Anidaso Bɛn na Ɛwɔ Hɔ sɛ Ɔko Bɛba Awiei?
WƆFRƐƐ Wiase Ko I, a wɔko fii 1914 kosii 1918 no, sɛ ɔko a ɛde akodi nyinaa bɛba awiei. Nanso efi saa bere no, wɔadi ako bɛboro 200 a ɔko kɛse a ɛsen biara a aba pɛn—Wiase Ko II ka ho.
Ɛda adi pefee sɛ nnipa adi nkogu koraa wɔ mmɔden a wɔabɔ sɛ wobegu akodi no mu. Ɛnde, so ɛyɛ nwonwa sɛ nnipa pii ka sɛ “Akodi bɛkɔ so daa”? So wugye di saa?
Nea enti a wɔde Amanaman Nkabom no sii hɔ 1945 wɔ Wiase Ko II akyi ne sɛ wɔbɛma nnipa a wɔabrɛ ne akodi anya wiase bi a akodi nnim ho anidaso. Wɔada saa anidaso no adi wɔ asɛm bi a wɔakyerɛw agu Amanaman Nkabom no dan ho wɔ New York City no mu sɛ: WƆDE WƆN NKRANTE BƐBOBƆ NSƆW. NA WƆDE WƆN MPEAW AYEYƐ NNARE: ƆMAN BI REMMA AFOA SO NHYƐ ƆMAN BI. NA WƆRENSUA AKODI BIO.
Awerɛhosɛm ne sɛ amanaman no nam wɔn akodi so ama saa asomdwoe ho anidaso a ɛyɛ anigye yi adan atosɛm. Nanso, nsɛm yi bɛbam! Eyi te saa, efisɛ Obi a ɔkorɔn sen adesamma a wɔtɔ sin na ɔkaa saa asɛm no bɛboro mfe 2,500 ni. Ɛyɛ bɔ a Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn na ahyɛ.—Yesaia 2:4.
Atoro Anidaso
Pii de wɔn ho ato asɔre ahorow so sɛ ɛbɛboa ma wɔanya wiase a akodi nnim. Nanso, nokwarem no, asɔre ahorow no ada wɔn ho adi sɛ wɔyɛ abakɔsɛm mu tumi horow a wɔde mpaapaemu ne akodi ba sen biara no mu biako. Sɛ nhwɛso no, Frank P. Crozier, Britaniafo sahene bi wɔ Wiase Ko I no mu kae sɛ: “Kristofo Asɔre Ahorow no ne wɔn a wɔma wohwie mogya gu sen biara a yɛwɔ, na yɛde wɔn dii dwuma yiye.”
Enti ɛho hia sɛ yehu nokware Kristosom ne atoro de ntam nsonsonoe. Nea ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ eyi no, Yesu maa yɛn nnyinasode tiawa bi: “Wɔn aba na mode behu wɔn.” (Mateo 7:16) Nsɛm a wɔka anaa nea wose wogye di no nnɔɔso. Ɔrekyerɛkyerɛ eyi mu no, Steve Whysall, Vancouver Sun kyerɛwfo bi kae sɛ: “Ɛnyɛ wɔn a wɔhyɛ adwuma ntade a afiri mu ngo akeka mu no nyinaa na wosiesie mfiri, sɛ wɔte sɛ nea wosiesie mfiri mpo a, . . . sɛ wɔka sɛ ‘Yesiesie mfiri’ mpo a.”
Ɔde ne mfatoho no retoto Kristosom ho no, Whysall kae sɛ: “Wotaa te sɛ nkurɔfo ka sɛ wɔyɛɛ biribi wɔ Kristosom din mu, na hwɛ sɛnea na ɛyɛ hu fa. Yiw, na ɛyɛ hu. . . . Nanso hena na ɔkae sɛ wɔn a wɔyɛɛ saa nneɛma a ɛyɛ hu no yɛ Kristofo?
“Ebia wobɛka sɛ asɔre akɛse no na ɛka saa. Hena na ɔkae sɛ asɔre akɛse no di Kristo akyi?
“Enti Paapa no hyiraa Mussolini, na adanse ahorow wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ paapanom afoforo ayeyɛ nneɛma bɔne wɔ bere a atwam no mu. Enti hena na ɔkae sɛ na wɔyɛ Kristofo?
“So wususuw sɛ esiane sɛ obi yɛ paapa nti, ɔyɛ Kristoni? Ka a obi ka ara kwa sɛ ‘Meyɛ Kristoni’ no nkyerɛ sɛ ɔyɛ bi—te sɛ nea ebia ɔbarima bi a ɔka sɛ osiesie mfiri no nyɛ obi a osiesie mfiri.
“Bible no mpo bɔ Kristofo kɔkɔ wɔ wɔn a wɔyɛ wɔn ho sɛ Kristofo no ho . . . Kristoni biara ntumi ne Kristoni foforo nni ako—anka ɛbɛyɛ te sɛ obi a ɔne ne ho redi ako.
“Nokware Kristofo yɛ anuanom mmarima ne mmea wɔ Yesu Kristo mu. . . . Wɔrenhyɛ da mpira wɔn ho wɔn ho da.”
Enti ehia sɛ yɛde Yesu nnyinasode no di dwuma na yɛhwɛ aba a asɔre ahorow no sow no. Nanso aba bɛn na wɔsow? Bible twe adwene si emu biako so titiriw, sɛ: “Eyi mu na Onyankopɔn mma ne Ɔbonsam mma da adi. Obiara a ɔnyɛ nea ɛteɛ ne nea ɔnnɔ ne nua no mfi Nyankopɔn. Na eyi ne kaseɛ a moate fl mfiase sɛ yɛnnodɔ yɛn ho no, ɛnyɛ sɛ Kain a ofi ɔbɔne no mu na okum ne nua no.”—1 Yohane 3:10-12.
Sɛ anka asɔre ahorow no bɛhyɛ dɔ a obi bɛdɔ ne nua ho nkuran no, wɔama anuanom akunkum wɔn ho wɔ akodi mu. Enti, wɔabɛyɛ Satan Ɔbonsam adwumayɛfo te sɛ nea ɔde tete Misrifo, Asiriafo, Babilonfo, ne Romafo nyamesom dii dwuma no ara pɛ. Yesu Kristo frɛɛ Satan “wi yi ase sodifo,” na ɔkaa Ne nokware akyidifo ho asɛm sɛ; “Womfi wiase, sɛnea me nso mimfi wiase no.” (Yohane 12:31; 17:16; 2 Korintofo 4:4) Nanso, asɔre ahorow no ayɛ wɔn ho wiase yi fã.
Ɛnde ɛda adi pefee sɛ Onyankopɔn mfa asɔre ahorow no nni dwuma na ama n’atirimpɔw sɛ ɔbɛyɛ wiase a akodi nnim no abam. Wɔ nea asraafo asɔfo ne asɔre ananmusifo afoforo ka nyinaa akyi no, Onyankopɔn nnyina ɔman biara akyi wɔ amanaman no akodi mu.
Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛne sɛ obeyi akodi afi hɔ no benya mmamu? So nnipa binom de wɔn nkrante abobɔ nsɔw ampa? Nokwarem no, ebinom ayɛ saa.
Wɔn a Wɔma Onyankopɔn Bɔhyɛ Bam
Asɔre abakɔsɛm kyerɛwfo a wagye din C. J. Cadoux kae sɛ: “Kristofo a wodi kan no gyee Yesu dii . . . Wɔbataa asomdwoe ho denneennen; wɔkasa tiaa akodi denneennen esiane mogyahwiegu a ɛwom no nti; wɔmaa Apam Dedaw no mu nkɔmhyɛ a ɛka siei sɛ wɔde akode bɛyɛ kuadwuma nnwinnade no baam wɔ wɔn fam.”—Yesaia 2:4.
Na nnɛ nso ɛ? So nnipa bi wɔ hɔ a wogye Yesu di na wɔdodɔ wɔn ho wɔn ho ampa? So eyinom de wɔn nkrante abobɔ nsɔw ampa? Encyclopedia Canadiana ka sɛ: “Yehowa Adansefo adwuma no yɛ tete Kristosom a Yesu Kristo ne n’asuafo dii akyi wɔ yɛn bere yi mu afeha a edi kan ne nea ɛto so abien no mu a wɔafi ase bio na wɔasan de asi hɔ. . . . Wɔn nyinaa yɛ anuanom.”
Enti, bere a Yehowa Adansefo di Kristo ahyɛde a ese wɔnnodɔ wɔn ho so no, wɔpow sɛ wɔbɛtan anaasɛ wobekum wɔn nuanom, ɛwom mpo sɛ ebia saafo yi fi abusua anaa ɔman foforo mu. (Yohane 13:34, 35) Martin Niemöller, Germany Protestant asɔre no panyin bi kae sɛ “mfe a abɛsen no nyinaa mu no, [asɔre ahorow no] apene so bere nyinaa ahyira akodi, asraafo ne akode so, na wɔabɔ mpae wɔ ɔkwan a ɛne Kristosom nhyia koraa so sɛ wɔntɔre wɔn atamfo ase.” Nanso, nea ɛne eyi bɔ abira no, ɔkae sɛ wɔde Adansefo “ɔhaha ne mpempem pii agu nneduaban mu, na wɔawuwu esiane sɛ wɔpowee sɛ wɔbɛkɔ ɔko na wɔatow nnipa tuo nti.”
Yiw, esiane sɛ Yehowa Adansefo nte sɛ nyamesom akuw afoforo a aka no nti, wɔde wɔn nkrante abobɔ nsɔw ankasa. Esiane sɛ wɔakɔ so akyerɛ sɛ “womfi wiase” sɛnea Kristo hyɛe no nti, nokwarem no, wɔyɛ soronko wɔ ɔsom afoforo ho. (Yohane 15:19) Roman Katolekfo St. Anthony’s Messenger kae sɛ: “Yehowa Adansefo nyɛ ‘wiase’ no fã, na wonnye asɛyɛde biara nto wɔn ho so sɛ wobehyira nea aban asi gyinae sɛ ɔbɛyɛ biara so.”
So Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛfa akode a wɔbɛsɛe no ho no benya mmaamu esiane sɛ amanaman nyinaa mu nnipa ɔpepem kakraa bi de wɔn nkrante bɛbobɔ nsɔw nti? Ɛnte saa koraa! Onyankopɔn bɔhyɛ bɛbam kɛse wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so.
Sɛnea Akodi Bɛba Awiei
Ɔbɔadeɛ, Yehowa Nyankopɔn, de akodi bɛba awiei denam akode nyinaa ne wɔn a wɔyɛ a obeyi wɔn afi hɔ no so. Bible dwonkyerɛwfo bi too nsa frɛɛ akenkanfo sɛ wonsusuw saa anidaso a ɛyɛ anigye yi ho. Ɔkyerɛwee sɛ: “Mommra mmɛhwɛ [Yehowa] nnwuma, ɔsɛe ko a wama aba asase so. Ɔma akodi gyae kosi asase ano.” (Dwom 46:8, 9) Amanneɛbɔ a ɛyɛ nwonwa na ɛka koma bɛn ara ni!
So wiase a akodi nnim ho anidaso no yɛ anigye dodo sɛ wobegye adi? Akyinnyegyefo besusuw saa. Ná asraadi ho abakɔsɛm kyerɛwfo a n’asɛm wɔ nsɛmma nhoma yi nkratafa 9 kosi 13 no mpo susuw saa. Nanso ogyee bere de hwehwɛɛ adanse no mu yiye. Ne saa nti, obehui sɛ Bible no yɛ nokware ampa. Ohui sɛ Bible nkɔmhyɛ ahorow a ɛfa abakɔsɛm mu nsɛm a esisii wɔ bere a atwam no mu ho no baam wɔ bere ano pɛpɛɛpɛ. Eyi ma onyaa nea ogyinaa so gye dii sɛ nsɛm a wɔahyɛ ho nkɔm a ennya mmae no bɛbam wɔ bere a wɔahyɛ mu.
Sɛ nhwɛso no, susuw sɛnea nsɛm a ɛwosow asase a ɛresisi mprempren no ne nsɛm a Bible no hyɛɛ nkɔm sɛ ɛbɛhyɛ nhyehyɛe yi nna a edi akyiri agyirae no hyia pɛpɛɛpɛ no ho. (Mateo 24:3-14; 2 Timoteo 3:1-5) Eyi kyerɛ sɛ mprempren yɛte bere a Onyankopɔn Ahenni bɛba na ama mpae a Yesu kyerɛɛ n’akyidifo sɛ: “Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew, w’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro” no abam mu.—Mateo 6:9, 10.
Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ Onyankopɔn Ahenni bɛba wɔ ɔkwan bɛn so? Bible nkɔmhyɛ bi ka eyi ho asɛm sɛ: “Ahene [kyerɛ sɛ, nniso horow a wodi tumi mprempren] no nna no mu no, ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔrensɛe no da, na wɔrennyaw n’ahenni mma ɔman foforo bi so, na ebebubu ahenni [anaa nniso] horow no nyinaa ama asã, na ɛno [Onyankopɔn Ahenni nniso] de, ebegyina daa.”—Daniel 2:44.
Yiw, Onyankopɔn Ahenni bɛba wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so abeyi nnɛyi nniso nyinaa afi hɔ te sɛ nea Nsuyiri a wɔhyɛɛ ho nkɔm no bae wɔ Noa nna no mu no. (Mateo 24:36-39; 1 Yohane 2:17) Esiane sɛ wɔbɛsɛe mprempren nniso nyinaa ne nyamesom akuw a egyina wɔn akyi no nso nti, ehia sɛ, sɛ́ ankorankoro no, yɛn mu biara hwehwɛ n’ankasa nsɛm tebea mu. So yɛbɛbɔ mmɔden asua Yehowa Nyankopɔn ne ne Ba, Yesu Kristo, ho ade yiye, na afei yɛayɛ nea wɔhwehwɛ sɛ yɛyɛ no? (Yohane 17:3) So yɛbɛdodɔ yɛn ho yɛn ho, apow sɛ yebepira yɛn yɔnko, na yɛnam saayɛ so akyerɛ sɛ yɛde yɛn nkrante abobɔ nsɔw?
Sɛ wugye tom sɛ ntease nnim sɛ wobedi ako, na wopɛ sɛ wotra asase so bere a asomdwoe wɔ amansan no nyinaa mu a, hu Yehowa Adansefo. Wɔn ani begye sɛ wɔbɛboa wo ma woasua sɛnea akodi befi hɔ nnansa yi ara wɔ Onyankopɔn Ahenni nniso ase no ho ade pii.
[Adaka wɔ kratafa 7]
Himmler Nhyehyɛe ma Yehowa Adansefo
NA HEINRICH HIMMLER ne Nasi SS anaa Awɛmfo Atitiriw no panyin, a wɔ Adolf Hitler akyi no, na ɔno na ɔwɔ tumi sen obiara wɔ Germany wɔ Wiase Ko II no mu. Ɛwom sɛ na Himmler tan Yehowa Adansefo wɔ Nasifo nhyehyɛe a wɔyɛe sɛ wobedi wiase no so a wɔampene sɛ wɔde wɔn ho behyem no ho de, nanso obenyaa obu maa wɔn. Himmler kyerɛwee wɔ ne nkrataa a ɔde kɔmaa Gestapo panyin Ernst Kaltenbrunner no biako mu sɛ:
“Nsɛm bi a mate ne nneɛma bi a mahu nnansa yi ama mayɛ nhyehyɛe bi a mɛpɛ sɛ wuhu. Eyi fa Yehowa Adansefo ho. . . . Yɛbɛyɛ dɛn adi Rusiafo so na yɛadwudwo wɔn bo bere a . . . yɛako afa wɔn nsase pii no? Ɛsɛ sɛ yɛboa nyamesom akuw horow nyinaa ne awaefo a wɔsɔre tia akodi no . . . ne titiriw Yehowa Adansefo gyidi horow no. Wonim no yiye sɛ wɔwɔ su horow bi a ɛho bɛba yɛn mfaso yiye: Wɔ nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wɔpow sraadi ne akodi ho biribiara akyi no . . . , wotumi de ho to wɔn so kɛse, wɔmmow nsa, wɔnnom sigaret; wɔyɛ adwumaden na wɔyɛ anokwafo ankasa. Wotumi de ho to asɛm a Yehowa Adansefo ka so. Eyinom yɛ su pa . . . , su a ɛso nni.”
Dabi, na Himmler remmɔ mmɔden da sɛ ɔbɛdan Adansefo no ti ma wɔayɛ adwuma ama Nasifo no. Ná ɔno ankasa anaa ne man nhia Adansefo no su pa a ɛne ɔdɔ ne asomdwoe no, na mmom na ɔpɛ sɛ Rusiafo no nya su pa no bi. Na eyi bɛma wɔayɛ nnipa a wɔpɛ asomdwoe, na ama wɔde wɔn nkrante abobɔ nsɔw.
[Mfonini wɔ kratafa 8]
Onyankopɔn Ahenni beyi akode nyinaa afi hɔ na agye nnipa akɔ wiase foforo a asomdwoe wom mu