Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g81 12/8 kr. 19
  • Nnwom A Ɛgyigye Denneennen Ne Wo nipadua

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nnwom A Ɛgyigye Denneennen Ne Wo nipadua
  • Nyan!—1981
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Ne Adwinnwen?
    Nyan!—2020
  • Nnyigyei A Ano Yɛ Den Ne Basaayɛ—Ɔkwan Bɛn So Na Ɛka Yɛn?
    Nyan!—1983
  • Dɛn Ne Saa Ade A Wɔfrɛ “Nhyɛso” Yi?
    Nyan!—1981
  • Hwɛ W’aso Yiye na Ansiw!
    Nyan!—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1981
g81 12/8 kr. 19

Nnwom A Ɛgyigye Denneennen Ne Wo nipadua

WƆ KRATAA bi a wɔato din “Adwene No ne Nnyigyei” mu no, Martin Polon a ɔwɔ Sukuupɔn a ɛwɔ California, Los Angeles, bɔ kɔkɔ sɛ nnipa a wɔtaa hyia gyegyeegye, te sɛ wɔn a wotie nnwom a ano yɛ den no betumi apira wɔn asõ. Polon kyerɛ sɛ ahokyere a ɛba nkwammoa a wɔwɔ mogya mu so betumi abu abɔ ho abien bere a obi tie nnwom a egyigye pii akyi no. Afei nso ebetumi apira awode, nneɛma a ɛma mogya di dwuma ne amemene no. Nipadua mu ahokyere a nnwom a egyigye denneennen pii de ba betumi ama mogya dwumadi akɔ soro na ama ntini ahorow ne koma no dwumadi ano abrɛ ase.

Polon bobɔ nneɛma afoforo a enye a nnwom a egyigye pii dodo de ba din, a ɔbarima ne ɔbea awode no dwumadi a ɛhaw no, ade a ɛtɔ obi so anaasɛ abiribiriw a ɛwɔ nnipa a wɔte ade nka ntɛmntɛm so, ade a ɛma etumi tɔ obi so ne anisokyin ka ho. Ɛsɛ sɛ mmea awofo hyɛ no nsow sɛ wɔaka sɛ epira akokoaa a ɔrenyin wɔ awotwaa mu no. Ɛwom ebia nhwehwɛmu pii ho behia ma wɔde akyerɛ sɛ ebia Polon nsɛm a ɔka no te saa anaasɛ ɛnte saa, nanso ansa na wɔbɛyɛ saa no, ɛda adi sɛ nyansa kwan no ne sɛ, ɛnsɛ sɛ wutie nnwom a wɔkɔ so bɔ no denneennen a wubetumi akwati no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena