Wo Kyɛfa Wɔ Asetra Mu—So Wubetumi Ama Anya Nkɔso?
CARMEN, ɛnã a ɔwɔ mma dunsia a yɛkaa ne ho asɛm wɔ asɛm a edi kan no mu no yɛ obi a eduu bere bi a ná ɔwɔ awerɛhow kɛse mu wɔ asetra mu. Ná ne kunu yɛ ɔsanomfo kɛse, ɔtraa baabi a ɛhɔ ntew, na ɔtee nka sɛ onni anidaso biara. Afei da koro bi ɔhɔho bi baa fie hɔ, na n’asetra fii ase sakrae koraa. Ɛnyɛ wɔn a ahia wɔn nko na nea esi no yɛ nhwɛso ma wɔn na mmom ɛyɛ nhwɛso ma wɔn a wɔn asetra mu abɛyɛ den wɔ wiase a kɔ ara na nneɛma bo kɔ so yɛ den wɔ mu yi mu no nyinaa nso. Bere a ɔbɛyɛɛ okunafo a mmofra baakron da so ara gu no so a sika biara mfi baabi mma mpo no, Carmen de ahotoso bɔɔ ne ho mmɔden wɔ asetra mu sɛnea obetumi. Dɛn ankasa na ɔyɛe a ɛmaa ne tebea no yɛɛ yiye?
Oduaa nnuadewa wɔ asase a ɛda ne fie no ho no so, a ɛbɛma wanya nnuan kakra afi mu. Afei ofii ase de nneɛma si yɛɛ n’adwuma, sɛnea ɛbɛyɛ a obenya sika. Osiesiee fie hɔ, na ɛmaa ahɔho ani gyee hɔ. Ɔkwan bɛn so na otumi yɛɛ saa wɔ mmofra bebree yi akyi? Ɔkyerɛkyerɛɛ mmofra no ma wɔboae. Ná obiara wɔ nea ɔyɛ, na ne nyinaa boa maa beae a ɔte ho yɛɛ fɛ. Ohui sɛ ohiani asetra nyɛ nea ɛsɛ sɛ ɛyɛ basaa.
Nanso ɛhe na Carmen suaa eyinom? Ne hɔho a ɔbɛsraa no no boaa no ma ɔde Bible nnyinasosɛm ahorow dii dwuma wɔ n’asetra mu, na ankyɛ Carmen hui sɛ saa nnyinasosɛm ahorow no yɛ nea eye ankasa.
Wobɛpɛ sɛ wuhu Bible nnyinasosɛm ahorow a nnipa te sɛ Carmen ahu sɛ eye sɛ wɔde bedi dwuma na ama wɔn tebea anya nkɔso no bi? Nea edidi so yi yɛ ne fã bi.
Adwuma: “Na adwuma biara a moyɛ no, mumfi ɔkra mu nyɛ no sɛ moyɛ ma [Yehowa].” ‘Yɛpɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra yiye ade nyinaa mu.’ (Kolosefo 3:23; Hebrifo 13:18) Wɔpɛ odwumayɛni a ɔyɛ nsi na odi nokware asɛm wɔ ɔman biara mu. Ɛyɛ den sɛ onipa a ɔwɔ su a ɛte sɛɛ bɛyɛ obi a onnya adwuma nyɛ, titiriw sɛ ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ adwuma biara, na ɔnkyerɛ sɛ adwuma pɔtee bi nkutoo na ɔpɛ ne yɛ a. Saa ara na sɛ ɔpɛ adwuma ankasa a, ɔbɛkɔ akɔhwehwɛ bi, ɔrentra fie ntwɛn sɛ ɛmmɛto no.
Mmofra: “Kyerɛ abofra ɔkwan a ɔmfa so.” “Momma yɛnhohoro yɛn ho mfi ɔhonam ne honhom mu fi nyinaa mu.” (Mmebusɛm 22:6; 2 Korintofo 7:1) Ma mmeawa ne mmarimaa adwuma wɔ ofie hɔ. Kyerɛkyerɛ wɔn sɛnea wobesiesie wɔn ntade, wɔbɛma wɔn ho atew kama. Hwɛ sɛ wɔhohoro wɔn nsa ne wɔn anim, titiriw ansa na wɔadidi. Mma wonni agoru wɔ nsufĩ anaasɛ mmɔnka ahorow ho. Ma nea mmofra no de gye wɔn ani nyɛ kakraa bi a ɛma nkɔso. Agoru a wo ne mmofra no befi adi akodi ye sen sini a mobɛkɔ akɔhwɛ, na ɛno mpo de mpɛn pii sika ho asɛm biara nnim.
Fie: Yebetumi de kyerɛwsɛm a ɛfa ahotew ho a yɛabɔ din wɔ atifi hɔ no adi dwuma wɔ ha nso. Ɔdan a ɛyɛ korokorowa nkyerɛ sɛ ɛyɛ nea ɛsɛ sɛ wɔma emu yɛ fĩ. Beae a obi te a ɔma ɛhɔ tew ma ɔte yiyedi ne ahotoso nka. Saa ahotew yi kyerɛkyerɛ mmofra su pa. Enti gye bere hohoro fam hɔ, popa nneɛma ho, hohoro afasu, ne nea ɛtete saa ho (na kyerɛkyerɛ mmofra no yɛ) .
Nnuan: “Mfammiri a ɔdɔ wɔ mu ye.” (Mmebusɛm 15:17) Tɔ nnuan a ne bo nyɛ den. Hwehwɛ nea wɔatete so. Di nnuaba ne nnuadewa wɔ bere a aba, efisɛ eyinom bo bɛyɛ mmerɛw na ɛbɛboa ma w’abusua no anya apɔwmuden. Nnuan a ne bo nyɛ den nanso ɛyɛ dɛ a wobɛma ɛho ahia wo sɛɛ no bɛkyerɛ ɔdɔ a wowɔ ma w’abusua no. Na sɛ wunya ahɔho a, nte nka sɛ ɛsɛ sɛ wusiesie aduan a ne bo yɛ den sen nea w’ankasa wudi no ma wɔn. (Luka 10:38-42) Nanso, ɔkwan biako a eye a wubetumi afa so ama aduan a wode ma—sɛ́ ɛyɛ abusua no anaasɛ ɔhɔho—ayɛ nea ɛsɔ ani ne sɛ wubedua afumduan wɔ asase biara a ebia ɛda ofie no ho no so. Ɛno bɛma woatumi ama w’abusua no nnuadewa wɔ bo a ɛba fam koraa so.
Nneyɛe Bɔne: “Na ɔsadweam ne ohohwini bedi hia.” (Mmebusɛm 23:21) Asabow yɛ ade a enye a abu so wɔ aman a wodi hia so. Kyakyatow, sigaretnom ne dua bi a wɔfrɛ no betel nut a wɔwe no nso saa ara. Nanso, ɛsɛ sɛ onipa hu sɛ ontumi mfa sika a ɔsɛe no wɔ nneɛma a ɛtete saa ho no nhwɛ n’abusua.
Nneɛma a Aba So: “Momma nnipa nyinaa nhu mo dwo!” (Filipifo 4:5) Nneɛma ho dawuru a wɔbɔ taa daadaa ahiafo ma wonsusuw nneɛma ho. Wɔsɛe sika wɔ nneɛma a ne bo yɛ den na wonhia ho. Sɛ nhwɛso no, wɔ ebinom fam no wopɛ nsa dɔkɔdɔkɔ. Nanso ne bo yɛ den, na ebetumi ama obi ayare. Nneɛma a ne bo nyɛ den na eye a wobetumi anom wɔ hɔ. Saa ara na wɔrehyɛ ɛnanom bebree nkuran ma wɔde ntoa mu nnuan ama wɔn mma. Mpɛn pii no, eyinom bo yɛ den, bere a aduan a Yehowa de maa nkokoaa—ɛna nufusu—no yɛ nea wontua ho hwee. Enti, anidahɔ ne nyansa a obi de bedi dwuma ho betumi aba mfaso na ɛremma wɔnsɛe sika.
Adwene horow te sɛ eyinom som bo ma obiara a ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔbɛma ne sika akyɛ kakra wɔ nna a emu yɛ den yi mu no. Nanso wɔ ohiani fam no, ebetumi akyerɛ nsonoe a ɛda asetra a anigye wom ne asetra a ɛyɛ awerɛhow ntam.
Biribi a Eye
Nanso momma yennye nokwasɛm no ntom. Da biara da asetra mu ɔbrɛ no ma nnipa binom te abasamtu ne awerɛhow nka araa ma ɛbɛyɛ den ama wɔn sɛ wobenya anigye de saa nyansahyɛ ahorow yi adi dwuma. Ɛnyɛ nyansahyɛ ahorow nko na wohia, na mmom biribi a ɛbɛma wɔn adwene wɔ asetra ho no asakra.
Ná eyi yɛ nokware ankasa wɔ Carmen ho. Nanso ɔhɔho a ne nsrahwɛ no yɛ soronko koraa no tumi de ɛno mae. Ɛnyɛ nea enti a ɔkɔɔ ne nkyɛn no ara ne sɛ ɔbɛhyɛ no nkuran ma wasiesie ne fi na wapɛ biribi adua wɔ asase bi so. Ná ɔhɔho no wɔ asɛm a ɛho hia kɛse sen saa, na asɛm yi maa Carmen koma ma ɔyɛɛ nsakrae ahorow. Ná ɛyɛ anidaso asɛm.