Dwen Fɛ a Ɛyɛ
HWƐ anigye ara a ɛbɛyɛ sɛ wo ne tete mmarima ne mmea anokwafo bekasa! Wode susuw sɛ wo ne mmarima te sɛ Noa, Abraham, Mose, ne Yohane Suboni, ne mmea te sɛ Sara, Rahab, Rut, ne Debora nso rekasa ho hwɛ! Anka ɛnyɛ wo anigye kɛse sɛ wobɛte nsɛm a esisii tete beeme ho asem afi wɔn a wɔde wɔn aniwa hui hɔ?
Ɛnnɛ mpo, so ɛnyɛ wo anigye sɛ anokwafo a wɔn mfe akɔ anim bɛka wɔn suahu akyerɛ wo afa sɛnea wɔne afoforo kuraa wɔn mudi mu maa Onyankopɔn wɔ sɔhwɛ ahorow te sɛ ɔsom adwuma a wɔabara, ɔhwe, ne afiasenna esiane trenee nti no ho? Nokwarem no ɛte saa! Bere a wɔka wɔn nkate ahorow, ne titiriw wɔn komam anisɔ a wɔwɔ ma Yehowa ɔhwɛ a ɔdɔ wom no ho asɛm kyerɛ yɛn no, ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn ne obu a yɛwɔ ma wɔn no bɛyɛ kɛse.
Wɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu no, wɔde obu ama mmarima ne mmea anokwafo a wɔn mfe akɔ anim bere nyinaa esiane osuahu, nimdeɛ, ne nyansa a wɔwɔ nti. Nokwarem no, ná afotu a edi so yi ka Mmara a Onyankopɔn de maa Israelfo no ho: “Sɔre atifi dwen anim, na di akwakoraa anim ni, na suro wo Onyankopɔn: Mene [Yehowa].” (Leviticus 19:32) Hebri asɛmfua ma onyin anaa mfe a akɔ anim no gyina ntease a ɛne sɛ “fu dwen” no so, na wɔsan kyerɛ ase “dwen.” Enti ná ɛsɛ sɛ Israelfo no sɔre ma obi a ne mfe akɔ anim sɛ obu ho sɛnkyerɛnne, bere a wofi Onyankopɔn suro mu na ɛyɛ saa.
So obu su a ɛte sɛɛ wɔ hɔ nnɛ? Sɛ́ nhwɛso no, so mmofra fi ayamye mu bue ɔpon ma wɔn a wɔn mfe akɔ anim? So mmofra anaa mmerante ne mmabaa de wɔn trabere ma mpanyimfo wɔ afiri a wɔde foro abansoro a ayɛ ma mu? Anaasɛ so mmofra taa de wɔn trabere ma wɔn a wɔn mfe akɔ anim, bere a wɔwɔ bɔs anaa keteke a nnipa akyere so wom mu no? Eyinom a wɔnnyɛ no da adi wɔ Kristofo mu mpo.
Nanso sɛ Kristofo bɛsɔ Yehowa Nyankopɔn ani a, ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔn ade ma ɛne n’adwene hyia na wokwati ‘ahopɛfo, awofo asɛm ho asoɔdenfo, bonniayɛfo, ne wɔn a wɔmpɛ papa’ nsusuwii, kasa, ne nneyɛe. (2 Timoteo 3:1-5) Ɛnde dɛn na Onyankopɔn Asɛm no ka wɔ abusuabɔ a ɛda mmerantebere ne dwen ntam?
Mmerante Ahoɔden
Bible gye mmeranteberem ahoɔden ne ɛso mfaso ahorow tom bere a ɛka sɛ: “Mmerante anuonyam ne wɔn ahoɔden.” (Mmebusɛm 20:29) Wɔde Lewifo mmerante a wɔwɔ tete Israel no ahoɔden dii dwuma wɔ asɔrefi hɔ, maa nnwumaden no titiriw. Ɛnnɛ, mmerante ne mmabaa a wɔde wɔn ahoɔden ne wɔn mmɔdenbɔ abɔ afɔre de retrɛw Ahenni nneɛma mu na wɔyɛ adwuma a wɔyɛ wɔ nhoma tintimmea ahorow a ɛwɔ Betel afie mu ne Ɔwɛn Aban Asafo no adansi adwuma ahorow no kese. (Mateo 6:33) Enti wonya hokwan ahorow a ɛyɛ anigye wɔ Onyankopɔn som mu.
Abebusɛm a wɔfaa mu asɛm kae wɔ atifi hɔ no de nsɛm yi na ɛba awiei, “na nkwakoraa ahoɔfɛ ne dwen.” Sɛ wɔde mmeranteberem ahoɔden bata mfe dodow mu osuahu ne nyansa ho a, wonya nkabom a ɛyɛ den yiye.
Sɛ́ mfatoho no: Woka kyerɛ abofra a ɔresua duadwumfo adwuma bi sɛ ɔmfa ntaboo mfemfam so ma ɔde mmeranteberem ahoɔden yɛ adwuma no. Duadwumfo a wanyin na ɔwɔ osuahu sen no hu sɛ ɛmfa ho sɛ ne boafo kumaa no wɔ ahoɔden no, ɔbɔ dadewa biako so mpɛn pii ansa na akɔ mu. Odwumayeni panyin no hyɛ abofra no nyansa sɛ ɔnsɔ asae no to mmom sen sɛ ɔbɛsɔ abɛn ne fã a ɛyɛ dade no. Eyi boa ma abofra no bɔ dadewa no so den yiye, na ɛnsɛe bere ne ahoɔden pii.
Ɔkwan a ɛte saara so no, ababaa a ne ho yɛ den betumi asɔ ahwɛ ahu sɛ, sɛ wɔanhoro ntade bi sɛnea ɛho mmara kyerɛ a, ɛbɛsɛe. Nanso ɔbea a ɔwɔ osuahu nim mfaso a ɛwɔ bere a wogye de yiyi ntade mu na wɔhoro bi ɔkwan soronko so no so. Wasua nso sɛ, sɛ obubu ntade no bere a wayiyi afi ahama so anaa afiri a wɔde hata nneɛma mu ara pɛ a, ɛmma ɔnto nneɛma pii so.
Nnipa a wɔwɔ osuahu a yebesua afi wɔn hɔ no bɛma asetra ayɛ mmerɛw kɛse. Nanso ɛtɔ da bi a, obi a ɔwɔ osuahu mpo ntumi nyɛ nnwuma bi a na ne yɛ yɛ mmerɛw ma no mfe kakraa bi a atwam no. Ɔkyerɛwfo biako kaa no yiye sɛ: “Sɛ mmofra wɔ nimdeɛ, na mpanyin wɔ ahoɔden a, anka ɛyɛ paa.” Nanso hwɛ sɛnea eye sɛ mpanyin bɛkyerɛ mmofra ahoɔden ho anisɔ na wɔde boasetɔ akyerɛ wɔn osuahu a wɔde mfe bebree anya no—na mmofra fi ahobrɛase mu gye nyansahyɛ ahorow tom! Ɔkwan a ɛte sɛɛ so no, kuw abien no nyinaa nya mfaso.
Ahoɔfɛ Nya
Mfe dodow nkutoo nnɔɔso. Aberante Elihu kae sɛ: “Ɛnyɛ wɔn a woanyin pii na wonim nyansa, na ɛnyɛ mpanyin na wohu atemmu mu.” (Hiob 32:9; Ɔsɛnkafo 4:13) Sɛ ɔpanyin bi dwen bɛma wɔabu no a, ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea wayɛ pii sen sɛ ɔde akwadworɔ bɛsɛe ne bere wɔ T.V. ne agodi hwɛ ho, anaa ɔkwan foforo so no sɛ obegye n’ani ara kwa. Na akyiri mfe mu mpo no, ɛsɛ sɛ mpanyin kɔ so sua ade.
Ebinom hoahoa wɔn ho wɔ nneɛma a wɔyɛ no sɛnea wɔpɛ no ho anaa wɔka sɛ: “Osuahu ne ɔkyerɛkyerɛfo a ɔsen biara.” Nanso, Onyankopɔn Asɛm tu fo sɛ: “Onyansafo ntie, na n’adenim nnɔɔso, na onimdefo mfe nnya atɛmpa.” (Mmebusɛm 1:5; fa toto 1 Korintofo 10:11 ho.) Osuahu nyɛ ɔkyerɛkyerɛfo a ɔsen biara bere nyinaa, efisɛ yebetumi asua afi afoforo mfomso mu a ɛho nhia sɛ yɛn ankasa yɛ mfomso a ɛte saa ara. Bio nso, ɛsɛ sɛ Kristoni kae sɛ “abotiri a ɛyɛ fɛ ne dwen, wohu no trenee kwan so a.” (Mmebusɛm 16:31) Obi nkwa a ɔde som Yehowa wɔ nokwaredi mu no yɛ fɛ wɔ n’ani so, na ɛfata obu fi afoforo hɔ sɛ nhwɛso pa. Nokwarem no, Onyankopɔn ho ade a wosua ne osuahu a wonya wɔ “trenee kwan so” no betumi afi ase ntɛm na ɛyɛ adeyɛ a ɛsɛ sɛ ɛkɔ so daa.—Romafo 11:33, 34.
Osuahu bi a ɛfa abarimaa bi a wadi mfe ason a ɔwɔ Sweden ho yɛ eyi ho mfatoho. Obisaa Teokrase Ɔsom Sukuu sohwɛfo a ɔwɔ asafo no mu no sɛ obetumi anya sukuu no mu kyɛfa a. Ɔhwɛfo no bisae sɛ, “Adɛn?” Ɛna abofra no buae sɛ: “Obi ntumi nsɛe ne nkwa nna nyinaa kwa!” (Ɔsɛnkafo 12:1) Nhwɛso pa ma mmofra ne mpanyim nyinaa bɛn ara ni!
Nidi a Wɔde Ma Dwen
Nnɛyi abusua yi su a ɛhaw adwene ne sɛ wobu honam fam ahoɔden ne apow mu ateɛteɛ ho mmɔdenbɔ kɛse, na wobu mpanyin animtiaa. Su bɛn na ɛsɛ sɛ Kristoni nya wɔ wɔn a wɔafuw dwen a wɔwɔ asafo no mu no ho?
Sɛ́ anka yebebu yɛn ani agu Kristofo a wɔn mfe akɔ anim so no, ɛsɛ sɛ yesusuw wɔn ho na yenya wɔn ho bere. Sɛ́ nhwɛso no, wɔ Yehowa Adansefo dapɛn dapɛn nhyiam wɔ Ahenni Asa so ase no, so wobɔ mmɔden sɛ wubekyia mpanyin? Wɔn ani sɔ mmofra ne afoforo nkyia ankasa. Na sɛnea mpanyin ani gye ho sɛ wɔne mfɛfo gyidifo a wɔn mfe sonsonoe bɛbom wɔ apontow ahorow ase! Ɛwom, awarefo a wonnyinyinii ne awarefo a wɔne wɔn bɔ tipɛn bɛkyerɛ nneɛma koro ho anigye, nanso mfaso bɛba so sɛ wɔde wɔn a wɔn mfe akɔ anim bɛka nhyiam a ɛyɛ anigye sɛɛ yi ho.—1 Tesalonikafo 3:12; 5:15.
Hwɛ hia a ehia sɛ wosusuw wɔn a wɔn mfe akɔ anim ho bere a wɔne wɔn rekasa no! Bere a onua panyin bi a wadi mfe 40 wɔ Yehowa som mu bisaa asafo mu ɔpanyin foforo sɛnea wobetumi de no adi dwuma wɔ asafo no mu bere bi no, ɔbarima a onnyin pii no kae sɛ: “Kakraa bi na wubetumi ayɛ de aboa.” Asɛm a ayamye nnim bɛn ara ni! Ná nea ne mfe akɔ anim no nni ahoɔden pii sɛnea na ɛte kan no, na ɔfã a onya wɔ asɛnka adwuma no mu no so atew ɔkwan bi so, na na ɛda adi sɛ ɔhwɛ adwuma hokwan ahorow bi bɛyɛ den ama no dodow mprempren; nanso na ɔwɔ pii a ɔde bɛboa. Na ɔde mfe pii anya nyansa ne suahu wɔ trenee kwan so. Esiane sɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim yi yɛɛ adwumaden sɛ Ahenni asɛnkafo, gyinaa ɔtaa ano, nyaa Kristofo asɛyɛde akɛse, na wɔtetee afoforo nti, Onyankopɔn nkurɔfo wɔ ahyehyɛde a ɛyɛ den a ne honhom na ɛhyɛ akyi nnɛ. Enti, momma yɛnkyerɛ obu mma wɔn a wɔn mfe akɔ anim yi sɛ afotufo a wonim nyansa, ahwɛfo a wɔwɔ ɔdɔ, ne akyerɛkyerɛfo a wotu mpɔn.
Ntease pa nso wɔ wɔn a wɔn mfe akɔ anim nyansahyɛ ahorow a yebesusuw ho anibere so mu. Sɛ̃ nhwɛso no, onua bi a ɔwɔ osuahu hyɛɛ nyansa sɛ wɔmmma Ahenni Asa bi pon nnkyerɛ ɔdan no atɔe fam. Anuanom a wonnyinyin pii a na sɛnea wosusuw sɛ ɔdan no bɛyɛ fɛ no nkutoo na ehia wɔn no antie ne nyansahyɛ no. Nanso mfe pii akyi no, esiane mframa ne nsu a ɛtaa fi atɔe hɔ ba no nti, ɛsɛee, maa ɛho behiae sɛ wɔsesa beae a ɔpon no wɔ no. Osuahu mu nyansa a mfaso wom no dii afɛfɛde so. Sɛ wɔn a wonnyinyinii no di wɔn a wɔn mfe akɔ anim no ni denam wɔn adwenkyerɛ ahorow ne wɔn nyansa a mfaso wɔ so a wotie so a, eyi betumi ama wɔakora bere ne sika so. Sɛ woamfa nea ne mfe akɔ anim no nyansahyɛ anyɛ adwuma mpo a, wobetumi ama no ahu sɛ wosusuw ho na mmom nsɛm tebea afoforo maa wosii gyinae foforo, na wɔde adi no ni.—Fa toto Mmebusɛm 1:8 ho.
Hwɛ W’anim, Ɛnyɛ W’akyi
Wɔn a wɔn mfe akɔ anim binom nya adwene yi: “Bere biara nni hɔ a ɛte sɛ kan a na me ne wo yɛ mmofra no.” Nanso sɛ́ anka wobesusuw mmere a atwam no ho no, yebetumi ahyɛ mpanyimfo a wɔte sɛɛ nkuran ma wɔde wɔn ani asi bere a wobenya wɔn soro akyɛde anaa wobenya wɔn mmeranteberem ahoɔden bio wɔ Onyankopɔn Ahenni nniso ase no so. Saa bere no mmae no, ehia sɛ wohu sɛ wɔn mfe nti, ɛnyɛ biribiara na wobetumi ayɛ. Eyi a obehu ne aseresɛmyi kɛse a ɔbɛpɛ ho hia yiye bere a ebia wobu ani gu obi a ne mfe akɔ anim so wɔ ɔsom hokwan ahorow mu no.
Sɛ́ nhwɛso no, ebia na wɔde obi a ne mfe akɔ anim adi dwuma mpɛn pii wɔ ɔmantam nhyiam ase dwumadi ahorow mu mfe bi a atwam ni. Mprempren, asafo mu mpanyimfo a wɔfata ne mmarima a wotumi kyerɛkyerɛ a wobetumi apaw wɔn pii wɔ hɔ. Ɛwom sɛ mpanyimfo yi nnyinyin pii de, nanso ebinom ada no adi fann sɛ wɔwɔ nsi na wɔfata, wobetumi akyerɛkyerɛ yiye na wɔafi ayamye mu de afotu ama, na wotumi hyɛ afoforo nkuran. (1 Tesalonikafo 5:12, 13; 1 Timoteo 5:17) Eyi nti, onua a ne mfe akɔ anim a wannya dwumadi wɔ nhyiam no ase no betumi ate nka sɛ woabu ani agu ne so, na ebia n’ani nnye ho sɛ wɔde hokwan no ama asafo mu mpanyimfo a wɔn mfe nkɔɔ anim pii no. Nanso wobetumi adi nkate a ɛnteɛ a efi nnipa sintɔ mu no so. Nokwarem no, asafo no mufo nyinaa betumi aboa denam wɔn a wɔn mfe akɔ anim a wɔbɛma wɔahu sɛ wɔn ho hia, sɛ wɔdɔ wɔn wɔ wɔn nokwaredi ho, ne sɛ wɔn adwenkyerɛ ahorow som bo no so.
Nokwarem no, ehia sɛ obi a ne mfe akɔ anim kae sɛ ɛsɛ sɛ wodi mfɛfo asomfo ni sɛnea ɔpɛ sɛ wodi no ni no. (Mateo 7:12; Romafo 12:10) Sɛ́ anka wɔn a wɔn mfe akɔ anim no besusuw sɛ wɔahyɛ wɔn sɛ wonnye wɔn ahome, na wɔadi adwene a ɛnteɛ ho yaw no, ɛsɛ sɛ wɔn ani gye wɔ mfe pii a wɔde asom nokwaredi mu no ho. Na nokwarem no, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa ani sɔ yiye sɛ Yehowa nhyira ama ahwɛfo a wɔfata a wɔredɔɔso renya adwumaden no mu kyɛfa, na wɔrenya asafo mu asɛyɛde ahorow, bere a nnipakuw a wofi “nguan foforo” no mu reba Kristofo ahyehyɛde no mu no.—Yohane 10:16; Yesaia 60:8, 22; 2 Timoteo 2:2.
Esiane ɛyaw, akwahosan a ɛresɛe, ne nsɛm tebea afoforo nti, ɛtɔ mmere bi a, nsɛm taa haw wɔn a wɔafuw dwen no. Eyi hwehwɛ sɛ afoforo a wɔwɔ abusua anaa asafo no mu nya ntease ne tema. Ɛhwehwɛ nso sɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no bɔ mmɔden nya adwene a ɛteɛ, na wɔyɛ wɔn ho sɛ wɔn a wɔn mfe nkɔɔ anim wɔ adwene ne komam. Bere a obi a ɔne Yehowa Adansefo Sodikuw muni bi a ne mfe akɔ anim da refi Betel mfe bi a atwam ni no, nea ne mfe akɔ anim no bisaa no sɛ ɔnkyerɛ no nea ɔfata sɛ ɔhyɛ n’ananmu, na ɔka kyerɛɛ no sɛ n’ani begye onua a onnyin pii na ne ho akokwaw, na waboa no ma wakɔ so ayɛ aberante na wakeka ne ho. Ná onua panyin a wɔasra no no mpɛ sɛ ogye n’ahome anaa ɔbrɛ ne dwumadi ase, efisɛ na adwuma wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ ɔyɛ. Anim a wɔhwɛ ne adwene pa a wokura mu ho nhwɛso pa bɛn ara ni!
Akyinnye biara nni ho, “mmerante anuonyam ne wɔn ahoɔden, na nkwakoraa ahoɔfɛ ne dwen.” Hwɛ fɛ a ɛyɛ sɛ mmofra de wɔn ahoɔden di dwuma, na wɔn a wɔn mfe akɔ anim de wɔn nyansa di dwuma de di trenee kwan no akyi! Kristofo mpanyin ne mmofra nyinaa nya anigye kɛse bere a wɔde biakoyɛ ma nokware som a wɔde ma Yehowa Nyankopɔn, “nea ne nna akyɛ no” nya nkɔso no.—Daniel 7:13.
[Mfonini wɔ kratafa 28]
Kristofo a wɔafuw dwem wɔ pii a wɔde bɛboa afoforo