So Nokware Asomdwoe Bɛba Da Bi?
Efi Japan “Nyan!” kyerɛwfo hɔ
NÁ MICHIKO yɛ ababaa kunafo bere a wɔkaa asɛm a ɛyɛ ahodwiriw no wɔ radio so. Ná ɛyɛ ɔhempɔn no na ɔreka sɛ ɔko no aba awiei; Japan agyae ako no koraa.
Ntɛm ara ne ho a ná mfiase adwiriw no no dan abufuw. Obisaa ne ho sɛ: “Na adɛn? Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wogyae mprempren ara? Dɛn nti na wɔnko nkosi sɛ obiara bewu a m’ankasa meka ho?”
Nã ne nsusuwii ahorow a ɛyɛ awerɛhow no yɛ nea ntease wom. Ná woakum ne kunu wɔ ɔko no mu. Wɔbɛfaa no kɔɔ sraadi bere a na ɔne wɔn ba a wadi dapɛn biako no da so ara wɔ ayaresabea. Nea ne babarima Yasuo behu a ɛfa n’agya ho nyinaa ne mfonini a ɛsɛn ɔfasu ho no. Afei nso na ɔkae anadwo a Amerika, B-29 asraafo bɛtow hyɛɛ Tokyo so, sɛee wɔn fie ne wɔn agyapade nyinaa no yiye.
Michiko kae sɛ: “Wɔka kyerɛɛ Japanfo sɛ wɔmfa biribiara a wowɔ mma, mma ɔko no, na afei wose ne nyinaa aba awiei, nkogudi. Ɛhe na ‘Kamikaze’awɔ? Dɛn na ɛtoo Japan asraafo a na wonnii nkogu wo ɔko mu da besi saa bere yi no? Asɛm a wofi ahohoahoa mu ka sɛ “Yɛrennyae da no wɔ he?” Eyinom, ne nsusuwii ahorow a ɛte saa baa n’adwene mu.
Nanso mprempren mfirihyia 36 atwam. Japan anya asomdwoe ne yiyedi kakraa. Michiko tumi hwɛ n’akyi wɔ ɔko bere no mu wɔ su a ɛkorɔn ne nea esii no ho ntease kɛse mu. Otumi hu sɛnea ɔko asɛe nnipa nkwa, abrɛ nkɔso ase na asɛe asase no. Wɔ ɔko no akyi no wɔbɔɔ amanneɛ sɛ nnipa a wonyɛ asraafo a wowuwui wɔ wimhyɛn ne atuo a wɔde bɛtow hyɛɛ wɔn so no mu nkutoo dodow yɛ 668,000. Nkurow akɛse pii sɛee. Wɔhyɛɛ Japanfo nkuran sɛ wɔnko mma wɔn man ne wɔn hempɔn, nanso na asɛm no yɛ nea wɔnte ase. Ohu sɛnea amansɛmdifo tumi de nyamesom dii dwuma de nyaa nnipa no ma wɔde gyidi hunu ne ahoɔden a nyansa nni mu gyinaa ɔko no akyi. Ɔka sɛnea ɔmampɛ yɛ ade a ɛyɛ hu no ho asɛm bere a wɔde hyɛ sukuufo mmofra adwene mu fi mmofraase no.
Mprempren mpo ɔko ahorow, ne saa akode ahorow a ɛyɛ hu no wɔ wiase! Eyinom mu pii reka Japan ne ne sikasɛm nso. Wɔrehyɛ Japan denneennen sɛ ɔbɛma sika a ɔsɛe no wɔ asraafo ne akode ho no ayɛ kɛse. So wobebu wɔn ani agu asɛm a ɛwɔ a ɛwɔ mara foforo no mu a ɛmpene akodi so no so? So ɔko bi bɛba bio, a ebia ɛbɛyɛ nuklea akodi? Esiane sɛ amanaman no aboaboa nuklea akode ahorow mpempem pii ano nti, nnipa pii nte nka sɛ eyi yɛ nea ebetumi aba ankasa. Dɛn nti na yentumi nnya asomdwoe ankasa, wɔ wiase nyinaa? Michiko bisa sɛ: “So onipa rentumi mfa asomdwoe mma?
[Ase hɔ nsɛm]
a “Kamikaze,” a asekyerɛ ara ne “ɔsoro mframa:’ no kyerɛ bere a Mongolifo bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛtow ahyɛ Japan so wɔ 1281 mu, na ɛma wɔsan wɔn akyi no. Ahum kɛse bi brɛɛ wɔn po so ahyɛn ntua no ase koraa, ma enti ɛhyɛɛ Japanfo gyidi mu den sɛ wɔn man no wɔ ɔsoro ahobammɔ.
[Kratafa 3 mfoni]
Faako a atomik ɔtopae fi paee wɔ Hiroshima, Japan