Dɛn Na Na Saa Daeso No Kyerɛ?
Efi Brazil “Nyan!” kyerɛwfo hɔ
BERE a mitwaa m’ani hwɛɛ m’akyi no, mihuu abɔde kɛse tantan bi a ɔretu mmirika ntɛmntɛm abɛto me. Esiane sɛ na minkura biribiara a me de bɛko atia no, na meda adagyaw nti, mebɔɔ mmɔden sɛ metu mmirika. Na ɛte sɛ nea wɔde amane aka m’anan afam fam! Mitwaa m’ani hwɛɛ m’akyi bio na . . . Afei mihuu afiri a wɔde dum gya sɛ ɛde mmirika nam abɔnten no so, a ne dɔn rewosow. Ɛnna mesɔree a ehu aka me, na metee me dan sɛ ɛrewosow!
So ɛte sɛ nea wunim saa daeso no? Ebia ɛte saa, efisɛ ekura dae ahorow a wɔtaa sõ no mu su anaasɛ nneɛma atitiriw bi: awerɛhosɛm bi a wuhu, atade soronko bi, tebea bi a ɛsakra ntɛm anaasɛ mpofirim, mmirika a wontumi ntu, a nnyigyei bi a ɛwɔ ɔdan mu a ɛkanyan nea ɛrekɔ so no fã bi ka ho. Anigye mu no, yenyan ntɛm sɛnea ɛbɛyɛ a yebeguan tebea no!
Nanso dɛn na daeso kyerɛ? Dɛn nti na yɛso dae? So adaeso binom yɛ nkɔmhyɛ de?
Ani a Egye Adaeso Ho Nyɛ Foforo
Ani a egye adaeso ho akyɛ te sɛnea nnipa akyɛ no. Abimelek na ɔsõo dae a edi kan a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible mu bɛyɛ afe 1900 A.Y.B. (Gen. 20:3) Dae bebree a Onyankopɔn maa Hebri agyanom mpanyimfo sosõe yɛ nea wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wom nso. Ɛdefa adaeso a ɛfa abosonsom aman ho no, yɛkenkan sɛ: “Na Babiloniafo wɔ ahotoso a ɛte saa wɔ adaeso mu ma bere du sɛ wosisi gyinae ahorow a ɛho hia a, ná wɔdeda asɔrefi ahorow mu, hwɛ akwankyerɛ anaasɛ afotu ahorow kwan.” Helafo ne Romafo yɛɛ saa ara. Misraimfo yɛɛ nhoma ahorow a wɔde kyerɛ dae ase. Wɔ Mfinimfini Mmere mu Europa ne mfe 60 a atwam mpo wɔ Nkramofo man mu no, wogyinaa adaeso ahorow so sisii ɔman mu nsɛm ahorow ho gyinae. So ntease wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ wogye di sɛ na saa adaeso no fi soro na, enti, ná gyinae ahorow a wosisii no wɔ nnyinaso pintinn? Na ɛdefa dae ahorow a wɔkyerɛ ase nnɛ ho no nso ɛ?
Sigmund Freud frɛɛ adaeso sɛ “ɔkwan pa a ɛde kɔ tebea a nkate nni mu mu” na ɔbɔɔ mmɔden sɛ obegyina yɛn akɔnnɔ horow a wɔato ano hye, titiriw ɔbarima ne ɔbea nna a ano yɛ den no so akyerɛkyerɛ mu. Nanso, mfe dudu kakraa a atwam no nnipa ahwɛ adaeso ho adesua pii wɔ adebɔ ho adesuabea ahorow, na nea wɔagye atom ne sɛ na adaeso ho nkyerɛase a Freud de mae, no nyɛ nokware.
Nna ne Adaeso ho Adesua
Bere a wɔde mfiri ahorow a ɛwɔ ahunum bere yi mu adi dwuma no, nhwehwɛmufo asua amemene no ne nkwammoaa a ɛwɔ mu no binom dwumadi bere a adaeso rekɔ so no mu nsakrae horow ho ade. Nyansahu a ɛfa adebɔ ho nni adaeso ho ntease a edi mu biara, nanso wɔagye nsɛm binom a wɔaka atom wiase nyinaa mprempren. Sɛ nhwɛso no, wɔakyerɛ sɛ obiara sõ dae, mpo wɔn a wonnye ntom koraa no so dae. Mmofra de bere a wɔda no mu ɔha mu nkyekyem 70 so dae, bere a mpanyimfo de bɛyɛ ɔha mu nkyekyem 24 pɛ yɛ saa. Nnyinamoa ne mmoa afoforo bebree amemene yɛ adwuma bere a wɔda no, na wɔkyerɛ sɛ wɔn nso sõ dae. Ampa, sɛ ɔkraman a ɔreda bobom na n’awerɛw popow a, ná ɔresõ dae.
Nhwehwɛmu ahorow a wɔayɛ wɔ nnipa ho da no adi sɛ wobetumi akyekyɛ nna mu wɔ akwan ahorow so. Bere a yɛn ani fi ase sɛ ɛrekom no, nkakrankakra yɛda nnahɔɔ kosi sɛ yebedu baabi a nna no yɛ basabasa. Afei, yefi ɛno mu kɔ foforo bi a ɛte sɛ nea yɛnnae a yɛn ani rekyinkyin hwɛ ade a ɛte sɛ nea wɔreyi wɔ sini mu so. Ɛwom mpo sɛ ani no akata de, nanso nea ɔrehwɛ no hu nneɛma a ɛrekɔ so no pefee. Eyi yɛ adaeso bere.
Wɔ nhwehwɛmu yi mu no, nea ɛsɛ sɛ onii a ɔrehwɛ nea ɛrekɔ so no yɛ ne sɛ onyan nea wada no bere a eyi aba awiei na ɔma no ka n’adaeso no kyerɛ. Wɔahu sɛ bere nyinaa egye bɛyɛ simma 90 na nea wada no afa nea esisi wɔ nna mu yi nyinaa mu, efi mfiase kosi bere a ɔso dae no so, na ɛno akyi no, dwumadi no fi ase bio. Ɔkyerɛwfo bi kae sɛ: “Nea ɛkɔ so wɔ nna mu no di dwuma daa te sɛ nea okyinsoromma ahorow di dwuma daa no.” Sɛ daeso refi ase a egye simma anum kosi simma du pɛ, nanso eyi mu twetwe nkakrankakra kosi bere a etwa to a egye simma 50 no. Wɔ anadwo nna ankasa mu no, simma a wɔde sõ dae nyinaa yɛ 90 kosi 120. Enti bere a wode sõ dae nyinaa te sɛ bere a wode hwɛ sini. So woka sɛ, eyi yɛ ahometew?
Nea ɛnyɛ anigye ne sɛ yegyae adaeso bere a yenyan ara pɛ no, na yɛkae nea etwa to no nkutoo, sɛ ebi wɔ hɔ a. Enti, yentumi nka anadwo adehu yi tenten ho asɛm pii nkyerɛ obiara! Ɛte sɛ nea wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible nhoma a ɛyɛ Hiob nhoma no mu no‘[Ɔbɔnefo a wawae] betu akɔ sɛ ɔdae, na wɔrenhu no.’ (Hiob 20:8) Esiane eyi nti, nhwehwɛmufo nyan ɔdaesofo no bere a ani nkesua no a ɛredi akɔneaba ntɛmntɛm no gyae no.
Nea Enti a Yɛso Dae
Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ adaeso fi nneɛma ahorow a yɛyɛ da biara da, nkate horow ne nsusuwii horow mu na ɛba. Wɔ nhoma Nea W’adaeso Kyerɛ mu no, Ann Faraday se “ɔkwan bi so no, adaeso pii no ara fi nea na ɛwɔ yɛn adwenem ɛda anaasɛ nnanu a etwaam no mu.” Ɔkwan foforo so no, mpɛn pii no, nneɛma hunahuna asraafo a wɔafi ɔko mu aba no.
Nea ɛyɛ anigye no, nneɛma bi a wɔasɔ ahwɛ kyerɛ sɛ “ɛrekame ayɛ sɛ yɛn nyinaa ani gye yɛn adaeso ho, na mpɛn dodow a yɛyɛ mmofra no, dodow no ara na ɛyɛ te sɛ nea ɛho hia. Ɛdenam nnuru a eyi adaeso nkutoo fi hɔ a wɔde bedi dwuma so no, nhwehwɛmufo akyerɛ sɛ mpanyimfo betumi ada bere tenteenten a wɔrensõ dae. Bere koro no ara mu no, saa nnipa yi a wɔnsõ dae yi nya nipasu mu nsakrae horow nkakrankakra. Wɔbɛyɛ wɔn a wɔn bo fuw dodo na nneɛma haw wɔn ntɛmntɛm, na mpɛn pii no wontumi mfa wɔn adwene nsi ade biako so nso.” Ɔresi so dua sɛ adaeso di dwuma titiriw bi wɔ yɛn asetra mu no, obi foforo a ɔyɛ nhwehwɛmu kae sɛ: “Nea ɛba bere a obi ani kom (ne afei daeso ahorow a ɛba akyiri yi) wɔ hɔ ma ntease bi anaasɛ ntease horow bi, na sɛ yɛnam sɛnea ɛka nipadua no so susuw ho a, ɛkame ayɛ sɛ na ɛyɛ nea ɛho hia ampa.”
Adaeso Asekyerɛ
Esiane nokwasɛm ahorow nyinaa a ɛfa adaeso ho no nti, nea enti a nyansa nnim sɛ yɛde biribi titiriw bi bɛbata yɛn adaeso ho ba bɛda adi pefee. Esiane sɛ ɛkame ayɛ sɛ obiara so dae anadwo biara nti, so ɛsɛ sɛ yɛte nka sɛ yɛn adaeso bi yɛ soronko na ɛwɔ nkyerɛase titiriw bi? Wɔ nhoma bi a wɔato din “Nna” mu no, akyerɛwfo no kae sɛ: “Adaeso ho nsɛm a wɔrehwehwɛ mu, ne mfiri horow a wɔde redi dwuma no mmfa anidaso biara mma sɛ ɔkwan tiaa bi a wɔbɛfa so ate adaeso ase bɛba.”
Ɛyɛ nokware sɛ nnipa bebree wɔ hɔ a wɔbɛkyerɛ w’adaeso ase ama wo, nanso nsonsonee a ɛwɔ nea obiara ka mu no yɛ ntease horow a emu yɛ den no mu biako a etia mmɔden a wobɛbɔ sɛ wode ntease horow bi bɛbata w’adaeso ahorow ho no. Dr. Rosalind Cartwright kae sɛ: “Ebia nea ɛyɛ anigye kɛse a yɛrehwehwɛ mu ahu ne nsonee kɛse a ɛda ankorankoro [wɔ dae asekyerɛfo mu] ntam no.” Ɔkyerɛwee nso sɛ: “Nipadua ne adwene ho animdefo bebree da so ka sɛ wonim w’adaeso a ɛyɛ nokware no . . . ɛda adi pefee sɛ wɔyɛ anibiannaso wɔ nokwasɛm a ɛne sɛ wɔ adaeso koro no ara ho no, wɔn mfɛfo asekyerɛfo betumi ahu nneɛma soronko foforo ama wo no ho.”
Sɛ́ anka wɔbɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛ dae ahorow ase ama afoforo mmom no, su a ɛwɔ nhwehwɛmufo binom mu nnɛ ne sɛ wɔbɛkyerekyerɛ nnipa ɔkwan a wɔbɛfa so ate wɔn ankasa dae ahorow ase. Esiane sɛ onipa biara nim n’ankasa suahu ahorow ne ne haw ahorow nti, ɔno ne nea ɔfata sɛ ɔkyerɛkyerɛ nea ne dae kyerɛ no mu. Nanso, so woabɔ mmɔden pɛn sɛ wobɛkyerɛ nea na mfoniyɛfo bi wɔ wɔ n’adwenem bere a ɔyɛɛ mfonini bi no ase? Nnipa dodow ahe na anka wɔde nkyerɛase koro bɛma? Sɛnea Dr. Calvin Hall kyerɛ no, saa pɛpɛɛpɛ na dae ho nkyerɛase horow betumi ayɛ.
Yiw, eyi ho ntease biako ne sɛ, dae asekyerɛfo a wɔwɔ nsusuwii ne nimdeɛ anaasɛ asetra a ɛsonsonee no de nkyerɛase soronko koraa ma wɔ sɛnkyerɛnne ahorow a wohu wɔ daeso mu ma. Sɛ nhwɛso no, na Helafo gye di sɛ ɔwɔ a wohu no dae mu kyerɛ ɔyare, bere a Misraimfo tee nka sɛ ɛyɛ akasakasa bi a wɔasiesie ho sɛnkyerɛnne pa. Enti nyansa wom sɛ wommfa dae a wobɛsõ no aniberesɛm pii. Nanso wubetumi anya ho anigye. Sɛnea ɔkyerɛwfo bi kae no, ose mpɛn pii no dae ahorow yɛ serew ma “mentaa nte ase sɛ sɛ nkurɔfo nyan a wɔnnserew”!
Ɔkwan foforo so no, sɛ nneɛma taa hunahuna wo wɔ wo nna mu a, sɛ anka wobɛhwehwɛ nea ɛkyerɛ mmom no, ɛbɛyɛ papa sɛ wohwehwɛ nneɛma a ebetumi aba sɛ ɛnonom na ɛde ba wɔ w’asetra mu no. Hwɛ nokware a nea Bible ka no yɛ: “Adaeso nam ɔbrɛdwen mu ba.”—Ɔsɛnk. 5:2.
Adeaso a Efi Onyankopɔn
Wɔn a wɔhwehwɛ wɔn adaeso mu nkyerɛase taa ka dae ahorow a wɔde honhom kaa nnipa ma wɔsõe a wɔakyerɛw ato hɔ wɔ Bible mu no ho asɛm na wobisa sɛ, ‘So entumi mma sɛ dae ahorow bi a wɔsõ nnɛ no nso bɛyɛ nea efi Onyankopɔn nkyɛn?’ Ɛyɛ nokware sɛ wɔ Bible mmere mu no, Onyankopɔn de adaeso dii dwuma ne ne nkoa dii nkitaho, te sɛ Yosef adaeso a agye din a emu no wɔbɔɔ no kɔkɔ sɛ ɔne ne yere Maria ne wɔn abofra Yesu, nguan nkɔ Misraim no. Onyankopɔn maa nnipa a wɔnsom no sosoo adae, te sɛ bere a ɔde nkɔmhyɛ dae a ɛka mfirihyia nson ɔkɔm a ɛbɛba asase no so ho asɛm maa Misraim Farao no.—Mat. 2:13; Gen. 41:17.
Wɔde adaeso a ɛtete saa nyinaa a efi soro no mae sɛnea ɛbɛyɛ na abɔ Onyankopɔn nkoa ho ban anaasɛ akyerɛ wɔn kwan anaasɛ anya n’apɛde ne n’atirimpɔw a ɛredi dwuma nkonim mu no so tumi. Nanso, ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Onyankopɔn a tete no ɔnam bere ne su horow [a adaeso ka ho] so kasa kyerɛɛ agyanom, adiyifo no mu no, nna a edi akyi yi mu ɔkasa kyerɛɛ yɛn, ne Ba no mu.” (Heb. 1:1, 2) Yɛwɔ nea Onyankopɔn ‘nam ne Ba no so kasa kyerɛɛ yɛn’ no ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible mu. Enti ɛho nhia sɛ Yehowa Nyankopɔn de adaeso di dwuma kasa kyerɛ yɛn.
Enti, sɛ wunnim nea ɛwɔ hɔ ma wo daakye, anaasɛ worehwehwɛ wo haw ahorow bi ano aduru a, wubetumi anya mmuae a emfi w’adaeso mu nkyerɛase mu, na mmom wɔ Onyankopɔn Asɛm Bible mu.