Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g82 4/8 kr. 14-16
  • So Ne Nyinaa Wɔ Adwene No Mu?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Ne Nyinaa Wɔ Adwene No Mu?
  • Nyan!—1982
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wobɛyɛ Dɛn Atumi Ahu?
  • Nea Ɛde Ɔyare No anaasɛ Adwenemhaw Ba
  • Adwennwene
  • Adwene No Dwumadi
  • Nneɛma Afoforo a Etumi De Ba
  • Nneɛma a Ɛde Adwenemhaw Ba
    Nyan!—2001
  • Adwenemhaw Redi Mmabun Nya—Adɛn Ntia? Dɛn na Ɛbɛboa?
    Nyan!—2017
  • Ɔkwan A Wubetumi Afa So Ako Atia Adwenemhaw
    Nyan!—1982
  • Nkate Mu Yare Ano a Wogyina
    Nyan!—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1982
g82 4/8 kr. 14-16

So Ne Nyinaa Wɔ Adwene No Mu?

ODURUYƐFO no tiee no yiye bere a ɔbea a wayɛ basaa no kaa sɛnea ɔte nka no ho asɛm no​—ne ti taa pae no, ne ho hiahia no, ne yam tim, ne kɔn nnɔ aduan, ontumi nna, na bere nyinaa no ɔte nka sɛ wabrɛ. Osũ, na ɛtɔ mmere bi a, na ɔpɛ sɛ owu. Dɔkta no kae sɛ: “Ne nyinaa wɔ wo tirim. Biribiara nni hɔ a metumi ayɛ kosi sɛ wo ankasa wubehu. Mehyɛ wo nkuran denneennen sɛ kohu dɔkta a ɔsa adwenem nyarewa ahorow.

Ɛwom sɛ ntease wom yiye de, nanso saa dɔkta yi kaa asɛm a nkurɔfo taa susuw. Na, te sɛ ɔbea yi a na wayɛ basaa no, bebree abasam tu, sɛ obi ka kyerɛ wɔn sɛ wɔn haw no fi wɔn ankasa nsusuwii a. Ampa, yɛn nsusuwii betumi aka yɛn nipadua​—wɔ ɔkwan pa anaasɛ ɔkwammɔne so. Nanso adanse pii wɔ hɔ sɛ nipadua a ɔyare wom betumi aka yɛn adwene.

Nanso ansa na yebesusuw adanse yi ho no, ehia sɛ yehu sɛ asɛm “adwenemhaw” fa nkate horow pii ho (hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa yi so no mu) .

Wobɛyɛ Dɛn Atumi Ahu?

Dr. Nathan S. Kline, ɔpanyin a ɔwɔ New York Ɔman no Rockland Adwenem Akwahosan Nhwehwɛmu Sukuu mu no bɔɔ amanneɛ wɔ nsɛm bi a Nyan! kyerɛwfo bi bisabisaa no nnansa yi ho no mu sɛ: “Wɔ awerɛhow a obusuani bi wu de ba no mu de, onii tumi nya ahotɔ akyiri yi.” “Sɛ wunya aduan pa, wuhu ɔsram anaasɛ biribi foforo a ɛyɛ fɛ a, wutumi nya ahotɔ bi. Na awerɛhow a emu yɛ den mu de, ahotɔ biara nni mu. Wubetumi anya sika anaasɛ wɔbɛpaw wo sɛ ɔmampanyin; ɛmfa anigye titiriw biara mma. Daakye yɛ te sɛ nea anidaso biara nni mu.”

Adwenemhaw a emu nyɛ den ho nsɛnkyerɛnne no bi ne dɛn? Dr. Ronald Fieve, ɔbenfo a ɔwɔ Adwenemyare Ayaresabea a ɛwɔ Columbia Nnuruyɛfo Sukuu Kunini mu ka kyerɛɛ Nyan! akyerɛwfo sɛ: “Ɛsɛ sɛ adwenemhaw a ɛba mpofirim ho abakɔsɛm bi wɔ hɔ. Onii no nya anigye mmoroso na ne ho yɛ den mmoroso, ɔkasakasa pii, ontumi nna na onya ahoɔden pii a onnyaa bi da. Saa nsakrae a ɛba mpofirim yi betumi adi adapɛn abien kosi ɔsram biako anaasɛ asram abien. Ɛno akyi no, onii no ba adwenemhaw a emu yɛ den mu.”

Mprempren yi, nyansahufo bebree te nka sɛ nsakrae horow pɔtee bi a ɛba amemene no mu ne adwenemhaw a emu yɛ den na ɛnam, na ebia ɛno na ɛde ba. Sɛnea ɛte no yɛ hwanyann, na eyi fam no, nyansahufo ne wɔn ho wɔn ho nyɛ adwene. Nanso dɛn na etumi de nsakrae a ɛte saa ba? Nneɛma ahorow bebree.

Nea Ɛde Ɔyare No anaasɛ Adwenemhaw Ba

Lawrence Galton a ɔkyerɛw nnuru ho asɛm no se: “Adwenemhaw betumi afi ɔhaw ahorow a ɛba nipadua mu nkwaa ahorow mu no mu aba. Nyarewa te sɛ berɛbo mu yare, komayare ne influenza; animhoa ne mogya mu yare ahorow ka ho.”​—You May Not Need a Psychiatrist (1979) .

Sɛ́ nhwɛso no, ná wɔde mfe 15 asa ɔbea bi a ɔwɔ adwenemhaw a ɛtɔ mmere bi a na ɔpɛ sɛ okum ne ho no yare. ‘Onyaa nnuru ahorow a wɔde sa adwenemhaw, nanso emu biara amma ne ho antɔ no. Awiei koraa no, wohui sɛ ɔyare bi a na aba ne nipadua mu nkwaa no bi mu na ɛrehaw no. Bere a wɔsaa ɔyare yi no, ne ho tɔɔ no. Ná nea ɛrehaw no no ankasa no wɔ nipadua no mu.

Adwennwene

Adwenem ɔbrɛ a adwennwene de ba nso betumi de adwenemhaw aba. Nea ɛka tebea horow a ɛde adwennwene ba ho no, adwenemyare ho abenfo abobɔ nea edidi so yi din: ‘aware bɔne, ‘asetra a ahotɔ nni mu, adwuma mu panyin bi a ne tirim yɛ den, akodi a ennyae da,’ ne “ade a ɛboro obi adwene, ne nkate ne ne nipadua mu ahoɔden so” a ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ da biara da. Asetra a ɔdɔ nni mu, a ɛma obi te ankonamyɛ abasamtu ne anidaso a onni nka nso betumi de adwenemhaw aba. Nnipa bebree hu wɔn ho wɔ tebea horow a ɛtete saa mu.

Asɛm pɔtee bi, te sɛ owu anaasɛ awaregu a ɛba a ɛde adwennwene ba betumi de adwenemhaw a emu yɛ den aba. Nanso adesua bi a wɔyɛe nnansa yi hui sɛ nnipa 185 a wonyaa adwenemhaw a wɔde kɔɔ ayaresabea no, wɔn mu 46 pɛ na biribi pɔtee a ɛde adwennwene ba sii ansa na wɔrenya adwenemhaw a emu yɛ den. Dr. Fieve a ɔyɛ adwenemyare ho ɔbenfo no te nka sɛ adwennwene a ɛba asetra mu “yɛ asɛm no fã ketewaa bi pɛ.”

Ɔde obi a wahaw retoto kar a ɛsɛe bere a ɛreforo bepɔw tenten bi ho no, Dr. Kline ka nea ogye di yi sɛ: “Wiɛ, ɔkwan bi so no, ɛyɛ nokware sɛ wokɔɔ bepɔw no so. Nanso, sɛ na afiri a ɛda kar no mu no ye a, anka wurennya saa ɔhaw no. Enti tebea a wowɔ mu ho adwennwene betumi de ɔhaw no aba ntɛm, nanso nea edi kan no ɛsɛ sɛ sintɔ anaasɛ biribi a enni mũ wɔ afiri no mu wɔ hɔ.”

Nanso, so ebetumi aba sɛ adwene no ankasa betumi ama nneɛma a ɛtoto yi aba bere a nipadua mu ɔyare bi nnii kan mmae?

Adwene No Dwumadi

Adanse a edi mũ wɔ hɔ sɛ nnipa bebree a wɔwɔ adwenemhaw a emu yɛ den mpo ho tumi tɔ wɔn denam afotufo a wɔn ho akokwaw a wɔboa wɔn ma wɔsakra wɔn nsusuwii no so. ‘Eyi kyerɛ sɛ wɔ adwenemhaw a emu yɛ den binom mu no, ɛyɛ onipa no nsusuwii anaasɛ nea ɔde hyɛ n’adwene mu no na edi dwuma titiriw, ɛnyɛ ɔyare bi a ɛwɔ nipadua no mu.

Nnansa yi nhwehwɛmu ada no adi sɛ ɔkwan a yɛfa so susuw ade ho betumi aka yɛn amemene tebea. Sɛ́ nhwɛso no, wɔ 1979 adesua bi mu no, wɔde nkyene nsu wɔw ayarefo binom a na wɔatutu wɔn dodom-sẽ ɛhɔ ara, na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ ɛbedwudwo ɛyaw nka a wɔrete no ano. Ɛwom sɛ eyi a wɔde wɔw wɔn paane no ntumi nnwudwo ɛyaw ano de, nanso wɔbɔɔ amanneɛ sɛ, wɔn mu nkyem abiɛsa mu biako “hui ntɛm ara sɛ wɔn yaw no ano rebrɛ ase.” Wɔtee nka sɛ nneɛma bi a ɛwɔ amemene no ankasa mu a etumi dwudwo ɛyaw ano no nam onipa no nsusuwii so dii dwuma. Wosii nokware a eyi yɛ so dua bere a wɔde aduru foforo a esiw tumi ahorow a amemene no ankasa wɔ a ɛde “dwudwo ɛyaw” ano no kwan maa wɔn no. Ɛyaw no san bae.

Sɛnea ɔdɔ tumi ka adwene no yɛ nea wɔahu wɔ nsɛm pii mu. Nea ɛne no bɔ abira no, abufuw, ɔtan, anibere ne nkate bɔne afoforo nso yɛ nea wɔahu sɛ ɛde nsakrae ba nipadua no mu.

Bible nim dwuma titiriw a yɛn nkate ne yɛn suban ahorow di wɔ yɛn mu. Ese: “Onipa honhom [nkate ne nsusuwii ahorow a ɛwɔ ne mu] tumi soa yare; na honhom a abotow de, hena na obetumi asoa?” (Mmebusɛm 18:14) Sɛ “onipa honhom” ‘botow’ denam nsusuwii bɔne bi so (wɔaka ho asɛm wɔ nkratafa 8-10) ; sɛ ahoɔyaw, menasepɔw anaasɛ ahonim bɔne ma ɛbotow a, ɛnde tebea bɔne no mu ba bɛyɛ den mmoroso. Adwenemhaw a emu yɛ den betumi adi akyi aba.

Afei nso, sɛ obi de nsusuwii ahorow a ɛhaw adwene hyɛ n’adwenem​—ebia ɛdenam television ne sini ahorow hwɛ anaasɛ nhoma ahorow a ɛka aguamansɛm kan so a​—eyi bɛsɛe ne su horow na ɛde adwenemhaw aba. Titiriw no sɛ obi taa sɛe bere pii de hwɛ TV a, eyi betumi aka ne nsusuwii wɔ ɔkwan a ɛmfata so. Nanso nnipa afoforo fam no, ɔhaw no betumi ayɛ biribi foforo.

Nneɛma Afoforo a Etumi De Ba

Nhwehwɛmufo baanu a wɔwɔ Massachusetts Mfiridwuma Sukuu mu kae sɛ: “Amemene no te nsakrae ahorow a ɛba mogya mu no nka kɛse sen nkwaa afoforo no.” Wɔ nhoma Aduan ne Amemene No (Vol. 3, 1979) mu no, saa nnuruyɛfo yi, Wortman ne Wortman kyerɛw asɛm a ɛkyerɛ tumi a nea yedi wɔ wɔ yɛn nkate so ne sɛnea nnuan horow bi a ahoɔden nni mu betumi asẽsa amemene no mu nneɛma a ɛkari pɛ no na ɛde adwenemhaw aba ho asɛm.

Sɛ obi di nnuan a ɛfata da biara mpo​—na onni aduammɔne a​—onii no betumi akɔ so ahwere aduan mu nneɛma pa bi ma akowie adwenemhaw mu. Nnuru binom, te sɛ nea wɔde siw awo ano, efĩ ne adwennwene​—nyinaa betumi ama wɔahwere nneɛma pa bi wɔ nnuan mu.

Nnuan bi a enye mma wɔn ne nipadua mu nsakrae ahorow a ɛba mmea mu de adwenemhaw aba. Afei nso, ayarefo 1,100 a asikre nni wɔn mogya mu sɛnea ɛsɛ a wɔsaa wɔn yare ho nhwehwɛmu bi hui sɛ ɔha mu 77 kae sɛ nneɛma haw wɔn adwene.

Enti wɔ subammɔne ara kwa a obi benya akyi no, nneɛma bebree de adwenemhaw ba. Nneɛma ahorow yi mu bi betumi ayɛ nea ɛhaw obi a wayɛ basaa. Su horow a wɔde wo obi ne mmofraase osuahu ahorow nso ka ho. Saa nkɛntɛnso ahorow yi nyinaa betumi aka sɛnea obi tumi gyina asɛm bi a ɛde adwennwene ba anaasɛ nneɛma a atwa ne ho ahyia ano.

Bere a mmɔden a yɛrebɔ de ate nneɛma a etumi de adwenemhaw ba ase no ho wɔ mfaso no, asɛm a wɔn a wɔn adwenem haw wɔn no taa bisa ne sɛ: Dɛn na metumi ayɛ de adi so nkonim?

[Adaka/Mfoni wɔ kratafa 14]

ADWENEMHAW AHOROW AHOROW A ƐWƆ HƆ

Abasamtu ne Awerɛhow

Awerɛhow nka a obi te esiane asɛm bi a etu abasam te sɛ ebia owu, awaregu, adwuma a wɔhwere, ayaresa mu nsɛm a emu yɛ den anaasɛ tebea horow a ɛde adwennwene ba.

Adwenemhaw a emu nyɛ den

Adwennwene no kɔ so. Nkate a ɛmfata ne abotɔyam a enni hɔ ba. Onii no te ɔbrɛ nka na ɔhwere anigye a ɔwɔ wɔ abusuafo ne nnamfo ho. Mpɛn pii no, nka a ɔte sɛ ne ho nni mfaso, dadwen ne haw ne abufuw tumi ba.

Adwenemhaw a emu yɛ den

Obi a na ɔwɔ adwenemhaw kae sɛ: “Wote nka te sɛ nea wowɔ asase ase.” Nea ɛbɛma wo ho atɔ wo biara nni hɔ. Wo nna sakra; wo kɔn nnɔ aduan. Onii no te afodi nka na ɔte nka sɛ ne yam a anka wawu. Ehu, dadwen ne haw ne n’adwene a ontumi mfa nsi ade biako so haw no. Ɛtɔ mmere bi a eyi betumi adi akɔne-aba.

Adwenemyaw mfiase

N’ani a egye mmoroso bere ne bere​—anigyede ahorow a ɔde ne ho hyɛ mu pii, adwuma a ɔyɛ da biara a onnyae​—a adwenemhaw di akyi ba.

[Kratafa 16 adaka]

“Dan w’adesoa to [Yehowa] so, na obeso wo mu, ɔremma ɔtreneeni ntwiw n’anan da.” (Dwom 55:22) “Fa wo koma nyinaa bata [Yehowa] ho, no mfa wo ho ntweri wo nhumu. Hu no w’akwan nyinaa mu, no ɔno no ɔbɛteɛ w’akwan.”​—Mmebusɛm 3:5, 6.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena