So Onipa Rentumi Mfa Asomdwoe Mma?
Wɔsɛe Amerika sika dɔla 500,000,000,000 afe biara wɔ akode ho.
So akodi yɛ su atitiriw a onipa wɔ fi mfiase no fã?
EBIA ɛbɛda adi sɛ ɛte saa. Ɛnnɛ onipa sɛe Amerika, sika dɔla ɔpepepem 500 afe biara wɔ akode ho. Woaka sɛ, fi bere a Wiase Ko II baa awiei no, bere a wiase yi de anya asomdwoe yɛ nnafua 26 pɛ. Sɛ ɛnyɛ aman a waben na wɔne wɔn reko a, mpɛn pii no na wɔne wɔn ho wɔn ho na ɛreko—nyamesom biako tia ɔfoforo, mmofra tia wɔn awofo, okununom tia wɔn yerenom. Japan, ɔman a wonim no wɔ mmɔdenbɔfo, biakoyɛ ne obu ma awofo mu fi bere tenten no anya nkɔanim ɔha biara mu 42 wɔ mmofra nsɛmmɔnedi mu. Wofrɛɛ no “Japan mmofra amumɔyɛ” wɔ Newsweek a ɛbae nnansa yi no bi mu, a ɛte sɛnea nsɛmmɔnedi no pii yɛ “‘basabasayɛ a nyansa nnim” a woyɛ tia akyerɛkyerɛfo, awufo ne apolisifo.
Ebinom ka sɛ, efi mfiase no, onipa yɛ aboa a ɔpɛ akodi na ɔrentumi mfa asomdwoe mma. Sɛnea Dr. Polykarp Kusch, a onyaa Nobel abasobɔde 1955 mu, na ɔyɛ ɔbenfo wo nuklea ho adesua mu wo Dallas Sukuupɔn mu kae no: “Awiei koraa no, bere a akode atitiriw resã no, yɛde ata ne agyan ne mmonua bɛsɔre atia yɛn ho yɛn ho.”
Nanso so akodi yɛ onipa mfitiase su no bi? Dabi. Nnipa a wɔne wɔn ho wɔn ho te hɔ wɔ asomdwoe mu ho nhwɛso ahorow pii no di ɛno ho adanse. Fa Tasadayfo a wɔte Philippine kwae mu no sɛ nhwɛso. Nyansahufo bi a ɔne wɔn trae kakra kae sɛ: “Wonnim nnipakum, awudi ne ɔko ho hwee! Wɔntee ho asɛm da.” Afei, Yehowa Adansefo a wɔn dodow boro 2,000,000, a ɛkame ayɛ sɛ wɔwɔ asase biara so wɔ wiase, nanso wamfa wɔn ho nhyɛ ɔman biara ntawntawdi ahorow mu no nso ɛ? Roman Katolekni ɔbea bi a ɔresua asɔfodi rekyerɛw wo Portugalfo Katolek asɛmpatrɛw nsɛmma nhoma no mu afa Yehowa Adansefo a wowɔ Mozambique ho no, ɔkae sɛ: “Hwɛ soronko ara a anka wiase no bɛyɛ, sɛ yɛn nyinaa sɔre anɔpa bi a yɛabɔ yɛn tirim denneennen sɛ yɛremma akode so bio, a nea ɛbɛba anaasɛ nea enti mfa ho, te sɛ Yehowa Adansefo a!” Enti onipa betumi atra ase asomdwoe mu. Nanso sɛ saa a, dɛn nti na akodi ahorow wo hɔ?
Dɛn Nti Na Akodi Wɔ Hɔ?
Nea edi kan no, ɛda adi sɛ ɛyɛ nneɛma ahorow pii nti. Bere a wɔreko no, na ɛte sɛnea ɛteɛ ma aman a wɔde wɔn ho ahyem no. Wɔako ɔko ahorow wɔ aman ahye ho. Sikasɛm mu nyiyim ho hu ahorow ankasa anaa nea wɔde ani bu hunahuna afoforo mpɛn pii. Ɛda adi sɛ eyi yɛ nea enti a Japan fii ase trɛw ne ho mu kɔɔ Manchuria ansa na Wiase Ko II reba no mu biako. Ná United States wɔ ne 1929 ahokyere kɛse no mfinimfini. Ɔman ahobammɔ mmara ahorow a efii mu bae, a United States ne nnipa afoforo a, ɔne wɔn di gua yɛe no ka ho na ɛmaa Japan sii gyinae sɛ ɔbɛbɔ mmɔden ama ne nsa aka aman a wɔbɛn no no na ama ne nkɛntɛnso ayɛ kɛse na watrɛw ne sikasɛm ho anidaso mu no.
Ɔmampɛ, adwemmɔne, nsisi ne nkitahodi mu nsɛnnennen ahorow de ntawntawdi afoforo aba. Wɔ nsɛm ahorow pii no nyinaa mu no, asraafo adi mpanyimfo te sɛ Hitler, Napoleon ne Alexander Ɔkɛseɛ no, a wɔdaa akɔnnɔ a ɛtra so adi wɔ anuonyam ne nidi a wobenya ho no ahyɛde ahorow ho dwuma.
Nanso, nea ɛka saa nneɛma a ɛda adi sɛ ɛno nti na wɔko no ho no, dɛn na Kyerɛwnsɛm no ka sɛ ɛne nneɛma atitiriw a ɛde ɔko ba? Bible no kyerɛ sɛ nea ɛde ɔko ba no fi onipa ankasa. Ɛyɛ ampa sɛ wɔtaa ka sɛ ɛnyɛ atuo, ntwitwiridii ne atopae na ɛde ɔko ba, na mmom nnipa, a wobetumi de aka ho sɛ wɔyɛ pɛsɛmenkominya no. Fa ɔdɔ, ayamhyehye ne fafiri si pɛsɛmenkominya su ahorow te sɛ adwemmɔne,”ɔtan ne anibere a ɛwɔ onipa mu no ananmu na yebehu akodi ne nitan ahorow nyinaa awiei. Yesu kae sɛ: “Koma mu na adwemmɔne, awudisɛm . . . fi.”—Mateo 15:19.
Nanso dɛn nti na bɔne ahorow yi wɔ onipa mu? So saa nneɛma yi yɛ ne mfitiase su horow no fã—ɔkwan a wɔfaa so bɔɔ no? Dabi. Bible no kyerɛ sɛ Onyankopɔn bɔɔ onipa yiye a ɔyɛ pɛ. Sɛnea ɔsɛnkafo 7:29 kyerɛkyerɛ mu no: Hwɛ, eyi nko na mihui sɛ: Onyankopɔn bɔɔ onipa yiye, na wɔn de, wɔhwehwɛ tirim adwene bebree.” Ɛyɛ bere a nnipa hwehwɛɛ ahofadi fii Onyankopɔn ne ne nniso ase, na wɔnam saa yɛ so yɛɛ bɔne, no akyi na pɛsɛmenkominya nsusuwii ahorow ne akɔnnɔ fii ase wɔ wɔn adwene ne wɔn koma mu. Afei nea eyi de bae ne abufuw, nitan ne akodi.—Genesis 4:5.
Bible no kyerɛ ade foforo a ɛde akodi ba bere a ɛka wɔ 1 Yohane 5:19 sɛ: “Wiase nyinaa da ɔbɔne no mu” no. Saa ɔbɔne, Satan Ɔbonsam yi anya nkɛntɛnso kɛse wo adesamma abakɔsɛm ne n’akodi ahorow mu. Ne pɛ ne sɛ ɔbɛdan mmarima ne mmea nyinaa afi Onyankopɔn nniso ho. Na akodi adi saa atirimpɔw no ho dwuma yiye. Ɛdenam adwuma a ɔyɛ wɔ wiase mpanyimfo, abenfo, afotufo ne animdefo mu so no, Satan atumi ahyɛ akodi ahorow ho nkuran a nea afi mu aba no nyɛ nea ɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam.
Bible no twe adwene si wiase nyinaa nniso a ɛyɛ den a wobegye atom a wontumi nnya no nso so sɛ ade foforo a ɛde ntawntawdi ba. Nyansahufo Isaac Asimov kae sɛ: “Ɛsɛ sɛ amanaman ntam nkabom yɛ te sɛ wiase nniso a, ɛyɛ den yiye a ebesi gyinae ahorow a ɛho hia na ahwɛ ma wɔde adi dwuma, na ɛno na ɛbɛkyerɛ sɛ aman nkorɛnkorɛ no wɔ hokwan anaa tumi sɛ wɔbɛma akode so.”
Nanso so yenni wiase nniso a ɛte sɛɛ ho nhwɛso mprempren wo Amanaman Nkabom ahyehyɛde no mu? Dabi, efisɛ aman a wɔwom no nyinaa akɔ so akura wɔn ankasa aman tumidi ahorow mu na wɔapow sɛ wɔbɛdan tumi no nyinaa ama Amanaman Nkabom no. Ɛte sɛnea Amanaman Nkabom no yɛ beae a wɔka adwen horow a enhyia ho asɛm ara kwa mmom sen sɛ ɛyɛ nniso ti a ɛsɛ sɛ wɔn nyinaa brɛ wɔn ho ase ma. Bere a ntawntawdi abɛda aman a wɔwom no bi ntam no, nea etumi yɛ ara ne sɛ ɛbɛka sɛ ɛmpene so, nanso ɛkyerɛ sɛ enni ahoɔden a ɛbɛma ɔko no agyae Amanaman Nkabom nyɛ wiase nniso a ɛho hia no.
Na Akodi Ahorow a Wɔabobɔ Din wɔ Bible mu no Nso Ɛ?
Wɔ akodi ahorow a wɔabobɔ din wɔ Bible mu no mu no, ɛda adi sɛ ná bebree yɛ nea Onyankopɔn pene so. Dɛn nti na ɛte saa? Saa, akodi ahorow a na Onyankopɔn pene so no mu yiye a wobɛhwɛ no bɛma woahu sɛ, ɛyɛ di a Yehowa redi hokwan ahorow a ɔwɔ sɛ Amansan Hene no ho dwuma ho nhwɛso ahorow. Sɛ́ “Nea obu asase nyinaa atɛn no,” akyinnye biara nni ho sɛ ɔwɔ hokwan sɛ oyi nsɛmmɔnedi nne abrabɔ ‘bɔne fi asase so. (Genesis 18:25) Mmere bi wɔ hɔ a Yehowa de nneɛma te sɛ nsuyiri ne asasewosow dii dwuma de yɛɛ eyi, bere a wɔ mmere afoforo mu no ɔde aman ahorow bi dii dwuma sɛ n’a’brafo —-Genesis 6:5-8; Numeri 31:3.
Yehu eyi titiriw wɔ Israel man no fam Onyankopɔn hyɛɛ wɔn sɛ wontu Kanaan asefo bi mfi Bɔhyɛ Asase no so. Mose da nea enti a eyi te saa no adi pefee wɔ Deuteronomium 9:4 bere a ɔka sɛ: “Amanaman yi abɔnefosɛm nti na [Yehowa] retu wɔn afi w’anim” no. Halley’s Bible Handbook ka wɔ kratafa 161, wɔ saa ɔman yi ho sɛ: “Kanaanfo somee denam abrabɔ bɔne a wɔpɛ so sɛ nyamesom mu adeyɛ wɔ wɔn anyame no anim; ne afei, denam wɔn mmakan a wokunkum wɔn sɛ afɔrebɔde maa anyame koro yi ara no so. Ɛte sɛnea, wɔ ɔkwan a ɛsõ so no, na Kanaan asase no abɛyɛ te sɛ Sodom ne Gomora bi, sɛ wɔka ɔman no nyinaa bom a. . . . So na anibuei bi a afide ne awudi a ɛyɛ ahobow a ɛte sɛɛ wom no wɔ hokwan bi sɛ ɛkɔ so tra ase? . . . Ɛyɛɛ fam tutufo a wotutuu Kanaanfo nkurow no amamfo so no nwonwa sɛ Onyankopɔn ansɛe wɔn ntɛm ansen saa.”
Nea ɛyɛ anigye no, Bible no kyerɛ sɛ ɛrenkyɛ Yehowa bɛsan ama ne tumi mu ayɛ den bio sɛ Amansan Hene Kɛse denam yi a obeyi wɔn a nnɛ wobu n’abrabɔ ho mmara ahorow so nyinaa afi hɔ no so.—1 Korintofo 10:11, 12; 2 Tesalonikafo 1:6-9.
Wiase a Ɔko Nnim Ho Anidaso Bɛn no Ɛwɔ Hɔ?
Bible no ka Yehowa ho asɛm sɛ “asomdwoe Nyankopɔn.” (Romafo 15:33) Esiane sɛ asomdwoe ho mmɔden ahorow a onipa abɔ no nyinaa akowie huammɔdi mu nti, momma yɛnhwɛ nea Yehowa bɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ wo asomdwoe ho. Asomdwoe a Onyankopɔn de ma no nnyina aman afoforo akode dodow a, wɔwo ho hu anaasɛ asomdwoe apam ahorow ara kwa so.
Bible no kyerɛ sɛ, ne kwan a ɛkɔ asomdwoe mu no de ntetee na efi ase, nsakrae ankasa a ɔma ɛba nnipa nsusuwii ne su ahorow a ɛno ne ɔhaw no mfiase mu. Aman mpanyimfo de sukuu adi dwuma fi bere tenten sɛ nea wɔde nya wɔn mmofra ma wodi wɔn akyi kɔ ɔko. Sɛ nhwɛso no, Mitsui Sanshiro a ɔde mfirihyia 12 somee sɛ Japan ɔsraani wɔ Manchuria a mprempren ɔyɛ Yehowa ɔdansefo Kristoni no kae sɛ, wɔkyerɛkyerɛɛ wɔn Shushin, anaasɛ ‘“abrabɔ ho nimdeɛ,” fi afe a edi kan pɛɛ wɔ sukuu mu no so kosii sɛ owiei. Wɔ wɔn “abrabɔ ho nimdeɛ” adesua no mu no, wokyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ ɛyɛ anuonyam kɛse sɛ wɔde wɔn nkwa ‘bɛto ho ama wɔn man ne ɔhempɔn no. Wɔ ɔkwan foforo so no, Yehowa bɛtete ɛne nkurɔfo wɔ asomdwoe kwan so. Sɛnea Yesaia 54:13 ka no: “Wo mma nyinaa bɛyɛ [Yehowa] asuafo, na wo mma asomdwoe bɛdɔɔso.”
Ɛdenam Bible adesua so no, Kristofo pii resua sɛ wɔbɛfa asomdwoe kwan so. Ɔbarima bi a ɔyɛ Japanni ka sɛnea asakra fii ɔman anidanfo a na ɔyɛ mu bɛyɛɛ Kristoni a ɔpɛ asomdwoe denam adesua a ɛte sɛɛ so ho asɛm. Bere a ɔwɔ ntoaso sukuu mu no, akenkan nhoma a agye din a wɔfrɛ no Toshi Ronri, anaasɛ “Kurow ho Nimdeɛ,” a ɛkaa nsakrae bɔne a ɛrekɔ so wɔ nkurow akɛse mu no ho asɛm kɔɔ akyiri no. Ɔmaa kwan maa ɔkasa ahorow ne nhoma ahorow a ɔkenkanee a ɛka onipa asetra mu ahofadi, Komunism ne anidan ho nyansapɛ afoforo ho asɛm no huruu ne bo.
Ɔtee nka sɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ biribi a ɛde nsakrae bɛba Awiei koraa no, ɔkɔkaa anidanfo ‘kuw bi a wɔfrɛ no borɔfo mu sɛ “Red Army” no ho, na odii akoten wɔ wɔn dwumadi ahorow mu. Ná wɔn botae ne sɛ wɔbɛsakra nniso no denam ɔman anidan a basabasayɛ ka ho so na wɔde ɔmanfo (adwumayɛfo) nniso kuw foforo asi ɛno ananmu. Nanso, bere kɔɔ so no, ntɔkwaw, ne mpo awudi a ɛkɔɔ so wɔ kuw no mu, ne afei nso ɔmanfo a wɔn ho nni asɛm pii a wopirapira wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nsa bɛka wɔn botae ahorow no ma ɔbɛyɛɛ basaa. Ofii kuw no mu na akyiri yi ɔne Yehowa Adansefo fii ase suaa Bible no. Ohuu nea na ɔrehwehwɛ no wɔ mu, nokware asomdwoe nnyinaso ne wiase pa ho anidaso Afei nso ohuu nea asomdwoe ho ntetee no de aban Yehowa Adansefo ntam dedaw no. Mprempren, ɔno ne ne yere ne wɔn mma baasa de nnɔnhwerew pii ka Onyankopon atirimpɔw ma asomdwoe no ho asɛm kyerɛ afoforo ɔsram biara.
Hia a wiase nniso biako a obiara befi ne pɛ mu agye atom ho hia yɛ nea wɔde bere tenten ahu sɛ ɛne ade titiriw wɔ wiase asomdwoe a wɔhwehwɛ mu. Ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wode saa nniso no besi hɔ no yɛ nea na ahyɛ nnipa pii a wɔpɛe sɛ wodi wiase so nkonim no mmɔdenbɔ ahorow no ne afei nea enti a wɔde Amanaman Nkabom no sii hɔ no akyi.
Daniel nhoma a ɛwɔ Bible mu no kyerɛ sɛ Yehowa de wiase nniso a ɛte saa pɛpɛɛpɛ besi hɔ ma asɛe nnɛyi nniso ahorow a emu apaapae no nyinaa. Ɛka wo Daniel 2:44 sɛ: “Ahene no nna no mu no, ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a worensɛe no da, . . . so, na ebebubu ahenni horow no nyinaa ama asã, na ɛno de ebegyina daa.”
Saa Onyankopɔn wiase nniso no de nsakrae ahorow bi a ɛho hia yiye bɛba na ade asomdwoe aba. Ɛbɛsɛe akode ahorow nyinaa (Yesaia 2:4; Dwom 46:8, 9) Ebeyi aman ahye ahorow nyinaa afi hɔ, na ama ayɛ yiye sɛ nnipa benya baabi atra sɛnea ɛfata wɔ asase so na woakyɛ ɛso nneɛma pɛpɛɛpɛ. Ɛbɛma ayɛ yiye sɛ wobenya amansan kasa biako ama nnipa nyinaa—ɔhaw a efi bere tenten ni ɛka ho na asiw wiase asomdwoe kwan no. Saa nniso no de tebea bi bɛba a emu na asomdwoe betumi asan aba onipa ne ne Bɔfo no ntam bio na wadu pɛyɛ ho wɔ adwene ne nkate ahorow mu, a ne nyinaa ho hia na ama nokware asomdwoe a ɛtra ho daa aba no.—Sefania 3:9; Adiyisɛm 21:3, 4; 22:2.
Nanso so eyinom nyinaa nyɛ nea ɛrentumi nyɛ yiye? So wɔrennya wɔn a wonnye wiase nniso asomdwoe nhyehyɛe a Onyankopɔn de ba no ntom a wɔremmrɛ wɔn ho ase mma wɔ hɔ? Ɛno yɛ nea ebetumi aba ankasa na ɛyɛ nea Bible no ka ho asɛm. Ɛnnɛ mpo, nnipa pii ma sintɔ ahorow a yenya fii awo mu no kwan, na wɔsɔre tia adwene a ɛne sɛ wobegye hokwan a Onyankopɔn wɔ sɛ odi tumi ne di a wobedi ne mmara so no atom no. Sɛnea wodii kan kyerɛe wɔ saa asɛm yi mu no, Yehowa bɔhyɛ hokwan a ɔwɔ sɛ ɔbɔadeɛ ne ɔhene no mu den na obeyi saa atuatewfo no afi hɔ, bere a wama wɔn hokwan a ɛfata sɛ wɔmfa nsua na wɔnyɛ so ade no akyi. Eyi yɛ nea ɔkwan biara so wɔbɛbɔ wɔn a wɔpɛ daa asomdwoe ampa no ahiade ahorow ho ban wom. Dwom 37:10, 11 se: “Aka kakraa sɛ na ɔbɔnefo nni hɔ, Na ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe be- bree mu.”
Nea ɛyɛ anigye no, Bible no kyerɛ se yɛte bere a yebefi ase ahu bɔhyɛ ahorow a ɛyɛ nwonwa yi mmamu mu. Ɛrenkyɛ, Onyankopɔn ankasa beyi wɔn a wɔhyɛ akodi ho nkuran ne wɔn a wɔboa nyinaa afi hɔ. Anigye a wontumi nka bɛn ara ni! Nneɛma .a wɔde bere tenteenten ahwɛ kwan no rebenya mmamu. Nokware asomdwoe a ɛtra hɔ daa bɛba! Onyankopɔn pɛ bɛyɛ hɔ ɔkwan biara so. So yɛbɛbrɛ yɛn ho ase ama? Eyi yɛ nea ɛsɛ sɛ yɛn mu biara paw nea ɔpɛ. Sɛnea Onyankopɔn Asɛm kyerɛ no: “Mede nkwa ne owu, nhyira ne nnome masi mo anim; enti fa nkwa, na wo ne w’asefo nnya nkwa.”—Deuteronomium 30:19; Yosua 24:15.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 6]
Aman a wɔwɔ Amanaman Nkabom no mu apow sɛ wɔbɛdan tumi ama no koraa. Sɛ edu akodi bere a, enni tumi biara sɛ ɛbɛma agyae
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 7]
Hia a wiase nniso biako ho hia yɛ nea wofi bere tenten ahu sɛ ɛne ade titiriw ma wiase asomdwoe. Onyankopɔn wiase nniso no de nsakrae ahorow a ɛho hia no bɛba
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 8]
Onyankopɔn kwan a ɛkɔ asomdwoe mu de ntetee na efi ase, na ɛde nsakrae ankasa ba nnipa su ahorow mu
[Kratafa 4 mfoni]
Nea ɛbɔ wiase a akodi asɛe no abira no. Hiroshima asomdwoe Turo a ɛwɔ Japan no ma obi susuw asɛm a ɛwɔ Dwom 37:10, 11 no ho: “Aka kakraa sɛ na ɔbɔnefo nni hɔ, . . .Na ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.”
[Kratafa 5 mfoni]
Amanaman a wɔde wɔn mfoa rebobɔ nsɔw ho sɛnkyerɛnne—Amanaman Nkabom dan
[Kratafa 6 mfoni]
Asomdwoe Turo, Nagasaki, Japan, mpae a onipa bɔ sɛ obenya asomdwoe ho sɛnkyerɛnne