Mmofra Bisa Sɛ . . .
Obi Abusua a Ofi Mu a Ɔde Hoahoa Ne Ho Nso Ɛ?
Tanya a wadi mfe 17 no de ahomegu ka sɛ: “Me sukuufo no mu biako ka nnipa foforo abusua ne wɔn honam ani hwɛbea ho nsɛm bere nyinaa. Ɔka sɛ ɔkorɔn sen wɔn wɔ ne nkɔmmɔbɔ pii mu.”
ƐYƐ awosu sɛ obi de n’abusua, amammerɛ, kasa, anaa baabi a ofi bɛhoahoa ne ho. Abeawa bi a wɔfrɛ no Phung, a wadi mfe 15 no ka sɛ: “Meyɛ Vietnamni, na m’ani gye me man ho.”
Nanso, mpɛn pii na abusua ho ahohoahoa de nnipa mu nyiyim ba. Enti saa ahohoahoa yi betumi ayɛ yare bɔne a ɛtrɛw, na ɛde nkakrankakra sɛe abusuabɔ ahorow, bere a wɔka ho asɛm wɔ anifere kwan so mpo no. Yesu Kristo kae sɛ: “Nea ayɛ koma ma abu so no na ano ka.” (Mateo 12:34) Na sɛ obi te nka sɛ ɔkorɔn paa—anaasɛ wobu no animtiaa—a ɛtaa da adi na epira afoforo ma wodi yaw.
Ɛtɔ mmere bi a abusua mu ahohoahoa de basabasayɛ ba. Ɛno na ɛde akodi, basabasayɛ, ne “mmusua asetɔre” ahorow a mogyahwiegu wom aba nnansa yi. Nanso, enhia sɛ wubehu mogyahwiegu ansa na woahu adebɔne a abusua ho ahohoahoa de ba. Sɛ nhwɛso no, so wuhu ho biribi wɔ sukuu mu, adwumam, anaa baabi a wote? Kristoni ababaa bi a wɔfrɛ no Melissa kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Yiw, ɛte saa. Me sukuufo no bi di mmofra a wɔka aman foforo so kasa no ho fɛw, na wɔka sɛ wɔsen wɔn.” Tanya nso ka saa ara: “Wɔ sukuu no, mate sɛ mmofra ka kyerɛ afoforo pefee sɛ: ‘Mesen wo’.” Wɔ nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ U.S. mu no, ɛkame ayɛ sɛ wɔn a wobisabisaa wɔn nsɛm ma woyii ano no mu fã kae sɛ wɔayi abusua ho adwemmɔne adi akyerɛ wɔn wɔ afe a etwaam no mu. Ababaa bi a wɔfrɛ no Natasha kae sɛ: “Mmusua ntam haw a ɛwɔ me sukuu mu no nye koraa.”
Afei fa no sɛ wote asase anaa baabi a atubrafo pii aba hɔ, na ama su ahorow a ɛwɔ wo sukuu, baabi a wote, anaa Kristofo asafo a wowɔ mu resesa ankasa. So eyi ho asɛm haw wo? Ɛnde ebia abusua ho ahohoahoa agye w’adwene sen sɛnea ebia wunim.
Ahohoahoa a Eye ne Nea Enye
So eyi kyerɛ sɛ ahohoahoa nye koraa? Ɛnte saa. Bible da no adi sɛ ahohoahoa papa wɔ hɔ. Bere a ɔsomafo Paulo kyerɛw Kristofo a na wɔwɔ Tesalonika no, ɔkae sɛ: “Yɛn ankasa hoahoa yɛn ho ma mo Onyankopɔn asafo no mu.” (2 Tesalonikafo 1:4) Saa ara na obu kakra a wubenya ama wo ho no fata, na ɛyɛ ne kwan so. (Romafo 12:3) Enti ɛnyɛ bɔne ankasa sɛ obi de abusuakuw, abusua, kasa, honam ani hwɛbea, anaa baabi a ofi bɛhoahoa ne ho wɔ ɔkwan bi so. Nokwarem no, Onyankopɔn renhwehwɛ sɛ yɛbɛfɛre wɔ nneɛma a ɛte saa ho. Bere a wosusuwii sɛ ɔsomafo Paulo yɛ Misrini nsɛmmɔnedifo bi no, wantwentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛka sɛ: “Meyɛ Yudani a mifi Tarso, Kilikia kurow a ɛwɔ din no mu nipa ne me.”—Asomafo no Nnwuma 21:39.
Nanso, abusua ho ahohoahoa de ɔhaw ba bere a ɛma obi bu ne ho dodo anaa ɛma obu afoforo animtiaa no. Bible ka sɛ: “[Yehowa, NW] suro ne bɔne tan: ahokyerɛ ne ahantan ne ɔkwammɔne ne akɔntɔnkyesɛm ano na mikyi.” (Mmebusɛm 8:13) Na Mmebusɛm 16:18 ka sɛ: “Ahantan di ɔsɛe anim, na kwasiare honhom di asehwe kan.” Enti ɛyɛ Onyankopɔn akyide sɛ obi bɛhoahoa ne ho sɛ ofi abusua a ɛkorɔn mu.—Fa toto Yakobo 4:16 ho.
Abusua Ho Ahohoahoa Fibea
Dɛn na ɛma nkurɔfo de abusua a wofi mu hoahoa wɔn ho dodo no? Black, White, Other, (Abibifo, Aborɔfo, Afoforo) nhoma a Lise Funderburg kyerɛwee no ka sɛ: “Wɔ nnipa pii fam no, wonya mmusua ho su ahorow a edi kan (na ɛtra wɔn mu kyɛ) no fi wɔn awofo ne wɔn abusuafo hɔ.” Ɛyɛ awerɛhow sɛ, mpɛn pii na su ahorow a awofo bi ma wɔn mma nya no mfata anaasɛ ɛyɛ atoro. Wobetumi aka akyerɛ mmerante ne mmabaa bi pefee sɛ wɔn abusua mu nnipa korɔn, na nnipa a wɔwɔ mmusua foforo mu no yɛ soronko anaasɛ wɔba fam. Nanso, mpɛn pii na mmerante ne mmabaa hu ankasa sɛ wɔn awofo ne mmusua foforo mufo nnya nkitahodi ahe biara. Eyi nso tumi nya wɔn nsusuwii so nkɛntɛnso kɛse. Nhwehwɛmu a wɔayɛ da no adi sɛ bere a ebia mmofra a wɔadu mpanyin afe so ne wɔn awofo nyɛ adwene wɔ ntadehyɛ anaa nnwom ho no, mmerante ne mmabaa dodow no ara na wɔne wɔn awofo adwene hyia wɔ mmusua ho nsɛm ho.
Nhyɛso ne ateetee nso tumi ma nkurɔfo nya su ahorow a ɛmfata wɔ mmusua ho nsɛm ho. (Ɔsɛnkafo 7:7) Sɛ nhwɛso no, akyerɛkyerɛfo ahyɛ no nsow sɛ mpɛn pii na wɔn a wɔfrɛ wɔn mmusuakuw nketewa no mufo mma nnya obu mma wɔn ho. Akyerɛkyerɛfo bi abɔ mmɔden sɛ wɔbɛteɛ saa tebea yi denam sukuu adesua a wɔahyehyɛ a wɔde rekyerɛ mmofra no nneɛma a ɛfa wɔn mmusua abakɔsɛm ho so. Nea ɛyɛ nwonwa no, akasatiafo kyerɛ sɛ abusua ahohoahoa so dua a wosi yi de nnipa mu nyiyim ba.
Osuahu a obi ankasa nya nso tumi ma onya mmusua ho su ahorow a ɛmfata. Nsɛnnennen a obi ne abusua foforo muni bi nya tumi ma onya adwene sɛ saa abusua no mufo nyinaa wɔ adwemmɔne anaasɛ wɔyɛ katee. Sɛ nsɛm ho amanneɛbɔfo twe adwene si mmusua ntam akodi, polisifo ayayade, ne ɔsɔretia ho ɔyɛkyerɛ ahorow so anaasɛ wɔka mmusuakuw bi ho nsɛmmɔne nso a etumi ma wonya adwemmɔne.
Korɔn a Abusua Bi Korɔn Ho Atosɛm
Na ka a ebinom ka sɛ wɔwɔ hokwan sɛ wɔkyerɛ sɛ wɔn abusua korɔn sen afoforo no nso ɛ? Sɛ yɛbɛka a, asɛm wɔ adwene a ɛne sɛ wobetumi akyekyɛ nnipa mu ayɛ wɔn mmusua mmusua no ho. Newsweek mu asɛm bi bɔɔ amanneɛ sɛ: “Nyansahufo a wɔasua ɛho ade no ahu sɛ ɛnyɛ nea obi betumi aka abusua ho nsɛm asi no pi koraa.” Ampa, ɛwom sɛ wotumi “hu nsonsonoe bi wɔ sɛnea honam ani hwɛbea, nhwi ne aniwa anaa hwene te mu.” Nanso, Newsweek kae sɛ “saa nsonsonoe yi yɛ aniani ade kɛkɛ—na nyansahufo ntumi nhuu nsonsonoe titiriw biara a ɛma abusuakuw bi da nsow wɔ foforo ho . . . Asɛm no ankasa ne sɛ, wɔ nyansahufo a wɔreyɛ eyi ho nhwehwɛmu no pii fam no, abusua yɛ ‘asetram nsusuwii’ kɛkɛ—adwemmɔne, gyidihunu ne atosɛm a [ɛmfata] a adi afra.”
Sɛ wɔnam nyansahu so tumi hu mmusuakuw ntam nsonsonoe bi mpo a, abusua “kronn” ho adwene a wobenya no yɛ ayɛsɛm. The New Encyclopædia Britannica ka sɛ: “Mmusua kronn biara nni hɔ; mmusuakuw a ɛwɔ hɔ nnɛ no nyinaa adi afra koraa.” Sɛnea ɛte biara no, Bible kyerɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn “maa nnipa aman nyinaa fi onipa biako mu.” (Asomafo no Nnwuma 17:26) Ɛmfa ho sɛnea obi honam ani hwɛbea, nhwi, anaa n’anim tebea te no, abusua koro pɛ ankasa na ɛwɔ hɔ—adesamma abusua no. Nnipa nyinaa bɔ abusua denam yɛn nana Adam so.
Ná tete Yudafo no nim yiye sɛ mmusua nyinaa fi faako. Nanso, bere a ebinom bɛyɛɛ Kristofo mpo no, na wɔda so ara gye di sɛ wɔkorɔn sen wɔn a wɔnyɛ Yudafo no—a na wɔn mfɛfo gyidifo a wɔnyɛ Yudafo no ka ho! Ɔsomafo Paulo nam asɛm a ɔkae a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Romafo 3:9 sɛ: ‘Yudafo ne Helafo nyinaa hyɛ bɔne ase’ no so bɔɔ nsusuwii a ɛne sɛ abusua bi korɔn sen bi no gui koraa. Enti abusuakuw biara ntumi nhoahoa ne ho sɛ ɛwɔ gyinabea soronko bi wɔ Onyankopɔn anim. Nokwarem no, Yesu Kristo mu gyidi nkutoo so na onipa biara nam betumi ne Onyankopɔn anya abusuabɔ. (Yohane 17:3) Na ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ‘wogye nnipa ahorow nyinaa nkwa na wɔba nokware nimdeɛ mu.’—1 Timoteo 2:4.
Gye a wubegye atom sɛ mmusua nyinaa yɛ pɛ wɔ Onyankopɔn ani so no betumi anya nkɛntɛnso kɛse wɔ sɛnea wubu wo ho ne afoforo no so. Ebetumi aka wo ma woadi afoforo ni na woabu wɔn, na woakyerɛ anisɔ ne obu wɔ nsonsonoe a ɛwɔ wɔn mu no ho. Sɛ nhwɛso no, ababaa Melissa a yɛkaa ne ho asɛm mfiase no mfa ne ho mmɔ ne sukuufo no nserew mmerante ne mmabaa a wɔka aman foforo so kasa no. Ɔka sɛ: “Mibu wɔn a wɔka kasa horow abien no anyansafo. Ɛwom sɛ m’ani gye ho sɛ anka mɛka kasa foforo de, nanso kasa biako pɛ na mitumi ka.”
Kae nso sɛ, bere a akyinnye biara nni ho sɛ nnipa a wofi w’abusua ne wo man mu wɔ nneɛma pii a wɔde bɛhoahoa wɔn ho no, saa ara na nnipa a wofi mmusua foforo mu no nso wɔ bi. Na ebia ntease wom sɛ wode wo man ne nneɛma a wo nananom ayɛ bɛhoahoa wo ho de, nanso abotɔyam wom koraa sɛ wode nea w’ankasa nam wo mmɔdenbɔ ne w’adwumaden so ayɛ bɛhoahoa wo ho! (Ɔsɛnkafo 2:24) Nokwarem no, ade biako pɛ na Bible hyɛ wo nkuran sɛ yɛ fa hoahoa wo ho. Sɛnea wɔaka wɔ Yeremia 9:24 no, Onyankopɔn ankasa ka sɛ: “Nea ɔhyehye ne ho nhyehye ne ho, sɛ onim de ahu me, sɛ mene [Yehowa, NW].” So wubetumi ahoahoa wo ho saa?
[Kratafa 12 mfonini]
Onyankopɔn adwene wɔ mmusua ho a yebehu boa yɛn ma yɛne nnipa a wofi mmusua foforo mu nya abusuabɔ a anigye wom