Nsasewosow—Sɛnea Wubetumi Asiesie Wo Ho Ama Nkwagye!
Efi Japan Nyan! kyerɛwfo hɔ
“Yenni nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ no ho nimdeɛ biara. Ehu na ɛbɛba.” Saa na wim nsakrae ho ɔdenimfo bi a ofi Pakistan kae wɔ sɛnea asasewosow bɛka n’asase no ho. Nokwarem no, nnipa kakraa bi na wonim nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ asasewosow mu. Ne nyinaa akyi no, sɛnea nsasewosow a ɛsɛe ade rekɔ so wɔ saa afeha yi mu no ama wɔayɛ nhwehwɛmu pii wɔ asasewosow mu ahobammɔ ho. Enti “Nyan!” abisabisa nhwehwɛmufo a wofi nsase ahorow so pii nsɛm. Esiane sɛ ɛdaa adi sɛ wɔn afotu ahorow no sesɛe kɛse nti, yɛwɔ anidaso sɛ akenkanfo a wofi nsase pii so betumi de saa amanneɛbɔ yi adi dwuma.
MICHIKO kae sɛ: “Yɛtee nnyigyei bi, afei biribi pemee kɛse a na ɛte sɛ nea ɛreto yɛn nnuadan no akɔ wim. Nneɛma a ɛrebubu gu nnyegyei ne nkankyee ne nhwehwɛ a ɛrebobɔ no ma mebɔɔ hu sen biribi foforo biara. Mpofirim no, yɛn fi no kyeae na ɛdanee wɔ ɔkwan a ɛyɛ hu so wɔ ne fapem no so.
“Me maame ammɔ hu. Ɔka kyerɛɛ yɛn komm sɛ yɛnsakra yɛn ntade na yɛmfa nea yɛde pue na yɛnsesaw nneɛma a ɛho hia yɛn no. Ɔkae sɛ aka bere tiaa bi na yɛn fi no asɛe, enti yɛrefi hɔ akɔ ayaresabea a me papa yɛ adwuma wɔ hɔ no.”
Bere a Michiko huu saa afeha yi mu amanehunu akɛse a ɛsen biara mu biako—1923 mu asasewosow a ɛmaa Tokyo mu nkyem abiɛsa mu abien ne Yokohama nyinaa dan nsõ—no, na ɔyɛ abeawa a wadi mfe 12. Afie ɔpepem pii bubu gui. Bere a akyiri dwoe no, na nnipa bɛboro 143,000 awuwu. Nanso sɛnea aban amanneɛbɔ bi a wɔde mae akyiri yi kyerɛe no, na wɔn a wowuwui no mu “du biara mu biako yɛ wɔn a wɔn afi a ebubui na ekunkum wɔn.” Ɛnde, dɛn na ekunkum afoforo 130,000 no?
Asasewosow no sii bere a na aka simma abien ma abɔ awia dumien—bere a na mmea awarefo pii asosɔ gya a wɔde besiesie awiaduan no. Dɛn na efii mu bae? Ankyɛ na gya pii totɔɔ adan mu! Michiko toa so sɛ: “Eduu bere a yefii no, na nnipa a wɔn ho yeraw wɔn ahyɛ mmɔron nketewaa no so ma. Ná wɔn nyinaa ho pere wɔn sɛ wobefi gya no mu. Yewurawuraa nnipadɔm no mu. Me maame ka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛnyɛ nea yebetumi nyinaa sɛ yɛbɛka abom na ɔkyerɛɛ yɛn baabi a sɛ ɛba sɛ yɛn mu tetew a yebehyia. Mekae sɛnea me ho dwiriw me bere a mihuu nneɛma a nkurɔfo atentam afi wɔn afi mu no—efi ɛmo nkuku so kosi nnaka akɛse so. Wɔ wɔn adwene a ayɛ basaa no mu no, wɔde nneɛma a ɛho renhia wɔn wɔ ɔkwan biara so bae!”
Mframa a ogya no ama emu ayɛ hyew no kɔɔ soro na ɛsɛee mframa pa a ɛwɔ fam no na ɛmaa ogya no mu yɛɛ den kɛse mpo. Ahum tui, na ɛtotoo nwura a ɛrehyew kɔɔ baabiara. Nnipa ɔpedudu pii guan kɔ petee mu de hwehwɛɛ ahobammɔ. Ɛda a edi hɔ no wohui sɛ wɔtetare so anan ne anum—wɔn a wɔwɔ soro no ahyehyew awuwu na wɔn a wɔwɔ ase no awuwu esiane mframa a wɔanya nti.
Nsu dorobɛn bubui na nkitahodi mu twae. Wɔ nna kakraa a edi hɔ no mu no, wɔtetee atesɛm pii sɛ amamfrafo bi de awuduru regugu nsu kakraa a aka no mu. Wɔtetew ahobammɔ akuw na wokunkum amamfrafo. Asraafo polisifo kunkum ahobammɔ akuw no mufo basabasa. Ehu a enni nnyinaso ne ahopopo maa basabasayɛ sii polisifo mu mpo.
Nanso, wɔbɔɔ Michiko ho ban fii eyinom nyinaa mu. Asasewosow no sii akyi nnɔnhwerew abiɛsa no, ná Michiko maame de ne mma no adu wɔn papa nkyɛn denam nhyehyɛe a na wɔadi kan ayɛ sɛ abusua no so. Ɔno nso de wɔn kɔɔ beae bi a ɛhɔ ye na ɔbɔɔ wɔn ho ban fii hooyɛ no mu. Michiko se: “Aseda bɛn ara na mede ma m’awofo no sɛɛ yi sɛ wɔyɛɛ komm a na wonim nea wɔbɛyɛ no.”
Efi saa bere no Japan aban mpanyimfo agye atom sɛ ogya, ehu, ne atesɛm ne nneɛma a ɛma asasewosow yɛ hu sen biara. Aban amanneɛbɔ bi de baa awiei sɛ nnipa a wowuwui wɔ 1923 asasewosow no mu no mu ɔha biara mu 83 fi afi a ogya tɔɔ mu. Esiane sɛ nnua na wɔde si adan pii wɔ Japan nti, ogya da so ara yɛ ade a ɛyɛ hu. Ogya ho asiane no so tew kɛse wɔ aman a wɔde nneɛma afoforo, te sɛ kɔnkrɛte, di dwuma pii no mu. Ne nyinaa akyi no, ɛte sɛ nea ehu ne atesɛm yɛ asiane a edi awu wɔ baabiara a asasewosow besi no. Michiko abusua no osuahu no yɛ nhwɛso a ɛkyerɛ sɛ wobetumi adi saa nsɛnnennen yi so denam ahosiesie a wodi kan yɛ so.
Ahosiesie a Wubedi Kan Ayɛ
Ɔkwan bɛn so na wubetumi adi kan asiesie wo ho saa ara? Nea edi kan no, wone w’abusua no ntra ase na mompaw mmeae a ebetumi ayɛ guankɔbea wɔ mo mpɔtam hɔ. Monyɛ mmeae a sɛ ɛba sɛ mo mu tetew a mubehyia ho nhyehyɛe, na monkyerɛ akwan a obiara betumi afa so akɔ hɔ. Munsusuw mmeae a asiane wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔkwati, te sɛ baabi a wɔtɔn petrol a ɛhɔ betumi aturi no ho. Esiane ogya ho hu nti, kyerɛ w’abusua no sɛnea wodunnum akanea ahorow bere a wɔhyɛn mo ofi no mu no. Hwɛ hu sɛ obiara nim sɛnea wodum ogya. Sɛ wubehia mmoa wɔ wɔn a wɔanyinyin anaasɛ wɔyare ho a, wone w’afipamfo nyɛ eyi ho nhyehyɛe.
So wote beae bi a asasewosow betumi asi hɔ? Ɛnde eye sɛ wotɔ nkongua a emu yɛ duru a ebetumi amuni ahwe. (Wɔka sɛ wɔ California asasewosow bi mu no, sanku kɛse bi a tae hyehyɛ ase kyinkyinii ɔdan no mu na epirapiraa nnipa pii.) Ɛsɛ sɛ wɔde nneɛma a emu yɛ duru a ebetumi apira, a nea wɔde nsu ahorow a etumi sɔ ogya gu mu no sisi fam anaasɛ anyɛ yiye koraa no wɔ sibea bi akyi. Afei nso, fa ade sosɔ toa a wɔde huhuw gu mu biara a ɛwɔ hɔ no mu ma ennyina faako.
Bere a Asase Awosow
Nea ɛsen ne nyinaa no, mmɔ hu! Mpɛn pii no wosow a edi kan no na emu yɛ den kɛse na ɛntaa nni simma biako.a Nanso, sɛ wutumi nantew a, pɛ biribi yɛ. Dunnum ogya fibea nyinaa. Huhuw a efi dorobɛn a ɛho apae mu ba no yɛ asiane, sɛnea anyinam akanea nhama a ɛho atetew ne mfiri a wogyaw si so yɛ no ara pɛ. Enti, dunnum huhuw ne anyinam akanea wɔ mmeae a wɔsosɔ no no ntɛm ara sɛnea wubetumi. Bue ɔpon anaa mfɛnsere kɛse bi—nea ebetumi aka atom—sɛnea ɛbɛyɛ a wubenya ɔkwan a wobɛfa so aguan. Afei wura kyerɛwpon anaa ɔpon bi ase. Kyerɛwpon nnaka no ma enya ahoɔden. Enti, mpɛn pii no nneɛma a emu yɛ duru pii tumi gu kyerɛwpon so a emmubu. Nnua kyerɛwpon ho taa yɛ den sen nnade de. Ɔbenfo Yuji Ishiyama a ɔwɔ Japan Adansi Nhwehwɛmubea no ka kyerɛɛ Nyan! sɛ: “Migye di yiye sɛ ka a wɔbɛka akyerɛ nkurɔfo sɛ wɔnhwehwɛ guankɔbea wɔ kyerɛwpon ase no yɛ afotu pa sen nea wobetumi de ama nyinaa.”
Sɛ kyerɛwpon biara nni hɔ a, kotow anaasɛ da sofa, mpa, anaa biribi foforo biara a wɔde dua ayɛ a ɛremmunimuni ho. Nwura ase efisɛ ɛnyɛ den sɛ wo nan behuan. Bɔ mmɔden sɛ wobɛbɔ wo ti ho ban. Esiane sɛ aguaree yɛ beae ketewaa bi a afasu pii wɔ hɔ sɛɛ nti, ebia ɛbɛyɛ wo dan a ahobammɔ wom sen biara.
Nanso, nea ɛyɛ nwonwa no, ntayaa adan tumi gyinae wɔ nnansa yi Mexico Kurom asasewosow no mu bere a adan a ɛwɔ abansoro a efi 8 kosi 20 no bubu gui. Ɔbenfo Motohiko Hakuno a ɔwɔ Tokyo Sukuupɔn no Asasewosow Nhwehwɛmubea no ka kyerɛɛ Nyan! sɛ ɛfa asasewosow no anoden “nnyigyei” pɔtee bi ho. Adan yɛ nneɛma a ɛsonsonoe wɔ anoden no ho. Ɔbenfo Hakuno de kaa ho sɛ: “Nea ɛka bere a asasewosow besi a yennim ho no, yennim sɛnea ebesi ayɛ ankasa anaasɛ adan a ɛbɛka no kɛse no nso. Eyi ma ɛyɛ den kɛse sɛ yɛde ahobammɔ mmara bi besisi hɔ.”
Abenfo a wɔwɔ aman a wɔyɛ aponnua ma ɛyɛ den sɛnea ebetumi aso ɔdan no mu wɔ soro ne nkyɛn nyinaa mu no ka sɛ: “Gyina aponnua no ase.” Eyi nte saa wɔ Japan.
Na sɛ ogya redɛw nso ɛ? Ɛda adi sɛ ɛsɛ sɛ woyɛ ho ade ntɛm ara, a ebia wobɛfrɛ w’afipamfo ma wɔabɛboa. Kae sɛ ɛmfa ho sɛ ogya nye dɛn ara no, mpɛn pii no mframa a wotumi home wɔ fam hɔ.
Nanso, fa no sɛ asasewosow no to wo wɔ baabi a ɛhɔ nyɛ wo fie nso ɛ?
Adan Akɛse Mu: Mmɔ mmɔden sɛ wubetu afi efisɛ mfiri a wɔde kɔ abansoro so ne atrapoe betumi ayɛ owu afiri wɔ asasewosow bere mu. Sɛ wurentumi nwura kyerɛwpon bi ase a, fa wo ho bata adum no anaasɛ ɔdan no nnyinaso atitiriw no ho. Twe wo ho fi nneɛma a ebetumi abubu agu wo so ho, na kwati nhwehwɛ a ebetumi abobɔ. Mpɛn pii no, sukuu, aguadidan akɛse, ne agodibea ahorow so ahwɛfo de nneɛma a ɛsɛ sɛ wodi akyi wɔ bere a egye ntɛmpɛ mu ma. Enti di akwankyerɛ akyi na w’ankasa nnyɛ biribiara.
Kurom Mmorɔn So: Twe wo ho fi telefon nnua, sɛnkyerɛnnede ahorow a ɛsinsɛn hɔ ne nea esisi hɔ ho. Ma w’ani nna hɔ wɔ suhyɛ ntayaa ne nhwehwɛ a abobɔ a adwiriw agu ho. Sɛ agodibea anaa petee mu baabiara mmɛn hɔ a, hwehwɛ guankɔbea wɔ ɔdan a wɔasi no yiye bi mu.
Keteke Akwan ne Gyinabea a Ɛwɔ Asase Ase: Eyinom atumi agyina asasewosow ano yiye wɔ Mexico, Japan, ne Greece. Nea ɛyɛ asiane kɛse ne ogya. Nanso, nkurɔfo taa bɔ hu wɔ adwene a ɛne sɛ biribi besum wɔn afiri no ho ma wɔde ntɛmpɛ kɛse kɔ atrapoe ne akwan a wɔde pue no so. Nanso, eye sɛ wobɛka asase ase hɔ kosi sɛ asasewosow no fã a edi kan no betwam na woatwɛn agye akwankyerɛ.
Lɔre Ahorow: Ɛsɛ sɛ wɔma dumgyafo, ambulance, ne ntɛmpɛ bere mu dwumadi ahorow kwan. Akwan yɛ hihiaa wɔ Japan, enti wɔka kyerɛ yɛn sɛ yɛnkɔ ɔkwan nkyɛn, yennyina hɔ, yemmue radio, na yɛntwɛn nnye akwankyerɛ.
Mpoano: Kɔ koko so ɔhare so sɛnea wubetumi. Tsunamis, anaasɛ po asorɔkye a asasewosow ma ɛba a ne sorokɔ du anammɔn ɔha na etwa akwansin ɔhaha pii simma biara betumi aba! Mpɛn pii no, tsunamis a ɛto so abien ne abiɛsa no mu yɛ den mpo sen nea edi kan no.
Nokwarem no, yɛn anidaso ne sɛ yɛrennhyia asasewosow mu ahude no bi da. Nanso bere a wɔasiesie wɔn ho yiye akyi no, nnipa pii anya nkwa wɔ nsasewosow akɛse mu. Michiko a mprempren wadi mfe 76 no se: “Bere a meyɛ abofra no, mpanyimfo kae sɛ asasewosow akɛse ba pɛnkoro mfe 60 biara mu. Misusuw bere nyinaa sɛ wɔn nsɛm no nyɛ adwuma wɔ m’asetra bere yi mu. Mahu nsasewosow a emu yɛ den pii a wontumi nkan.” Yiw, yɛte mmere a Yesu hyɛɛ nkɔm sɛ “asasewosow bɛba mmeae mmeae” no mu. (Mateo 24:7) Enti siesie wo ho! Yɛ komm na tie kɔkɔbɔ ne akwankyerɛ a mpanyimfo a wɔfata de bɛma no. Wobɛma hokwan a wowɔ sɛ wubenya nkwa wɔ asasewosow mu no ayɛ kɛse!
[Ase hɔ nsɛm]
a Yɛsrɛ wo hyɛ no nsow sɛ sɛ wote ɔdan gow anaasɛ nea wɔnhyɛɛ no den mu a, akwankyerɛ a edidi so yi rentumi nyɛ adwuma. Abenfo kyerɛ sɛ sɛ asasewosow to wo wɔ ɔdan a enni ahoɔden sɛɛ mu a, eye sɛ wubepue ntɛm! dapɛn abenfo tu fo se: “Fa sumii kɛse bi anaasɛ akongua kata wo ti so fa bɔ wo ho ban fi ntayaa a ɛredwiriw agu ne nea ɛtete saa no ho na kɔ ntɛmntɛm.”
[Kratafa 20 adaka]
Asasewosow ‘Nkwagye Adaka’
Wɔ asiane akyi no, mpɛn pii no ɛsɛ sɛ obi twɛn nnanu anaa nnansa ansa na mmoa aba. Enti wɔkamfo kyerɛ sɛ mmusua a wɔtete asasewosow mmeae no mfa nsu ne aduan a wobehia nnansa nsie. (Wɔkamfo nkankyee mu nnuan anaasɛ nea awow kyerɛ.) Sɛ ɛho hia sɛ wutu fi wo fie a, abenfo kamfo kyerɛ sɛ wobɛfa ‘nkwagye adaka’ a nea edidi so yi wom:
1. Nsu a wobɛnom no nnansa.
2. Nnuru adaka.
3. Gyatɛn (torchlight).
4. Radio, sɛnea ɛbɛyɛ a wo nsa bɛka amanneɛbɔ ne akwankyerɛ a ɛyɛ nokware.
5. Ntade, mpaboa a ɛho yɛ den, kuntu, ntade nhyɛase, mpopaho, ne nneɛma a wɔde yɛ wɔn ho yiye.
[Kratafa 19 mfoni]
Michiko a na wadi mfe 12 bere a Japan asasewosow kɛse no sii wɔ 1923 mu no. Hyɛ ahyɛn akɛse a asɛesɛe ne Yokohama a ayɛ pasaa no nsow
[Asɛm Fibea]
Earthquake photos, Yokohama City Fire Bureau
[Kratafa 18 mfoni fibea]
Y. Ishiyama, Building Research Institute, Ministry of Construction, Government of Japan