Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g01 4/8 kr. 20-21
  • So Adaeso Fi Onyankopɔn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Adaeso Fi Onyankopɔn?
  • Nyan!—2001
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Adaeso a Efi Onyankopɔn
  • Ɛnnɛyi Adaeso Nso Ɛ?
  • Dɛn Na Na Saa Daeso No Kyerɛ?
    Nyan!—1981
  • Onyankopɔn Maa Ebinom Soo Dae
    Nyan!—2014
  • So Adaeso Betumi Ama Wɔahu Daakye?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Ɛsɛ Sɛ Yɛso Dae
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2001
g01 4/8 kr. 20-21

Bible No Adwene

So Adaeso Fi Onyankopɔn?

AMANNEƐBƆ bi kyerɛ sɛ Elias Howe a ɔbɔre hwehwɛ nneɛma mu no nyaa sɛnea wɔyɛ adepam afiri no fii dae mu. Odwontofo Mozart kae sɛ onyaa ne nnwom no pii mu nsɛm wɔ dae mu. Odufrafo Friedrich August Kekule von Stradonitz nso kae sɛ ohuu sɛnea benzene molecule no te wɔ dae mu. Nsɛm a ɛtete saa no nyɛ na koraa. Wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no, aman pii akyerɛ sɛ adaeso fi tumi bi a ɛboro nnipa de so. Ebinom gye di sɛ adaeso yɛ nokware te sɛ nneɛma a esisi wɔ wiase mu no ara pɛ.

Kyerɛwtohɔ pii wɔ Bible mu a ɛkyerɛ sɛ adaeso yɛ ɔkwan titiriw a wɔfa de nsɛm ma afoforo—ɔkwan a Onyankopɔn fa so ne nnipa di nkitaho. (Atemmufo 7:13, 14; 1 Ahene 3:5) Sɛ nhwɛso no, Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Abraham, Yakob, ne Yosef wɔ dae mu. (Genesis 28:10-19; 31:10-13; 37:5-11) Onyankopɔn maa Babilon hene Nebukadnesar sosoo nkɔmhyɛ kwan so adae. (Daniel 2:1, 28-45) Enti so yebetumi agye adi ampa sɛ dae a nkurɔfo soso nnɛ no fi Onyankopɔn?

Adaeso a Efi Onyankopɔn

Wɔ Bible mu no, na dae a Onyankopɔn ma nkurɔfo soso no di atirimpɔw bi ho dwuma bere nyinaa. Ɛyɛ ampa sɛ ɛtɔ da bi a, na ɔdaesofo no nte nea dae no kyerɛ ankasa ase amonom hɔ ara de. Nanso, mpɛn pii no, na ‘Nea oyi ahintasɛm adi’ no de nkyerɛkyerɛmu a edi mu ma na ama wɔate dae no ase yiye. (Daniel 2:28, 29; Amos 3:7) Na dae a efi Onyankopɔn hɔ no nte sɛ dae ahorow a ntease pa biara nnim no.

Ɛtɔ mmere bi a, na Onyankopɔn nam dae so bɔ ankorankoro bi a wodi dwuma titiriw wɔ n’atirimpɔw mu ho ban. Ɛnyɛ wɔn a wɔsosoo dae a ɛtete saa no nyinaa na na wɔyɛ Onyankopɔn asomfo. Sɛ nhwɛso no, nsoromma mu ahwɛfo a wɔkɔsraa abofra Yesu no ansan ankɔ owudifo Herode hɔ sɛnea ɔhyɛɛ wɔn no. Dɛn ntia? Efisɛ wɔbɔɔ wɔn kɔkɔ wɔ dae mu. (Mateo 2:7-12) Eyi maa Yesu asase so agya Yosef ne n’abusua no nyaa bere guan kɔɔ Misraim sɛnea na wɔaka akyerɛ no wɔ dae mu no. Eyi bɔɔ abofra Yesu nkwa ho ban.—Mateo 2:13-15.

Mfehaha pii a atwam no, Misraim Hene Farao soo dae huu aburow mmɛtem akɛse ason ne mmɛtem nketewa ason na ɔsan huu anantwi akɛse ason a wɔn ho yɛ fɛ ne wɔn a wɔafomfɔn ason. Onyankopɔn boaa Yosef ma otumi kyerɛɛ dae no ase pɛpɛɛpɛ: Na aduan bebu so wɔ Misraim mfe ason, na ɔkɔm aba mfe ason a edi hɔ no mu. Eyi a Misrifo dii kan hui no ma wotumi boaboaa nnuan pii ano siei. Eyi ma wotumi koraa Abraham asefo so de wɔn kɔɔ Misraim.—Genesis, ti 41; 45:5-8.

Saa ara na Babilon hene Nebukadnesar nso soo dae bi. Na ɛfa wiase tumidifo ne wɔn asehwe ne sɛnea ebenya Onyankopɔn nkurɔfo so nkɛntɛnso tee ho. (Daniel 2:31-43) Akyiri yi, ɔsoo n’ankasa ho dae bi a na ɛfa sɛnea ɔbɛbɔ dam na wasan anya ahotɔ ho. Saa nkɔmhyɛ kwan so dae yi nyaa ne mammu kɛse, na ɛtwee adwene sii Mesia Ahenni a na wɔde besi hɔ na ama Onyankopɔn apɛde abam no so.—Daniel 4:10-37.

Ɛnnɛyi Adaeso Nso Ɛ?

Yiw, Onyankopɔn ne nkurɔfo dii nkitaho denam adaeso so. Nanso, Bible kyerɛ sɛ na eyi ntaa nsi. Na ɛnyɛ adaeso so titiriw na Onyankopɔn nam ne nkurɔfo di nkitaho. Onyankopɔn asomfo anokwafo pii wɔ hɔ a ɔne wɔn anni nkitaho denam adaeso so. Yebetumi de nkitaho a na Onyankopɔn ne nnipa di denam adaeso so no atoto Po Kɔkɔɔ no a ɔpaee mu no ho. Yenim sɛ ɔpaee mu bere bi, nanso ɛda adi pefee sɛ ɛnyɛ ɛno ne sɛnea ɔyɛ ne nkurɔfo.—Exodus 14:21.

Ɔsomafo Paulo gye toom sɛ na Onyankopɔn de ne honhom no yɛ anwonwade pii wɔ ne bere so. Paulo kae sɛ: “Wɔnam Honhom no so ma obi anyansasɛnka; obi nso wɔma no nimdeɛsɛnka; sɛ Honhom koro no ara pɛ. Ɔfoforo nso wɔma no gyidi, Honhom koro no ara mu; obi nso wɔma no ayaresa dom akyɛde, Honhom koro no ara mu. Obi nso wɔma no tumideyɛ; obi nso wɔma no nkɔmhyɛ. Obi nso wɔma no ahonhom ahorow mu hu; obi nso wɔma no ɔkasa ahorow, obi nso wɔma no ɔkasa ahorow nkyerɛase.” (1 Korintofo 12:8-10) Ɛwom sɛ wɔanka adaeso a wonya fi Onyankopɔn hɔ ho asɛm ankasa de, nanso ɛda adi sɛ Onyankopɔn maa Kristofo pii sosoo dae sɛ honhom akyɛde no mu biako de maa nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yoel 2:28 no baam.—Asomafo no Nnwuma 16:9, 10.

Nanso, ɔsomafo no kaa akyɛde ahorow soronko yi ho asɛm sɛ: “Nkɔmhyɛ de, wobegu; ɔkasa horow de, ebegyae; nimdeɛ de, ɛbɛsa.” (1 Korintofo 13:8) Ɛda adi sɛ na akyɛde a “wobegu” no bi ne akwan horow a na Onyankopɔn fa so ne nkurɔfo di nkitaho no. Bere a asomafo no nyinaa wuwui no, Onyankopɔn ankɔ so amfa akyɛde soronko yi amma ne nkoa bio.

Ɛnnɛ, animdefo rebɔ mmɔden araa sɛ wobehu nea enti a nkurɔfo soso dae, ne sɛ ebia ɛso wɔ mfaso anaasɛ ɛso nni mfaso. Bible nka mfaso biara a ɛwɔ adaeso so ho asɛm. Nanso, ɛbɔ wɔn a wɔka sɛ wɔne Onyankopɔn nya nkitahodi wɔ adaeso mu no kɔkɔ. Ɛka wɔ Sakaria 10:2 sɛ: “Nkɔmhyɛfo no huu atosɛm na wɔkaa adae hunu.” Onyankopɔn kasa tia adebisa nso. (Deuteronomium 18:10-12) Esiane kɔkɔbɔ ahorow yi nti, Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ no nhwɛ kwan sɛ wobenya Onyankopɔn akwankyerɛ denam adaeso so. Mmom no, wobu adaeso sɛ biribi a etumi ba wɔ nna mu kɛkɛ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena