Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g88 5/8 kr. 20-24
  • Adwenemhaw Sodi Sɛnea Afoforo Betumi Aboa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Adwenemhaw Sodi Sɛnea Afoforo Betumi Aboa
  • Nyan!—1988
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Tema
  • Obu a Ɔwɔ ma ne ho a ɔbɛsan anya
  • Bere a Ɛyɛ Wo Hokafo
  • Mmoa a Efi Afoforo Hɔ
  • Ɔkwan A Wubetumi Afa So Ako Atia Adwenemhaw
    Nyan!—1982
  • “Monka Awerɛkyekyesɛm Nkyerɛ Akra A Wɔn Werɛ Ahow”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Awerɛkyekye ma Wɔn a Wɔahaw
    Awerɛkyekye ma Wɔn a Wɔahaw
  • Tɛkrɛma A Wɔatete No​—‘Ma Ahyɛ Wɔn A Wɔahaw Nkuran’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1988
g88 5/8 kr. 20-24

Adwenemhaw Sodi Sɛnea Afoforo Betumi Aboa

NÁ MPRƐNSA nen wɔ nna kakraa bi mu a Ann afrɛ wɔ telefon so wɔ akyirikyiri a ɛnyɛ asɛm pɔtee bi nti. Ne maame Kay hui sɛ na ne nne asakra. Kay kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Na ɛte sɛ obi a wahaw nne. Ɛwom sɛ wanka de, nanso na ne nne reka dennen sɛ, ‘Mihia mmoa!’” Bere a Kay susuwii sɛ asɛm wɔ hɔ no, ne koma ho peree no.

Kay kae sɛ: “Meka kyerɛɛ me babea no sɛ mɛba ɛda a edi hɔ no! Ann fii ase sui, na ɔkae brɛoo sɛ ‘Eye,’ na afei ɔde telefon no too so.” Bere a ɛna no bedui no, ne dwiriw no sɛ ɔtee sɛ na Ann ada no adi akyerɛ ne nnamfo sɛ ɔte nka sɛ onni anidaso biara na ɔmfata. Ná waka ahokum ho asɛm anibere so mpo! Ne nyinaa akyi no, mmoa a Kay de mae wɔ ne nnanum nsrahwɛ no mu no boaa ne babea no ma ɔtee apɔw. Ɛno na ɛde nsakrae bae. Ɛna no kae sɛ: “Eyi kyerɛɛ me otie ho asuade bi. Na anka obetumi akum ne ho. na sɛ yɛammoa no bere a na ohia mmoa no mu a, hwɛ sɛnea anka yɛbɛte nka wɔ ɔkwan a enye so.

Mpɛn pii no mmoa a efi afoforo hɔ betumi ayɛ nsonsonoe wɔ nkwa ne owu mu ama obi a wahaw kɛse. So anka w’ani bɛda hɔ sɛ Kay? Esiane sɛ afe biara nnipa mpem ɔhaha pii a wɔwɔ wiase nyinaa nya adwenemhaw a emu yɛ den nti, ebetumi aba sɛ ɛbɛka obi a ɔyɛ w’adamfo anaasɛ obusuani. Nanso obi a wanya adwenemhaw a emu yɛ den a wobɛboa no no betumi ayɛ ahoyeraw.

Oduruyɛfo Leonard Cammer ka ɛna bi a na onhu nea ɔnyɛ ne ho wɔ ne babarima a wanya adwenemhaw ho no ho asɛm wɔ ne nhoma Up From Depression no mu. Bere a ɔne ne ba no ne oduruyɛfo no rekasa no, odii abooboo sɛ: “Ofi yɛn kyɛn kɔ ara kɛkɛ te sɛ nea yenni hɔ. Onim sɛ yɛdɔ no. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ opira yɛn saa? Oduruyɛfo, wonnim nea merefa mu no.” Oduruyɛfo Cammer ka sɛ: “Sɛ anka onim amanehunu a ne babarima no refa mu a! . . . Obi a wanya adwenemhaw no te nka sɛ wayɛ adesoa ama abusua no. Nanso wayɛ adesoa ama n’ankasa ho nso, efisɛ ontumi nhu ne tebea no mu yiye na n’ani wu na egu n’anim ase. Enti nea obetumi ayɛ ara ne sɛ ɔbɛtwe ne ho akɔ akyirikyiri.” Ɛna no ade a ɔnhwɛ no yiye no ma tebea no sɛe kɛse. Enti sɛ wubetumi aboa a adehia a edi kan ne . . .

Tema

Tema anaa “nka a wɔte ma afoforo” yɛ mmɔden a wobɛbɔ sɛ wobɛte nka sɛnea ɔfoforo no yɛ. (1 Petro 3:8) Gye tom sɛ obi a wanya adwenemhaw no te yaw nka ankasa. Ne haw no yɛ paara na ɛnyɛ nea ɔboapa. Ɔsomafo Paulo tuu fo sɛ: “Mo ne asufo nsu.” (Romafo 12:15) Wɔ ɔkwan foforo so no, bɔ mmɔden sɛ wobɛte yaw a nea wahaw no te nka no ase.

Ɛwom sɛ wurentumi nhu sɛnea ɔte nka pɔtee no de, nanso wubetumi akyerɛ emu nokware anigye sɛ wopɛ sɛ wuhu. Hyɛ onii no nkuran ma ɔnkasa. na sɛ ɔka ne nkate no ho asɛm a, bɔ mmɔden sɛ wubehu nneɛma mu sɛnea ɔyɛ, na fa wo ho gyina n’afã hɔ. Pow nsɛm a wɔde bu atɛn te sɛ ‘Ɛnsɛ sɛ wote nka saa’ anaasɛ ‘Ɛno yɛ su bɔne.’ Obi a wanya adwenemhaw no nkate ho asɛm yɛ den titiriw, na nsɛnkeka a emu yɛ den saa no bɛma wate nka bɔne wɔ ne ho mmom. Mpɛn pii no obu a ɔwɔ ma ne ho no tu kɔ.

Obu a Ɔwɔ ma ne ho a ɔbɛsan anya

Sɛnea ɛbɛyɛ na wasan anya obu a ɔwɔ ma ne ho no, ɛsɛ sɛ woma onipa no susuw nneɛma ho. Wɔ ɔkwan a ɛyɛ bɔkɔɔ so no, boa no ma onhu sɛ sɛnea obu ne ho sɛ ɔba fam no nyɛ nokware. Nanso ɛnyɛ sɛ wobɛkasa akyerɛ no ɔkwan a emu yɛ hyew so ara kwa na woaka akyerɛ no sɛ ɔyɛ ‘onipa kɛse’ no ne asɛm no. Mmebusɛm 25:20 ka sɛ: “Nea ɔto dwom kyerɛ ɔwerɛhowni no te sɛ nea ɔpa ntama awɔw bere mu, anaa nsa nyinyanyinya a wɔde gu gyakisi so.” Mmɔdenbɔ a enni mũ saa no sɛe nea wahaw no nkate na ɛhyɛ no abufuw esiane sɛ ɛntaa nni nea enti a ɔte nka sɛ ɔmfata no ho dwuma nti.

