Aberante A Wobɛko So Ayɛ Bere A Wurenyin
Efi West Germany “Nyan!” kyerɛwfo hɔ
ƐMFA ho sɛ wadi mfe 94, na ɔbarima a n’ani agye a ɔte me nkyɛn no te sɛ aberante, na na ne ho yɛ den ma ɛyɛ nwonwa. Misusuwii sɛ ɔno ara ne onipa a ɛsɛ sɛ mekenkan asɛm bi a makyerɛw no kyerɛ no na me ne no bɔ ho nkɔmmɔ ansa na mede ama ma wɔatintim. Na ɛyɛ asɛm bi a ne ti ne “Aberante a Wobɛkɔ so Ayɛ Bere a Wurenyin.” Nanso nea edi kan koraa no mepɛe sɛ mihu ade soronko a ɛma Wilhelm Hillmann kɔ so yɛ “aberante” no. Mibisaa m’asɛm no na metwɛnee.
Bere a ɔresusuw ho no, otĩi m’asemmisa no mu sɛ “ade soronko a ɛma mekɔ so yɛ aberante?” “Wiɛ, eye sɛ wubisa ‘ɔkɔre dedaw’ te sɛ me.”
Na mente asɛm “ɔkɔre dedaw” no ase. Na mɛte ase akyiri yi.
“Nea edi kan koraa no, misusuw sɛ, sɛ wobɛkɔ so ayɛ aberante a, wuhia botae bi wɔ asetra mu. Midii kan nyaa me de bere a na meyɛ abofra.” Ogyae serewee na ɔkae sɛ: “Saa bere no, mansusuw sɛ me botae ahorow no bɛsakra, sɛ ná mirennya me botae no ankasa bɛboro mfe 60. Nanso wɔ me mmofraabere mu no, na m’ani gye hyɛn a wɔde fa nsu ani ho. Botae a mede sii m’ani so akyiri yi ne sɛ sɛ minyin a mɛpam hyɛn a ɛte saa. Miwiee sukuu no, meyɛɛ adwuma sɛ osuani wɔ hyɛn gyinabea a ɛwɔ Bremer-haven, Germany. Afei wɔ 1905 mu no, akwanhwɛ bi baam. Wɔmaa me kwan ma mituu me kwan a edi kan faa po so—na ɛnyɛ hyɛn hunu bi ara kwa na mede kɔe—mmom mede Preussen, po hyɛn a ɛwɔ mmrannaa anum a na ɛsõ sen biara a wɔyɛe a na agye din sen biara saa bere no.”
Ɔde mfonini bi too ɔpon no so maa me sɛ menhwɛ. Na ɛyɛ Preussen no mfonini, na na ɛyɛ anigye.
Ɔtoaa so sɛ: “Na yɛrefa abo bi a ɛyɛ nkyenkyene afi Chile. Na ɛyɛ nnafua 68 akwantu a yɛde twaa Cape Horn ho hyiae. Osuahu ma obi a wadi mfe 19 bɛn ni! Mekae ahum ahorow no—ɛdɛn, mframa ne asukɔtweaa maa yɛn anim soasoae! Na na ɛnyɛ adwuma a ɛda fam sɛ yɛbɛma mmrannaa no egyina faako. Bere bi, bere a mereyɛ mmrannaa no ho adwuma no, hyɛnmuni anaasɛ ɔpofoni bi a ɔbɛn hɔ teɛɛm kyerɛɛ me sɛ: ‘Onyankopɔn nkutoo na obetumi aboa yɛn mprempren.’ Mibuae sɛ: ‘Ɔbɛboa.’ Sɛ́ aberante mpo no, mannye dan a onipa dan Onyankopɔn no ho akyinnye da.”
Nsakrae wɔ Botae Ahorow Mu
Mepɛe sɛ mihu sɛ ebia m’adamfo panyin no nyinii sɛ obi a ɔyɛ po ahyɛn anaa.
Ɔkae sɛ: “Wiɛ, wotuu me fo sɛ ɛnsɛ sɛ meyɛ, na na ɛfata saa, efisɛ wɔ afeha a ɛto so 20 no mfiase no na po ahyɛn a ɛwɔ mmrannaa aba so dedaw. Na na m’ani nnye ho sɛ mɛyɛ owusihyɛn. Nanso sɛ́ mede wimhyɛn mu akwantu bɛka pɛ a na mepɛ sɛ mekɔ po ho no nso ɛ? Ná wimhyɛn a wɔde fa asase so a yɛwɔ saa bere no ntumi ntwa Atlantik po no nkɔ Amerika. Enti misusuwii sɛ, na yehia wimhyɛn a etumi gyina po so. Minyaa botae foforo.
Ná October 10, 1913, yɛ da kɛse wɔ m’asetra mu. Bere a mikura me licence (ɔkwan ma nhoma) sɛ wimhyɛn kafo mu denneennen no, afei de na manya nea akyiri yi ɛbɛma mabɛyɛ ‘ɔkɔre dedaw’ a ne ho yɛ den.”
Ná wasan aka bio—metee nka sɛ ebehia nkyerɛkyerɛmu, na mibisae.
Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Wiɛ, wɔ 1934 mu no, wɔtee wimhyɛn kafo kuw bi a wɔfrɛ no ‘Akɔre Dedaw.’ Na wimhyɛn kafo biara a onyaa ne kwan-ma nhoma ansa na Wiase Ko I refi ase no betumi akɔka kuw no ho. Na magye me de bɛyɛ sɛ afe ansa na saa bere no reba.
“Bere no mu no, na ɔbarima Engiresini bi a akyiri yi wɔbɛfrɛɛ no Owura Thomas Sopwith—ayɛ wimhyɛn a etumi fa po ani. Enti mekɔɔ England kosuaa sɛnea wɔka wimhyɛn a etumi fa po so, na ɛno akyi no mesan baa fie sɛ German wimhyɛn a etumi fa po so kafo a odi kan. Afei de na metumi ayɛ m’ankasa me de.
“Ankyɛ, German aban no ani begyee ho sɛ ɔtɔ Sopwith ahyɛn a wɔde fa po so no biako, nanso ná ɛsɛ sɛ wɔyɛ no kokoam. Enti obi a wɔfrɛ no Captain von Pustau, kraa hyɛn no na ɔsomaa me England sɛ menkɔhwɛ ne yɛ so.
“Bere a wowiee hyɛn no, Captain von Pustau ‘nnamfonom’ mu biako—aban nipa a ɔnna ne ho adi—bae sɛ ɔrebegye. Wɔka kyerɛɛ me sɛ memfa no ntu mma ɔnhwɛ. Bere a yetui no ɔka kyerɛɛ me sɛ mintu mfa Portsmouth. Na wɔmma eyi ho kwan, efisɛ na Portsmouth yɛ po so akohyɛn gyinabea titiriw. Nanso na wawe ahinam so. Mepenee so.
“Ade kyee no, von Pustau baa m’ahɔhodan mu hɔ, a na ne nne repopow: ‘Hillmann boaboa wo nneɛma ano—hyɛn a wode kɔfaa Portsmouth no—wɔrebɛkyere yɛn sɛ yɛyɛ akwansrafo!’ Ɔde sika pii hyɛɛ me nsam na ɔkɔe. Meyɛɛ basaa, dɛn na menyɛ afei?
“Polisifo ma metraa m’ahɔhodan no mu a menkɔ baabiara, Nna kakra twaam. Mifii ase yɛɛ nhyehyɛe sɛ meguan anadwo. Na hyɛn no yɛ yɛn de; na wɔatua ka. Na ɛdefa m’ahoɔhare ho no—na etumi kɔ bɛyɛ akwansin 68 dɔnhwerew biara—wɔrenkyere me da.
“Saa bere no, me kan kyerɛkyerɛfo a ɔkyerɛɛ me wimhyɛn ka a ɔwɔ England—a na yɛabɛyɛ nnamfo paa—di boaa me na osiesiee asɛm no. Mekɔɔ Germany ntɛm ara. Ná minnya nnii mfe 30, afei de na metumi ayɛ adwuma anya asetra a edi mu a mede m’ani too so a na ɛda so ara wɔ m’anim no. Ɛno akyi no—ƆKO!”
Wimhyɛn a Meka Wɔ Ɔko No Mu ne Ɔko No Akyi
“Sɛ́ obi a meka wimhyɛn a wɔde ko, wɔ 1914-1918 ko no mu no, mihuu emu ahodwiriwde anaasɛ nneɛma a egu awose ankasa. Asɛm bi sii a me werɛ remfi da. Wɔ ɔko bi mu no, Franseni tamfo Védrines a wagye din no tew me wimhyɛn no hwee fam. Nanso, amonom hɔ ara ohui sɛ me wimhyɛn no ntumi ntu no, ɔkɔe mmom sen sɛ ɔbɛba abewie me koraa. Mebɛhwee fam kɛse na medaa hɔ te sɛ owufo. Franse asraafo, a na wɔbɛn hɔ a wɔdeda wɔn amana mu rewɛn no anyɛ biribiara sɛ wobesianka me nnamfonom na wɔammegye me.
“Aseda bɛn ara na mede maa Onyankopɔn sɛ na meda so te nkwa mu! Nanso na ayamye a Védrines ne Franse asraafo ayi adi no nso ama m’ani agye. Dɛn nti na na yɛrebɔ mmɔden akunkum yɛn ho yɛn ho? Ɛkyerɛe sɛ ɔko nyɛ adepa koraa. Mebɔɔ me tirim sɛ efi saa bere no rekɔ no, mɛyɛ nea metumi nyinaa ama Germanfo ne Fransefo nnamfofa akɔ so.
“Eyi bɛyɛɛ botae foforo kaa botae a na mewɔ sɛ mɛyɛ wimhyɛn a etumi fa po so no ho. Mfe bi akyi no, wɔmaa me akyɛde wɔ nea meyɛe yi mu denam yɛ a wɔyɛɛ me Paris ɔman ba no so. Nanso, na eyi mpo nyɛ botae a na ɛbɛsesã m’asetra akyiri yi—na ɛno bɛba akyiri yi.”
Na bere retwam kɔ, na na yemfii ase nhwɛɛ asɛm a makyerɛw no mpo mu. Nanso hena na na obetumi akyerɛ sɛ mama wadan me afi asɛm no ho? Mibisae sɛ: “So osuahu ahorow a wunyae wɔ ɔko mu no ma wopɛe sɛ wugyae wimhyɛn ka anaa?”
“Dabi, wuntumi mma ‘ɔkɔre dedaw’ nka fam. Nokwasɛm ni, afe biara, mekɔ keseefam Franse, faako a mekɔ so tra wimhyɛn a afiri nni mu mu ma m’ani gye no.”
Meteɛɛm, sɛ: “Bere a woadi mfe 94 yi?”
Obuae sɛ: “Wubisaa nea ɛma mekɔ so yɛ aberante. Mabɔ mmɔden bere nyinaa sɛ mɛtra ase ama daakye a menhaw me ho wɔ nea atwam ho. Eyi aboa ma makɔ so ayɛ aberante. Bio nso, yɛn nyinaa tumi hyia asiane ahorow wɔ asetra mu. Te sɛ nea mihyiae wɔ 1926 mu no—na ne nyinaa fi ade a wɔfrɛ no brɔfo mu sɛ parachute (ade a ɛwɔ wimhyɛn mu a wɔhyɛ de huruw fi mu wɔ asiane mu) no.”
Mede ne mfonini bi a na ɔwɔ wimhyɛn bi a akyɛ yiye mu too hɔ, ade a ɛmaa ɔkae mmere a atwam. Afei mitiei.
“Na ɛyɛ January anɔpa bi a ɛbɔ anaasɛ omununkum asi yiye, na na makɔ sɛ mekɔyɛ me licence a mede ka wimhyɛn no foforo. Wim tebea ho amanneɛbɔ kyerɛe sɛ na omununkum no mu nyɛ duru. Nanso mekɔɔ soro kakra no, ɛbɔ a emu yɛ duru kataa me ho. Amonom ho ara me wimhyɛn no fii ase yɛɛ basabasa; ná m’adwene refi wimhyɛn a mereka no so.
“Saa nna no mu no ɛnyɛ wimhyɛn nyinaa na na ɛwɔ parachute. Nanso eyi de na ɛwɔ bi. Sɛ wuhuruw fi wimhyɛn no mu a, hama bi a ne tenten bɛboro anammɔn 75 a wɔde aso parachute no ne wimhyɛn no mu no ma parachute no mu bae. Mekae sɛ mebɔɔ Onyankopɔn mpae sɛ: ‘Minhuruw anaasɛ mma minhuruw?
“Te sɛ nea obuae no, adwene bi baa me tirim. Mede wimhyɛn no sian kɔɔ fam san de kɔɔ soro. Bere a ɛwosowee no, metee nnyigyei kɛse bi. Asukɔtweaa a akata ntaban no ho na na ɛrewaawae afi ho afei. Eyi na na ɛde ɔhaw no aba. Mekosii fam bɔkɔɔ. Saa bere no ara, wimhyɛn gyinabea panyin bi betwaam hɔ, ɔhwɛɛ wimhyɛn no na ɔteɛɛm sɛ: ‘Nipa bɔnefo bɛn na ne werɛ fii sɛ ɔde parachute hama no bɛsã wimhyɛn no?’ Sɛ mihuruwii a, anka ‘ɔkɔre dedaw’ yi ayɛ ‘dabodabo a wawu’ ampa!”
Ɛyɛɛ me anigye sɛ mihui sɛ na onyin nsɛee ne ho anika a ɛyɛ no.
Wɔ Nneduaban Mu—Ɛkaa Kakraa
“Wo Nazi aban no mu no, na meyɛ mfiridwuma so panyin wɔ Weser-Flug, wimhyɛn dwumadibea bi a ɛwɔ Bremen. Ɛwom sɛ na mehwɛ adwumayɛfo 5,000 so de, nanso mepowee sɛ mede me ho bɛbɔ Nazi kuw no. Na mintumi nnye Hitler nhyehyɛe horow ntom. Ɛkaa kakraa bi na eyi de me kɔɔ ɔhaw kɛse mu.
“Wɔ 1939 mu no, Weser-Flug de me kɔɔ Bremen sɛ menkɔhwɛ dwumadibea a ɛto so abien a wɔreyɛ no so. Na ɛsɛ sɛ wɔyɛ no Tempelhof wimhyɛn gyinabea hɔ, hyɛn gyinabea a na akyiri yi ebegye din wiase nyinaa wɔ nnuan ne nneɛma a wɔde faa wim kɔɔ Berlin wɔ 1948-49 mu no mu no. Nazi adwuma mu mpanyimfo a na wɔyɛ adwuma wɔ m’akwankyerɛ ase no pɛe sɛ wɔyɛ asɛnka agua kɛse bi bata adan no biako ho, faako a na Hitler betumi agyina ama ne kasa ahorow bere a ɔwɔ Berlin. Bere a minhu eyi so mfaso biara no, miyi fii nhyehyɛe ahorow no mu. ‘Meka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Yenhia asɛnka agua na yɛde ayɛ wimhyɛn.’
“Eyi ne nneɛma afoforo bi a na wɔn ani nnye ho nti ankyɛ na wɔde me kɔɔ asennibea. Nanso me panyin paa a ɔwɔ Weser-Flug no beyii me, na ɔka kyerɛɛ Goring sɛ: ‘Fa Hillman na wubetumi ayi w’adwene afi Tempelhof so.’ Enti wogyaa me ma mitumi yɛɛ wimhyɛn gyinabea no wiei, a ɛkame ayɛ sɛ ɛte sɛ nea wɔda so ‘hu no nnɛ no ara.”
Awiei—ne Mfiase Nso
“Ɔko no twaam. Na madi mfe 59, a menyɛ adwuma, na mintumi nyɛ po ahyɛn anaasɛ wimhyɛn. Ná mmerantebere ne emu botae ne anidaso horow nyinaa aba kɔ—na ne nyinaa yɛɛ saa ntɛm so! Nanso sɛ́ mete hɔ a menyɛ adwuma no, na mempɛ. Na ehia sɛ mete nka sɛ me ho betumi akɔ so ara aba nnipa mfaso.
“Mede mfe akron a emu yɛ den wɔ ɔko no akyi hwehwɛɛ adwuma ansa na merenya biribi a ɛfata wɔ kurow bi a ɛwɔ akyiri kakra mu. Bere a na madi mfe 68 no, mikuraa adwuma no mu kosii sɛ midii 81. Saa bere no, nea na esi m’ani so no baa awiei. Nanso na biribi a ɛyɛ titiriw paa rebefi ase, ‘botae a mansusuw ho da sɛ ebetumi aba ansa na eyi reba. Woahu, na ɛyɛ . . . ”
Ne yere betwaa asɛm no mu bere a ɔbaa dan no mu. Obisae sɛ: “Worennom tii anaa?” Medaa no ase wɔ nnuan a ɔde besii m’anim no ho. Bere a meregye m’ahome no, mipiaa nea makyerɛw no maa Wilhelm na mifii ase ne ne yere bɔɔ nkɔmmɔ kakraa. Mede m’ani to hui sɛ wafa asɛm a makyerɛw no na wahyɛ n’ahwehwɛ-niwa no yiye. Eyi ne nea ɔkenkanee wɔ m’asɛmti a edi so yi ase,
“ABERANTE A WOBƐKƆ SO AYƐ BERE A WURENYIN”
Bere a meresrasra nnamfo no, medan kɔɔ wɔn babarima so bisaa no sɛ: “Werner, woadi mfe ahe—13?” Werner a ne ho pere no kakra no buae ntɛm ara sɛ: “Dabi! Merekɔ 14 dedaw!”
Mmofra ho tumi pere wɔn sɛ wɔbɛyɛ mpanyimfo, na wɔn mu binom bɔ mmɔden sɛ wɔbɛma woasusuw sɛ wɔanyinyin sen sɛnea wɔte ankasa—ebia ɛdenam ntade a wɔhyɛ te sɛ mpanyimfo, bogyesɛ anaasɛ ano mfemfem a wogyaw, anaasɛ mpanyinsɛm a wodi so. Biribiara nni hɔ a ɛhaw abofra a ɔpɛ sɛ ɔyɛ ne ho panyin sen sɛ wubebu no sɛ abofra; na biribiara nni hɔ a ɛyɛ no dɛw kɛse sen sɛ wobebu no sɛ ɔpanyin sɛnea ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ no.
Nanso mmerantebere yɛ tiaa. Bere a ɔyare ba na tebea horow hyɛ no ma ogurow no, ɛnkyɛ na onii a ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɔpanyin no reyɛ te sɛ abofra. Hwɛ sɛnea wo kɔn tumi dɔ “nna pa a atwam” no! Kae bere a na wutumi kenkan a wunhia ahwehwɛ-niwa no? na wutumi didi a wosẽ a woabɔ no foforo nhaw wo? na wo sisiw nyɛ wo yaw anaasɛ wo mu nkontɔnee. Bere a na wutumi kae nneɛma a ɛho nhia sɛ wokyerɛw to hɔ, mmom sen sɛnea ɛte mprempren a wo werɛ refi sɛ wobɛkenkan nea woakyerɛw sɛnea ɛbɛyɛ na woakae no?
Na hena na obetumi ahu ɛyaw ahorow a onyin taa de ba no asen akwakora? Nea onnuu mpanyin afe so bɛn na ebetumi aba sɛ onim awerɛhow a ɛyɛ sɛ obi bɛhwere n’aware mu hokafo mfe bebree, anaasɛ ankonamyɛ a wo hokafo a wodɔ no a wobɛhwere no no de ba? Anaasɛ ɔte ahoyeraw a anifurae, asoti ne mmerɛwyɛ de ba no nka? Anaasɛ onim ahokyere a sika kakraa bi a wode ma obi a ne mfe akɔ anim ma wagyae adwuma de ba no? Anaasɛ onim awerɛhow a ɛyɛ sɛ obi besusuw sɛ: “So mɛkɔ so atra nkwa mu afe a ɛreba yi?”
Nanso, ɔhaw a onyin tumi de ba no nyinaa akyi no, ɛwɔ ne mfaso horow. Mfe pii a wode anya osuahu no ama woanya nhumu ne nimdeɛ pa wɔ ɔhaw ahorow a nkurɔfo hyia no ho. Susuw nimdeɛ a woanya no ho hwɛ. Woabɛyɛ onyansafo, na ebia wokari pɛ, na ɛkame ayɛ sɛ nokwarem no, wowɔ asetra ho anisɔ a emu dɔ.
Sɛ yetumi nya asetra abien yi mu anigye a, hwa fɛ ara a anka ɛbɛyɛ—mmerantebere mu ahoɔden ne nyansa ne mfaso afoforo a onyin de ba! Na wɔ ɔkwan bi so no, wubetumi, efisɛ ɛwom mpo sɛ ebia wuntumi mma wo nkwa nyɛ tenten de, nanso anyɛ yiye koraa no ebia wubetumi ama wo mmerantebere ayɛ tenten. Nanso akwan bɛn so?
Onyin mfa nipadua no ho nko; ɛfa adwene ne suban ahorow nso ho. Hwɛ kwan sɛ wubenyin akyɛ, hwehwɛ sɛ wobɛkɔ so ayɛ aberante, na hokwan ahorow a wowɔ sɛ wobɛyɛ abien no bɛkɔ anim. Wɔkyerɛ sɛ onipa fi ase nyin ɛda a ofi ase di ho yaw no.
Dwen sɛ Aberante na Susuw Nneɛma a Ɛyɛ Anigye Ho
Ɛda adi sɛ eyi remma wontra w’abrannaa so daa wɔ wo nkwakorabere mu a nea ɛrekɔ so wɔ wiase no mfa wo ho. Yɛ wo ade sɛ aberante. Mfa w’atipɛnfo a wo ne wɔn nkɔmmɔbɔ bɛfa owu ho amanneɛbɔ a ɛwɔ atesɛm krataa mu nkutoo ho nnamfo. Fa mmerante nso nnamfo. Tie nea wɔwɔ ka. Hu wɔn haw ahorow. Wobenya wɔn ho anigye a wowɔ no ho anisɔ na wɔde obu bɛma wo. Nea ɛka ho no, wɔn mmerantebere mu anigye ne akwanhwɛ ahorow no binom bɛka wo.
Wo werɛ a wobɛma afi sɛ wobɛserew no remma onyin mu nneɛma horow a enye no nyɛ yiye. Nya anigye wɔ nneɛma nketenkete mu. Nya anigye koro no ara a wunyae bere a, sɛ́ abofra ketewaa no, wuhui sɛ agyinamoa pam ne dua no. Ma w’anim nyɛ serewserew sɛnea na ɛte, bere a, sɛ́ aberante no w’ani gyee akyɛde bi ho no.
Sɛ́ wobɛdwen owupa ho mmom no, dwen asetra a atirimpɔw wom ho. Kae sɛ, anigye ne akomatɔyam betumi ama nipadua a ahaw anya ahoɔden. Sɛnea obi a wadi mfe 100 kae no, wɔ asetra nyinaa mu no, “anigye bɔ yɛn nkwa ho ban.”
Teɛteɛ Wo Mpɔw Mu
Sɛ ɛnyɛ pii mpo a, wo mpɔw mu a wobɛteɛteɛ daa ho hia. Eyi ma koma ne ahurututu no nya ahoɔden, na ɛmma wonnyɛ kɛse mmoroso na wo honam ntwintwam. Nea w’ani gye ho biara (sɛ ɛyɛ agorudi anaasɛ nantew) , ɛbɛboa wo ma woakɔ so anya nipadua mu ahoɔden.a
Apɔw-mu-teɛteɛ ho hia titiriw sɛ woadu mfe a wode gyae adwuma yɛ so a. Adwuma a wogyae nkyerɛ faako tra. Yɛ adwuma, yɛ biribi a w’ani gye ho ho adwuma. Nyɛ anihaw pii. Yɛ te sɛ ɔbarima a, bere a wɔka kyerɛɛ no sɛ ɛsɛ sɛ ogye n’ahome no, ɔde nne a ɛkyerɛ sɛ ɔmpene so buae sɛ: “Dabida. Bere dodow a mitumi keka me ho yi de, wontumi nsie me!”
Ma W’adwene Nni Dwuma
Mpo sɛnea honam no sɛe bere a wɔmmfa nni dwuma no, saa ara nso na adwene no yɛ. Nya nkɔso wɔ asetra mu denam wo nimdeɛ a wobɛma akɔ anim so. Sua nneɛma a woannya bere anaasɛ hokwan ansua kan no—nsa ano adwuma bi, kasa foforo bi anaasɛ sɛnea wɔbɔ sanku bi. Sɛ nhwɛso no, so wunim sɛ bɛyɛ sɛ Amerikafo ɔpepem abien a wɔaboro mfe 55 asan kɔ sukuu, na wɔn mu bebree resua ade wɔ ntoaso sukuu ne sukuu kunini ahorow mu?
Nokwasɛm ni, wobuee sukuu kunini bi maa asuafo a wɔanyin adu baabi a ɛse sɛ wogyae adwuma nkutoo wɔ Geneva, Switzerland, 1975 mu. Ebeduu 1979 mu no, ná asuafo 600 a wɔde wɔn fii ase no ako soro bɛboro 2,000. German adebɔ ho nyansahu nsɛmma nhoma bi reka eyi ho asɛm no, ɛkae sɛ, sukuu kunini yi mu mpanyimfo ahu sɛ, “nea ɛne adwene a ahyeta a ɛne sɛ nnipa a wɔanyinyin ntumi nsua ade bɔ abira no, wɔakyerɛ sɛ, kyere a wotumi kyere ade ne tumi a wɔwɔ a wode sua ade no nyinaa di mu.”
Hwɛ Sɛnea Wudidi na Wonom Yiye
Ecuadorfo akuraa Vilcabamba a ɛyɛ amantam abiɛsa a agye din wiase nyinaa wɔ onyinkyɛ mu no mu biako ho adesua horow da no adi sɛ, nnipa a wɔwɔ hɔ no nnidi pii. Wodi nnuan a ahoɔden wom te sɛ, nnuaba, nhabamma, aburow, ɛmo, awi ne nea ɛkeka ho, a asikre ne srade nni mu pii. Sɛnea ɛbɛyɛ na nsa aka nnepa a anka ɛsɛ sɛ yenya fi nnuan mu no, nnipa bebree hu sɛ nnuro ahorow a ɛma ahoɔden boa. Nhwehwɛmu rekyerɛ sɛ vitamin E a wonya fi awi ne aburoduan, nhabamma ahorow a wodi, ɛnam, nufusu ne buturu mu ye na ɛbrɛ nea ɛde onyin ba no ase.
Nea ɛnte sɛ sigaret a sɛ wɔnom kakraa bi mpo a epira akwahosan no, nsã de epira bere a obi nom boro so. Ɛdefa nsanom ho no, eye sɛ obi bedi afotu a ɛfata na nyansa wom a aberante Bibini bi de mae no akyi, ɔkae sɛ: “Kae sɛ, sɛ wonom nsã kakraa bi a, wubenyin akyɛ. Na sɛ wunyin kyɛ a, wubetumi anom nsã pii.”
Bɔ Wo Ho Mmɔden Sɛnea Wubetumi
Mma mmerante nyɛ wo sɛ abofra a wɔbɔ wo ho ban wɔ biribiara mu, sɛ adwempa mpo na wode yɛ saa a. Sɛ wo nkutoo wubetumi akɔ so atra a, yɛ saa. Sɛ wubetumi akɔ so ahwɛ wo fie yiye a, yɛ saa. Sɛ wubetumi akɔ so anoa wo ankasa w’aduan a, yɛ saa. Sɛ wubetumi akɔ so adɔw wo ankasa wo dan ho na woahohoro wo ankasa wo kar ho a, yɛ saa.
Nanso, sɛ woayɛ mmerɛw wɔ nipadua anaasɛ adwene mu na wuhia mmoa a pene mmoa so bere a wɔde rema, na ɛsɛ sɛ wufi ayamye ne aseda mu yɛ saa. Ma nkurɔfo mmoa wo sɛnea w’ahiade te, na ɛnyɛ sɛnea wo mfe te. Saa kwan yi so no, wobɛkɔ so akura obu a wowɔ ma wo ho no mu na biribiara nni hɔ a ɛbɛma woate nka se wode wo ho reto afoforo so sɛnea ɛmfata.
Nnwen Mmere a Atwam Ho Dodo
Nneɛma a wɔkaakae ye, nanso sɛ́ wode wo ho bɛto nea atwam so pii, te sɛ nkrataa ne mfonini dedaw a wobɛhwehwɛ mu, anaasɛ wobɛsɛe bere pii de akaakae, betumi ama wo werɛ ahow. Sɛ́ wobɛkaakae nea atwam mmom no, bɔ mmɔden sɛ wubesusuw nnɛ ho, bere a bere koro no ara mu no woyɛ nhyehyɛe ma daakye. Dwen nea wobɛpɛ sɛ woyɛ ɔkyena anaasɛ dapɛn a ɛreba ho, na da biara da no, wubenya biribi a wode bɛtra ase.
Wubetumi de nneɛma a ɛwɔ hɔ nnɛ a wobɛkaakae asi nea atwam anan. Sɛ nhwɛso no, sɛ́ anka wobɛyɛ te sɛ ɔbea kunafo a ɔka sɛ: “Fi bere a Charlie wui no, mentõo biribiara” no, ma afipamfo ne nnamfo ani nnye denam keeki a wobɛtõ ama wɔn so; Ka kyerɛ wɔn sɛ: “Misusuwii sɛ ebia mo ani begye ho. Na Charlie ani gye ho bere nyinaa. Nokwasɛm ni, na keeki yɛ ade a ɔpɛ paa.” Bere a woma afoforo ani gye no, wo ankasa wubenya anigye. Mpofirim ara no, nneɛma pa a atwam a wokae no ho ba mfaso wɔ ɔkwan foforo so.
Gye Nea Ɛda Adi Tom
Gye nokwasɛm a ɛne sɛ wonyɛ aberante bio te sɛ kan no tom. Na hena na ɔno de ɔyɛ aberante daa? Nte nka sɛ ɛsɛ sɛ wutumi yɛ biribiara a mmerante yɛ. Ntease biara nnim sɛ wobɛkyerɛ sɛ woda so ara yɛ aberante bere a ɛda adi ankasa sɛ wonyɛ aberante. Nyin ɔkwan a ɛyɛ fɛ so, a wunni ho awerɛhow.
Da ase daa sɛ wunyaa hokwan nyinii. Mmerante ɔpepem pii a wowuwui bere a wonnyinii koraa no annya saa hokwan no. Nyɛ sɛ aberante a, sɛ ɔresɔre anɔpa a ɛyɛ no yaw sɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ saa no, na mmom yɛ te sɛ akwakora a n’ani gye ho sɛ ɔda so tumi sɔre no.
—Awiei—
Bere a Wilhelm rekenkan no, ɛwom wom a na waserew, na wabɔ ne ti nko wɔ mmeae bi. Mefaa saa a ɔyɛ no sɛ biribi pa, nanso, te sɛ akyerɛwfo pii no, minyaa ntease bi wɔ nea osusuw no ho.
“Asɛm no ye—emu da hɔ na mfaso wɔ so. Na aka asɛm biako bio.”
Ne Botae Foforo—Sɛ Ɔbɛkɔ so Ayɛ Aberante Daapem
Wilhelm Hillman kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Bere a na meda so ara yɛ adwuma wɔ akuraa ase no, meyɛɛ adwuma wɔ hɔ kosii sɛ midii mfe 81, me yere fii Bible adesua nhyehyɛe bi ase. Na mitu kwan kɔka ne ho dapɛn awiei. Da bi de na mewɔ fie nnawɔtwe no nyinaa na mitumi de me ho hyɛɛ adesua a ɔne Yehowa Adansefo yɛe no mu. Na ɛyɛ anigye ankasa. Akyiri yi a migyaee adwuma no, minyaa mu kyɛfa daa.
“Wɔ adesua no mu no, misuae sɛ na Onyankopɔn mfitiase atirimpɔw ma onipa ne sɛ ɔbɛtra ase daa daa a ɔmmɔ akwakora da. Na ɛyɛ anigye sɛ misuae sɛ ɛrenkyɛ Onyankopɔn ahenni bedi saa mfitiase atirimpɔw yi ho dwuma. Bible nkɔmhyɛ ahorow, te sɛ nea ɛwɔ Adiyisɛm 21:4, no benya mmamu afei: “Na [Onyankopɔn] bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.’
“Nea ɛka ‘kan nneɛma’ a ebetwam a misuae no ho ne onyin ne emu ɔhaw ne ahokyere ahorow. Minyaa anidaso kɛse bere a woka kyerɛɛ me sɛ metumi atra ase ahu Hiob 33:25 mmamu—wɔ m’ankasa me fam ne afoforo fam no: ‘Ne honam yɛ fɔɔfɔɔ sɛ mmofra de, ɔsan kɔ ne mmerantebere mu.’
“Nkakrankakra, Bible no, a ɛde besi saa bere no na mabu no sɛ ɛyɛ anigye nanso ɛyɛ abakɔsɛm nkutoo no, bɛyɛɛ gyidi nhoma. Awiei koraa no, bere a miduu me mfe 80 mu no, wɔbɔɔ me asu sɛ Yehowa Adansefo mu biako.
“Sɛ mihyia me kan nnamfo’ no bi a, woka kyerɛ me sɛ ɛte sɛ nea minnyin bio. Meka kyerɛ wɔn sɛ ebia wɔreka nokware, na afei mekyerɛkyerɛ wɔn nea enti no mu.”
Bere a opiaa ne Bible too m’anim no obuee Yesaia 40:30, 31 na ɔma mekanee: “Mmerante brɛ, na wɔpa abaw, na nkwankwaa hwehwe ase. Na wɔn a wɔtwɛn [Yehowa] no nya ahoɔden foforo, wɔde ntaban foro sɛ ɔkɔre.”
Ɔkãe sɛ: “Ɛnsɛ sɛ obiara susuw n’ankasa ho sɛ wanyin dodo sɛ obesua Yehowa ho ade na wanya ne mu anidaso.” “Fa fi ‘ɔkɔre dedaw’ hɔ! Ɛsɛ sɛ yenya anidaso sɛ, wɔ Onyankopɔn nhyehyɛe foforo no mu no, yebetumi anyin daa daa na yɛakɔ so ayɛ mmerante daapem.”
[Ase hɔ nsɛm]
a “Sɛnea ɛbɛyɛ na woanya nyansahyɛ ahorow pii no, hwɛ November 8, 1980, Engiresi Nyan! mu asɛm a ne ti ne “So Apɔw-mu-teɛteɛ Boa Ankasa?”
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 6]
“Wɔ wim ɔko bi mu no Franseni tamfo Védrines a wagye din no tew me hwee fam”
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 7]
“Na mmerantebere, ne emu botae ne anidaso ahorow nyinaa aba kɔ—na ɛyɛɛ saa ntɛm so”
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 10]
Ɛyɛ awerɛhow sɛ wobɛte nka sɛ: “So afe a ɛbɛba no na mete nkwa mu?”
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 11]
“Misuae sɛ na Onyankopɔn mfitiase atirimpɔw ma onipa ne sɛ ɔbɛtra ase daa daa a ɔmmɔ akwakora da”
[Kratafa 8 mfoni]
“Preussen,” po hyɛn kɛse a ɛwɔ mmrannaa anum a egyee din a Hillmann de twaa Cape Horn ho hyiae no
[Kratafa 9 mfoni]
“Ɔkɔre Dedaw” no a ogyina ne wimhyɛn ahorow a edi kan no biako ho. Bere a wadi mfe 94 no ɔda so ara tra wimhyɛn a wɔde gyigye ani mu afe biara