Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w83 1/1 kr. 20-22
  • “Monka Awerɛkyekyesɛm Nkyerɛ Akra A Wɔn Werɛ Ahow”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Monka Awerɛkyekyesɛm Nkyerɛ Akra A Wɔn Werɛ Ahow”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Mapua Koraa”
  • “Monka Awerɛkyekyesɛm”
  • “Misuaa Mmɔborohunu”
  • Munso Wɔn A Wɔyɛ Mmerɛw Mu
  • Awerɛkyekye ma Wɔn a Wɔahaw
    Awerɛkyekye ma Wɔn a Wɔahaw
  • Adwenemhaw Sodi Sɛnea Afoforo Betumi Aboa
    Nyan!—1988
  • Tɛkrɛma A Wɔatete No​—‘Ma Ahyɛ Wɔn A Wɔahaw Nkuran’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Ɔkwan A Wubetumi Afa So Ako Atia Adwenemhaw
    Nyan!—1982
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
w83 1/1 kr. 20-22

“Monka Awerɛkyekyesɛm Nkyerɛ Akra A Wɔn Werɛ Ahow”

“MFIASE no me werɛ howee, na saa nkate no kɔɔ so. Ná mente nka sɛ mɛkɔ baabiara, anaasɛ mɛyɛ biribiara, na na mintumi mfa m’adwene nsi ade so nkɔ akyiri; Mebɛyɛɛ mmɔbɔmmɔbɔ, basaa, na mifii ase susuwii sɛ m’asetra nyinaa ne me Nyankopɔn som ho kyerɛwtohɔ pa no nka hwee. Ehu kaa me.” Saa na Ɔdansefo bi a wadi mfe 48 a na ɔde mfe pii ayɛ asɛmpatrɛw adwuma no kaa ne nkate ho asɛm. “Ná mewɔ ɔhonam fam ne honhom fam ahoɔden bere nyinaa, nanso mpofirim ara metee nka sɛ merennya ahoɔden bio.”

Onua bi a wanyin nso bɔɔ amanneɛ sɛ: “Mebɛyɛɛ mmɔbɔmmɔbɔ esiane m’adwuma nti. Mifi adwuma bɛba fie no na mayɛ basaa araa ma na mintumi nnidi. Mesɔre fi adidipon no ho kɔhyɛ pia mu sũ​—ná mintumi nsiw nusu no ano. Afoforo ho yɛɛ me abufuw ntɛmntɛm. Mekɔɔ so susuwii sɛ, ‘Ɛhe na merekɔ yi? Dɛn nti na ade a ɛte saa reyɛ me?’ Ɛkɔɔ so asram asia.”

Saa nnipa yi hyiaa adwenemhaw a emu yɛ den. Amanneɛbɔ afoforo kyerɛ sɛ “akra a wɔn werɛ ahow” afoforo wɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu. (1 Tesalonikafo 5:14) Nkontaabu wɔ wiase nyinaa kyerɛ sɛ nnipa a nneɛma haw wɔn adɔɔso kɛse. Ɛwom sɛ nnipa a wɔne Onyankopɔn wɔ abusuabɔ ntaa nhyia tebea horow a ɛde adwenemhaw ba de, nanso wɔnyɛ nnipa a basaayɛ a ɛte saa ntumi nka wɔn. Nanso so ɛsɛ sɛ asomfo anokwafo a wɔte sɛɛ hu amane saa?

“Mapua Koraa”

Ɔhene Dawid ɔnokwafo a na ɔwɔ Yerusalem hyiaa adwenemhaw. Esiane mfomso anaa biribi a nyansa nni mu a ɔyɛe nti, ɔkyerɛwee sɛ: “Mapua koraa, da mũ nyinaa mede awerɛhow menam foofoo.” (Dwom 38:6) Adaka a wɔayɛ wɔ kratafa a edi hɔ no so no kyerɛ sɛnea asomfo anokwafo bi tee nka mmere horow, ne nea enti. Nanso, wɔn a wɔabobɔ wɔn din wɔ hɔ nyinaa dii wɔn awerɛhow no so nkonim. Sɛnea Bible kyerɛwtohɔ no kyerɛ no, wɔn nyinaa kɔɔ so som Onyankopɔn nokwaredi mu.

Nneɛma ahorow pii nti na ɛtɔ da bi a nkurɔfo yɛ bosãa. Eyinom mu bi wɔ hɔ a onii no nni so tumi titiriw biara. Nnansa yi aduyɛ ho adesua bi ada no adi sɛ basaayɛ a emu yɛ den no binom fi nneɛma bi a ɛnkari pɛ wɔ amemene no mu a nipadua mu nneɛma ahorow de ba.a Bere koro no ara mu no, nneɛma ahorow a yesusuw ho betumi ama obi ayɛ basaa. Bible mu nhwɛso biako ma eyi da adi.

Epafrodito, ɔsomafo Paulo a na ɔda afiase no boafo mmɔdenbɔfo, bɛyɛɛ basaa. Paulo ma ɔsan kɔɔ asafo a na ofi mu wɔ Filipi no mu, na ɛbɛyɛ sɛ ɔnam no so de krataa kɔmaa wɔn, na ɔka kaa nneɛma afoforo ho sɛ, “[Epafrodito] ho yeraw no, efisɛ motee sɛ ɔyare.” Ampa, na wayare, na afei de ne ho ayɛ no den​—nanso na wayɛ basaa. Dɛn na ɛma ɔyɛɛ basaa? Ohui sɛ asafo no ‘tee sɛ ɔyare.’ Dɛn nti na na eyi bɛhaw no?​—Filipifo 2:25-30.

Ɛda adi sɛ na saa akoa mmɔdenbɔfo yi susuw afoforo nkate ho yiye. Osusuwii sɛnea na ne yare no ho amanneɛbɔ bɛhaw ne nuanom adɔfo wɔ ne kurom asafo no mu no ho kɛse. Ɛte sɛ nea ɔpɛ a na ɔwɔ sɛ ɔbɛma wɔahu sɛ ne ho atɔ no​—nanso esiane sɛ ɔwɔ akyirikyiri nti ontumi nyɛ saa no haw no. Ade a ɛte saa ara betumi aba nnɛ, wɔ wɔn a, te sɛ Epafrodito no, wɔyɛ mmɔdenbɔfo wɔ Awurade adwuma no mu no mpo so. Sɛnea afoforo te nka no ho adwennwene kɛse, anaasɛ ebia nka a yɛte sɛ yɛahaw afoforo no betumi ama yɛayɛ basaa.

Nanso ɔkwan bɛn na afoforo betumi afa so aboa wɔn a wɔayɛ basaa?

“Monka Awerɛkyekyesɛm”

Kristoni bi a na ne werɛ ahow de sũ ka kyerɛɛ ne kunu sɛ: “Dɛn na mɛyɛ? Merentumi nkɔ so sɛɛ!” Okunu no a ɔnyɛ gyidini no teɛɛm sɛ: “Gyina ara na ɛsɛ sɛ wugyina ano!” Ɔbea yi werɛ howee araa ma n’adekyee no ɛkaa kakraa ma okum ne ho! Hwɛ hia ara a ɛho hia sɛ yɛn nyinaa di Bible mu ahyɛde no akyi: “Monka awerɛkyekyesɛm nkyerɛ akra a wɔn werɛ ahow.” Ɛtɔ da bi a ebetumi asɛe ade kɛse, sɛ yɛanyɛ saa a. Na mpɛn pii no ebia obi bɛpɛ sɛ ɔkyekye ɔkra a ne werɛ ahow werɛ, nanso onnim nea ɔbɛka.​—1 Tesalonikafo 5:14.

Wɔ ne krataa a ɛto so abien a ɔde kɔmaa Kristofo a wɔwɔ Korinto no mu no, Paulo kyerɛ sɛ ‘ne ho hiaa no,’ efisɛ “ehu” kaa no. Amanneɛbɔ pa kyekyee ne werɛ. Tito bɛkaa nsakrae pa a aba wɔ Korinto asafo no honhom mu tebea mu, ne wɔn “mmɔdenbɔ” anaasɛ ayamhyehye ma Paulo, ‘hwɛ a na wɔhwɛ kwan’ sɛ wobehu no, no ho asɛm. Ɔdɔ a wɔwɔ ma no no ho asɛm a ɔtee no maa Paulo ani gyei. (2 Korintofo 7:5-7) Ɛte saa ara nnɛ. Kristoni bea bi a ne werɛ howee kɛse kae sɛ: “Nea ɛsen biara no ɛho hia sɛ wuhu sɛ afoforo dwen wo ho sɛ onipa. Ɛho hia sɛ wote sɛ obi ka sɛ, ‘Mete ase; ɛrenkyɛ wo ho bɛtɔ wo. Mete wo asɛm no ase na m’ani gye sɛ me ne wo bɛkasa.’”

“Misuaa Mmɔborohunu”

Ɛnã Kristoni bi a ohyiaa ɔhaw gye toom sɛ: “Ade biako wɔ hɔ a me werɛ remfi da. Misuaa mmɔborohunu. Kan no na misusuw sɛ nea ɛsɛ sɛ woyɛ nyinaa ne sɛ wumia w’ani na wokɔ so, enti na minni nkate titiriw biara mma afoforo a wɔyare. Afei mahu. Bere a nnamfo no binom ka kyerɛɛ me sɛ ‘kenten wo ho’ no, na biribiara nni hɔ a mepɛ sɛ meyɛ ka ɛno ho, nanso saa bere no na mintumi nyɛ hwee. Nea wɔkekae no haw me ankasa.” Nea nnipa a wɔn werɛ ahow hia ne “mmɔborohunu” a afoforo yi adi kyerɛ wɔn.​—1 Petro 3:8.

Ɔkwan bɛn na abusuafo ne nnamfo betumi afa so aboa? Ɛnã bi a wadi mfe 40 a na anka awerɛhow ahyɛ no so kae sɛ: “Ɛnyɛ sɛ woyɛ basaa wɔ ɔhonam fam ne nkate mu nko, na mmom wote nka nso sɛ wudi fɔ efisɛ wonyɛ nea ɛsɛ sɛ woyɛ ma w’abusua no daa no.” Enti otuu fo sɛ: “Ma onii a wayɛ basaa no nhu sɛ ɔreyɛ nea obetumi. Hyɛ no nkuran ma ɔnkɔ so.”

Bere a nkuranhyɛsɛm ho hia na ani sɔ no, ebia wɔn a wɔbɛpɛ sɛ wɔboa no betumi ayɛ pii.

Munso Wɔn A Wɔyɛ Mmerɛw Mu

Paulo anka ankyerɛ Tesalonikafo asafo no sɛ “wɔnka awerɛkyekyesɛm nkyerɛ akra a wɔn werɛ ahow” nko, na mmom sɛ ‘wonso wɔn a wɔyɛ mmerɛw mu, na wonnya nnipa nyinaa ho abodwokyɛre.’ Sɛ́ ‘woso obi mu’ no yɛ nea adeyɛ wom, efisɛ mfitiase Hela asɛmfuab no asekyerɛ ankasa ne obi akyi pɛɛ a wogyina de hyɛ no den.​—1 Tesalonikafo 5:14.

Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ nnipa bɛboro 500 mu ho amanneɛbɔ kae sɛ: “Nea ɛsen koma, akokoduru ne anigye a obi wɔ no, ebia nkurɔfo behia mmoa a nnamfo ne abusuafo de ma na wɔatumi adi basaayɛ so nkonim. Dr. L. Cammer, adwene mu oduyɛfo bi a wonim no yiye de too so sɛ: “Ɛho hia sɛ obi a wayɛ basaa no nya obi wɔ ne nkyɛn, a ɔremfi ase nkasa bebree, na mmom ɔbɛto ne bo ase.” Yiw, mmɔden a obi bɔ sɛ ɔbɛboa, ebia ɛdenam telefon a ɔfrɛ anaa nsrahwɛ tiaa so no, yɛ nea ani betumi asɔ kɛse.

Wobisaa ɛnã Kristoni bi aduru kõ a ɛboaa no kɛse. Obuae sɛ: “Nea na ɛsen biara ne sɛ me ne me honhom mu nuanom bɛbɔ fekuw. Anyɛ saa a anka me ho rentɔ me. Ɔdɔ, ayamhyehye ne ntease wɔ yɛn Adansefo asafo no mu. Na na ɛte sɛ ahobammɔ fasu.”

Nanso, ɛtɔ da bi a ɛho hia sɛ obi fi ɔdɔ mu ma n’ani bere kakra bere a ɔreboa obi a wayɛ basaa, esiane sɛ ebia na n’adwene atu afra nti. Ebia ebehia sɛ wohyɛ no nkuran ma ɔne wo kotu mpase, ma ɔyɛ nneɛma afoforo de teɛteɛ n’apɔw mu, na ɔnom n’aduru anaasɛ ɔtoa ne honhom fam dwumadi ahorow so.

Sɛ wɔde obi kɔto ayaresabea esiane ɔhonam fam yare bi nti a, mpɛn pii no wɔma no nnuan nketenkete mmere horow mmom sen sɛ wɔbɛma no aduan pii mpɛn kakraa bi. Saa ara na ebia ɛho behia bere a wode honhom fam aduan reboa obi a wayɛ basaa no. Ebia ebegye boasetɔ ankasa wɔ ɔhokafo anaa adamfo a ɔwɔ ayamhyehye no fam na ɔne no asusuw honhom mu ‘nneɛma pa’ no ho ntiantia mmere horow mmom sen sɛ ɔbɛbɔ mmɔden sɛ ɔne no bɛbɔ Bible mu nkɔmmɔ tenteenten, a ebia ɛbɛdɔɔso dodow ama onii a wayɛ basaa no. Sɛ onii a wayɛ basaa no nni akwankyerɛ no akyi mpo a, ɔdɔ a woyi adi kyerɛ no ka no.

Kosi sɛ basaa a onii ayɛ no bɛkɔ anaasɛ aduru a wɔde ama no no bɛma ne ho atɔ no no, boasetɔ ne ntease a wɔbɛkɔ so anya ho hia wɔ afoforo fam. Ɛtɔ da bi a tebea horow bi wɔ hɔ a aduru a wɔde ma no yɛ te sɛ nea entumi nyɛ ho hwee. Enti abodwokyɛre ne nokware dɔ ho hia na atumi aboa eyinom a wɔayɛ basaa no kosi sɛ Yehowa bɛsa nyarewa nyinaa​—adwenem de ne honam fam de​—wɔ ne nhyehyɛe foforo a ɛreba no mu.​—Adiyisɛm 21:3, 4.

Mpanyimfo a wɔwɔ asafo bi mu no wɔ asɛyɛde titiriw. Wobetintim asɛm a wɔato din “Tɛkrɛma a Wɔatete No​—‘Ma Ahyɛ Wɔn a Wɔahaw Nkuran,’” a ɛbɛkyerɛkyerɛ eyi mu no wɔ nsɛmma nhoma a ɛbɛba akyiri yi mu.

[Ase hɔ nsɛm]

a Hwɛ asɛmti “So Ne Nyinaa wɔ Adwene no Mu” a ɛwɔ yɛn nsɛmma nhoma a wɔfrɛ no Nyan!, April 8, 1982, de no mu no mu.

b Antekhesthe​—“munnyina wɔn akyi.”

[Kratafa 15 adaka]

SƐNEA WƆTEE NKA NEA ENTI

HIOB ‘Onyankopɔn agyaw me,’ Ɔyare ne asiane

‘me nkwa yɛ me nwini. ahorow baa no so.

—Hiob 29:2, 4, 5; 10:1. Ɛyɛɛ sɛnea

Onyankopɔn apa no.

YAKOB Wampene sɛ wɔbɛkyekye Ne babarima a na ɛda adi

ne werɛ. ‘Ɔkɔɔ so sui.’ sɛ wawu no ho awerɛhow

‘Mepɛ sɛ mekɔ ɔdamoa

no mu.’—Genesis 37:35.

HANA ‘Osũi a na onnidi.’ Ɔba a na onni

‘Ne were howee kɛse, ho awerɛhow

na ɔde yaw sui.’—1 Samuel 1:7, 10.

YONA “Owu ye ma me sen nkwa” Abufuw a na ɛhyɛ ne mu nti

wɔ ‘ahohia mu.’

—Yona 4:6, 8.

DAWID “Da mũ nyinaa mede awerɛhow Bɔne a emu yɛ duru

menam foofoo.” “Mahodwow.” ho afodi

“M’ahoɔden atu.”—Dwom 38:6, 8, 10.

NEHEMIA “Metraa ase misui, na midii Onyankopɔn nkurɔfo

nkɔmmɔ nna bi,”midii “koma binom tebea haw no

mu awerɛhow.”—Nehemia 1:4; 2:2.

PAULO “Ehu” kaa no na ‘ne Ɔsɔretia ne ɔhome a

ho hiaa no.’ na onnya nti

—2 Korinthians 7:5, 6.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena