Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g82 4/8 kr. 17-20
  • Ɔkwan A Wubetumi Afa So Ako Atia Adwenemhaw

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔkwan A Wubetumi Afa So Ako Atia Adwenemhaw
  • Nyan!—1982
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Ɛyɛ Aduan a Wudi?
  • So Wuredwen Sɛnea Ɛfata?
  • Ɛbo a Adwumayɛ Som
  • “Ma Wo Bo Mfuw a Wonyɛ Bɔne”
  • Mpaebɔ ne Onyankopɔn a Wo Ne No Bɛbɔ Abusua
  • “Siw Ano”
  • Adwenemhaw Sodi Sɛnea Afoforo Betumi Aboa
    Nyan!—1988
  • “Monka Awerɛkyekyesɛm Nkyerɛ Akra A Wɔn Werɛ Ahow”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Tɛkrɛma A Wɔatete No​—‘Ma Ahyɛ Wɔn A Wɔahaw Nkuran’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Awerɛkyekye ma Wɔn a Wɔahaw
    Awerɛkyekye ma Wɔn a Wɔahaw
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1982
g82 4/8 kr. 17-20

Ɔkwan A Wubetumi Afa So Ako Atia Adwenemhaw

ARMAND DiMele a ɔwɔ Dimele Adwenemyare Ayaresabea kae sɛ: “Sɛ wubetumi anya nnipa a nneɛma haw wɔn adwene no nyinaa ma wɔateɛteɛ wɔn mpɔw mu kɛkɛ a, anka wɔn mu baanan biara mu baasa ho bɛtɔ wɔn.” Afoforo gye tom bere a ɛfa obi a ne werɛ ahow ho na ɛmfa adwenemhaw kɛse ho no. Ahomegye a ɛfata ne nna nso ho hia.

Nnipa binom a wɔayɛ basaa kakraa no nso nya mmoa denam bere bi a woyi si hɔ de yɛ nnwuma a wɔn ani gye ho titiriw no so. Ɔbea bi a n’ani gye adepam ho kae sɛ: “Ɛyɛ den sɛ w’adwenem bɛhaw wo, sɛ woreyɛ adwuma bi a. Ɛtɔ mmere bi a, nea ehia nyinaa ne adeyɛ mu nsakrae​—sɛ ebia wobɛkɔ aduantɔnbea bi akodidi anaasɛ akwamma tiawa bi a wobɛkɔ

Nea ɛwɔ obi komam a ɔbɛka akyerɛ adamfo bi a ɔwɔ ne mu ahotoso yɛ mmoa kɛse. Nanso hwɛ yiye wɔ wɔn a wo ne wɔn bɔ ho​—sɛ́ ɛyɛ onipa anaasɛ ɛdenam TV anaa sini so. Twe wo ho fi sini ahorow a ebetumi asɛe obi abrabɔ anaasɛ n’ahonim ne nnipa a wɔkeka nsɛm a ɛmfata ho te sɛ ɔyare bɔne bi.​—Mmebusɛm 17:17; 1 Korintofo 15:33.

Nanso, sɛ adwenemhaw tebea no kɔ so kyɛ nso ɛ?

So Ɛyɛ Aduan a Wudi?

Hwɛ aduan a wudi yiye. Barbara Reed a ɔwɔ Cuyahoga Falls, Ohio, a ɔyɛ ɔpanyin a ɔhwɛ mmaratofo so kyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ Nyan! kyerɛwfo bi sɛ, mmaratofo a odii wɔn ho dwuma no mu bebree kae sɛ nneɛma haw wɔn adwene. Ɔhwehwɛɛ nnuan a wodi mu. Bebree dii nnuan a na enye, na na wonni anɔpaduan, na ebinom traa ase adapɛn pii a na wonni nhabamma. Aduan pa​—nnuan a ɛfata a wodi daa​—ne apɔw-mu-teɛteɛ boaa bebree ma wɔbaa tebea a eye mu. Owurayere Reed bɔɔ amanneɛ sɛ: “Na obi a wadi mfe 20 a ne honhom abotow a ɔtee nka sɛ ne ho nni mfaso koraa, a wɔkyeree no sɛ wato mmara no, di ‘aduammɔne.’” Nanso ɛdenam aduan pa a odii ne afotu a ɛfata a wɔde maa no so no, n’adwenemhaw no gyaee na ne suban yɛɛ yiye.

Wɔn a wɔwɔ ho nimdeɛ adwene nhyia sɛ ebia aduan a obi di de adwenemhaw ba. Ebinom a wodi aduan pa ankasa mpo kɔ so nya adwenemhaw. Aduan pa a wodi ntumi mmoa afoforo. Ɛsono onipa biara, na nnuan te sɛ asikre ne kaffeine tumi kanyan ebinom sen afoforo. Nanso aduan a ɛfata, a adɔkɔdɔkɔde kakraa ka ho, a wobedi taa de mfaso brɛ nnipa a nneɛma haw wɔn no.

Esiane sɛ adwenemhaw a emu yɛ den betumi ayɛ ɔyare bi ho sɛnkyerɛnne nti, ɛho hia nso sɛ wunya ayaresa a edi mu.

So Wuredwen Sɛnea Ɛfata?

Bere a ɛnyɛ adwenemhaw nyinaa na efi nsusuwii bɔne mu ba no, adesua bi a wɔde mfe 10 yɛe nnansa yi daa no adi sɛ nnipa a wɔn adwenem haw wɔn taa nya tebea horow ho adwene a ɛmfata. A. T. Beck a ɔyɛ adwenem yaresafo ne nhwehwɛmufo kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Obi a n’adwenem haw no no te awerɛhow ne ankonamyɛ nka efisɛ odi mfomso susuw sɛ ɔmfata anaasɛ wɔagyaw no.” Bible no nso kyerɛ sɛ sɛnea wote nka wɔ wo komam betumi aka wo nsusuwii wɔ nneɛma afoforo ho. Ese: “Ɔmanehunufo nna nyinaa yɛ bɔne, na koma pa [adwempa] te sɛ daa apontow.” Sɛ́ ebia obi ‘nna nyinaa’ a ɔwɔ ‘yɛ bɔne’ anaasɛ ne ‘da biara te sɛ apontow’ gyina adwene a okura so kɛse.​—Mmebusɛm 15:15.

Enti ɛsɛ sɛ wɔn a nneɛma haw wɔn adwene no bɔ mmɔden sakra wɔn nsusuwii na wɔhwɛ nea wɔde wɔn adwene si so no yiye. Eyi kã betumi ayɛ mmerɛw asen ne yɛ! Wɔabobɔ nsusuwii horow bi a enye a wɔn a wɔyɛ basaa no taa nya din wɔ adaka a ɛwɔ kratafa yi so no mu. Emu biara nye. Sɛ eyinom ba adwenem a, yi fi mu ntɛm. Susuw a wubesusuw ho bɛkɔ akowie obu a wunni mma wo ho ne adwenemhaw kɛse mu.

Nkate ahorow a ano yɛ den mmoroso a obi nya sɛ wayɛ bɔne de adwenemhaw ba bere nyinaa. Nanso hu sɛ obiara yɛ mfomso ahorow. Odwontofo no kae sɛ: “Yah, sɛ wudi amumɔyɛde akyi a, [Yehowa], hena ‘na anka obegyina?” Obiara nni hɔ! Nanso yebetumi anya yɛn mfomso ne yɛn bɔne ahorow ho fafiri ankasa afi Yehowa Nyankopɔn nkyɛn.​—Dwom 130:3, 4.

Ɛbo a Adwumayɛ Som

Bere a ɔbea kunafo bi dii ne kunu wu ho awerɛhow na ɛbɔ ahorow a afoforo hyɛe sɛ wɔbɛkɔ akosiesie ne fie anyɛ hɔ no, ɔyɛɛ basaa. Nanso akyiri yi osusuwii sɛ ‘Nneɛma a ɛho hia sɛ wosiesie no rentumi nyɛ den pii saa.’ Ofii ase na ankyɛ na osiesiee ne mukaase hɔ wiei. Ɛwom sɛ na ɛnyɛ fɛ pii de, nanso n’ani gyei. Obu a ɔwɔ ma ne ho no kɔɔ anim; n’adwenemhaw no kɔe.

Ɛnyɛ obiara na obetumi ayɛ eyi, nanso nhwehwɛmu bi daa no adi sɛ bere a ayarefo binom a wɔwɔ adwenemhaw a emu yɛ den tee nka sɛ wontumi nyɛ adwuma bi no, wɔyɛɛ no pɛpɛɛpɛ te sɛ wɔn a hwee nhaw wɔn.

Nnwuma ahorow a obi a nneɛma haw n’adwene betumi ayɛ no betumi adɔɔso asen ofie adwuma ara kwa. Sɛ́ nhwɛso no, ebetumi ayɛ nea nsrahwɛ anaasɛ telefon so a wɔnam kyekye obi werɛ, anaa biribi a ɛyɛ fɛ a wɔyɛ ma obusuani bi ka ho.

Ɔbea Kristoni bi a n’adwenem haw no kɔsraa ababaa bi a na wɔaboro no kɛse, wɔato no mmonnaa na wɔde sekan awɔw no. Ɛwom sɛ na nneɛma haw Kristoni no de, nanso ɔbɔɔ mmɔden kɛse sɛ ɔbɛkɔ akɔsra no dapɛn biara na wakyekye ne werɛ. Dɛn na efii mu bae? Kristoni no bɔɔ amanneɛ sɛ: “Nkakrankakra no, mante nka bio sɛ nneɛma haw m’adwene. Mmɔden a mebɔe sɛ mɛhyɛ no nkuran ntɛm no maa me werɛ fii m’ankasa me haw ahorow.” Ohuu nokware a nea Yesu kae no yɛ, sɛ: “Ɔma mu wɔ nhyira mmom sen ogye.”​—Asomafo no Nnwuma 20:35.

“Ma Wo Bo Mfuw a Wonyɛ Bɔne”

DiMele a ɔyɛ adwene ho nimdefo no se, ade biako a ɛboa wɔ adwenemhaw ho dwumadi mu ne sɛ wubegyina abufuw ano. “Nea ɛtaa ba ne sɛ obi bo fuw onipa foforo, a ebia ɛnyɛ asɛm titiriw biara nti. Nanso onii no gye tom sɛ abufuw nyɛ adepa efisɛ wɔakyerɛ no sɛ ‘abufuw nye.’ Enti wufi ase bu wo ho fɔ sɛ wo bo fuwii, na wo bo fuw w’ankasa wo ho. Eyi, a nka a wote sɛ w’asɛm yɛ mmɔbɔ ka ho no de adwenemhaw ba.”

Nanso, ɛnyɛ sɛ wo bo a efuw afoforo denneennen no yɛ hu nko, na mmom sɛnea adesua ahorow ada no adi no, ɛmma adwenemhaw no nnyae nso. Bible bɔ kɔkɔ sɛ: “Mo bo mfuw, na monnyɛ bɔne! Mommma owia nnkɔtɔ mo abufuw so [anaasɛ, “mommma owia nnkɔtɔ a mo bo afuw”].” (Efesofo 4:26, The Bible in Basic English; fa toto New World Translation ho.) Ɛdenam wɔn pɛ mu a wobefi, a wonsuro sɛ wɔbɛda wɔn nkate horow adi, aka nokware na wɔayi ayamye adi so no, wɔn a wɔahaw betumi aka wɔn nkate horow akyerɛ wɔ ɔkwan a ɛde asomdwoe ba so. Nkitahodi a ɛte saa ho hia titiriw wɔ awarefo ntam.

Nanso, biribi wɔ hɔ a ebunkam saa nyansahyɛ ahorow yi nyinaa so. Esiane sɛ wɔn a wɔn adwenem haw wɔn a wokum wɔn ho no dodow yɛ nnipa afoforo a wokum wɔn ho wɔ wiase nyinaa no mmɔho 25 nti, ebetumi akyerɛ nkwa anaa owu. Ɛyɛ dɛn?

Mpaebɔ ne Onyankopɔn a Wo Ne No Bɛbɔ Abusua

Ɛna bi a na wahaw kae sɛ: “Ade koro pɛ a amma mantow tuo ankum me ho ne abusuabɔ a na me ne Onyankopɔn wɔ no. Na etuo no kura me, na saa bere no Yehowa Nyankopɔn boaa me ma mede too hɔ.” Yiw, saa ɔbea yi nyaa ahoɔden a “ɛboro so” ma onyaa boasetɔ kosii sɛ onyaa ne tebea no ano aduru. Na wanya gyidi ankasa denam Bible a wasua ne Kristofo nhyiam horow a ɔkɔ a na wanya nnamfo ankasankasa wɔ hɔ no so. Saa gyidi yi gyee no nkwa.​—2 Korintofo 4:7, 8; Filipifo 4:13.

Akwan horow a Onyankopɔn fa so boa no mu biako ne sɛ ɔde N’asɛm, Bible no, a ɛkyerɛ ɔkwan a obi bɛfa so ama n’abusua ayɛ yiye; ɔkwan a wobɛfa so ne afoforo abɔ; ɔkwan a wobɛfa so akwati abrabɔ a ebetumi de adwennwene ne afodi aba; ne ɔkwan a wobɛfa so apaw nnwuma ne botae ahorow a ɛso wɔ mfaso wɔ asetra mu ma. Saa afotu yi a wubedi akyi betumi ayi tebea horow a ɛma adwennwene a ɛde adwenemhaw ba afi hɔ.​—Kolosefo 3:5-14, 18-21; 1 Timoteo 6:9, 10, 17-19.

Obi a ɔwɔ gyidi a emu yɛ den mpo a n’adwenem rehaw no no adwenem betumi ayɛ no nãa, ebia ɔbɛte nka sɛ Onyankopɔn agyaw no. Nanso nnyae mpaebɔ da! Ɛnã bi a na n’adwenem haw no kɛse a na ontumi nsɔre mfi mpa so asram dodow bi kae sɛ: “Mebɔɔ mpae da biara da​—mpɛn anum ne mpɛn asia denneennen. Mekɔɔ so srɛɛ mmoa. Mesrɛe sɛ Yehowa Nyankopɔn mma me akwankyerɛ pa na minnya dɔkta a onim nea ɛrehaw me no a obetumi aboa me. Mebɔɔ mpae srɛɛ ahoɔden na matumi ayɛ ade na matoto nneɛma yiye sɛnea ɛbɛyɛ a menyɛ adebɔne biara ntia m’abusua.” Saa a mekɔɔ so yɛe no de mfaso bae. Onyaa boasetɔ kosii sɛ onyaa aduru a ɛfata a ɛmaa n’adwenemhaw no gyaee.

“Siw Ano”

Obi a na nneɛma haw n’adwene kae sɛ: “Afotu a ɛho hia kɛse a metumi de ama ne sɛ, ‘Siw ano.’” Nanso ɔkwan bɛn so? Ano aduru a ɛyɛ mmerɛw biara nni hɔ. Nnipa binom a wɔwo ɛho nimdeɛ hyɛ nyansa sɛ:

1. Mfa w’adwene nsi ɔdɔ, sika, asetra mu dibea, tumi anaa nnuru ahorow so dodo. Sɛ woyɛ saa a, huammɔ a eyinom di betumi apira wo.

2. Fa nneɛma ahorow bi a ɛfata sisi w’anim. Fa yɛ wo botae sɛ wobɛyɛ nea wubetumi, nea ɛnyɛ sɛ wobɛyɛ obi a ɔyɛ ade a mfomso biara nni ho.

3. Hu mfitiase nsɛnkyerɛnne ahorow (dadwen ne haw, akomatu, adwene a wontumi mfa nsi biribi so) . Hwɛ hu sɛ wo da biara da nhyehyɛe yɛ nea ntease wom. Sɛ ɛnte saa a, yɛ nsakrae. Sua sɛ wobɛka sɛ “Dabi” bere a ɛho hia.

Nanso, asetra mu nneɛma ahorow a ɛhaw adwene akyi no, nnipa ɔpepem pii ahu sɛ mmoa a ɛsõ sen biara a wɔde siw adwenemhaw ano no mu biako yɛ “mmɔborohunu Agya ne awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn” no apɛde ne n’atirimpɔw ahorow ho nokware nimdeɛ a wobenya.​—2 Korintofo 1:3.

[Kratafa 18 adaka]

NSUSUWII AHOROW A EBETUMI AMA OBI ANYA ADWENEMHAW

□ Sɛnea ɛbɛyɛ na manya anigye no, ɛsɛ sɛ midi nkonim wɔ biribiara a meyɛ mu. Sɛ manni nkonim a, meyɛ onipa hunu.

□ Sɛ menya anigye a, ɛsɛ sɛ nnipa nyinaa pɛ m’asɛm. bere nyinaa.

□ Ɛbo a mɛsom sɛ onipa no gyina nea afoforo susuw wɔ me ho so.

□ Mintumi nkwati ɔdɔ ntra ase. Sɛ me dɔfo nnɔ me a, me ho nni mfaso.

□ Sɛ obi ne me anyɛ adwene a, ɛkyerɛ sɛ ɔmpɛ m’asɛm.

□ Ɛsɛ sɛ meyɛ adamfo, ɔwofo, ɔkyerɛkyerɛfo, osuani, okunu anaasɛ ɔyere a ɔyɛ pɛ.

□ Ɛsɛ sɛ mitumi de odwo anaasɛ ntoboase adwene gyina tebea biara a emu yɛ den ano.

□ Ɛsɛ sɛ mitumi hu asɛm a emu yɛ den biara ano aduru ntɛmso.

□ Ɛnsɛ sɛ mete nka da sɛ biribi ahaw me; ɛsɛ sɛ m’ani gye na minya abotɔyam daa.

□ Ɛnsɛ sɛ mebrɛ anaasɛ meyare da, na mmom ɛsɛ sɛ bere nyinaa mewɔ ahoɔden.

Afã bi gyina nhoma “Cognitive Therapy and the Emotional Disorders,” a A. T. Beck yɛe no so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena