Mmusua Horow No—Ɛhe Na Wofi?
DA KORO bi oburoni sukuuni abarimaa bi baa fie bɛka kyerɛɛ ne na sɛ: “Manya adamfo foforo bi wɔ sukuu mu. Metumi ne no abedi agoru wɔ fie?”
Ne maame bisae sɛ: “Ne honam ani hwɛbea te dɛn?”
“Mintumi nkae. Ɔkyena mɛhwɛ.”
Saa asɛm a esii ankasa yi kyerɛ sɛ, wɔ abofra adwene mu no abusua biako pɛ na ɛwɔ hɔ—adesamma abusua no. Ampa, saa na nsɛm asekyerɛ nhoma biako kyerɛ asɛmfua “abusua” no ase. Nanso, ɛda adi sɛ adesamma abusua no mu apaapae ayɛ akuw ahorow pii. Enti, nsɛm asekyerɛ nhoma foforo kyerɛ abusua ase sɛ “nnipakuw anaa ɔman bi a wɔte baabi.”
Ntawntawdi a ɛda nnipa a wofi mmusua ahorow mu ntam yɛ nea ɛwɔ wiase nyinaa Aman a wɔhoahoa wɔn ho sɛ wɔwɔ mmusua horow a wɔn nyinaa yɛ pɛ no mpo ka ho. Sɛ nhwɛso no, susuw mmusua horow ntam basabasayɛ ahorow a esii wɔ England wɔ 1981 mu no ho hwɛ. Wɔ saa basabasayɛ ahorow no biako pɛ mu no wopirapiraa apolisifo 149, ne wɔn a wɔnyɛ apolisifo 58. Afei nso, wɔsɛee adan 120 na wowiaa aguadidan ahorow 47 mu nneɛma.
Esiane nneɛma ahorow a ɛtete sɛɛ a esisi no nti, so mmusua horow ntam biakoyɛ, sɛnea mpɛn pii ɛte wɔ mmofra ntam no yɛ ade a ɛrentumi nyɛ yiye? Na, ɛhe na mmusua horow no fi bae?
Adannandi Nsusuwii ne Abusua
Wɔ 1859 mu no, ɔdannandifo Charles Darwin tintim ne nhoma The Origin of Species no. Ɔkyerɛkyerɛe wɔ mu sɛ na apereperedi da nneɛma ahorow ahorow a nkwa wom no ntam, ne sɛ na wɔn a wɔwɔ ahoɔden kɛse a wobetumi atra beae bi a wɔde ama no bɛtra ase na wɔn dodow akɔ anim daa. Wɔn a wonni ahoɔden kɛse no bewuwu. Enti na wonyaa asɛm bi a wɔka no sɛ, “nea ɔwɔ ahoa den no na ɔtra hɔ” no. Wɔ 1871 mu no Darwin kyerɛw nhoma a ɔtoo din wɔ borɔfo mu sɛ “The Descent of Man” a emu na ɔkyerɛe sɛ nnipa ne nkontromfi fi faako no.
Saa nhoma ahorow yi nyaa mmusua ntam nkitahodi ahorow so nkɛntɛnso bɔne. Sɛnea obi a osua nnipa ho ade, Sheila Patterson kyerɛkyerɛɛ mu no: “Adannandi nkyerɛkyerɛ no sii kan nsusuwii ahorow no ananmu na ɛkyerɛe sɛ di a aborɔfo di afoforo so no teɛ. Esiane sɛ aborɔfo adi yiye asen mmusua afoforo no nti, ɛnde na wɔsen wɔn, ɛnyɛ wɔ nhyehyɛe ne mmɔdenbɔ mu nko, na mmom wɔ nneɛma afoforo mu, a adwene ne abrabɔ ka ho.” Wɔ afeha a ɛto so 19 no mu no, saa su yi maa Europa aman no ani beree kɛse sɛ wɔbɛtrɛw wɔn nsase a wodi so no mu. Ɛboaa Hitler na ɛhyɛɛ no den nso wɔ ne nsusuwii a wayɛ sɛ obenya “abusua a ɛkorɔn” na watɔre Yudafo ne afoforo a obuu wɔn sɛ wɔmfata sɛ wɔtra ase no ase no mu.
Nanso, ɛda adi sɛ Darwin ne nnɛyi nyansahufo pii gye tom sɛ adesamma nyinaa fi beae koro. Sɛnea Encyclopedia Americana ka no: “Adesamma nyinaa yɛ abusua biako.” Nyansahu ɔkyerɛwfo Amram Scheinfeld kyerɛwee nnansa yi sɛ: “Afei nyansahu gye nea nyamesom akɛse pii aka ho asɛm bere tenten no tom: Nnipa a wofi mmusua horow nyinaa mu no fi onipa a odi kan no ara mu na ɛbae.”
Enti ɛwom sɛ ɛnyɛ nyansahufo na wɔkyerɛw Bible no de, nanso ɛyɛ nokware sɛ ɛkae sɛ, “Onyankopɔn . . . maa nnipa aman nyinaa fi onipa biako mu traa asase so nyinaa.”—Asomafo no Nnwuma 17:24, 26.
Dɛn na Ɛde Mmusua Mu Nsakrae Ahorow Ba?
Bere a nkwa aba a efi ɔbarima ho ne kesua a efi ɔbea mu ahyia no, ɔdesani nkwa foforo fi ase, ɛwom mpo sɛ awofo no fi mmusua ahorow mu de. Nanso saa nkwaboa ketewaa no mu na genes mpempem pii a ɛma obi nya awosu horow no wɔ. Saa su ahorow yi da nneyɛe ahorow a wohu wɔ wɔn awofo anaa wɔn asefo afoforo mu no adi.
Sɛnea na onipa a odi kan, Adam, babea su te no, na nsonsonoe pii betumi aba wɔ n’asefo mu—wɔ nneɛma ahorow te sɛ wɔn honam ani hwɛbea, sɛnea wɔn nhwi ne wɔn aniwa te, sɛnea wɔn nipadua te ne sɛnea wɔn animdua te. Ɔkasa ne mmeae ahorow ahorow a nkurɔfo te maa nsonsonoe yi bɛdɔɔso.
Ɛdefa beae a nnipa te a atew ne ho ho no, Encyclopedia Americana kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛ nsase a mmusua abien anaa nea ɛboro saa te so bɛyɛ nea ɛpo, mmepɔw, anhweatan, anaa nneɛma afoforo a esiw akwantu kwan ama wɔn ntam atew a, ɛhyɛ mmusua yi mufo ma wɔtra wɔn nsasesin ahorow no mu . . . na su horow a ɛne beae a wɔte hyia no bɛma mmusua no ntam atetew koraa. . . wohu saa tebea yi wɔ Afrika, faako a Sahara Anhweatan no ayɛ Europafo (aborɔfo) ne Afrika (Abibifo) ntam ɔhye no. Nnipa pii nte Sahara no so na ɛyɛ den ma onipa sɛ obetu kwan atwam wɔ hɔ; ɛyɛ beae a atew ne ho fi bere tenten.”
Enti, awosu, ɔkasa ne baabi a obi te boa ma yehu nea enti a mmusua ahorow ahorow a ɛsonosono wɔn wɔ asase afanan nyinaa so no.
Honam Ani Hwɛbea
Sɛnea Bible kyerɛ no, nnipa nyinaa fi Noa mu na ɛbae, denam ne mmabarima baasa, Sem, Yafet ne Ham so. Genesis ti 10 bobɔ Noa asefo 70 din na ɛka sɛ: “Efi eyinom mu na . . . amanaman petee asase so.” (Genesis 10:32) Akwan horow pii a wɔnam so hu amanaman no mu biako ne wɔn honam ani hwɛbea. Biribi a ɛreyɛ ayɛ sɛ tuntum anaasɛ nnodoe a wɔfrɛ no borɔfo mu sɛ melanin wɔ ɔdesani biara were mu.
Ná Noa ne ne mmabarima baasa no nyinaa wɔ ade a ani biri yi bi. Sem mu na Babilonfo, Asiriafo, Yudafo ne Arabfo a ebinom honam ani bere na ebinom de yɛ nnodoe kakra no fi bae. Yafet asefo a Indiafo ne Europafo ka ho no de fi were a ɛyɛ fitaa so kosi nea ɛyɛ nnodoe koraa so. Ham (a ase kyerɛ tuntum anaa nea ahyew) de, n’asefo binom honam ani biri, mmom ɛnyɛ wɔn nyinaa. Misrifo a wɔn honam ani dodo kakra no fi Ham babarima Misraim mu. Ham babarima Kanaan a esiane nneyɛe bɔne nti Onyankopɔn domee no no ne Kanaanfo a wɔn honam ani bere no nana.
Nea ɛne eyi hyia no, Dr. Hughes, a ɔyɛ ɔbenfo wɔ nnipa ho adesua mu wɔ Toronto Sukuupɔn mu no kae sɛ: “Wɔ asasepɔn biara so, ne beae biara a abusua bi te no, nsonsonoe nkakrankakra wɔ hɔ wɔ . . . honam ani hwɛbea mu, . . . wɔn a wosua nnipa ho ade pii bu Tamilfo a wɔwɔ South India no sɛ wɔyɛ Caucasoid [India-Europa aborɔfo] abusua kɛse no mufo, nanso wɔ honam ani hwɛbea mu no, wobiri sen Afrika Abibifo pii.”
Eyi nyinaa kyerɛ sɛ nyansa nnim sɛ wɔbɛkyerɛ Onyankopɔn nnome a ɔde baa Kanaan so no ase sɛ ɛfa nnipa a wɔn honam ani biri ho. Adesamma mu nkyekyem ahorow no nyinaa wɔ biribi a ani biri wɔ wɔn were mu, ebinom de nnɔɔso, afoforo nso de dɔɔso.
So Mmusua a Ɛkorɔn anaa Ɛba Fam Wɔ Hɔ?
Nnansa yi ara wɔ Amerika no, wɔyɛɛ nhwehwɛmu bi a ɛfa abibifo mma a aborɔfo mmusua horow 101 a wɔasua ade adu akyiri gyee wɔn abayɛn ho. Psychology Today nsɛmma nhoma no rebɔ amanneɛ wɔ eyi ho no ɛkae sɛ, wɔ sɔhwɛ ahorow mu no abibifo mma no “nyaa nea ɛboro nea wɔhwehwɛ wɔ abibifo ne aborɔfo nyinaa ho wɔ ɔman no mu no so, titiriw sɛ wogye wɔn abayɛn fi mmofraase a.”
Sɛ saa mpo a, dɛn so na wogyina kyerɛ abusua a ɛkorɔn anaa nea ɛba fam? So wogyina Atɔe fam anibuei ne ne komayare, akisikuru ne nyarewa afoforo a ɛrenya nkɔanim kɛse, ne ne mmarima ne mmea ntam abrabɔ bɔne ne basabasayɛ a ɛrenya nkɔanim a ɛyɛ hu no so na ɛkyerɛ anaa? Anaasɛ wogyina mmusua a wɔkyerɛ sɛ wɔn ani mmuei no bi te sɛ Yamana, Chenehu anaa Congo nnipa ntiantia no nneyɛe so? Susuw sɛnea ɔbenfo Kern a wawu no kaa mmusua ahorow yi muni ankasa ho asɛm no ho hwɛ:
“Wɔ ne nkwa nna nyinaa mu no n’ani gye sɛ ɔne mmofra bɛbɔ, na onim, na ɔdɔ abɔde nketewa koraa a wɔwɔ n’asasesin mu no mpo. . . . Odwo na ɔwɔ boasetɔ wɔ ayarefo ne nnipa a wɔanyin ho na n’ani gye n’asetra a ɔwom no ho na ofi adi kɔyɛ adwuma. . . . anibuei biara nni hɔ a ɛma asetra yɛ anigye kɛse. Nkurɔfo ntaa nkunkum wɔn ho kɛse wɔ ha te sɛ mmeae afoforo.”
Bere a yɛresusuw nokwasɛm ahorow kakraa yi ho no, yebetumi ahu adesamma Bɔfo no adwene wɔ mmusua horow no ho. Wɔ Onyankopɔn honhom kronkron no akwankyerɛ ase no, ɔsomafo Petro a ɔno ankasa yɛ Yudani no kae sɛ: “Afei na mahu sɛ ɛyɛ ampa sɛ Onyankopɔn yɛ n’ade wɔ nnipa nyinaa ho pɛ. Obiara a osuro no na ɔyɛ ade a ɛteɛ no ogye no tom, ɛmfa ho sɛ abusua bɛn mu na ofi.”—Asomafo no Nnwuma 10:34, Today’s English Version.
So Kristoman asɔre ahorow no ayɛ wɔn ade “wɔ nnipa nyinaa ho pɛ” bere nyinaa? Hwɛ sɛnea Katolek ne Lutheran Asɔreasɔre no gyinaa Hitler nsusuwii sɛ obenya “abusua a ɛkorɔn” no akyi. Na wɔ mfehaha pii mu no, Katolek Asɔre no kyerɛkyerɛe sɛ Abibifo yɛ abusua a wɔadome wɔn. John F. Maxwell ka wɔ ne nhoma Slavery and the Catholic Church no mu sɛ saa adwene yi yɛ nea “ɛda adi sɛ ɛtraa hɔ beduu 1873 mu bere a Paapa Pius a ɔto so asia de adesrɛde bi kaa mpaebɔ bi ho maa ‘Etiopiafo a wɔyɛ mmɔbɔ wɔ Central Africa no sɛ ebia ade nyinaa so tumfoɔ Nyankopɔn beyi Ham nnome no afi wɔn komam koraa.’” (Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi) Na mpo besi nnɛ asɔre ahorow bi yɛ nyiyimu wɔ baguam.
Ɛmfa ho sɛnea amansɛmdifo ne nyamesomfo bu asɛm no, Bible no ne nyansahu kyerɛ sɛ mmusua horow nyinaa yɛ pɛ na wɔn nyinaa fi beae koro na ɛbae. Nea ɛyɛ anigye no, The Great Soviet Encyclopedia, 1970, Po 2 kratafa 149, dan adwene kɔ “nyansahufo nsusuwii a ɛne sɛ mmusua horow nyinaa yɛ pɛ” no so, na egye adesamma fibea koro a “nyansahu si so dua” no tom.
Mmusua Mu Ɔhaw Ahorow No Ano Aduru
Esiane sɛ wɔde Bible nnyinasosɛm ahorow di dwuma nti, Yehowa Adansefo a nnipa a wofi mmusua nyinaa mu ka ho no yɛ biako wɔ wɔn som mu. Sɛ́ nea ɛka wɔn dapɛn dapɛn biara asafo nhyiam ahorow no ho no, afe biara wɔyɛ nhyiam akɛse wɔ wiase nyinaa. Wɔ nnipadɔm a wɔde anigye hyiam yi mu no, wubetumi ahu nnipa a wofi mmusua horow pii mu sɛ wɔabom resom, redidi na wɔrekasa. Sɛnea Katolek ɔkyerɛwfo William J. Whalen kae wɔ U.S. Catholic mu no: “Migye di sɛ su ahorow a ɛyɛ anigye kɛse wɔ saa ɔsom yi ho no biako ne ne nsusuwii a ɛne sɛ nnipa nyinaa yɛ pɛ no. Abibifo a wɔba bɛyɛ Yehowa Adansefo no nim sɛ wobegye wɔn atom sɛ nnipa ankasankasa.”
Na, ɛwom sɛ nnipa nkorɛnkorɛ asesa de, nanso adesamma nyinaa rehu amane wɔ mmusua ntam basabasayɛ ne akodi a akɔ anim no mu. Wɔ ano aduru ho no, Mmusua Ntam Nkitahodi Nteteebea a ɛwɔ London no kwankyerɛfo Philip Mason kaa asɛm a edi so yi: “Wiase anidaso koro pɛ ma yɛn daakye wɔ wiase nyinaa nniso mu. Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ da a aman ahorow tumidi de nkakrankakra bɛdan ama wiase nyinaa nniso no kwan.” Eyi ne nea Ade Nyinaa So Tumfoɔ Nyankopɔn no abɔ ne tirim wɔ ho. Nanso, amanaman no yɛ ahantan dodo sɛ ‘wɔbɛdan’ tumidi ama Onyankopɔn nniso, ne soro ahenni no. Mmom no, Onyankopɔn ahenni bɛsɛe nnipa nniso horow nyinaa nnansa yi ara na ɛde biakoyɛ ne asomdwoe aba asase so na mmusua horow nyinaa mu asoɔmmerɛwfo anya mu anigye.—Daniel 2:44; Dwom 37:29.
[Nsɛm a wɔahyehyɛ/Mfoni wɔ kratafa 21]
Ná Noa mmabarima no asefo nyinaa wɔ honam ani hwɛbea ahorow ahorow
HAM SEM YAFET
Kanaanfo a wɔbere Yudafo a wɔyɛ fitaa kosi Aborɔfo a wɔyɛ fitaa kosi
kosi nnipa tuntum so Arabfo a wɔn honam ani dum so Indiafo a wɔn honam ani dum so
[Kratafa 22 mfoni]
‘Obiara a osuro Nyankopɔn na ɔyɛ ade a ɛteɛ no, ogye no tom, ɛmfa ho sɛ abusua bɛn mu na ofi’
[Kratafa 23 mfoni]
Katolek ɔkyerɛwfo William Whalen kae sɛ: ‘Su ahorow a ɛyɛ anigye kɛse wɔ Yehowa Adansefo ho no biako ne wɔn nsusuwii a ɛne sɛ nnipa nyinaa yɛ pɛ no’