Sɛ nhwɛso no, ebia obi a wahaw no bɛka sɛ: ‘Mete nka sɛ enye koraa na meremfata mma hwee da.’ Wubetumi abisa wɔ ɔkwan a entuatua n‘ano so sɛ: ‘So wubetumi aka nea enti a wote nka saa no akyerɛ me?’ Ofi ase sɛ ɔrekyerɛkyerɛ mu a, tie no yiye. Tie a wubetie no yiye saa no ma onya awerɛhyem sɛ nea ɔreka no fata. Bere a ogu so rekasa no, wubetumi abisa no nsɛm afoforo de aboa no ma wahu nneɛma ahorow a ebetumi de adwenemhaw aba no na wasiesie.a

Fa nsemmisa ntiantiaa ne nea ɛyɛ tee di dwuma na ɛnyɛ animka kwan so. na mmom wɔ mmɔden a wobɔ sɛ wubenya onipa no mawasusuw nneɛma ho mu. (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 21 no mu.) Sɛ wuhu sɛ onipa no reyɛ nneɛma bi a ɛma ne nsɛnnennen no kɔ so a, ɛnde wɔ ɔkwan a ɛnka n’anim so no, wubetumi abisa wɔ ayamye mu sɛ: ‘So nea woayɛ abesi saa bere yi aboa wo? So ɛho hia sɛ woyɛ biribi foforo bi?’ Nya a wubenya no ma ɔde nyansahyɛ ahorow bi ama no betumi ama wasan anya ne ho mu ahotoso.

Obi a wahaw tumi bu n’ani gu su pa ahorow nyinaa so; enti fa adwene si n’ankasa nneɛma a eye ne nea otumi yɛ so. Ebia ɔyɛ ɔbea a onim afifide ho nsɛm anaasɛ onim aduannoa. Ebia ɔyɛ ɔbarima a watumi atete mmofra a wɔwɔ anigye na wosi pi. Hwehwɛ mmeae ahorow a nea wahaw no atumi adi yiye na twe n’adwene si eyinom so. Ebia wubetumi ama wakyerɛkyerɛw eyinom bi mpo na wasan ahwɛ mu akyiri yi. Ɛboa nso sɛ saa onii no betumi de n’akyɛde a efi awo mu no aboa wo.

Sɛ nhwɛso no, Maria a na onim adepam yiye no nyaa adwenemhaw a emu yɛ den. Ne nnamfonom mu biako bisae sɛ: “So wubetumi aboa me ma mapaw atadetam bi ne atade nhwɛso bi? Mepɛ sɛ mepam atade soro ne ase.” Maria kae sɛ ɔbɛpam ama no. N’adamfo no buae sɛ: “Oh, saa?” Akyiri yi ɔdaa Maria ase yiye wɔ atade no ho na ɔkyerɛw no krataa kaa nkamfo a nkurɔfo de ama no wɔ atade no ho kyerɛɛ no. Maria kae sɛ: “Eyi maa m’ahotoso kɔɔ anim na m’ani gyei. Akyiri yi mihui sɛ na n’ankasa afa adwenemhaw mu na na onim sɛ saa adwuma yi bɛyɛ mmoa kɛse ama me. Ɛyɛɛ saa. Ɔyɛɛ pii maa me sen sɛnea meyɛ maa no.”

Enti boa wɔn a wɔahaw no ma wɔmfa bere tiaa mu botae ahorow pɔtee bi a ɛne nea wotumi yɛ ne wɔn nsɛm tebea hyia nsisi wɔn anim. Eyinom betumi ayɛ ofie nnwuma nketenkete bi, nsaanodwuma bi, anaasɛ nsɛm a eye mpo. Sɛnea ɔbea bi a onyaa adwenemhaw a emu yɛ den kae no: “Mebɔ mmɔden bere nyinaa sɛ mɛka biribi a ɛhyɛ nkuran akyerɛ m’abusua no anaasɛ m’adamfo.” Saa botae nketenkete yi a wobedu ho no ma wonya obu ma wɔn ho.

Bere a Ɛyɛ Wo Hokafo

Ade a edi kan a wɔn a wɔn ahokafo nya adwenemhaw a emu yɛ den no mu pii susuw ne sɛ wɔ ɔkwan bi so no ɔfoforo no kusuu a wayɛ no fi wɔn. Eyi ma afobu a ɛde ntɔkwaw ba tumi sɔre. Nanso, adwenemhaw nyɛ sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ ara kwa sɛ obi aware nye.

Bere a Myrna Weissman ne Eugene Paykel ahwehwɛ mmea a wɔanya adwenemhaw 40 asetra mu akyi no, wɔkae wɔ wɔn nhoma The Depressed Woman no mu sɛ: “Ɛnyɛ mmea a wɔahaw no nyinaa na na wɔn aware nye ansa na wɔn yare no reba. Yehuu aware pii a na kasa a wɔne wɔn ho wɔn ho kasa na nkitahodi yɛ mmerɛw, wɔn mu biara ahiade ho nkate a wɔwɔ, . . . atra hɔ ansa na adwenemhaw no reba. Ɔyare no na ɛde ɔhaw baa abusuabɔ no mu.”​—Yɛn na yɛde nkyerɛwee soronko akyerɛw afã bi no.

Nanso, ɛtɔ mmere bi a ɛwom sɛ ɛnyɛ nea abusuabɔ a emu atew anaa nkitahodi nnim de adwenemhaw ba de, nanso ebetumi de tebea bi aba a ɛda adi yiye sɛ adwenemhaw befi mu aba. Wɔabobɔ nokwasɛm ahorow bi a etumi de adwenemhaw ba din wɔ adaka a ɛwɔ kratafa 23 no mu. Okunu bi a anka ne yere a wahaw rekum ne ho no gye tom sɛ: “Ná memfa no aniberesɛm sɛ medi ne nkate ne ne honhom mu ahiade ho dwuma. Wɔ me fam no na ɔyɛ ɔdan mu ɔhokafo ara kwa sen ɔyere. Na minni adagyew koraa a mereboa afoforo sen sɛ mɛma no awerɛhyem ne ɔhyew a na ɔhwehwɛ na ohia no. Na ɛsɛ sɛ meyɛ adwumaden wɔ nkitahodi ne sɛnea mɛma wanya m’ankasa nneɛma ne m’asetra mu kyɛfa no ho.” So mmeae ahorow bi wɔ hɔ a wuhu sɛ ɛsɛ sɛ enya nkɔso wɔ w’abusua no mu? Nanso dɛn bio na ɛbɛboa ɔhokafo bi?

◻ Ntoboase, Ntoboase, Ntoboase! Esiane sɛ obi a wahaw te yaw nka wɔ nkate mu nti, ebia obetwa abɔ ne hokafo no. Victoria a onyaa adwenemhaw kɛse no kae sɛ: “Na metan me ho na me werɛ howee. Na migye di yiye sɛ me kunu ne me mma no bɛpɛ sɛ wɔka me hyɛ ɔdan mu na wɔtom na wɔto safe no kyene. Nanso, metee mpɛn pii sɛwɔka sɛ. ‘Yɛdɔ wo; yenim sɛ wommoapa’ anaasɛ ‘Ɛyɛ ɔbrɛ na woabrɛ.’” Yiw, hu sɛ onipa no bɛkeka nsɛm pii a ɔnkyerɛ saa ankasa. Hiob a na ɔyɛ gyidini no mpo gye toom sɛ esiane n’abufuw nti, ne “nsɛm ayɛ hyerebahyereba.” (Hiob 6:3) Nhumu a wode behu sɛ ɛnyɛ wo na ani si wo so no boa wo ma wode mmuae a efi odwo ne ayamye mu a mpɛn pii no etumi dwudwo tebea no ano ma. (Mmebusɛm 15:1; 19:11) Nhwɛ kwan sɛ ɔhokafo no bɛte apɔw wɔ bere tiaa mu.

◻ Fa Honhom mu ne Nkate mu Mmoa Ma. Nnipa pii a wɔanya adwenemhaw pɛn ahu sɛ Yehowa Adansefo nhyiam horow no ma wonya honhom mu nkuranhyɛ a wɔde gyina ano. (Hebrifo 10:25) Nanso lrene a n’adwenemhaw dii asram 18 no gye toom sɛ: “Anwummere bi a ade bɛkye ma yɛakɔ nhyiam no, misui efisɛ na mintumi nhu sɛnea metumi ne obiara abɔ.” Ɔde kaa ho sɛ: “Nanso me kunu hyɛɛ me nkuran, na bere a yɛabɔ mpae awie no, yɛn abusua no kɔe. Ɛwom sɛ na ɛsɛ sɛ mepopa nusu wɔ nhyiam no ase de, nanso medaa Yehowa ase pii sɛ ɔmaa me ahoɔden ma mede kɔɔ hɔ.”

Nea ɛka honhom fam mmoa ho no, ɔhokafo a wahaw hia awerɛhyem sɛ ɔwɔ wo mmoa wɔ nkate mu. lrene kyerɛkyerɛ sɛnea ne kunu yɛɛ eyi no mu: “Bere a yɛwɔ fie na yɛn mma no ada akyi no, mene me kunu kasa, na ɛtɔ mmere bi a misu bɛyɛ dɔnhwerew biako. Ne ntease a ɔde boae no boaa me dɛn ara. Ɔne me bɔɔ mpae, otiee me, anaasɛ ɔmaa minyaa mmati a misu wɔ so​—nea mihia biara wɔ ɛbere no mu.” Esiane sɛ Kristoni pɛ sɛ ɔsɔ ne hokafo ani nti. ɔtaa ma nea wahaw no awerɛhyem sɛ ɔreyɛ eyi.​—1 Korintofo 7:33. 34.

◻ Fa Honam Fam Mmoa Ma. Ofie nnwuma ne mmofra hwɛ betumi abɛyɛ nea ɛboro obi a wahaw so mpofirim ara. Okunu (ne mmofra no nso) betumi aboa wɔ nneɛma hohoro ne aduannoa mu. Bɔ mmɔden sɛ wobɛpow sɛ wubebisa no nea wonyɛ, efisɛ ebetumi de nhyɛso no bi aka ho. Elizabeth a ɔyɛ ɛna bi a onyaa adwenemhaw a emu yɛ den no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Me kunu Bob amma biribiara ammobɔ me so wɔ saa bere no mu. Na ɔte sɛ nnyinasode bi. Nea na ɛsɛ sɛ mede m’adwene kɔ so ara ne sɛnea ɛbɛyɛ a mɛte apɔw.” Ɔde ka ho sɛ: “Ɛnyɛ nnuru nko na oduruyɛfo no de maa me na mmom ɔka kyerɛɛ me nso sɛ menteɛteɛ m’apɔw mu da biara. Bob hyɛɛ me nkuran sɛ minni oduruyɛfo no ahyɛde no akyi. Yɛnantewee da biara.” Anantewanantew a wɔyɛ ɛho nhyehyɛe yiye a wɔne nea wahaw no kɔ nso boa. Eyinom nyinaa gye nneɛma a wodi kan susuw ho wɔ okunu no fam.

Mmoa a Efi Afoforo Hɔ

Mmebusɛm 17:17, NW, ka sɛ: “Nokware adamfo dɔ bere nyinaa, na ɔyɛ onua a wɔawo no ama bere a ahohia wɔ hɔ.” Nokwaredi a ɛwɔ adamfofa bi mu no da adi wɔ ahohia bere, te sɛ adwenemhaw, mu. Ɔkwan bɛn so na adamfo betumi aboa?

Maria bɔɔ amanneɛ sɛ: “Bere a mehawee no. m‘adamfo bi kyerɛw me mpɛn pii na bere nyinaa ɔde kyerɛw nsɛm bi a ɛhyɛ nkuran kaa ho. Mekenkan nkrataa no mpɛn pii a na misu bere a merekenkan no. Ná nkrataa a ɛte sɛɛ no te sɛ sika kɔkɔɔ ma me.” Wɔkyerɛ nkrataa, nkratasin, ne telefon soɔfrɛ a ɛhyɛ nkuran no ho anisɔ kɛse. Nsrahwɛ a emu yɛ hyew nso boa. Elizabeth de ka ho sɛ: “Sɛ obiara mma a, ɛhyɛ adwene a ɛne sɛ yɛyɛ ankonam no mu den. Wo ne onipa no mmom mmɔ mpae, ka osuahu ahorow a ɛhyɛ den bi kyerɛ, sɛ abusua no, monnoa nnuan na mommfa mmra mpo. Adamfo bi de nneɛma nketenkete bi guu adaka mu brɛɛ me. Nneɛma no biara a misianee ho no ma minyaa ahodwiriw a ɛyɛ anigye.”

Nokwarem no, sɛ ɛba asomasoma ne ofie nnwuma a wɔbɛyɛ ama obi a wahaw so a, fa nhumu di dwuma. Tie no. Nkɔ so ara sɛ wobɛyɛ biribi sɛ ɔmpɛ sɛ woyɛ a. Ɛtɔ mmere bi a, hu a wohu sɛ obi reyɛ ade a ɔno na anka ɛsɛ sɛ ɔyɛ no de afobu no bi ka ho. Ebia nea wahaw no bɛpɛ sɛ wogyaw no saa ara.

Mpanyimfo, anaasɛ honhom mu nguanhwɛfo a wɔwɔ Yehowa Adansefo asafo horow mu no nso de mmoa a ɛsom bo ama. Irene kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Me ne mpanyimfo no mu baanu kaa me haw no ho asɛm. (Me kunu bae bɛboaa me.) Na eyi yɛ adepa na ɛboaa me kɛse. Mihui sɛ saa mmarima yi dwen yɛn ho ampa.” Ɛdenam tie a wobetie yiye ne wɔn ho a wobesiesie yiye so no, saa mmarima yi betumi ‘akyekye wɔn a wɔn koma atu werɛ.’b​—1 Tesalonikafo 5:14; Mmebusɛm 12:18.

Hu a wubehu bere a ɛsɛ sɛ wohwehwɛ ɔbenfo bi mmoa ho hia​—nokwarem no etumi gye nkwa! Ɛtɔ mmere bi a tebea no mu bɛyɛ den araa ma ɛsɛ sɛ wɔyɛ nhyehyɛe de hwɛ sɛ nea wahaw no benya ɔbenfo ɔhwɛ. Nka sɛ nea wahaw no ankasa nsi ho gyinae. Mpɛn pii no ɛkyerɛ sɛ w’ankasa bɛkɔ akohu onipa no ama no. Wubetumi ama wanya awerɛhyem denam ka a wobɛka sɛ: ‘Migye di sɛ wo yare no mu nyɛ den, nanso ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ mu na wɔde yi akyinnye biara fi hɔ. Ɛwom sɛ medɔ wo yiye de, nanso mennyɛ oduruyɛfo’ no so. Nya ayamye nanso yɛ pintinn!

Adamfo bi anaa ɔhokafo a wobɛboa no ma wadi adwenemhaw so no nyɛ adwuma a ɛyɛ mmerɛw, nanso w’ani a wubemia no betumi agye no nkwa. Mpɛn pii no, dwen a wudwen ne ho no de nsonsonoe ba. Sɛ nhwɛso no, bere a Margaret duu baabi a enye koraa no, ɔka kyerɛɛ ne kunu sɛ ɔpɛ sɛ otwa biribiara so na owu. Ne kunu kae wɔ ɔhyew mu sɛ: “Mɛboa wo na woantwa so.” Bere a sɛnea odwen ne ho no a Margaret hui no ahyɛ ne so no, ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Mihui saa bere no sɛ metumi akɔ so.” Ɔyɛɛ saa na nkakrankakra no odii n’adwenemhaw no so.

[Ase hɔ nsɛm]

a Hwɛ “Tɛkrɛma a Wɔatete no​—’Na Ahyɛ Wɔn a Wɔahaw Nkuran’ “ a epuei wɔ February 1, 1983 Ɔwɛn Aban a ɛyɛ yɛn nsɛmma nhoma yi hokafo no mu.

b Hwɛ”Adwenemhaw ho Akodi no a Wubedi mu Nkonim” wɔ nsɛmma nhoma yi Borɔfo de a ɛbae October 22, 1987 no mu.

[Kratafa 20 adaka]

Nneɛma ho a Wosusuw wɔ Ɔkwan a Ɛma Wonya Obu ma Wɔn ho So

Ɔbea bi a ne kunu nokware a wanni sɛee n’aware no nyaa adwenemhaw a na ɔpɛ sɛ okum ne ho. Akyiri yi ɔkaa n’asɛm kyerɛɛ ɔfotufo bi a ɔyɛ nam sɛ: “Sɛ Raymond nni hɔ a mensɛ hwee . . . Mintumi nnya anigye bere a Raymond nni hɔ.”

Ɔfotufo no bisae sɛ: ‘Sɛ wo ne Raymond wɔ hɔ a so wuhu sɛ w’ani gye?” Obuae sɛ:’Dabi, yɛko bere nyinaa na mete nka sɛ enye.” Ɔfotufo no toaa so sɛ: ‘Woka sɛ Raymond nni hɔ a wonsɛ hwee. Ansa na worehyia Raymond no, so wotee nka sɛ wonsɛ hwee?’

Ɔbea a wahaw no kae ntɛm sɛ: ‘Dabi, metee nka sɛ meyɛ obi.” Afei ɔfotufo no buae sɛ: ‘Sɛ na woyɛ obi ansa na worebehu Raymond a, dɛn nti na wuhia no ansa na woayɛ obi mprempren?” Bere a Oduruyɛfo Aaron Beck reka saa asɛm yi ho asɛm wɔ ne nhoma ‘Cognitive Therapy and the Emotional Disorders’ no mu no, ɔkyerɛe sɛ: ‘Wɔ ɛno akyi nsɛm bi a wobisabisaa no mu no, ɔkae sɛ asɛm a ɛkaa no kɛse no ne sɛ: Ɔkwan bɛn so na sɛ Raymond nni a ɔnsɛ ‘hwee’​—bere a na watra ase anigye mu na ɔte nka sɛ odi mũ ansa koraa na ɔrehu no no?” Odii n’adwenemhaw no so.

[Kratafa 23 adaka]

So wo Fie Tebea Betumi de Adwenemhaw Aba?

◻ So nsɛm a wonsusuw ho te sɛ’Dɛn nti na wonyɛ ɔyere pa?‘’Medɔ wo sɛnea wote yi ara’ anaasɛ’Dɛn nti no wonnwen bere nyinaa saa? no resɛe obu a ɔwɔ wɔ ne ho mu no?

◻ So wonam wo hokafo no te a ɔte nka bere nyinaa sɛ nsɛm fi no a nokwasɛm ahorow a ɛwɔ hɔ no mfa ho so kanyan afobu mu?

◻ So tebea a ɛwɔ fie no ma wontumi nna wɔn nkate adi a ɛma obiara a ɔyɛ saa no te nka sɛ ɔyɛ mmerɛw?

◻ So wɔma obi te nka sɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ pɛ ansa na watumi ayɛ ɔhokafo a wɔhwehwɛ no?

◻ So nkitahodi a ahofadi wom na ɛyɛ tẽẽ ano asiw?

[Kratafa 24 mfoni]

Obi a onyaa adwenemhaw kae sɛ ‘ná nkrataa a efi adamfo bi hɔ no te sɛ sika kɔkɔɔ’

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena