Nany/stock.adobe.com
Ɔkɔm a Ɛwɔ Wiase Nnɛ—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?
“Ɔkɔm nni hɔ bio.” Wei ne botae a wiase atumfoɔ de asi wɔn ani so. Ɛfa ɔhaw akɛse a ɛreteetee nnipa wɔ wiase no baako ho; ɛno ne ɔkɔm. Enti nea atumfoɔ no reyɛ ne sɛ, wɔrepɛ kwan bi afa so atu ɔkɔm ase afi asaase yi so korakora.a Nanso, yemmisa sɛ, bere bi bɛba a yɛbɛka sɛ, obi biara nni kɔm bio anaa? Dɛn na Bible ka?
Ɔkɔm a ɛwɔ wiase nnɛ no, Bible hyɛɛ ho nkɔm
Bible ka too hɔ sɛ, ɔkɔm bɛba wɔ yɛn bere yi so. Yɛn bere yi na Bible frɛ no “awiei mmere no.” (2 Timoteo 3:1) Ɛnyɛ Onyankopɔn na wama saa kɔm yi aba, na mmom wabɔ yɛn kɔkɔ wɔ ho. (Yakobo 1:13) Ma yɛnhwɛ nkɔmhyɛ mmienu bi a ɛwɔ Bible mu.
“Ɔkɔm . . . bɛba mmeaemmeae.” (Mateo 24:7) Saa Bible nkɔmhyɛ yi ka too hɔ sɛ ɔkɔm bɛba mmeae pii. Animdefo bi a wɔwɔ kuayɛ ne sɛnea wɔkyekyɛ nnuan ma nkurɔfo ho nimdeɛ ka sɛ: “Anammɔn a wiase no retu sɛ wɔbetu ɔkɔm ase no, wɔtare a na awae. Nea ɛrekɔ so mmom ne sɛ, nnipa nnya aduan a ahoɔden wom nni, na sɛ wɔnya bi mpo a, nea wɔnya no, ɛnso wɔn.”b Aman pii wɔ wiase a, emu nnipa ɔpepem pii nnya wɔn ano aduan. Awerɛhosɛm ne sɛ, ɔkɔm kunkum wɔn mu pii.
“Hwɛ! ɔpɔnkɔ tuntum bi ni; na nea ɔte no so no kura nsenia wɔ ne nsam.” (Adiyisɛm 6:5) Nkɔmhyɛ yi mu no, ɔpɔnkɔ no ne nea ɔte no so no gyina hɔ ma ɔkɔm a ebesi wɔ awiei mmere mu no.c Nsenia a ekura nea ɔte ɔpɔnkɔ no so nsam no, wɔde susuw aduan kakra a ɛwɔ hɔ no ma obiara nsa ka ne kakrawa. Bere a nea ɔte ɔpɔnkɔ no so repem kɔ n’anim no, ɛnne bi kaa sɛ, aduan bo bɛyɛ den paa, na ɛbɔɔ nkurɔfo kɔkɔ sɛ, mma wɔnnsɛe aduan. (Adiyisɛm 6:6) Nea nkɔmhyɛ no kae no, saa pɛpɛɛpɛ na yehu no nnɛ. Ɛnnɛ, aduan ho ayɛ den wɔ wiase baabiara. Nnipa ɔpepepem pii nnya aduan a ahoɔden wom ntɔ nni, na ebinom mpo de, sɛ aduan wɔ hɔ koraa a, wɔnni sika a wɔde bɛtɔ bi.
Sɛnea wɔbetu ɔkɔm ase korakora
Animdefo ka sɛ, yɛn asaase yi tumi bɔ aduan a nnipa a wɔte asaase yi so nyinaa betumi anya bi adi. Sɛ ɛte saa a, ɛnde ɔhaw ahorow bɛn na ɛde ɔkɔm ba? Na ɛdɛn na Bible aka sɛ Yehowa,d yɛn Bɔfo no, bɛyɛ de atu saa ɔhaw ahorow no ase korakora?
Ɔhaw: Ohia ne asisisɛm a ɛma ɔkɔm dosa nnipa no, nnipa aban rentumi ntu ase.
Ano Aduru: Nnipa aban ahorow no ntumi nyɛ nea nnipa hia nyinaa mma yɛn. Nanso Onyankopɔn Ahenni de, ebetumi ayɛ nea nnipa hia nyinaa ama yɛn. Enti ɛbɛba abeyi nnipa aban no afi hɔ. (Daniel 2:44; Mateo 6:10) Ɛnnɛ, ɛyɛ den ma ahiafo pii sɛ wɔbenya aduan adi, nanso Onyankopɔn Ahenni no ba a, nneɛma bɛsesa. Yesu Kristo na ɔyɛ Onyankopɔn Ahenni no so hene. Bible ka ne ho asɛm sɛ: “Obegye ohiani a osu frɛ no, ne mmɔborɔwa ne nea onni boafo nso. . . . Aduan bebu so wɔ asaase no so; ebebu so akodu mmepɔw atifi.”—Dwom 72:12, 16.
Ɔhaw: Ɔko sɛe nneɛma, na ɛsɛe sikasɛm nso. Wei ma ɛyɛ den ma nkurɔfo sɛ wɔbenya wɔn ano aduan.
Ano Aduru: “[Yehowa ma] akodi gyae wɔ asaase nyinaa so. Obubu agyan mu, na otwitwa peaw mu asinasin; ɔde gya hyew asraafo nteaseɛnam.” (Dwom 46:9) Onyankopɔn bɛsɛe akode ne nkurɔfo a wɔkeka nkurɔfo ti bom ma wɔko. Ɛba saa a, ɛrenyɛ den sɛ onipa biara benya n’ano aduan a ɔrensuro hwee. Bible ahyɛ bɔ sɛ: “Ɔtreneeni bɛyɛ frɔmfrɔm, na asomdwoe pii bɛba.”—Dwom 72:7.
Ɔhaw: Ewim nsakrae a ano yɛ den ne atoyerɛnkyɛm sɛe mfuw mu aduan, na ekunkum nyɛmmoa.
Ano Aduru: Onyankopɔn bɛhwɛ na nneɛma bi te sɛ nsu a ɛtɔ, ɔpɛ a esi, ne ahum a etu amfa ɔhaw biara mma. Wei bɛma kuadwuma akɔ so yiye ama aduan abu so. Bible ka sɛ: “[Yehowa ma] ahum no yɛ dinn, na po asorɔkye no yɛ komm. . . . Ɔma sare so dan ɔtare a demmire afifi wom, na asaase pradadaa dan nsuti. Ɛhɔ na ɔma wɔn a ɔkɔm de wɔn tena . . . Wɔyɛ kua, na wɔyeyɛ bobefuw.”—Dwom 107:29, 35-37.
Ɔhaw: Nnipa a wɔpɛ mfaso bɔne na wɔbɔ nyansakorɔn no yɛ nnuan a nkurɔfo di a ebepira wɔn, anaa wɔsiw kwan sɛ wɔremma nkurɔfo a wɔhia aduan no nsa nka bi.
Ano Aduru: Nnipa a wɔnni nokware na wɔbɔ nyansakorɔn no, Onyankopɔn Ahenni no beyi wɔn nyinaa afi hɔ. (Dwom 37:10, 11; Yesaia 61:8) Bible ka Yehowa Nyankopɔn ho asɛm sɛ, “Ɔno na obu atɛn ma wɔn a nkurɔfo sisi wɔn na ɔma wɔn a ɔkɔm de wɔn aduan.”—Dwom 146:7.
Ɔhaw: Afe biara, aduan a yenya wɔ wiase no, sɛ yɛkyɛ mu mmiɛnsa a, emu baako de, yɛhwere, anaa ɛsɛe kwa.
Ano Aduru: Sɛ Onyankopɔn Ahenni no ba a, nkurɔfo a wɔhwɛ aduan so no, wɔbɛhwɛ so yiye. Bere a Yesu wɔ asaase so no, ɔhwɛe sɛ ɔremma aduan nsɛe kwa. Ɛho nhwɛso bi ni. Bere bi, ɔfaa anwanwakwan so maa nnipa bɛboro 5,000 aduan. Akyiri yi, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Mommoaboa nea aka ase no ano, na biribiara ansɛe kwa.”—Yohane 6:5-13.
Esiane sɛ Onyankopɔn Ahenni beyi nneɛma a ɛde ɔkɔm ba no afi hɔ koraa nti, nnipa nyinaa benya aduan a ɛyɛ dɛ na ahoɔden wom adi. (Yesaia 25:6) Sɛ wopɛ sɛ wuhu bere a Onyankopɔn Ahenni no bɛyɛ nea yɛaka ho asɛm yi nyinaa a, hwɛ asɛm a yɛato din, “Bere Bɛn Na Onyankopɔn Ahenni Bɛba Abedi Asase So?”
a Ɛka botae a wɔato din Agenda for Sustainable Development no ho. Afe 2015 na aman a ɛka Amanaman Nkabom Kuw no ho nyinaa gye toom. Ɛfa sɛnea nnipa asetena betu mpɔn ho, na wɔde sii wɔn ani so sɛ, ebedu afe 2030 no, na wɔadu ho.
b Amanaman Nkabom no akuw a edidi so yi na ɛde amanneɛbɔ yi too gua: Aduan Ne Kuadwuma Ahyehyɛde (FAO), Amanaman Ntam Fotow Ma Kuadwuma Nkɔso (IFAD), Amanaman Nkabom Mmofra Fotow (UNICEF), Amanaman Nkabom No Boayikuw a Ɛhwɛ Aduan Ho Nsɛm So (WFP), ne Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde (WHO).
c Nnipa nnan a wɔtete apɔnkɔ so a Adiyisɛm nhoma no ka wɔn ho asɛm no, sɛ wopɛ sɛ wuhu wɔn nyinaa ho nsɛm pii a, hwɛ asɛm a yɛato din, “Nnipa Nnan a Wɔtete Apɔnkɔ So—Wɔyɛ Nnipa Bɛn?”
d Yehowa yɛ Onyankopɔn din. (Dwom 83:18) Hwɛ asɛm a yɛato din, “Hena Ne Yehowa?”