Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • T-20 kr. 1-6
  • Awerɛkyekye ma Wɔn a Wɔahaw

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Awerɛkyekye ma Wɔn a Wɔahaw
  • Awerɛkyekye ma Wɔn a Wɔahaw
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mmoa a Wohia No
  • Bere a Obiara Renhaw Bio
  • “Monka Awerɛkyekyesɛm Nkyerɛ Akra A Wɔn Werɛ Ahow”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Adwenemhaw Sodi Sɛnea Afoforo Betumi Aboa
    Nyan!—1988
  • Tɛkrɛma A Wɔatete No​—‘Ma Ahyɛ Wɔn A Wɔahaw Nkuran’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Ɔkwan A Wubetumi Afa So Ako Atia Adwenemhaw
    Nyan!—1982
Hwɛ Pii Ka Ho
Awerɛkyekye ma Wɔn a Wɔahaw
T-20 kr. 1-6

Awerɛkyekye ma Wɔn a Wɔahaw

“Abɔde nyinaa penepene, na wɔte yaw nka de besi nnɛ.” (Romafo 8:22, New World Translation) Ná nnipa amanehunu sõ yiye bere a wɔkyerɛw saa asɛm no mfe 1,900 ne akyi ni no. Ná nnipa pii ahaw. Enti, wɔhyɛɛ Kristofo sɛ: “Monkyekye akra a wɔahaw no werɛ.”—1 Tesalonikafo 5:14, NW.

Ɛnnɛ, adesamma amanehunu so sen saa mpo, na nnipa bebree ahaw sen bere biara a atwam. Nanso, so ɛsɛ sɛ ɛno yɛ yɛn nwonwa? Ɛnsɛ sɛ ɛba saa ankasa, efisɛ Bible no ka sɛ eyi yɛ “nna a edi akyiri,” na ɛyɛ “mmere a emu yɛ den.” (2 Timoteo 3:1-5) Yesu Kristo ka siei sɛ wɔ nna a edi akyiri no mu no, ‘ahude bɛba.’—Luka 21:7-11; Mateo 24:3-14.

Sɛ nnipa dwennwenne, ehu ka wɔn, wodi awerɛhow, anaasɛ wonya nkate a ɛnteɛ a ɛte saa kyɛ a, wɔtaa haw. Ebia wɔn dɔfo bi wu, wɔn aware a egu, wɔn adwuma a efi wɔn nsa, anaa ɔyare bi a ennyae na ɛma wɔhaw anaasɛ wodi awerɛhow tra so. Nkurɔfo nso haw bere a wobu wɔn ho sɛ wɔnsɛ hwee, na wɔte nka sɛ wɔadi nkogu ne obiara huammɔ no. Tebea a ɛma adwennwene betumi ama obiara ayɛ basaa, nanso sɛ obi te nka sɛ onni anidaso biara, na onhu ɔkwan biara a ɔbɛfa so afi tebea bɔne bi mu a, ebia ɛbɛma wahaw yiye.

Tetefo tee nka saa ara. Hiob yaree na asiane too no. Ɔtee nka sɛ Onyankopɔn agyaw no, na ɔkae sɛ asetra afono no. (Hiob 10:1; 29:2, 4, 5) Yakob ba a na ɛte sɛnea wawu no ma ɔhawee, na wampene sɛ ɔbɛma wɔakyekye ne werɛ, na ɔpɛe sɛ owu. (Genesis 37:33-35) Bere a Ɔhene Dawid tee nka sɛ wadi bɔne a anibere wom ho fɔ no, ɔkae sɛ: “Da mũ nyinaa mede awerɛhow menam foofoo. Mahodwow.”—Dwom 38:6, 8; 2 Korintofo 7:5, 6.

Ɛnnɛ, nnipa pii ahaw efisɛ wɔhaw wɔn ho dodo, na wɔbɔ mmɔden sɛ wobedi da biara nhyehyɛe bi a wɔn adwene, wɔn nkate, ne wɔn honam fam ahoɔden ntumi nnyina ano akyi. Ɛda adi sɛ adwennwene, ne nsusuwii ne nkate horow a ɛnteɛ betumi ahaw nipadua no, na ama adwene no ho aka, ma enti ama obi ahaw.—Fa toto Mmebusɛm 14:30 ho.

Mmoa a Wohia No

Epafrodito, afeha a edi kan no mu Kristoni bi a ofi Filipi ‘hawee efisɛ ne nnamfo tee sɛ ɔyare.’ Ebia Epafrodito a ɔyaree bere a ne nnamfo somaa no kɔɔ Roma sɛ ɔmfa nneɛma nkɔma ɔsomafo Paulo no tee nka sɛ wadi ne nnamfo no huammɔ, na wobu no sɛ wantumi anyɛ nea wɔsomaa no sɛ ɔnkɔyɛ no. (Filipifo 2:25-27; 4:18) Ɔkwan bɛn so na ɔsomafo Paulo boae?

Ɔde krataa san somaa Epafrodito kɔɔ ne man mu sɛ ɔmfa nkɔma ne nnamfo no, na ese: “Enti momfa anigye nyinaa nnye [Epafodito] wɔ Awurade mu, na wɔn a wɔte saa no, munkura wɔn nidi mu!” (Filipifo 2:28-30) Nokwarem no, ɛbɛyɛ sɛ nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Paulo kaa Epafrodito ho asɛmpa, ne sɛ Filipifo no de anigye ne ɔdɔ gyee no no maa onyaa awerɛkyekye, na ɛboae ma haw a na wahaw no gyaee.

Akyinnye biara nni ho sɛ Bible no afotu a ese ‘yɛnkyekye akra a wɔahaw no werɛ’ no ne nea eye sen biara. Ɔbea bi a onyaa adwenemhaw no kae sɛ: “Ɛho hia sɛ wubehu sɛ afoforo dwen wo ho sɛ onipa. Ehia sɛ wobɛte sɛ obi ka sɛ, ‘Mete ase; wo ho bɛtɔ wo.’”

Ɛho hia sɛ mpɛn pii no onipa a wahaw no di kan hwehwɛ obi a ɔwɔ tema a obetumi aka n’ahiasɛm akyerɛ no. Ɛsɛ sɛ onii no yɛ otiefo pa na onya boasetɔ yiye. Ɛnsɛ sɛ ɔka nea wahaw no anim, anaa ɔka nsɛm a ebu abam te sɛ ‘Ɛnsɛ sɛ wote nka saa,’ anaasɛ ‘Ɛno nyɛ su pa.’ Ɛnkyɛ na wɔfom onipa a wahaw no, na nsɛm a ɛte sɛɛ a wɔde kasa tia no no bɛma wate nka sɛ ɔnsɛ hwee.

Ebia nea wahaw no te nka sɛ ɔyɛ onipa hunu. (Yona 4:3) Nanso, ɛsɛ sɛ obi kae sɛ nea ehia ankasa ne sɛnea Onyankopɔn bu obi. Nkurɔfo ‘ammu’ Yesu Kristo ‘hwee,’ nanso eyi ansakra sɛnea ɔsom bo ankasa ma Onyankopɔn no. (Yesaia 53:3) Nya awerɛhyem sɛ sɛnea na Onyankopɔn dɔ ne Dɔba no, saa ara na ɔdɔ wo nso.—Yohane 3:16.

Yesu nyaa ayamhyehye maa wɔn a wohu amane no, na ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛboa wɔn ma wɔn mu biara ahu sɛnea ɔsom bo. (Mateo 9:36; 11:28-30; 14:14) Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ Onyankopɔn bu nkasanoma nketewa a wɔnsɛ hwee no sɛ wɔsom bo. Ɔkae sɛ: “Onyankopɔn anim de, ani mpa wɔn mu biako so.” Mpɛn dodow ahe na ɔremmu adesamma a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ n’apɛde no sɛ wɔsom bo! Yesu kaa saafo no ho asɛm sɛ: “Mo ti nhwi mpo wɔakan ne nyinaa.”—Luka 12:6, 7.

Ampa, ebetumi ayɛ den ama obi a wahaw yiye, a ne mmerɛwyɛ ne ne sintɔ ahorow ama wabotow no sɛ obegye adi sɛ Onyankopɔn bu no sɛ ɔsom bo yiye. Ebia ɔbɛte nka sɛ ɔmfata Onyankopɔn dɔ ne ne hwɛ. Onyankopɔn Asɛm gye tom sɛ: “Yɛn koma bu yɛn fɔ.” Nanso so ɛno ne ade a wogyina so hu sɛ yɛsom bo? Dabi, ɛnyɛ ɛno. Onyankopɔn nim sɛ nnipa a bɔne wɔ wɔn ho betumi adwennwenne wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so, na wɔabu wɔn ho fɔ mpo. Enti n’Asɛm ma wɔn awerɛkyekye sɛ: “Onyankopɔn so kyɛn yɛn koma na ohu ade nyinaa.”—1 Yohane 3:19, 20.

Yiw, ɛnyɛ yɛn bɔne ne yɛn mfomso ahorow nkutoo na yɛn soro Agya a ɔdɔ yɛn no hu. Onim nsɛm tebea horow a etumi brɛ aniberesɛm a bɔne bi yɛ no ase, yɛn asetra kwan nyinaa, yɛn botae ne yɛn atirimpɔw ahorow. Onim sɛ yenyaa bɔne, ɔyare, ne owu fii awo mu, ma enti yɛwɔ sintɔ pii. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ yedi awerɛhow, na yɛn bo afuw yɛn ho no ankasa yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ yɛmpɛ sɛ yɛyɛ bɔne, na yɛnyɛɛ ade ntraa so ɛ. Bible no se ‘wɔde yɛn ahyɛ ade hunu ase,’ na emfi yɛn pɛ mu. Enti Onyankopɔn te nka ma yɛn wɔ yɛn tebea a ɛyɛ awerɛhow no ho, na ɔde ayamhyehye susuw yɛn mmerɛwyɛ ho.—Romafo 5:12; 8:20.

Wɔma yɛn awerɛhyem sɛ: “Mmɔborohunufo ne ɔdomfo ne [Yehowa]. Sɛ apuei ne atɔe ntam ware no, sɛ wama yɛn ne yɛn mmarato ntam aware ne no. Na onim yɛn su, ɔkae sɛ yɛyɛ mfutuma.” (Dwom 103:8, 12, 14) Ampa, Yehowa yɛ “awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn a ɔkyekye yɛn werɛ yɛn ahohia nyinaa mu.”—2 Korintofo 1:3, 4.

Wɔn a wɔahaw no nya mmoa a wohia sen biara no fi bɛn a wɔbɛn wɔn mmɔborohunu Nyankopɔn no, na wogye ɔfrɛ a ɛne sɛ ‘wɔnnan wɔn adesoa nto ne so no’ mu. Nokwarem no, obetumi ‘ama wɔn a wɔabubu no koma anya nkwa.’ (Dwom 55:22; Yesaia 57:15) Enti Onyankopɔn Asɛm hyɛ mpaebɔ ho nkuran sɛ: “Momfa mo dadwen ne haw nyinaa nto [Yehowa] so, efisɛ odwen mo ho.” (1 Petro 5:7) Yiw, nkurɔfo nam mpaebɔ ne nkotɔsrɛ so betumi abɛn Onyankopɔn na wɔanya “Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so.”—Filipifo 4:6, 7; Dwom 16:8, 9.

Nsakrae pa wɔ obi asetra kwan mu betumi aboa nso ma wadi haw a wahaw no so. Apɔw mu teɛteɛ, nnuan pa a obedi, mframa pa a obenya ahome, na wagye n’ahome sɛnea ɛsɛ, ne TV hwɛ ntraso a ɔbɛkwati no nyinaa ho hia. Ɔbea bi aboa wɔn a wɔahaw denam ma a ɔma wɔnantew ahoɔden so no so. Bere a awuraa bi a wahaw kae sɛ: “Mempɛ sɛ mikotu mpase no,” ɔbea no de odwo buae sii so dua sɛ: “Dabi, wobɛkɔ.” Ɔbea no bɔɔ amanneɛ sɛ: ‘Yɛnantew kilomita 6. Bere a yɛsan bae no na wabrɛ, nanso na ne ho atɔ no sen kan no. Sɛ woansɔ apɔw mu teɛteɛ a wɔyɛ no ahoɔden so anhwɛ a, worennye nni sɛ ɛboa da.’

Nanso, ɛtɔ mmere bi a worentumi mma adwenemhaw no nnyae koraa, bere a woasɔ biribiara, a ayaresabea ayaresa ahorow ka ho ahwɛ mpo no. Ɔbea panyin bi kae sɛ: “Masɔ biribiara ahwɛ, nanso haw a mahaw no nnyae.” Saa ara na nnɛ, mpɛn pii no wontumi nsa anifurae, asotiw, ne apakye. Nanso, wɔn a wɔahaw no nam Onyankopɔn Asɛm a ɛde nokware anidaso ma sɛ yebenya ahotɔ afi nnipa nyarewa nyinaa mu koraa a wɔbɛkenkan no daa no so benya awerɛkyekye ne anidaso.—Romafo 12:12; 15:4.

Bere a Obiara Renhaw Bio

Bere a Yesu kaa ahude a ɛbɛba asase so wɔ nna a edi akyiri no mu ho asɛm no, ɔka kaa ho sɛ: “Na nneɛma yi refi ase aba a, monhwɛ ɔsoro na momma mo ti so, efisɛ mo gye rebɛn.” (Luka 21:28) Na Yesu reka ogye a wobenya akɔ Onyankopɔn trenee wiase foforo mu, faako a ‘abɔde no ankasa nso bɛfa ne ho adi afi ɔsom a ɛsom porɔwee no mu akɔ Onyankopɔn mma anuonyam ahofadi mu’ ho asɛm.—Romafo 8:21.

Hwɛ ahotɔ ara a adesamma benya sɛ wɔade wɔn ho afi kan haw ahorow no mu, na wɔsɔre da biara a wɔn adwenem da hɔ fann, a wɔwɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ wɔbɛyɛ da no mu nnwuma no! Obiara renhaw bio. Bɔhyɛ a ɛbɛbam a wɔde ama adesamma ne sɛ Onyankopɔn ‘bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi ni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.’—Adiyisɛm 21:3, 4.

Kyerɛwnsɛm no nyinaa fi Twi Bible Foforo no mu, gye sɛ wɔakyerɛ sɛ efi baabi foforo.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena