Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g86 4/8 kr. 21-25
  • Asomdwoe Wɔ Asase So—Adaeso Ara Kwa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asomdwoe Wɔ Asase So—Adaeso Ara Kwa?
  • Nyan!—1986
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Anidaso Foforo
  • “Kristofo” a Wɔnyɛ Kristofo
  • Ɔko a Wɔremma Ɛmma
  • Nea Wogyina So Nya Anidaso Nnɛ
  • Nokware Asomdwoe wɔ Asase So​—Ɛrenkyɛ na Aba!
  • Nokware Asomdwoe—Efi He?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Anidaso Bɛn na Ɛwɔ Hɔ sɛ Ɔko Bɛba Awiei?
    Nyan!—1993
  • Hwehwɛ Nokware Asomdwoe Na Di Akyi!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Bere Bɛn Na Asomdwoe A Enni Awiei Bɛba Ankasa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1986
g86 4/8 kr. 21-25

Asomdwoe Wɔ Asase So​—Adaeso Ara Kwa?

BERE a wɔanya nkwa wɔ nneɛma a ɛyɛ hu a Wiase Ko II de bae no mu akyi no, nnipa a wɔwɔ baabiara kɔn dɔ sɛ wobenya asomdwoe ɔsahene Douglas MacArthur paee mu kae sɛ: “Yɛanya hokwan a etwa to. Sɛ yɛanyɛ nhyehyɛe kɛse bi a eye mprempren a, Harmagedon bedu yɛn aboboano.”

Saa afe koro no ara wɔde wɔn nsa hyɛɛ Amanaman Nkabom Mmara no ase. Mmara no nnianim asɛm ka sɛ, “Yɛn nnipa a yɛwɔ Amanaman Nkabom no mu asi yɛn bo sɛ yebegye awo ntoatoaso a ɛbɛba akyiri yi afi amanehunu a ɔko de ba no mu . . . ne sɛ, yɛbɛka yɛn ahoɔden abom na yɛde akora amanaman ntam asomdwoe ne ahobammɔ so.”

Wɔ ɛno akyi no, amammui ne nyamesom akannifo nyinaa gyee Amanaman Nkabom no toom. Wɔ 1961 mu no, United States Ɔmanpanyin John F. Kennedy frɛɛ no “yɛn anidaso a eye sen biara a etwa to wɔ bere a ɔko ho nnwinnade adɔɔso sen asomdwoe ho nnwinnade mu no.” (Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi no.) Na Paapa Paul VI kae wɔ 1965 mu sɛ: “Nnipa a wɔte asase so dan kɔ Amanaman Nkabom no so sɛ asomdwoe ne biakoyɛ ho anidaso a etwa to.”

Nanso, yennyaa asomdwoe biara! Mmom, efi saa bere no reba no, nnipa ɔpepem pii awuwu wɔ ɔko ahorow a ɛkɔ so mu wɔ wiase nyinaa na awerɛhyem a wonni wɔ Amanaman Nkabom no mu no ayɛ kɛse. Wɔ mpaemuka a Amanaman Nkabom no ayɛ nnansa yi sɛ 1986 yɛ Amanaman Ntam Asomdwoe Afe nyinaa akyi no, nnipa a wɔwɔ baabiara nnye nni sɛ wobetumi anya nokware asomdwoe da.

Anidaso Foforo

Na abɔfo no asɛm a wɔkae wɔ Yesu awo mu a ɛfa ‘asomdwoe wɔ asase so’ ho no nso ɛ? (Luka 2:14) Nyamesom nsɛm mu samufo Tom Harpur kyerɛwee sɛ, “Asomdwoe a abɔfo no tow ho dwom no nyɛ ahotɔ ankasa a obi nya wɔ ne mu bere a ‘ɔhyɛ Yesu nsa wɔ asomdwoe mu’ no bi. Ɛkyerɛ asomdwoe a wonya bere a atɛntrenee wɔ hɔ, woyi ehu fi hɔ, na ɔko yɛ ade a wonsusuw ho bio no.”

Wɔ nnipa fam no, ɛte sɛ nea ebia asomdwoe a ɛte sɛɛ rentumi mma. Nanso, ɛdefa Nea abɔfo tow dwom wɔ n’awo mu ho no, Bible no hyɛ bɔ sɛ: “Ɔtreeni besi frɔmm, ne bere so, na asomdwoe pii bɛba akodu sɛ ɔsram nni hɔ bio. Obedi hene afi po so akosi po so, de afi asubɔnten no so akosi asase ano.”​—Dwom 72:7, 8.

Yiw, nea wɔka siei wɔ ha no yɛ asase so nyinaa nniso denam Onyankopɔn Ba, Yesu Kristo so. Wɔahyɛ bɔ sɛ ɛbɛba na ama ɔbɔfo no bɔ a ɔhyɛɛ Maria wɔ ne ba Yesu ho a ɛne sɛ ‘Na obedi hene . . . na n’ahenni no to rentwa da’ no aba mu.​—Luka 1:32, 33.

Ebia wubebisa sɛ ‘Nanso ɛbɛyɛ dɛn na eyi atumi aba bere a Kristofo ntwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛkɔ ɔko na wɔakunkum wɔn ho wɔn ho no? Dɛn na yebetumi agyina so agye adi sɛ nokware asomdwoe a ɛte saa betumi aba ankasa?’

“Kristofo” a Wɔnyɛ Kristofo

Nea edi kan no, ɛho hia sɛ yɛkyerɛkyerɛ nea Kristosom yɛ ne nea ɛnyɛ no mu. Yesu ankasa kae sɛ ka a obi ka sɛ ɔyɛ Kristoni no nkyerɛ sɛ ɔyɛ bi. Nokwarem no, ɔbɔɔ kɔkɔ sɛ: “Monhwɛ mo ho yiye atoro adiyifo ho, na wɔnam nguanten nhoma mu ba mo nkyɛn.” Yesu kae nso sɛ: “Ɛda no, nnipa pii bɛka akyerɛ me sɛ: Awurade, Awurade, . . . yɛmfaa wo din nyɛɛ ahoɔdenne pii anaa? Ɛno na mɛpaem maka makyerɛ wɔn sɛ: Minhuu mo da, mumfi me so nkɔ, mo a moyɛ nea ɛnteɛ!”​—Mat. 7:15, 21-23.

Yesu de ahyɛde yi mae: “Wɔn aba na mode behu wɔn.” (Mateo 7:16) Eyi yɛ ahyɛde tiawa anaasɛ nokwasɛm ankasa. The Vancouver Sun sɛnkyerɛwfo, Steve Whysall daa eyi adi na ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Mpɛn pii wote sɛ nnipa ka sɛnea wɔyɛɛ eyi anaa eyi wɔ Kristosom din mu, na hwɛ sɛnea ade a wɔyɛ no yɛ nwonwa. Wiɛ, yiw, na ɛyɛ nwonwa. . . . Nanso hena na ɔkae sɛ ɛyɛ Kristofo na wɔyɛɛ saa nneɛma a ɛyɛ nwonwa no?

“Oo, woka sɛ asɔre ahorow no na wɔka saa. Wiɛ, hena na ɔkae sɛ asɔre ahorow no yɛ Kristofo?

“Enti paapa no hyiraa Mussolini, na adanse wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ paapa afoforo ayɛ nneɛma bɔne wɔ mmere a atwam no mu. Enti hena na ɔkae sɛ wɔyɛ Kristofo?

“Wususuw sɛ esiane sɛ obi yɛ paapa nti ɔyɛ Kristoni? Sɛ́ obi ka sɛ ‘Meyɛ Kristoni’ no nkyerɛ sɛ ɔyɛ bi​—te sɛ nea ebia obi a ɔka sɛ ɔyɛ mfiri ho nimdefo nyɛ bi no. . . .

“Sɛnea nnipa pii susuw sɛ ɔko a ɛrekɔ so wɔ Northern Ireland no yɛ ɔko kronkron no yɛ nwonwa. Ɛno yɛ atoro.

“Kristoni biara nni hɔ a obetumi ako atia Kristoni foforo​—ɛbɛyɛ te sɛ obi a ɔreko atia n’ankasa ho. Nokware Kristofo yɛ anuanom wɔ Yesu Kristo mu. Wɔrenhyɛ da mpira wɔn ho wɔn ho da.”

Bible no kyerɛkyerɛ asɛm no mu pefee na ɛka sɛ: “Eyi mu na Onyankopɔn mma ne Ɔbonsam mma da adi. Obiara a ɔnyɛ nea ɛteɛ ne nea ɔnnɔ ne nua no mfi Nyankopɔn. Na eyi ne kaseɛ a moate fi mfiase sɛ yɛnnodɔ yɛn ho no, ɛnyɛ sɛ Kain a ofi ɔbɔne no mu na okum ne nua no.”​—1 Yohane 3:10-12.

Ɛda adi sɛ asɔre ahorow no mma yennya biribi a yebegyina so agye adi sɛ wobetumi de asomdwoe aba asase so nyinaa. Dɛn na wɔn ho kyerɛwtohɔ kyerɛ? Ɛkyerɛ sɛ na wɔn asɔre no mufo ne asraafo atitiriw wɔ wiase nyinaa ko akɛse abien a ɛsen biara no mu; wɔankunkum wɔn ho wɔn ho nko na mmom mmea ne mmofra a wɔn ho nni asɛm nso.

Wiɛ, ɛnde biribi wɔ hɔ a yebetumi agyina so anya anidaso sɛ yebetumi anya asomdwoe a ɛtra hɔ daa?

Ɔko a Wɔremma Ɛmma

Yesu kyerɛkyerɛɛ sɛnea wobetumi ahu ne nokware akyidifo no mu. Ɔkae sɛ wɔbɛyɛ wɔn a ‘wɔpɛ asomdwoe.’ (Mateo 5:9) Ɔkyerɛɛ ɔkwan a wɔbɛfa so ahu wɔn yi nso: “Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.” Bio nso, Yesu kae wɔ n’asuafo no ho sɛ: “Womfi wiase, sɛnea me nso mimfi wiase no.”​—Yohane 13:35; 17:16.

Esiane nkyerɛkyerɛ ahorow yi nti, so wugye di sɛ Kristo akyidifo a wodi kan no de wɔn ho hyɛɛ aman ahorow no akodi mu? Bere a Ɔbenfo Reo M. Christenson reka eyi ho asɛm no, ɔkyerɛwee wɔ The Christian Century mu sɛ: “Kristofo a wodii kan no ansom sɛ asraafo. Roland Bainton ka sɛ ‘efi Apam Foforo no awiei bere no mu kosi mfe du a edi hɔ, 170-180 Y.B. mu no, adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ na Kristofo yɛ asraafo’ . . . Kristofo de nkakrankakra na egyaee sɔre a wɔsɔre tia sraadi no.”

Enti, na biribi te sɛ Kristoni a ɔko tia ne yɔnko Kristoni nni hɔ. Ɛmfa ho sɛnea wiase sodifo bi hyɛɛ Yesu akyidifo no, wɔammɛyɛ ɔbonsam mma denam wɔn honhom mu nuanom a wobekunkum wɔn no so. Wotiee Onyankopɔn sɛ sodifo mmom sen nnipa! (Asomafo no Nnwuma 5:29) Enti sɛ nokware Kristofo nkutoo na wɔte asase so nyinaa a, anka ɔko remma!

Nea ɛyɛ anigye no, Bible no ka siei sɛ tebea a ɛte saa bɛba ankasa. Ɛka sɛ: “Na wɔde wɔn nkrante abobɔ nsɔw, ne wɔn mpeaw ayeyɛ nnare; ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio.” (Yesaia 2:4) Wɔakyerɛw nsɛm yi agu ɔfasu bi ho wɔ borɔn bi a ɛbɛn Amanaman Nkabom no dan a ɛwɔ New York Kurom no so, nanso ɛda adi sɛ Amanaman Nkabom no mufo mma ennyaa mmamu ɛ. Nanso, Kristofo a wodii kan no ma enyaa mmamu!

Asɔre ho abakɔsɛm kyerɛwfo a wagye din, C. J. Cadoux kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Kristofo a wodii kan no tiee Yesu asɛm . . . Wɔde wɔn nyamesom no bataa asomdwoe ho kɛse; wɔkasa tiaa ɔko kɛse, esiane mogyahwiegu a ɛde ba no nti; wɔkae sɛ Apam Dedaw no mu nkɔmhyɛ a ɛkaa akode a wɔde bɛyɛ nnwinnade a wɔde yɛ mfuw ho asɛm siei no fa wɔn ho.”​—Yesaia 2:4.

Enti asomdwoe a ɛbɛba asase so no nyɛ biribi a ɛrentumi mma mu. Esiane sɛ Kristo nkyerɛkyerɛ a ne tete akyidifo no dii akyi amma wɔne wɔn ho wɔn ho anko nti, wɔma yenyaa biribi a yebegyina so agye adi sɛ asomdwoe a ɛbɛba asase so nyinaa yɛ nea awiei koraa no yebetumi anya. So biribi a ɛte saa wɔ hɔ nnɛ a yebetumi agyina so agye adi sɛ asomdwoe betumi aba asase so?

Nea Wogyina So Nya Anidaso Nnɛ

Wiɛ, Encyclopedia Canadiana ka sɛ: “Yehowa Adansefo adwuma no yɛ tete Kristosom a Yesu ne n’asuafo no dii akyi wɔ afeha a edi kan ne nea ɛto so abien no mu wɔ yɛn bere yi mu a wɔasan ahyɛ mu den a wɔasan de asi hɔ. Wɔn nyinaa yɛ anuanom.”

So eyi yɛ nokware ampa? Bere a amanaman no de wɔn ho hyɛɛ Wiase Ko II mu no, so Yehowa Adansefo dii Kristo nkyerɛkyerɛ a ese “monnodɔ mo ho” na monkɔ so nyɛ ‘wɔn a wɔpɛ asomdwoe’ no so?​—Yohane 13:34; Mateo 5:9.

Yiw, wɔyɛɛ saa. Nhoma a wɔfrɛ no The Nazi Persecution of the Churches 1933-45 a J. S. Conway kyerɛwee no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Esiane sɛ wɔde wɔn asɛm no gyinaa Bible ahyɛde so nti, [Yehowa Adansefo] powee sɛ wɔde akode bedi dwuma.” Bere a Roman Katolek St. Anthony Messenger de Kristo ahyɛde horow so a wodii toto afoforo nneyɛe ho no, ɛkae sɛ: “Yehowa Adansefo nnyina ‘nniso’ no akyi, na wonnye asɛyɛde biara a ɛne sɛ wobehyira nea nniso no si gyinae sɛ ɛbɛyɛ biara no so. Nnipa mpempem pii hu amammui ne sikasɛm ho nneɛma akyi a wonnyina a ɛte sɛɛ sɛ ɛbɛn nea Apam Foforo no kyerɛ no ho kɛse sen mprempren nhyehyɛe a ɛtɔ bere bi a Asɔre ne ɔman yɛ no.”

Yehowa Adansefo a wɔwɔ baabiara nhwɛ kwan sɛ asomdwoe a wobenya no gyina Amanaman Nkabom no anaasɛ onipa asomdwoe ho mmɔdenbɔ foforo biara so, na mmom egyina Asomdwoe-Hene, Yesu Kristo nniso so. Sɛ obiara yɛ saa a, anka dɛn na ɛbɛba? Yiw, susuw nea ɛbɛba no ho, sɛ anka obiara tie Kristo nkyerɛkyerɛ a ese “monnodɔ mo ho” na monkɔ so nyɛ ‘wɔn a wɔpɛ asomdwoe’ no a!

Nokware Asomdwoe wɔ Asase So​—Ɛrenkyɛ na Aba!

‘Asomdwoe wɔ asase so,’ eyi yɛ asɛm a wɔtaa te wɔ Buronya mu a akokoaa a ɔda mmoa adidide mu mfonini ka ho. Nanso so eyi yɛ Yesu gyinabea ho mfonini ankasa? Ɛnte saa koraa! Mprempren Kristo nyɛ ɔheneba a ɔyɛ akokoaa bio​—wɔde nniso ne tumi ama no de ama tete Bible nkɔmhyɛ no anya mmamu: “Na n’ahenni bɛda ne mmati so, na wɔafrɛ ne din sɛ . . . Asomdwoe-hene.”​—Yesaia 9:6.

Sɛ́ asase so nyinaa Hene a Onyankopɔn apaw no no, Kristo de asomdwoe bɛba asase so. Nanso eyi remma wɔ ɔkwan a ebia nnipa pii hwɛ kwan so. Yɛsrɛ wo, bue wo Bible no wɔ Adiyisɛm ti 18 na kenkan nkyekyem 11 kosi 16. Ɛho hia sɛ yehu Kristo gyinabea a wɔaka ho asɛm wɔ ha no​—sɛ́ sodifo tumfoɔ a odi Onyankopɔn abɔfo dɔm no anim. Hyɛ no nsow sɛ kyerɛwsɛm no ka sɛ Kristo a ɔne “Onyankopɔn Asɛm” no ‘bɛbobɔ amanaman, na ɔde dade poma bɛyɛn wɔn’ na obeyi wɔn afi hɔ na ama Onyankopɔn asomdwoe nniso anya kwan aba.

Ɛnde, eyi ne ɔkwan a wɔbɛfa so de asomdwoe aba asase so. Ɛnyɛ Amanaman Nkabom no anaasɛ onipa asomdwoe ahyehyɛde foforo biara so na ɛnam bɛba. Onyankopɔn Ahenni nniso no so na eyi nam bɛba. Mprempren yɛwɔ bere a Bible nkɔmhyɛ yi benya mmamu mu: “Na ahene no nna no mu no, ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔrensɛe no da, . . . na ebebubu ahenni horow nyinaa ama asa, na ɛno de, ebegyina daa.”​—Daniel 2:44.

Esiane sɛe a Onyankopɔn bɛsɛe nniso ahorow nyinaa a ɛwɔ hɔ mprempren ne asɔre ahorow a wogyina wɔn akyi no ho asɛm a wɔka siei no nti, ɛho hia sɛ yɛhwehwɛ yɛn ankasa tebea mu. Sɛ wugye tom sɛ mfaso nni ɔko so na wobɛpɛ sɛ wotra ase wɔ asase so bere a asomdwoe wɔ amansan no nyinaa mu a, ɛnde kohu Yehowa Adansefo. Wɔn ani begye sɛ wɔbɛboa wo ma woasua pii afa sɛnea ɛrenkyɛ asomdwoe bɛba asase so wɔ Onyankopɔn Ahenni nniso ase no ho.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 22]

“Yɛnnodɔ yɛn ho, [na] ɛnyɛ sɛ Kain a . . . okum ne nua no”

[Kratafa 23 adaka]

Wagyae Awudi Abɛyɛ Obi a Ɔpɛ Asomdwoe

Ná Yehowa Adansefo ɔhwɛfo kwantufo bi a ɔwɔ United States kesee fam ne Germanni Ɔdansefo bi a ne mfe akɔ anim rekɔ afie afie adansedi. Wɔ ofi biako mu no, ɔbea bi a ɔdaa ne ho adi sɛ ɔyɛ Kristoman asɔre ahorow no mu biako muni no kae sɛ ɔmpɛ sɛ ɔne Yehowa Adansefo bɛyɛ biribiara efisɛ wɔanko amma wɔn man. Ne ba wui wa Wiase Ko II mu na ɔte nka sɛ anka ɛsɛ sɛ Adansefo no nso boa wɔ ɔko no mu.

Bere a wɔrefi hɔ akɔ no, Germanni Ɔdansefo a ne mfe akɔ anim no bisaa ɔbea no sɛ obetumi aka asɛm bi akyerɛ no. Ɔkae sɛ, ‘Mekɔɔ saa ɔko no bi. Nanso manko amma United States. Meko maa Germany. Adolf Hitler bɔɔ m’aba so esiane sɛ me nkutoo kunkum Amerikafo asraafo 35 nti. Mede me nsa na ekunkum eyinom mu pii wɔ yɛn nsa a yɛde koe no mu. Ebia na saa mmarima no mu biako yɛ wo ba. Minnim. Nanso anka ɛsɛ sɛ wobɔ mpae ma mebɛyɛ Yehowa Adansefo no mu biako saa bere no, efisɛ bere a meyɛɛ saa no na meyɛ w’asɔre no muni.’

Ɛno maa ɔbea no nyaa adwene foforo koraa. Nokwarem no, ɛbɛyɛ dɛn na nnipa atumi ayɛ nokware Kristofo bere a wokunkum wɔn mfɛfo gyidifo esiane sɛ wofi abusua anaa ɔman foforo mu ara kwa nti no?

[Kratafa 24 mfoni]

Henanom na wɔrema Bible nkɔmhyɛ a wɔakyerɛw agu ɔfasu yi a ɛwɔ borɔn a Amanaman Nkabom no wɔ so no ho no anya mmamu?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena