiafo, Sudanfo, ne Mozambiquefo nyaa ahotɔ kakraa de, nanso ɔko a ɛrekɔ so wɔ aman yi mu no kɔ so ara siw afuw a wɔyɛ no kwan, na ɔkɔm de nnipa ɔpepem pii.

Nnansa yi, ahyehyɛde a wɔfrɛ no Independent Commision on International Humanitarian Issues a Afrika aman anum ananmusifo ka emufo 25 no ho no kaa asɛm a emu yɛ den yi sɛ: “Asraafo ntawntawdi ne basabasayɛ a ɛrekɔ so wɔ Afrika afã horow bi no de mogyahwiegu ne basabasayɛ a ɛho nhia abɛka tebea a ɛyɛ awerɛhow no ho. . . . Wɔde adwene si akode a ɛsɛe ade so titiriw bere a nkurɔfo hia nsɔw ne aba a wɔde bɛyɛ mfuw, nsu pa a wɔbɛnom, ne akwahosan ho nhyehyɛe a ne bo nyɛ den no.”

Ɛnyɛ Afrikafo nkutoo na ɛsɛ sɛ wonunu wɔn wɔ eyi ho. Peter Gill ka afã a aman afoforo nya wɔ “Afrika sraadisɛm” mu no ho asɛm wɔ ne nhoma a wɔfrɛ no A Year in the Death of Africa no mu na obisa sɛ: “Ɔman bɛn akodeyɛfo na wonya mfaso fi Afrika akode ho akansi no mu?” Aman a wɔwɔ Apuei Fam ne Atɔe Fam nyinaa na wɔma ɔko kɔ so wɔ Afrika na wonya sika fam mfaso pii fi mu.

Nea Wohia​—Mmoa ho Nhyehyɛe a Ɛsen Onipa De

Asemmisa a ɛne “Dɛn nti na Afrikafo ntumi nhwɛ ne ho” no kyere adwene na ɛyɛ den sɛ wobebua. Sɛnea aban mpanyimfo ka no, ɔpɛ, nnipa a wɔredɔɔso dodo, mmoa a wɔde ma ho nhyehyɛe ahorow, adifudepɛ, akuafo a wɔtete nkuraase a wobu ani gu wɔn so, asase a wɔsɛe no, ne ɔko ka nneɛma ahorow a ama aba saa no ho. Wɔ eyinom nyinaa mu no, ɔpɛ nkutoo na wobetumi aka ho asɛm sɛ ɛyɛ ade a emfi onipa, nea aka no nyinaa fi onipa.

Nokwarem no, ɔpɛ a asi wɔ Afrika no asi onipa sintɔ ne ne pɛsɛmenkominya so dua. Sɛ́ nnipa rentumi nhwɛ asase no so a wɔn Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn ho nni mu no da adi pefee ma obiara tumi hu. Sɛnea tete odiyifo bi kae no: “[Yehowa], mahu sɛ onipa kwan nni ne nsam. Enni ɔbarima nsam sɛ ɔnam a obetutu n’anammɔn.”​—Yeremia 10:23.

Wɔakyerɛw nokwasɛm a wɔrentumi nnye ho akyinnye yi ato hɔ wɔ Bible no mu. Bible no kaa nnɛyi “aduankɔm” a ɔko ne asase a nnipa ntumi nhwɛ so yiye ka ho nso ho asɛm siei. Nea ɛyɛ anigye no, eyinom nyinaa kyerɛ bɛn a mmoa a wɔde ma ho nhyehyɛe a ɛsen onipa de a ɛbɛma ɔkɔm agyae wɔ asase so nyinaa a ɛnyɛ Afrika nko no abɛn.​—Luka 21:10, 11, 28-31; Adiyisɛm 6:3-8; 11:18; 21:1-5.

[Kratafa 7 mfoni]

Mpɛn pii Afrika akuafo a wɔwɔ nkuraase no nnya mmoa a ɛbɛma asi wɔn yiye sɛ akuafo

[Asɛm Fibea]

FAO photo

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena