Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g87 11/8 kr. 30-31
  • Hena Na Obetumi Ama ‘Ɔkɔm Ho Nteɛm’ No Agyae?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hena Na Obetumi Ama ‘Ɔkɔm Ho Nteɛm’ No Agyae?
  • Nyan!—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Ɛsɛ sɛ Yɛka sɛ Efi Wim Tebea?
  • So Amannɔnne Mmoa Betumi Asiw ‘Ɔkɔm ho Nteɛm’ no Ano?
  • Nniso a Ɛbɛma ‘Nteɛm’ no Agyae
  • Dɛn Nti Na Afrika Ntumi Nhwɛ Ne Ho Wɔ Aduan Fam?
    Nyan!—1987
  • Ɔkɔm Bere A Aduan Pii Wɔ Hɔ—Dɛn Ntia?
    Nyan!—1985
  • Aduankɔm​—Dɛn Na Ɛkyerɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Ɔpɛ a Ɛsɛee Ade wɔ Afrika Kesee Fam
    Nyan!—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1987
g87 11/8 kr. 30-31

Bible No Adwene

Hena Na Obetumi Ama ‘Ɔkɔm Ho Nteɛm’ No Agyae?

OKUAFO bi a ɔyɛ obibini a ɔwɔ Afrika kesee fam ɔman bi a n’asase ye mu no ka kyerɛɛ Nyan! sɛ: “Aban no ntumi mma yɛn aduan efisɛ yɛdɔɔso dodo.” Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ɔpɛ asi yɛn asase no so mfe abien ni. Osu ntɔ. Esiane ɔkɔm ne sukɔm nti anantwi no nyinaa awuwu. Obiara resu kɔm.”

Ɛno akyi nna kakraa bi no, osu kɛse bi a ɛtɔe maa mpɔtam hɔ dwoe. Nanso ahotɔ a wobenya no begye bere tenten, na ‘ɔkɔm ho nteɛm’ no kɔ so ara wɔ Afrika ɔfã kɛse; na saa ara na ɛnyɛ saa ɔmantam no mu nkutoo na ɔkɔm wɔ. Sɛnea nhoma a wɔfrɛ no The Hunger Primer a kuw a wɔfrɛ no “Food for the Hungry” kyerɛwee kyerɛ no, Asia ne Latin Amerika aman 43 na wɔwɔ “aduanpa a wonnya nni a ɛkɔ akyiri” ho asɛnnennen.

Nanso nnansa yi, nea wiase no adwene wɔ so ne ɔkɔm a asi wɔ Afrika no a sɛnea The Times a wɔkyerɛw wɔ London no asɛmti bi kyerɛ no “Ɔpepem 150 na Wɔda Asiane Mu.” Nnwontofo a wɔwɔ Britania ne United States ahwehwɛ sika a ɛyɛ pɔn ne dɔla pii sɛ wɔde reboa Afrikafo. Bere a wuhuu nnipa a ɔkɔm rekunkum wɔn wɔ TV so no, ebia wususuwii sɛ, ‘Dɛn nti na ɔkɔm ba?’

So Ɛsɛ sɛ Yɛka sɛ Efi Wim Tebea?

Asetra mu nsɛm ho amanneɛbɔ dwumadi a wɔfrɛ no Earthscan no kwankyerɛfo kyerɛwee wɔ Britaniafo nsɛmma nhoma People mu sɛ: “Sɛ wɔka sɛ ɔpɛ a asi na ama ɔkɔm aba Afrika a, nnipa nte ase nwie.” Dɛn ntia? Ade biako ne sɛ wɔ mfehaha a atwam mu no, ɛnyɛ nea na ɔpɛ taa de amanehunu ahorow ba.

Afrika wɔ asase pa a ɛfata a ebetumi de anya nnuan ama nea ɛboro nnipa a wɔwɔ hɔ mprempren no so. Nanso wiase no sikasɛm nhyehyɛe mmoa eyi. Bere a nniso horow no gyae wɔn ho mu ma sikasɛm mu nhyɛso no, wɔka akuafo a wɔwɔ nkuraase no fi asase pa no so​—nsase a mprempren wɔde di dwuma ma aburokyiri aman nya nnuan ne nneɛma ahorow. Enti wɔn a obiara redwen wɔn ho ne Afrika nkuraasefo a wɔn na wɔdɔɔso no, efisɛ obiara resusuw sɛ ebia ɛbɛba da bi sɛ wobenya aduan a ɛdɔɔso adi.

Nokwasɛm biako nso ne ɔkwan a nniso ahorow no fa so kyekyɛ ahonyade no. Lloyd Timberlake kyerɛkyerɛ mu wɔ ne nhoma Africa in Crisis no mu sɛ: “Wɔatew nkurow akɛse a nniso no mufo tete mu no afi nkuraase no ho, na wɔde nkɔso ho sika a wotwa to hɔ no di dwuma de ahohodan, mfiridwuma, sukuupɔn ne kar ahorow hyehyɛ nkurow akɛse no mama. Wɔnam Afrikafo a wɔtete nkuraase no du biara mu baason ho a wɔwɛre no so na etua eyinom ho ka.”

So Amannɔnne Mmoa Betumi Asiw ‘Ɔkɔm ho Nteɛm’ no Ano?

Famine: A Man-Made Disaster? a ɛyɛ Independent Commission on International Humanitarian Issues amanneɛbɔ nhoma bi no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Bere a wiase aman no de wɔn nsa biako rema no, bere koro no ara mu no na wɔde ɔfoforo no nso regye.” Ɛtoa so sɛ: “Ɛnsɛ sɛ nniso ahorow a wɔde mmoa ma no soso adae biara. Sɛ́ anka mmoa no bɛyɛ adɔeyɛ mmom no, aman a wɔde ma no renya ho mfaso.” Dɛn ntia? Efisɛ aman a wɔde mmoa ma no taa nya pii fi mmoa a ɛte sɛɛ no mu.

Ampa, Afrika nya sika fi nneɛma a wɔde kɔ amannɔne nyinaa mu, nanso wɔntaa mfa sika no mmoa wɔn a ɔkɔm de wɔn no. Mmom no, wɔde siesie nkurow akɛse mu, wɔde ma amannɔne aguadi nya nkɔanim, wɔde tɔ akode na wɔde tua ka ahorow a amannɔne mmoa de aba no. U.S. atesɛm krataa The Nation kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Esiane sɛ ahiafo na wɔma asikafo no aduan di nti, ɔkɔm a ɛwɔ wiase afã horow no bɛkɔ so ara. . . . Nneɛma pii a wɔde kɔ amannɔne kɔtɔn no ho bɛba amanaman ntam kuadwuma aguadi no mfaso . . . nanso ɛremma Afrikafo a ɔkɔm de wɔn no aduan nni.”

Nniso a Ɛbɛma ‘Nteɛm’ no Agyae

Afrika ɔkɔm no si tete asɛm bi so dua: “Onipa di onipa so tumi ma ɛdan no bɔne.” Bible no rekyerɛkyerɛ nea enti a saa nhyɛso yi kɔ so no mu no, ese: “Nea akyea no, wontumi nteɛ.” (Ɔsɛnkafo 1:15; 8:9) Yiw, nnipa a wɔnyɛ pɛ a wobetumi ayɛ pɛsɛmenkominya na wɔhyehyɛ adesamma nniso ahorow. Ɔkwan bɛn so na ahyehyɛde ahorow a ɛtete sɛɛ no betumi ‘ayɛ nea ɛteɛ’ na adi asase so ahiafo ahiade ho dwuma nokware mu?

Sɛ wubenya ho mmuae a, susuw ɔkwan a wɔfaa so dii ɔkɔm a enye koraa wɔ Afrika abakɔsɛm mu no biako ho. Efii ase bɛyɛ 1730 A.Y.B. na edii mfe ason. Nanso Misraim sodifo no gyee ɔsoro akwankyerɛ toom denam nnuan pii a ɔde siei wɔ mfe pa a edii anim no mu no so. Esiane eyi nti, ne manfo no mu biara nni hɔ a wɔbɔɔ amanneɛ sɛ ɔkɔm kum no. Nokwarem no, nnipa a wofi nsase afoforo so bae bɛtɔɔ aburow fii Misraim efisɛ “ɔkɔm no mu yɛɛ den asase no so nyinaa.”​—Genesis 41:1-57; 47:13-26.

Hena so na ɔsoro akwankyerɛ no de nsa kyerɛ nnɛ? Ɔde kyerɛ obi a ɔyɛɛ nhwɛso fɛfɛ wɔ onipa nhyɛso ne ne kwan a akonton akyea ho kyerɛwtohɔ a ɛyɛ awerɛhow mu ho no so​—Yesu Kristo. Bible no bɔ amanneɛ sɛ: “Okyini yɛɛ yiye.” “Ɔno na wanyɛ bɔne.” (Asomafo no Nnwuma 10:38; 1 Petro 2:22) Ebia wubebisa sɛ, ‘Nanso dɛn na ɛno ne nniso a ebetumi ama “ɔkɔm ho nteɛm” no agyae wɔ yɛ?’ Ebetumi ayɛ pii efisɛ Yesu ne obi a Onyankopɔn apaw no sɛ ɔnyɛ Sodifo wɔ adesamma nyinaa so. Yiye pii a Yesu yɛe no nyinaa, a anwonwa kwan so a ɔnam maa nnipakuw a ɔkɔm de wɔn aduan no ka ho no kyerɛ sɛnea Onyankopɔn ɔsoro Ahenni no korɔn sen nnipa nniso. Afei nso ɔkyerɛɛ bere a Onyankopɔn Ahenni no bedi asase nyinaa so.​—Marko 8:1-9; Adiyisɛm 11:15.

Ɛrenkyɛ, Onyankopɔn Sodifo a wɔapaw no no bɛhwɛ ma wɔakyekyɛ aduan wɔ ɔkwan a ɛfata so. Obetumi ama ‘ɔkɔm ho nteɛm’ no agyae. (Luka 21:10, 11, 31) Saa bɔhyɛ a ɛma akomatɔyam a ɛfa Kristo nniso ho no wɔ Bible no mu: “Obedi hene afi po so akosi po so . . . de akosi asase ano. Ɔbɛkora ɔbrɛfo ne ohiani so. Asase no so aburofuw bedu mmepɔw atifi.” Saa bere no obiara renka sɛ, “Aban no ntumi mma yɛn aduan nni,” efisɛ ɔkɔm, a amanehunu ne owu ka ho, bɛyɛ nea enni hɔ bio.​—Dwom 72:8, 13, 16; Adiyisɛm 21:3-5.

[Kratafa 30 mfoni]

Asase no tumi bɔ aduan pii

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena