Wiase No Bɛboa
Efi South Africa “Nyan!” kyerɛwfo hɔ
“ƐYƐ wiase amanehunu akɛse no mu biako.” “Asiane kɛse a ɛsen biara a aba okyinsoroma yi so fi bere a Wiase Ko II yɛe Europa pasaa no.” Saa na akyerɛwfo ahorow ka ɔkɔm a asi Afrika nnansa yi no ho asɛm.
Nsɛmma nhoma a wɔfrɛ no Newsweek no kyerɛ sɛ “Ethiopia nkuraasefo ɔpepem 1 ne Sudanfo mmofra 500,000 wuwui wɔ afe biako mu.” Wɔ Mozambique no, wɔbɔ amanneɛ sɛ nnipa ɔpeha ase ahyew na wɔ bere bi mu no na nnipa apem wuwu ɔsram biara wɔ Chad.
Wiase no bɛboae nanso wɔ Afrikafo pii fam no, na aka akyi dodo. Wɔ nsɛm bi mu no, aban mpanyimfo a wɔkataa nokware a ɛfa sɛnea ɔkɔm no mu yɛ den ho so no na wɔma wɔtwentwɛn wɔn nan ase. Ɔmanfo a ɔkɔm de wɔn a wobuu ani guu wɔn so no ka ho na ɛma wotuu Sudan aban no gui wɔ 1985 mu no.
Wɔ March 1984 mu no, Ethiopia srɛɛ wiase no sɛ ɛmma no aburow tɔn 450,000. Na eyi nyɛ asɛm a wɔagugu mu dodo efisɛ na nea wohia ankasa yɛ nea wobisae no dodow mmɔho abien. Nanso Amanaman Nkabom no ne aman a wowom no ammu no asɛnhia. Wɔde nea ennu tɔn 100,000 na ɛmae bere a aburow a wiase no nyae ma ɛboroo so no reyɛ adu tɔn 190,000,000! Nea ɛsɛee asɛm no koraa ne sɛ egyee asram pii ansa na aduan kakraa bi no duu hɔ. Wɔ saa bere yi mu nyinaa no, na ɔkɔm da so ara rekunkum nkurɔfo. Nnipa dodow a na wowuwu wɔ ogye adwumayɛban biako bi mu no duu ɔha da biara.
Afei wɔ 1984 mu no, na ɛsɛ sɛ Britania television adwumayɛfo bi twɛn wɔ Ethiopia na wɔsesa wimhyɛn. Wɔde bere no srasraa ogye adwumayɛban ahorow mu na wotwitwaa nnipa a ɔkɔm rekunkum wɔn mfonini. Mfoninitwafo Mohammed Amin kae sɛ: “Bere a merehwehwɛ mfonini ahorow yi mu no, misui.”
Nnyeso a Ɛyɛ Nwonwa
Woyii mfonini ahorow yi kyerɛe wɔ Britania television so na wɔsan yi kyerɛe bio wɔ television dwumadibea ahorow 425 wɔ wiase nyinaa. Nea efii mu bae no yɛ nwonwa. Ɔmanfo a wɔn bo afuw kae sɛ aban no nyɛ ho biribi. Nnwontofo nam wɔn adwuma a sika wom no so srɛe sɛ nkurɔfo mmoa na ɛde besi nnɛ no, wɔanya dɔla bɛboro ɔpepem ɔha! Dawurubɔ yi nyinaa ma wɔyɛɛ mmoa a wɔde ma a ɛso sen biara a wiase no ahu pɛn no mu biako ho nhyehyɛe ahorow.
Wofii ase de po so ahyɛn twee aburow a wɔanya ma aboro so kɔɔ Afrika. Europa nniso ahorow ka boom de wimhyɛn twee nnuan kɔɔ Sudan. Nea ɛyɛ nwonwa kɛse mpo no ne nkabom a wɔyɛe sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde nnuan bɛkɔ Ethiopia mmepɔw so no. Graham Hancock kyerɛkyerɛ nea esii wɔ Bole Wimhyɛn Gyinabea wɔ Addis Ababa no mu wɔ ne nhoma Ethiopia: The Challenge of Hunger no mu.
Ɛwom sɛ na aka akyi de, nanso wɔka sɛ sɛnea wiase no dii Afrika ahiade ho dwuma no gyee nnipa bɛboro ɔpepem abiɛsa nkwa! Nanso nea ɛyɛ awerɛhow no, Afrika da so ara di kɔm. Sɛnea nnansa yi amanneɛbɔ ahorow kyerɛ no, ɔkɔm rekunkum nnipa ɔpepem pii wɔ Ethiopia, Sudan, ne Mozambique. Ebia wubesusuw sɛ, ‘Dɛn nti na Afrikafo ntumi nhwɛ wɔn ho?’ Na nea ehia kɛse mpo no, ‘Dɛn ne ano aduru ankasa?’
[Kratafa 3 mfoni fibea]
FAO photo