Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g82 7/8 kr. 12-16
  • Nnipa Nokwaredifo—Ɛhe Na Wobetumi Ahu Wɔn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nnipa Nokwaredifo—Ɛhe Na Wobetumi Ahu Wɔn?
  • Nyan!—1982
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mmusua a Wɔyɛ Nokwaredifo
  • Nokwaredi Ma Nsakrae Horow Ba
  • Nnamfo a Wɔyɛ Nokwaredifo
  • Afoforo Ani Asɔ Nokware a Wodi
  • Monhwɛ Ɔnokwafo No!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • “Wo Nko Ara Ne Ɔnokwafo”
    Bɛn Yehowa
  • Hena na Ɛsɛ sɛ Wudi no Nokware?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • 1983 “Ahenni Biakoyɛ” Ɔmantam Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1982
g82 7/8 kr. 12-16

Nnipa Nokwaredifo​—Ɛhe Na Wobetumi Ahu Wɔn?

Efi “Nyan!” Kyerɛwfo Bi Hɔ

NÃ NNIPA bɛyɛ 20,000 na wɔwɔ ammirikatubea hɔ saa da no. Na migyina baabi a ɛbɛn faako a wɔakyerɛw sɛ “Nea Ɛyera ma Wohu” hɔ bere a mihuu ɔbea panyin bi sɛ ɔreba. Ɛda adi sɛ ná biribi haw no. Mibehui sɛ na ne bag a ɔde ne nsafe, ne sika kotoku a Amerika sika dɔla 116 hyem agu mu no ayera. Ná wabɔ mmɔden asan afa baabi a ɔfae no bio sɛ ebia obehu bag no. Nanso bere a ɛno anyɛ yiye no, obi kyerɛe sɛ ɔnkɔhwɛ “Nea Ɛyera ma Wohu” hɔ. So na obi ahu bag no? Sɛ saa a, so ɔde bɛkɔ hɔ?

Na, wubetumi ahu sɛnea n’anim yɛe bere a ɔbarima a ɔhwɛ hɔ no de bag no hyɛɛ ne nsa a nsafe ne sika kotoku a sika hyem no gu mu​—ne nyinaa​—wom no! Ɔde anigye daa no ase, san daa no ase bio.

Ɛyɛ nea ɛntaa nsi nnɛ? Ampa. Sɛnea Amerika mmarahyɛ baguani bi kae bere a ɔreka nea ɛrekɔ so wɔ yɛn bere yi so ho asɛm no: “Mfa wo werɛ nhyɛ obiara mu​—nnye obiara nni​—nnya biribiara mu gyidi.” Esiane atorodi, pɛsɛmenkominya ne amimdi nti, nnipa pii abɛte nka sɛ nnipa nokwaredifo​—kyerɛ sɛ, nnipa a wodi Onyankopɔn, ne nnyinasosɛm ne wɔn ho wɔn ho nokware a sɔhwɛ biara a wohyia mfa ho​—nni hɔ.

Nanso, na dɔm yi nyɛ wɔn a wɔrebɛhwɛ mmirikatu. Woahu, ná yɛwɔ nnansa yi nhyiam horow a Yehowa Adansefo yɛe wɔ wiase nyinaa a wɔtoo din “Ahenni Nokwaredi” no biako ase. Nea m’ankasa mihui, ne amanneɛbɔ ahorow a me nsa kae fi nhyiam a wɔyɛe wɔ wiase no afã afoforo ase no, ma migye di na ebia ɛbɛma wo nso woagye adi​—sɛ wobetumi ahu nnipa nokwaredifo wɔ asase so nnɛ.

Ná ɛnyɛ me nkutoo ne obi a wahu mmɔden a wɔbɔ wɔ nnyinasosɛm ahorow te sɛ nokwaredi ho no. M’ani gyei titiriw sɛ mɛkenkan amanneɛbɔ ahorow a ɛfa nokwaredi a mmofra nkumaa a wɔkɔɔ nhyiam ase daa no adi ho no.

Bɔ mmɔden susuw nea esii wɔ Portland, Oregon yi ho hwɛ: Marcy a wadi mfe awotwe pɛ de sika na wɔabobɔw no abien a ne nyinaa yɛ Amerika sika dɔla 11, a na wahu wɔ ɔkwan a ɛkɔ nhyiam no ase so no baa Nea Ɛyera ma Wohu dwumadibea hɔ; simma kakraa bi akyi, abarimaa kumaa a wadi mfe awotwe de sika dɔla biako a na wahu wɔ kwan no so ba; abarimaa kuma foforo a wadi mfe 10 de dɔla fã a ná wahu wɔ beae a wɔtɔn nnɔkɔnnɔkɔwade nkyɛn no ba; Angela a wadi mfe 10 de wakye a na wahu wɔ mmeae a wɔnom nsu no biako nkyɛn ba; abarimaa a wadi mfe awotwe a okura sika a ɛbɛyɛ sɛ yɛn ha mpɛsewa aduonu kɔ obi a ɔkan nnipa wɔ nhyiam no ase nkyɛn se, “Mihuu eyi wɔ [soda] afiri no so na ɛnyɛ me de. So wubetumi de ato ntoboa adaka no mu ama me?”

Ná eyinom yɛ amanneɛbɔ pii a efa nokwaredi a mmofra nkumaa yii no adi ho no mu kakraa bi pɛ. Nanso, ɛnyɛ eyinom mu nko na wotumi hu nokwaredi wɔ nhyiam horow yi ase.

Mmusua a Wɔyɛ Nokwaredifo

“Adansefo Si Abusua So Dua,” saa na atesɛm krataa bi asɛmti kae bere a ɛrebɔ nhyiam a wɔyɛe wɔ Hampton, Virginia no ho amanneɛ no. Na ntease pa nti na wosii abusua asetra so dua wɔ nhyiam horow no ase. Awaregu a ɛredɔɔso, afie a emu apaapae ne awofo asɛm ho asoɔden kyerɛ sɛnea nnɛ nokwaredi nni abusua asetra mu. Enti wotuu da a edi kan no sii hɔ sɛ “Abusua Da,” a na nhyehyɛe no fa abusua asetra ne nnɛ nhyɛso a efi ɔbrasɛe a ɛma ɛyɛ den ma abusua mufo sɛ wobedi nokware no ho, tẽe.

Na ɛyɛ anigye titiriw sɛ wubehu sɛ mmusua aka abom resom, wɔabom te hɔ na wɔayɛ komm retie asɛm. Ɛda adi sɛ eyi maa afoforo nso ani gyei, efisɛ mekenkan asɛm a edi so yi a ɛfa nhyiam a wɔyɛe wɔ Brazil ho: “Na abusua no mufo nyinaa wɔ hɔ. Ná nnipa a woadi mfe ahorow nyinaa bi wɔ hɔ, a ná nkokoaa mpo ne wɔn awofo wɔ hɔ. Na wutumi te Bible a abusua mufo nyinaa rebue no nnyigyei bere a akasafo no abɔ kyerɛw nsɛm bi din no.”

Nanso ɛyɛ nokware sɛ nhyiam a wɔbɛkɔ nyɛ mmerɛw koraa mma mmusua a mmofra nkumaa pii wom no. Sɛ́ wubesiesie mmofra no gye mmɔdenbɔ ankasa. Dɛn nti na awofo yɛ?

Jeri, ɛna a ɔwɔ mma baanan a ne kunu nyɛ Ɔdansefo kae sɛ: “Aka nna kakraa bi na nhyiam no adu hɔ no mehwɛ sɛ matotɔ nneɛma a ɛho hia me nyinaa. Afei mehwɛ aduan a mɛnoa no anwummere biara, na misiesie mmofra no ntade anadwo a ade rebɛkye ma yɛakɔ no.” Mibisaa no nea enti a ɔyɛ saa, na obuae sɛ: “Mete nka sɛ ɛfata. Mereyɛ ama Yehowa ne me mma no. Mihu sɛ nhwɛso a mɛyɛ no so na me mma no nam benya anisɔ ama Bible mu nokware ahorow no.”

Mmɔden ahorow a awofo a wɔyɛ nokwaredifo a wɔte sɛɛ bɔ de tete wɔn mma no yɛ nea afoforo hu. Sɛ nhwɛso, wɔ faako a na nhyiamfo no dodow ara te wɔ Michigan nhyiam no ase no, asase no wura de nkaebɔ yi mae wɔ akasamu afiri so sɛ “Yɛpɛ . . . sɛ yɛkamfo Yehowa Adansefo no wɔ mmofra pa a mowɔ no ho. Wɔ beae yi ho abakɔsɛm mu no, yennyaa mmofra a wɔyɛ mmofra pa te sɛ saa Yehowa Adansefo mma no wɔ ha da. Yɛn ani agye ɛno ho yiye!”

Nokwaredi Ma Nsakrae Horow Ba

Adanse titiriw foforo wɔ hɔ a wɔ me fam no ebetumi ama wɔahu nnipa nokwaredifo. Eyi ne nsakrae pa a nkurɔfo ayɛ wɔ wɔn asetra mu no; ɛnyɛ nsakrae wɔ wɔn abrabɔ mu nko na mmom mpɛn pii no nsakrae wɔ nipasu a enye koraa mu. Dɛn ntia? Esiane wɔn nokwaredi ma Onyankopɔn ne n’Asɛm Bible mu nnyinasosɛm ahorow nti.

Tie Neil a wɔbɔɔ no asu wɔ Arizona nhyiam bi ase asɛm no. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ, “mfitiase no ná meyɛ obi a minnye Onyankopɔn nni.” Dɛn na ɛkaa no ma ɔsakrae? “Misii gyinae sɛ mefi ase akenkan Bible no. Bere a merekenkan na metraa ase susuw ho, na titiriw mihuu nkɔmhyɛ ahorow a anya mmamu no, awiei koraa no mibehui sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn no.” Adwene mu nsakrae bɛn ara ni!

Ababaa bi a wɔbɔɔ no asu wɔ nhyiam foforo ase wɔ Amerika fi ase sɛ: “Ná mede me ho ahyɛ abrabɔ bɔne ankasa mu​—mmea a wɔne wɔn ho da. Eyi de ɔhaw ahorow pii te sɛ ahotɔ a minni, nnamfo a mehweree wɔn baa m’asetra mu. . . . Nanso nea ɛkyɛn ne nyinaa no na mintumi nhu atirimpɔw biara a ɛwɔ asetra mu. Ná adu baabi a mepɛ sɛ mikum me ho.” Dɛn na ɛkaa no ma ɔsakrae? Da koro bi na ɔrekɔ fie akokum ne ho, nanso ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛfa ne nananom fi, a na osusuw sɛ ebia wobetumi de afotu bi ama no. Ná wonni fie, nanso ná ne Sewaa Gladys a ɔyɛ Yehowa Adansefo no mu biako no wɔ hɔ. Ɔtoa so se: “Meka kyerɛɛ Sewaa Gladys sɛ ade biako a ɛhaw me wɔ saa suban no ho ne nea Bible ka no. Afei ofi Bible no mu kyerɛɛ me anidaso a ɛyɛ nwonwa ma daakye no. Mesan kɔɔ m’adamfo no fi saa anadwo no, na mekyerɛw krataa too ne hɔ sɛ: ‘Biribi wɔ asetra mu a eye sen ahofadi bra yi.’ Mekɔɔ fie a na mayɛ m’adwene sɛ mɛsom yɛn Bɔfo a ne ho yɛ nwonwa, Yehowa no.”

Alice a wɔbɔɔ no asu wɔ Portland, Oregon no yɛɛ nipasu mu nsakrae ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Me ne m’awofo trae mfirihyia 48 a manka asɛm biako mpo da. Wobuu me sɛ meyɛ nyaa. Eyi ma mefɛree ade kɛse.” Afei n’awofo wui 1976 mu. Na ɔbɛyɛ dɛn atumi adi fɛre kɛse yi so?

Alice fii ase ne Yehowa Adansefo mu biako suaa Bible no. Ɔtoa so sɛ: “Bere a mifii adesua ase no, na meda so ara fɛre ade yiye, nanso na m’ani gye Bible ho yiye na ankyɛ na mifii ase nyaa ahotoso kɛse.” Alice anya nkɔso nkakrankakra ara akodu baabi a nnɛ otumi kɔ afoforo anim a onsuro, na mpo onya baguam asɛnka adwuma no mu kyɛfa daa. Dɛn na ɔkyerɛ sɛ ɛmaa nsakrae no bae? “Yehowa nkutoo na ná obetumi ama me ahotoso a mewɔ nnɛ yi.” Ampa eyinom yɛ nipasu a enye koraa mu nsakrae a nokwaredi ma Onyankopɔn ne n’Asɛm no ma ɛyɛ yiye ho nhwɛso horow a ɛyɛ nwonwa!

Nnamfo a Wɔyɛ Nokwaredifo

“Adamfo dɔ bere nyinaa mu.” “Adamfo bi wɔ hɔ a ɔyɛ nokwaredifo sen onua.” (Mmebusɛm 17:17; 18:24, Today’s English Version) Saa na Bible no ‘ka nnamfo a wɔyɛ nokwaredifo ho asɛm. So wobetumi ahu nnamfo a wɔte sɛɛ nnɛ? Osuahu bi a efi Vienna, Austria ma mmuae sɛ, Yiw!

Ná ɛsɛ sɛ Adansefo bɛyɛ 5,000 a wofi Poland, ne 760 a wofi Hungary kɔ nhyiam no wɔ Vienna. Wofii ase duu hɔ aka nna kakraa bi na wɔafi ase. Nanso, wɔn mu pii duu Vienna efi ɔdasu mu kosi anɔpa nnɔnnan ntam hɔ, na bɛboro 2,000 beduu anadwo biako. Wɔbɛyɛ dɛn akɔ wɔn atrae?

Te sɛ nnamfo a “wɔyɛ nokwaredifo sen onua” no, na Adansefo a wɔwɔ Vienna no mu pii de wɔn ho ama sɛ wɔde wɔn lɔre ahorow bɛfa wɔn akɔ wɔn atrae. Nanso bere a wɔkɔfrɛɛ wɔn ɔdasu mu no, dɛn na wɔyɛe? Sɛnea amanneɛbɔ biako kyerɛ no: “Ná ɛyɛ anigye titiriw sɛ wubehu biakoyɛ honhom a ɛte sɛɛ, efisɛ obiako mpo nni hɔ a ná ne bo afuw sɛ wɔabenyan no wɔ ɔdasu a ɛte saa mu. Nea ɛne ɛno bɔ abira no, pii de ntɛmpɛ sɔree na wɔbɛfaa ahɔho no.” Ebinom twaa kwan a wɔka ‘bom a ɛboro akwansin 400 wɔ nnɔnhwerew 24 mu! Nnamfo a wɔyɛ nokwaredifo ho nhwɛso a ɛda nsow bɛn ara ni!

Ɔkwan a ɛka koma kɛse a mihuu nokwaredi a ɛte saa ara wɔ so ne ani a ná ekũ ayarefo a wɔaba nhyiam no ase ho no.

“Nnipa pii kyerɛe sɛ wɔbɛma me aduan a sɛ mise medi ne nyinaa a, merenkɔ mmubuafo teaseɛnam yi mu,” saa na Jerry, aberante a lɔre akwanhyia a onyae mfe awotwe a atwam ni ama wabubu a me ne no kasae no kae. Bio nso, Jerry wɔ ɔhonam ani yare bi, na enti ontumi ntra faako bere tenten. Ɛbae sɛ da koro bi ɔtra bɛnee abusua bi a ná wɔwɔ akongua bi a ɛte sɛ mpa. Bere a wohuu Jerry tebea no, dɛn na ɛbae? Jerry kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Onua panyin yi maa me so fii mmubuafo teaseɛnam no mu na ɔde me too akongua a ɛte sɛ mpa no so, kae sɛ, ‘Tra mu kosi bere biara a wopɛ.’” Saa kwan yi so no ná Jerry betumi ada ne nkyɛn mu na watie asɛm no. Hwɛ anigye ara a ná ɛyɛ sɛ wobehu nnamfo a wɔasiesie wɔn ho sɛ ‘wɔbɛkyerɛ wɔn dɔ’!

Afoforo Ani Asɔ Nokware a Wodi

“M’ani agye ɔkwan a wɔfa so bom yɛ adwuma no ho titiriw. Wɔyɛ adwuma no. Wonte nteɛteɛm anaa kasa dennen biara, na wunhu obi a ogyina hɔ a ɔrekyerɛkyerɛ nea obiara nyɛ. Obiara wɔ adwuma a ɛsɛ sɛ ɔyɛ na ɔyɛ nso. Me yam a anka yɛwɔ wɔn a wɔte saa pii wɔ ha.” Ɛno ne nea obi a ɔyɛ adwuma wɔ ammirikatubea hɔ kae wɔ nhyiam horow a na wahu no ho kyerɛɛ me. Ɛma mihui sɛ nokwaredi a wɔde abrabɔ pa da no adi yɛ nea afoforo ani sɔ. Hwɛ nsɛm afoforo a me nsa kae no bi:

“Wo nkurɔfo no wɔ ahofama na wɔbɔ mmɔden. Moama ɛha ayɛ fɛ sen sɛnea ɛte a mubegyei no. Ɛha ayɛ fɛ sen bere biara a abetwam.”​—Agodibea bi a ɛwɔ Indiana so ɔhwɛfo panyin.

“Bere a mihuu prae ahorow ne agumadibea no ho nyinaa a ayɛ fɛfɛɛfɛ no, mekae sɛ,

‘Ɛno no! Wɔn asan aba bio!’”​—Ɔbea bi a ɔte bɛn Colombes Agumadibea, baabi a wɔtaa yɛ nhyiam a ɛbɛn Paris wɔ Franse.

“Wunhu sɛ nnipadɔm no de ahopere resunsum wɔn ho wɔn ho, na saa ara na wunhu sɛ wɔatotow nkrataa anaa sigaret nnaka agugu hɔ basabasa.”​—Westdeutsche Allgemeine Zeitung, July 24, 1981, a ɛrebɔ Dortmund, Germane nhyiam no ho amanneɛ.

“Minhuu biakoyɛ ne anigye a ɛte sɛɛ a wɔde ama Agodibea hɔ atew yi bi da, na mo nkurɔfo no abrabɔ wɔ Nhyiam bere no nyinaa mu yɛ nea ɛsɛ nkamfo ampa.”​—Agodibea Ahorow so Ɔhwɛfo, Honolulu, Hawaii.

“Yɛmpɛ sɛ mobɛkɔ baabi foforo biara bio.”​—Kentucky Nhyiambea adansi kwankyerɛfo panyin, Louisville, Kentucky.

“Sɛ́ wɔwɔ nhyiam ase, sɛ wɔwɔ mmeae a wɔde kar sisi anaasɛ wɔato santen rekogye aduan no, saa nkurɔfo yi suban pa no da adi.”​—Le Dauphiné Libéré, July 24, 1981, a ɛrebɔ Grenoble, Franse nhyiam no ho amanneɛ.

Adanse a ɛyɛ anigye a mihui no ama magye adi sɛ, nea ɛne atorodi a abu so nnɛ no bɔ abira koraa no, nnipa nokwaredifo pii wɔ wɔn a wɔkɔ nhyiam horow no ase no mu.

Na wo nso ɛ? Woagye atom? Akyinnye biara nni ho sɛ w’ani begye sɛ wo ne nnamfo a wɔyɛ ‘nokwaredifo, wɔde wɔn ho fam Onyankopɔn ne nnyinasosɛm horow a oye denneennenn, na ɛyɛ wɔn pɛ sɛ wɔbɛka wo ho wɔ ɔhaw ne amanehunu mu bɛbɔ. Yehowa Adansefo fi anigye mu bɛboa wo ma wufi Bible no mu asua nea ɛde nokwaredi a ɛte saa ba. Adɛn nti na wo ne wɔn mmɔ na w’ankasa woahu adanse no wɔ wɔn mu sɛ, wobetumi ahu nnipa nokwaredifo nnɛ?

[Kratafa 12 mfoni]

Wubetumi ahu mmusua nokwaredifo te sɛ eyi a wɔwɔ Elmont, New York, a wɔte faako no wɔayɛ komm retie

[Kratafa 13 mfoni]

Nea na ɔka nnipa 8,820 a wɔbɔɔ wɔn osu wɔ Amerika no ho ne ababaa yi wɔ Portland, Oregon

[Kratafa 14 mfoni]

Bere a sɛ wɔka ne nyinaa bom a nnipa 1,067,850 na wɔkɔɔ nhyiam horow no ase wɔ Amerika no, wɔyɛɛ bi nso wɔ aman afoforo pii so, te sɛ eyi a wɔyɛe wɔ Munich, Germane no

[Kratafa 15 mfoni]

Nhyiamfo nokwaredifo rekosiesie agumadibea a ɛhɔ na wɔbɛyɛ nhyiam no, wɔ Dortmund, Germane

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena